Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 22-23
  • Ɔman Bi Sɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔman Bi Sɛe
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Atamfo Sɛe a Ɛyɛ Hu
  • Yehowa Ne Nkwagye
  • Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Amos
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Yehowa Atemmu Bɛba Abɔnefo So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 22-23

Kyerɛwnsɛm Mu Asuade Ahorow: Amos 1:1–9:15

Ɔman Bi Sɛe

“Yehowa, asafo Nyankopɔn no” ka kyerɛ Israel man sɛ, “siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.” (Amos 4:12, 13) Dɛn ntia? Esiane sɛ na yiyedi afura Israelfo no ani nti, na wɔn werɛ afi ne mmara na na wodi fɔ wɔ n’asase kronkron no a wɔde abosonsom, ɔbrasɛe, mogyahwiegu ne basabasayɛ agu ho fĩ no ho.

Sɛ Yehowa diyifo no, ɛnyɛ sɛ wɔpaw Amos sɛ ɔnka kɔkɔbɔ nsɛm nkyerɛ n’ankasa man a ɛne Yuda no nko na mmom kusuu fam Israel ahemman no titiriw. Ɔkasa tia Israel wɔ n’ahopɛ asetra kwan no ho na ɔka ɔsɛe a awiei koraa no aman a wɔyɛ n’atamfo de bɛba no so no ho asɛm sie. Amos nhoma a wɔkyerɛwee wɔ bɛyɛ afe 829 A.Y.B. ne 804 A.Y.B. ntam no ma yehu sɛnea Onyankopɔn tumi hu amanehunu a ɛreba sie, na ɔde kɔkɔbɔ ahorow bi a ɛyɛ ne bere mu de ma.

Onyankopɔn Atamfo Sɛe a Ɛyɛ Hu

Obiara nni hɔ a obetumi aguan Onyankopɔn atemmu. Hwɛ sɛnea eyi baam wɔ aman a ɛne Damasko (Siria), Gaza (Filistia), Tiro, Edom, Amon, Moab ne Yuda fam! Yehowa ‘rennan’ ne nsa a wama so ahyɛ wɔn esiane wɔn nneyɛe bɔne nti no. Nanso wɔn amanehunu a na wɔaka ho asɛm asie no si atemmu a na ɛda hɔ ma Israel esiane sɛ wankora ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ apam no so na wanni ne mmara ahorow so nti no so dua.​—Amos 1:1-2:16

Tie Onyankopɔn kɔkɔbɔ. Yehowa ka kyerɛ Israel sɛ, “Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu.” (Amos 3:2) Nanso na wɔn kwammɔne no kyerɛ animtiaabu ma Onyankopɔn din ne ne tumidi. Na wɔn mu pii asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adefo, na wɔtete hɔ wɔ ahotɔ mu na wɔnam wɔn nuanom a wosisii wɔn no so ‘asisi awɔwbere fi ne ahohurubere fi.’ (Amos 3:15) Wɔnam pɛsɛmenkominya so de nnaadaa nsenia ahorow sisii ahiafo. Nokware som a na wɔapow no kyerɛe sɛ na asotwe a efi Yehowa hɔ abɛn. Nanso, na ‘Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi no adi akyerɛ ne nkoa ansa.’ Enti, Amos ka Yehowa atemmu ahorow ho asɛm sie na ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.”​—Amos 3:1-4:13.

Yehowa Ne Nkwagye

Onyankopɔn behu wɔn a wɔsakra wɔn adwene no mmɔbɔ. “Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa,” ne adesrɛ a Yehowa de too Israel anim. (Amos 5:4) “Montan bɔne na monnɔ papa.” (Amos 5:15) Nanso, wobu ani gu nsɛm a ɛtete saa so. Awaefo pɛe sɛ wɔbɛkɔ Betel ne Gilgal, faako a wɔsom abosom na wɔakɔbɔ afɔre ama atoro anyame. (Amos 5:26; 1 Ahene 12:28-30) Na abɔnefo a wɔn ho akokwaw deda asonse mpadua fɛfɛ so nom nsa pa, di nnuan pa de ngohuam sra wɔn ho. (Amos 5:11; 6:4-6) “Yehowa da” no reba, na Onyankopɔn aka ‘n’ankasa kra’ ntam sɛ ɔbɛsɛe Israel. (Amos 5:18; 6:8) Yehowa bɛma ɔman bi abɛhyɛ Israel so na ɔde no akɔ nnommumfa mu.​—Amos 5:1-6:14.

Suro Yehowa na ɛnyɛ asɔretiafo. Mmoadabi bebree anaa ogya a ɛhyew biribiara betumi de Israel sɛe aba. Amos srɛɛ Yehowa maa Israel, na “Yehowa nuu ne ho” n’atemmu no ho, enti wamfa ɔsɛe no amma wɔ ɔkwan yi so. Nanso, te sɛ ɔdantofo a ɔde kyerebennyɛ hama susuw ɔfasu no, Yehowa ‘rentwa Israel ho bio.’ (Amos 7:1-8) Ɛsɛ sɛ wɔsɛe ɔman no pasaa. Esiane sɛ odiyifo no nkrasɛm no hyɛɛ Amasia, nantwi ba som sɔfo bi abufuw nti, otwaa atoro too Amos so sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo na ɔhyɛe sɛ ‘onguan nkɔ Yuda asase so na ɔnhyɛ nkɔm bio’ wɔ Betel. (Amos 7:12, 13) Ehu ka Amos anaa? Dabi! Ɔde akokoduru hyɛ Amasia wu ne ɔhaw a ɛbɛto n’abusua ho nkɔm. Sɛnea wɔboaboa aba ano twa bere mu no, saa ara na bere adu sɛ Yehowa ne Israel bebu akontaa. Wɔrentumi nguan.​—Amos 7:1-8:14

Anidaso wɔ hɔ ma wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so. “Mensɛe Yakob fi no koraa,” Yehowa na ose. Anidaso wɔ hɔ ara ma Yakob asefo binom na ɛnyɛ nnebɔneyɛfo. Wɔn sɛe bɛba ampa. Nanso, Yehowa ‘bɛboaboa Israel nnomum ano aba bio.’​—Amos 9:1-15.

Asuade ahorow ma nnɛ: Wobebu wɔn a wɔyɛ wɔn ho Onyankopɔn atamfo no ntɛn sɛ wɔsɛ owu. Nanso, Yehowa behu obiara a otie ɔsoro kɔkɔbɔsɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔnsakra n’adwene no mmɔbɔ na wakɔ so atra ase. Sɛ yɛsuro Onyankopɔn a, yɛremma asɔretiafo nsiw yɛn n’apɛdeyɛ ho kwan.

[Adaka wɔ kratafa 22]

BIBLE MU NSƐM A WƆAHWEHWƐ MU

○ 1:5​—Na tete nkurow akɛse wowɔ afasu a ɛkorɔn ne apon akɛse. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtoto apon yi mu no, wɔde dade anaa kɔbere adaban bram akyi wɔ mu. ‘Damasko adaban a wobubu’ no kyerɛ sɛ Asiriafo bɛko afa Siriafo ahenkurow no. Ɛbɛyɛ te sɛ nea wontumi ntoto kurow no apon mu esiane sɛ wɔabubu n’adaban nti.​—2 Kings 16:8, 9.

○ 4:1​—Wɔkaa mmea a wɔpɛ asetra a ahotɔ wom a na wɔtete Samaria no ho asɛm sɛ “Basan anantwi.” Basan adidibea frɔmfrɔm no ma wonyaa nyɛmmoa a wɔn ho yɛ fɛ. (Deuteronomium 32:14; Hesekiel 39:18) Ɛda adi sɛ saa “Basan anantwi” pɛsɛmenkominyafo yi piapiaa wɔn “wuranom,” anaa wɔn kununom, ma wɔbɔɔ ahiafo apoo gyee wɔn sika sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nneɛma bɛhyehyɛ wɔn ankasa “asonse afi” ma (Amos 3:15) Nanso nneyɛe a ɛtete saa no ma wonyaa ɔsoro asotwe.

○ 4:6​—Wɔde asɛm “aduankɔm” kyerɛkyerɛɛ asɛm “mo se so daa mpan” a ɛne no sɛ no mu. Enti ɛte sɛ nea ɛka ɔkɔm bere ho asɛm, bere a efi nni ɛse so esiane sɛ biribi nni hɔ a wobedi nti. Ɛda adi sɛ na Yehowa nam ɔkɔm a ɔma ɛbaa asase no so sɛnea na ɔde kɔkɔbɔ ama bere tenten dedaw no so akyerɛ sɛ n’ani nsɔ mmusuakuw du abosonsom ahemman no. (Deuteronomium 28:48) Nanso, eyi anaa ɔsoro atemmu nsɛm afoforo annu apamsɛefo yi koma mu.​—Amos 4:6, 8-11.

○ 5:2​—Bere a Amos hyɛɛ ne nkɔm no, na amannɔne tumi bi mmedii nnipa no ne Israel asase no so nkonim nsɛee no. Enti wɔfrɛɛ wɔn sɛ ɔbaabun. Nanso na Asiriafo bɛko afa ɔbaabun Israel wɔ mfe kakraa bi akyi, na ɔde no ‘akɔ nnommumfa mu wɔ Damasko akyi nohɔ.’ (Amos 5:27) Na Amos nim pefee sɛ wɔbɛsɛe Israel esiane nokware a wanni nti ma enti ɔkaa ho asɛm sɛ aba dedaw.

○ 7:1​—Ɛda adi “ɔhene wuratwa” no kyerɛ tow a ɔhene no twa too hɔ na ama ɔde atɔ aduan ama ne nyɛmmoa ne n’asraafo dɔm a wɔtete aponkɔ so no. Na ɛsɛ sɛ wodi kan tua ɔhene tow no, ansa na nnipa no atumi anya ‘sare’ anaa afifide a wɔn ankasa de bedi dwuma. Nanso ansa na wobetumi ayɛ saa no, mmoadabi ba bedii nea woduaa akyiri yi no.

○ 8:2​—Wɔtetew ahohuru bere mu aba wɔ ɛrekɔ twabere awiei. Enti kuayɛ afe no awiei kyerɛe wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ na Israel adu n’awiei. Yehowa kae sɛ “mentwa wɔn ho bio.” Na bere adu sɛ ɔde n’atemmu bɛba.

○ 9:7​—Esiane Israelfo no nananom anokwafo no nti, Yehowa paw wɔn, ogyee wɔn agyanom fii Misraim nkoasom mu na ɔde wɔn baa Kanaan. Nanso na wonni biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so hoahoa wɔn ho wɔ eyi ho, efisɛ wɔn abɔnefosɛm no ma wɔyɛe te sɛ Kusfo no ara pɛ. (Fa toto Romafo 2:25 ho.) Saa ara nso na ɛnyɛ nea Misraim a wogyee wɔn fii no yɛ bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛkɔ so asɔ Onyankopɔn ani asen nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na te a Filistifo ne Siriafo nte mmeae a na anka wɔtete kan no nyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔasɔ ani no. Tete agyanom anokwafo asefo a na Israelfo no yɛ no rennye wɔn nkwa. Gyinabea a obi wom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no gyina n’apɛde a ɔyɛ no so.​—Amos 9:8-10; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena