Wɔabɔ Babilon Kɛse No Sobo
WƆ NHYIAM horow a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ 1988-89 mu ase no, Yehowa Adansefo ɔpepem pii gyee mpaemuka bi a ɛkyerɛ sɛnea wokyi Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman—titiriw no nea Kristoman gyina hɔ ma—no nneyɛe no toom. Ebia nnipa komapafo bi bebisa sɛ, ‘So ɛno nyɛ gyinabea a emu yɛ den dodo?’ Nanso, sɛ yehu sɛnea tete Israel adiyifo de akokoduru kasa tiaa wɔn bere so abosonsom ne nsɛm a emu yɛ den a Yesu de paa nyamesom mu nyaatwomyɛ a na ɛwɔ ne bere so ho ntama no a, yegye di sɛ saa gyinabea yi fata koraa. Onyankopɔn mpo de ɛho ahyɛde ama.—Yesaia 24:1-6; Yeremia 7:16-20; Mateo 23:9-13, 27, 28, 37-39.
Enti, egyina dɛn so nti na yekyi Babilon Kɛse no nneyɛe no? Abakɔsɛm mu adanse bɛn na yɛwɔ wɔ sɛnea nyamesom antumi anni nokware Amansan Hene Awurade, Yehowa ni no ho?
Nnɛyi Babilon Gu Edin no ho Fĩ
Amansan Hene Awurade no nyɛ obi a onni din. Wada ne ho adi bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Bible no mu sɛ Yehowa. Ne din no ho hia no kɛse. Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abiɛsa no kyerɛ sɛ: “Mmɔ Yehowa wo Nyankopɔn din kwa, na Yehowa remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔtɔɔ.” Na Yesu sii n’Agya din no so dua wɔ Awurade Mpaebɔ no mu se: “Wo din ho ntew.”—Exodus 20:7, NW; Mateo 6:9.
Kristoman kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn din no a obedi no ni ho no yɛ awerɛhow. Ɔhene James Bible a wɔyɛɛ no 1611 mu no mpo de edin no di dwuma mpɛn ason pɛ.a Nkyerɛase afoforo ayi edin no afi mu koraa. Nyamesom ahorow pii nni no ni. Mmom no, wɔama wɔn Baasakoro “kronkron” no ne wɔ nsɛm no bi mu no, Maria a wɔfrɛ no Onyankopɔn Nã no so asen Bible mu Nyankopɔn no. Sɛ wɔde toto ho a wɔama Yehowa din no atɔ nsu mu.b
Ɛyɛ nokware sɛ Nkramosom gye Onyankopɔn biako a wɔfrɛ no Allah no na ɛtom sɛnea wɔn nhoma kronkron a ɛne Koran no kyerɛ no. Nanso wonnye ne din no sɛnea wodii kan daa no adi wɔ Bible mu anyɛ yiye koraa no mfe 2,000 ansa na Koran reba no ntom. Hindufo som anyame ne anyamewa ɔpepem pii, nanso Yehowa nka ho.
Nea odi Onyankopɔn din no ho fɔ sen biara ne Yudasom. Wɔ mfe mpempem pii mu no, Yudafo akyerɛ sɛ wɔn na Onyankopɔn din da wɔn so, nanso esiane wɔn atetesɛm nti, wɔama wɔagyae Onyankopɔn din no a wɔde bedi dwuma no koraa.
Enti, sɛ́ Amansan Hene Awurade no adansefo no, yɛakyerɛ sɛnea yekyi pow a Babilon apow din kronkron no.
Nea Enti a Yekyi Babilon Nkyerɛkyerɛ
Wɔde Babilon ɔkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da ho no asisi nnipa ɔpepem pii na wɔaka wɔn ahyɛ ehu mu. Efi tete na atoro som de ɔkra a wɔyɛ no ayayade daa wɔ hellgya mu wɔ owu akyi no ho suro adi dwuma de asisi nkurɔfo. Saa ɔkyerɛkyerɛ no na wɔadan no kakra wɔ anifere kwan so sɛ bere tiaa mu ahodwiragya mu amanehunu no. Nnipa komapafo tua sika ma wɔbɔ Mass ahorow ma awufo nanso wonhu bere a sika a wotua no ho renhia bio da! Saa abususɛm nkyerɛkyerɛ yi nni nnyinaso biara wɔ Bible mu.—Fa toto Yeremia 7:31 ho.
Nokwarem no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ onipa yɛ ɔkra teasefo a otumi wu. Wɔanhyɛ Adam bɔ sɛ sɛ ɔyɛ asoɔden a ɔbɛkɔ hellgya anaa ahodwiragya mu—owu ara kɛkɛ. Ne tiatwa mu no, “bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23; Genesis 2:7, 17; 3:19) Kyerɛwsɛm mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo no nnyina ɔkra a enwu so, na mmom egyina Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa owusɔre a wobenya aba nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ paradise asase so mu ho no so.—Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 21:1-4.
Babilon ɔkyerɛkyerɛ foforo ne Baasakoro “kronkron” no. Ná saa Onyankopɔn biako a ɔwom abiɛsa kyerɛkyerɛ yi nyɛ tete Hebrifo no gyidi fã da. (Deuteronomium 5:6, 7; 6:4) Ɛda adi sɛ Yesu a na n’ankasa yɛ Yudani no annye anni da sɛ ɔne ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no anaasɛ wankyerɛkyerɛ saa. Wanka sɛ ɔyɛ baasakoro biara a Babilon kyerɛkyerɛ no fã.—Marko 12:29; 13:32; Yohane 5:19, 30; 14:28; 20:17; 1 Yohane 4:15.
Enti, yɛpow Babilon abususɛm nkyerɛkyerɛ no sɛnea wɔkyerɛkyerɛ wɔ wiase atoro som ahorow no mu no. Yɛsom nokware Nyankopɔn Yehowa no nkutoo denam ne Ba a ɔbɛyɛɛ “bɔne mpata” a ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no de ho nko, na mmom adesamma wiase no nyinaa de ho bi no so.—1 Yohane 2:2.
Nea Enti a Yɛpow Nyansapɛ Ahorow a Etia Onyankopɔn
Kristoman paapanom ne asɔfo di wɔ a komunism wɔ hɔ no ho abooboo, na wɔn mu pii de di dwuma de kyerɛ sɛnea ɛfata sɛ wogyina amammui akwan a ɛnyɛ komunism no akyi no. Nanso, ɛsɛ sɛ wobisa asɛm no sɛ: Henanom na wɔhyɛɛ ntɛnkyea ne nsisi a ɛno na ɛde komunism a wonnim Onyankopɔn bi no bae no ma? Efii ase dii yiye wɔ Kristoman mu, wɔ Rusia ohia ne amanehunu wɔ sarfo (sodifo no) ne Rusia Ortodoks Asɔre no ase no mu. Nokware Kristofo gyinapɛn ahorow a na enni hɔ no de tebea horow a ɛma wotumi nyaa Onyankopɔn biara a onni hɔ ne komunism ho adwene no bae.
Kristoman nyamesom ahorow no agye adannandi ɔkyerɛkyerɛ a enni Ɔbɔadeɛ no ni no nso atom. Wɔka sɛ adebɔ mu tumi horow a wontumi nkyerɛkyerɛ mu na ɛde nkwa ahorow bɛboro ɔpepem a ɛho nsɛm dɔɔso na ɛyɛ ahorow ahorow no bae. Wɔ ɛno mu no, nea wɔka ne sɛ saa nkwa ahorow ahorow no fi asiane ahorow a ɛba nnidiso a ɛho wɔ mfaso mu na ɛbae. Nyansapɛ a ɛte saa no ma Onyankopɔn yɛ te sɛ nea waboro so na onipa mmu akontaa nkyerɛ obiara. Abrabɔ bɛyɛ nea obiara paw nea ɔpɛ. (Dwom 14:1) Ade biako a afi mu aba ne sɛ mprempren yafunu a wotu gu adu ɔpepedudu pii afe biara—wɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo mu!
Yɛpow saa nyansapɛ ne nneyɛe ahorow a etia Onyankopɔn no. Yɛsom Yehowa a “ɔte ase daa daa a ɔbɔɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ mu ne asase ne nea ɛwɔ mu ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu” no.—Adiyisɛm 10:6; 19:6.
Nea Enti a Yekyi Aba a Babilon Kɛse no Asow
Kristoman antie kɔkɔbɔ nkrasɛm ahorow a wɔde kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Adiyisɛm atiri 2 ne 3 no. Eyinom tu fekusɛm, abosonsom, aguamammɔ, ne boturobodwo ne anibiannaso ho fo.
Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom beae biara a obi kɔ no da nyamesomfo dodow a wɔama abɔde so asen Ɔbɔadeɛ no adi. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Ɛdenam wɔn ahoni, akronkronfo mfonini ahorow a wɔkotow ne “ahotefo,” Madonna (Maria honi), ne mmeamudua a wɔsom no so.—Fa toto Dwom 115:2-8; 1 Korintofo 5:7; 1 Yohane 5:21 ho.
Ɛdefa wɔn ho no, Paulo nsɛm yi nya mmamu: “Efisɛ wonim Onyankopɔn, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn . . . Wɔdan nkwasea, na wɔsakraa Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔw honi sɛso, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea de.”—Romafo 1:21-23.
Nea Enti a Yɛkasa Tia Babilon Ɔbrasɛe
Mfe 20 a atwam no ahu sɛnea wɔapene mmarima a wɔne wɔn ho da so na wɔahyɛ no ma sɛ asetra kwan a wobetumi apaw. Mmarima a wɔne wɔn ho da pii “apue afi ahintawee mu” na mprempren wɔbɔ nsra wɔ mmorɔn so, na wɔde wɔn “Mmarima a Wɔne Wɔn ho Da Ahohoahoa” kyerɛ baguam. Onyankopɔn bu wɔn mmarima a wɔne wɔn ho da su no dɛn?
Bible no maa emu daa hɔ pefee bɛyɛ mfe 3,500 ni sɛ: “Na wo ne ɔbarima nnna ɔbea nna; ɛyɛ akyide.” (Leviticus 18:22) Na bɛyɛ mfe 2,000 ni no Paulo kyerɛe sɛ Onyankopɔn gyinapɛn ahorow no nsakrae bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn [mfɛfo mmarima] ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu.”—Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10; 1 Timoteo 1:10.
Nanso, Kristoman asɔfo pii yɛ mmarima a wɔne mmarima da ma enti wɔatumi ama mmarima a wɔne wɔn ho da no anya ano kɛse wɔ nyamesom atitiriw no pii mu. Wobisa sɛ wonnye wɔn asetra kwan no ntom ne sɛ wɔnhyɛ wɔn asɔfo. Ɛho nhwɛso ne nea ɛfa Canada Protestant asɔre a ɛso sen biara, United Church of Canada a n’akannifo too aba August 24, 1988 mu a na wɔn a wɔpene so sɛ wobegye mmarima a wɔne wɔn ho da wɔ asɔfodi mu no yɛ 205 na wɔn a na wɔmpene so no yɛ 160 ho no.
Nea Enti a Yekyi Babilon Honhom Fam Aguamammɔ No
Adiyisɛm kasa tia aguaman a Babilon ne “asase so ahene,” n’amammui sodifo abɔ no. Wɔyɛ aguaman no ho mfonini sɛ ɔte “nsu pii so” a ɛkyerɛ “nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.” (Adiyisɛm 17:1, 2, 15) Ɛdenam abusuabɔ a ahotɔ wom a atoro som ne wiase tumidifo anya no so no, ɔde ne nkɛntɛnso ahyɛ nnipa mpapahwekwa so na wasisi wɔn, sɛ ɛyɛ baguam anaasɛ kokoam.
Saa tumidi yi ho nhwɛso ahorow no bi ne apam ahorow a Vatican ne Nasi ne Fasist tumidifo yɛe wɔ afeha 20 yi mu no. Sɛ́ nea efii mu bae no, asɔre no nkɛntɛnso a ɛwɔ wɔ nguan no so no ma wɔbrɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ tumidifo atirimɔdenfo ase koraa. Wɔ 1929 mu no Vatican ne Fasist katabaakofo Benito Mussolini yɛɛ apam bi. Dɛn na edii akyi bae wɔ Germany? Bere a German ɔsɔfo panyin Faulhaber kyerɛ sɛ Pius XI na ɔkaa nsɛm a edi so yi no, ɔma yenya nea na paapa no susuw wɔ Hitler ho no mu nhumu: “M’ani agye; ne nkutoo ne ɔmansɛmdifo a wakasa atia Bolsefism (Marx amammuisɛm).” Akyiri yi Faulhaber kae sɛ: “Me kwan a mitu kɔɔ Rome no sii nea na mede m’ani abu bere tenten no so dua. Wɔ Rome no wobu National Socialism (Nasi) ne Fasism sɛ ɛno nkutoo na ɛbɛma wɔanya ogye afi Komunism ne Bolsefism mu.”
Germany Katolek asɔfo mpanyin no sɔre tiaa Nasi nyansapɛ no ansa na 1933 reba. Nanso sɛnea Germanni ɔkyerɛwfo Klaus Scholder kyerɛ wɔ ne nhoma The Churches and the Third Reich no mu no, Vatican ɔnanmusifo a ɔwɔ Germany, Ɔsɔfo Panyin Pacelli, hyɛɛ asɔfo mpanyin no sɛ wɔnsan nhwehwɛ wɔn gyinabea wɔ National Socialism ho no mu. Dɛn na ɛde nsakrae yi bae? Ná efi apam a Third Reich no ne Vatican yɛe a wowiee no July 20, 1933 mu no nti.
Klaus Scholder bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a wɔtoo aba na amanfo kyerɛɛ amammui ko a wɔpɛ November 12 [1933] no, Hitler twaa Reich apam no so aba denam ‘yiw’ a ɛdɔɔso a na ɛyɛ nwonwa a wɔtowee, nea ɛsen ne nyinaa no wɔ mmeae a wɔn a wɔtoo aba no mu fã kɛse no ara yɛ Katolekfo no so.”
Ɛwom sɛ Protestant akannifo kakraa bi sɔre tiaa Nasi tumi a egyei wɔ 1933 mu no de, nanso ankyɛ na ɔmampɛ nne a ano yɛ den kɛse no kaa wɔn nne no hyɛe. Scholder kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ na Protestant asɔre no ayɛ krado a na enya nkɔanim sɛ ɛbɛpow ahwɛyiye a na wɔyɛ mmere a atwam mu no na afei de wɔn nso wɔde wɔn ho ahyɛ ɔmampɛ ho anigye no mu. . . . Asɔre mpanyimfo nsɛm bae nea edi kan a egyina Reich foforo no akyi a ɛnka wɔn hwee.” Nokwarem no, Protestantsom tɔn ne ho maa Nasi ɔmampɛ na ɛbɛyɛɛ ne somfo, sɛnea na Katolek Asɔre no ayɛ no ara pɛ.
Abakɔsɛm kyerɛwtohɔ ahorow no kyerɛ sɛ wɔ mfehaha no nyinaa mu no, atoro som ne tumidifo a wɔyɛ den akuw nketewaa no ayɛ biako na wɔahwehwɛ wɔn ankasa anuonyam bere a epira mpapahwekwa no. Wiase nyamesom akannifo a wɔhwehwɛ tumidi, agyapade, ne ahonya no nnaa ‘Kristo adwene’ adi. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yekyi honhom fam aguamammɔ a ɛte saa no.—Yohane 17:16; Romafo 15:5, Adiyisɛm 18:3.
Nea Enti a Yɛtan Babilon Mogya ho Afodi No
Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔde mogya ho afodi kɛse to Babilon Kɛse no so: “Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no. Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.”—Adiyisɛm 17:6; 18:24.
Atoro som abakɔsɛm nyinaa yɛ ɔtan ne mogyahwiegu de, na Kristoman na odi mogya ho fɔ kɛse. Wiase ako abien no fii ase wɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu. Amammui akannifo a wɔyɛ “Kristofo” dan kɔɔ akode so wɔ 1914 ne 1939 mu, na asɔfo a wɔwɔ aman a wɔreko no nyinaa mu hyiraa wɔn. The Columbia History of the World ka fa Wiase Ko I no ho sɛ: “Wɔbrɛɛ nokware ase kaa nkwa ho, na na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ɔsɔretia nne bi. Onyankopɔn asɛm no so ahwɛfo na na wɔma asraafo nnwom no so. Ná ɔko koraa no kyerɛ ɔtan koraa.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.) Asraafo asɔfo de ɔmamma pa ɔhyew kanyan wɔn asraafo bere a mmerante a wɔwɔ afanu no nyinaa bɛyɛɛ aprɛmo aduan no. Abakɔsɛm nhoma koro no ara kyerɛ sɛ: “Ɔmampɛ a apae agu prɛko pɛ a wɔde sɛe nnipa adwene no . . . kɔɔ so siw asomdwoe a wɔhwehwɛ no kwan.”
Nyamesom kɔ so hwanyan ɔtan mu wiase nyinaa bere a ntawntawdi kɔ so wɔ Yudafo ne Nkramofo, Hindufo ne Sikfo, Katolekfo ne Protestantfo, Nkramofo ne Hindufo, Budhafo ne Hindufo ntam no. Yiw, atoro som kɔ so boa “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa” mogyahwiegu no.—Adiyisɛm 18:24.
Enti, Yehowa Adansefo kasa tia atoro som sɛ ɛne aguaman a odi mogya ho fɔ, Babilon Kɛse no. Yɛbɔ asomdwoe ne nokware som nokware kwan biako pɛ—sɛ́ wɔbɛdan akɔ Amansan Hene Awurade Yehowa Nyankopɔn no nkyɛn denam Nea ɔsomaa no baa asase so a ɔne Kristo, anaa Mesia Yesu no so—no dawuru kyerɛ wiase no nyinaa. Eyi kyerɛ Onyankopɔn Ahenni no a wobegye atom sɛ ɛne trenee nniso a ɛbɛtra hɔ daa a ɛno nkutoo na ebetumi adi adesamma ahiade ho dwuma no. Na ɛkyerɛ nso sɛ mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wotie ahyɛde yi: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:4; Daniel 2:44; Yohane 17:3.
[Ase hɔ asɛm]
b Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya hia a Onyankopɔn din no ho hia na ɛkyerɛ biribi no ho nsɛm pii no, hwɛ nhomawa The Divine Name That Will Endure Forever a ekura nkratafa 32 a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.