“M’ani Nwu Asɛmpa No Ho”
“Na m’aniwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa.”—ROMAFO 1:16.
1. Wɔtaa gye asɛmpa so dɛn, nanso wiasefo a wonni gyidi no bu Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no dɛn?
EBIA biribi a ɛte sɛ nea ɛyɛ asɛmpa ma obi no yɛ nea ɔfoforo remmu no sɛ asɛmpa. Wɔtaa de anigye ma obi a okura asɛmpa akwaaba, na wɔde ahopere yɛ aso ma no. Nanso, Bible no ka siei sɛ wiasefo a wonni gyidi remmu Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ne ne nkwagye nkrasɛm no sɛ anigyesɛm.—Fa toto 2 Korintofo 2:15, 16 ho.
2. Dɛn na ɔsomafo Paulo kae wɔ asɛmpa a ɔkae no ho, na dɛn nti na nkrasɛm a ɔkae no da so ara yɛ asɛmpa nnɛ?
2 Na ɔsomafo Paulo yɛ obi a wɔsomaa no sɛ ɔnkɔka asɛmpa nkyerɛ amanfo. Ɔtee nka dɛn wɔ ahyɛde a wɔde maa no no ho? Ose: “Masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso. Na m’ani nwu asɛmpa no ho.” (Romafo 1:15, 16) Sɛ asɛm bɛkɔ so ayɛ nea eye nnɛ, bɛyɛ mfe 2,000 akyi bere a Paulo kyerɛw saa bere no mu Kristofo a wɔwɔ Roma no a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ asɛmpa a ɛtra hɔ kyɛ ankasa. Nokwarem no, ɛyɛ “daa asɛmpa.”—Adiyisɛm 14:6.
3, 4. Dɛn nti na ɔsomafo Paulo kae sɛ n’ani nwu asɛmpa no ho?
3 Dɛn nti na ɔsomafo no kae sɛ n’ani nwu asɛmpa no ho? Dɛn nti na anka n’ani betumi awu wɔ ho? Efisɛ na ɛnyɛ nkrasɛm a agye din, na na ɛfa obi a wɔakum no daa so te sɛ ɔdebɔneyɛfo bi a wobu no animtiaa, a sɛ wɔhwɛ a, ɛma ɔyɛ onipa bɔne no ho. Na ɔbarima yi de asɛmpa no akyinkyin Palestina mfe abiɛsa ne fa, na na wahyia ɔsɔretia a emu yɛ den afi Yudafo, ne titiriw no nyamesom akannifo hɔ. Afei de, Paulo a na saa onipa a wobu no animtiaa no din da no so no rehyia ɔsɔretia a ɛte saa ara.—Mateo 9:35; Yohane 11:46-48, 53; Asomafo no Nnwuma 9:15, 20, 23.
4 Esiane ɔsɔretia a ɛte saa nti, na wobetumi abu Paulo ne Yesu Kristo mfɛfo asuafo sɛ wokura biribi a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho. Ampa, afei de, Paulo di biribi a kan obuu no sɛ aniwude akyi. Na n’ankasa anya ahohorabɔ a wɔde baa Yesu Kristo akyidifo so no mu kyɛfa. (Asomafo no Nnwuma 26:9-11) Nanso na wagyae saa adeyɛ no. Esiane eyi nti, ɔne afoforo a wɔbɛyɛɛ Kristofo hyiaa ɔtaa a emu yɛ den.—Asomafo no Nnwuma 11:26.
5. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ asɛm a ɛfa n’ani a na enwu asɛmpa no ho mu dɛn?
5 Sɛ obi ma n’ani wu wɔ Yesu Kristo kyidini a ɔyɛ no ho a, na ɔrenya nnipa adwene wɔ nneɛma ho. Na ɔsomafo Paulo nte saa. Mmom no, ɔrekyerɛkyerɛ n’ani a enwu asɛmpa a ɔkae no ho mu no, ose: “Ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa.” (Romafo 1:16) Onyankopɔn tumi nyɛ ade a ɛhyɛ aniwu, sɛ ɛnam Yesu suani bi so yɛ adwuma na ama wɔawie anuonyam Nyankopɔn a Yesu Kristo ankasa som no kamfoo no atirimpɔw a ɛfata nkamfo no a.—Fa toto 1 Korintofo 1:18; 9:22, 23 ho.
Wɔabɔ Asɛmpa no Dawuru Wiase Nyinaa
6, 7. (a) Asɛmpa no ho asɛyɛde bɛn na Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wobedi ho dwuma, na dɛn na afi mu aba? (b) Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ ehu bɛsianka yɛn da na amma yɛanni adanse de, nanso dɛn na ebetumi ahia wɔ mmere horow bi mu? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)
6 Te sɛ Paulo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ Yehowa Ba a wahyɛ no anuonyam a ɔne Yesu Kristo no asuafo. Yehowa de “anuonyam asɛmpa” ademude yi ahyɛ saa Adansefo yi nsa. (1 Timoteo 1:11) Yehowa Adansefo atumi adi asɛyɛde a emu yɛ duru yi ho dwuma, na wɔhyɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn ani wu wɔ ho. (2 Timoteo 1:8) Ehia sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ehu sianka yɛn sɛ yebedi adanse na yɛama wɔahu yɛn sɛ Yehowa Adansefo.a
7 Adanse a wodi no akokoduru so saa no ama wɔbɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no din dawuru asase so nyinaa ne wɔ n’Ahenni no ho asɛmpa a wɔka wiase nyinaa no mu. Onyankopɔn Ba no kae sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba,” na wɔrentumi mma ne nkɔmhyɛ no nni nkogu da. (Mateo 24:14) Mprempren wɔreka asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 210 so, na wonwiee asɛnka adwuma yi ɛ. Esiane sɛ yɛn ani nwu asɛmpa no ho na yɛde akokoduru hyia daakye kwan nti, yɛbɔ mpae te sɛ nea Yesu Kristo asuafo a wodi kan no yɛe no, sɛ: “Na afei de, [Yehowa] . . . ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.”—Asomafo no Nnwuma 4:29.
8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ asase so amanaman nyinaa mu ɔsɔretia ma Yehowa Adansefo aba mu bu?
8 Ɛwom sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔtan Yehowa Adansefo na wɔsɔre tia wɔn asase so aman nyinaa mu de, nanso eyi ama nea wɔka siei sɛ ɛbɛyɛ nokware Nyankopɔn teasefo biako no nokware asomfo agyiraehyɛde no abam. (Yohane 15:20, 21; 2 Timoteo 3:12) Enti sɛ anka eyi bebu asɛmpa no adawurubɔfo aba mu na wɔabotow no, ɛma wonya awerɛhyem sɛ wɔwɔ ɔsoro dom na wɔyɛ Amansan Hene, Yehowa no ahyehyɛde a ogye tom no mufo.
9. Dɛn nti na sɔre a wiase mu no nyinaa sɔre tia yɛn no mfa ho?
9 Mma wo werɛ mfi da, sɛ: Amansan no nyinaa so Ɔsorosoroni Nyankopɔn no gyina yɛn akyi. Enti, sɛ wiase no ne ne nyamesom ne amanyɛkuw nyinaa sɔre tia yɛn a, ɛfa ho dɛn? Wiase mu no nyinaa sɔre tiaa Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, na ɛnyɛ yɛn aniwu sɛ wohu yɛn nso wɔ tebea koro no ara mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asomafo no: “Sɛ wiase no tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”—Yohane 15:18, 19.
10. Ɔtaa a Adansefo hyia no mu fa kɛse fi he, na dɛn nti na wɔn ani nwu?
10 Enti Yehowa Adansefo agyina ɔtaa ano wiase nyinaa, nanso ne titiriw no wɔ aman a wɔka bom yɛ nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Kristoman no mu. Ɔtaa a ɛte saa a efi Kristoman hɔ no nkyerɛ sɛ Adansefo no nyɛ Kristofo. Mmom no, esi kyerɛ a wɔkyerɛ sɛ wɔne nokware Kristofo, Onyankopɔn ne Yesu Kristo Agya Yehowa no Adansefo no so dua. Esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Adansefo nti, wɔn ani nwu bere a esiane ɔsom nti wɔtaa wɔn no. Enti, ɔsomafo Paulo afotu a ɔde maa afeha a edi kan Kristofo sɛ wɔmmma wɔn ani nnwu no fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho pefee.—Hwɛ Filipifo 1:27-29.
Asɛmpa a Ɛsen Biara a Wobetumi Abɔ no Dawuru
11. Yɛafa edin Yehowa Adansefo de, nanso dɛn nti na yɛda so ara yɛ Yesu Kristo akyidifo?
11 Yehowa Adansefo de akokoduru agye wɔn din no atom de ama Yehowa bɔ a ɔhyɛɛ nkurɔfo a na ɔne wɔn wɔ apam wɔ Yesaia 43:10 no abam. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ wonni Yesu Kristo akyi bio. Yesu ne wɔn Kannifo, na ne nhwɛso na wosuasua. N’ankasa yɛ Yehowa Ɔdansefo. Nokwarem no, ɔne Yehowa Adansefo mu otitiriw.—1 Timoteo 6:13; Adiyisɛm 1:5.
12. Asɛmpa bɛn na Yehowa Adansefo ka wiase nyinaa, na dɛn ntia?
12 Nkrasɛm a Yehowa Adansefo yi ka no wiase nyinaa no ne asɛmpa a ɛsen biara a wɔatumi abɔ no dawuru pɛn. Nniso biara nni hɔ a ebetumi ayɛ nea eye ma adesamma sen Mesia Ahenni a Yehowa de asi hɔ sɛ enni adesamma wiase a ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no sɛ ommegye no so no. (Yesaia 9:6, 7) Wɔrema asase sofo a wɔreka Ahenni no ho asɛmpa no akyerɛ wɔn no anya hokwan agye atom na wɔada wɔn ho adi sɛ wɔfata daa nkwa akyɛde no wɔ ɔdesani pɛyɛ mu wɔ paradise asase so.
13. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Mesia Ahenni nniso no bɛyɛ nea eye sen biara, na dɛn na Adansefo no kamfo kyerɛ a wɔn ani nwu?
13 Nokwarem no, sɛ na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ obewu atirimɔden wu na ama wɔagye wɔn a wɔbɛyɛ ne nkoa no a, ɛnde ɛda adi sɛ ɔremma wɔn nniso foforo biara sɛ nea eye sen biara. Yɛkamfo kyerɛ obiara a ɔte asase so sɛ: Yɛ saa nniso no akoa nokwafo ne ɔsoɔmmerɛwfo. Yɛn ani nwu wɔ nniso a yefi koma pa mu kamfo kyerɛ adesamma nyinaa no ho. Yɛntwetwe yɛn ho sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛm no, ɛwom sɛ eyi betumi ama wɔataa yɛn de. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yɛn mu biara ka sɛ: “M’ani nwu asɛmpa no ho.”
14. Yesu ka siei sɛ Ahenni asɛnka no mu bɛtrɛw dɛn wɔ yɛn nna yi mu?
14 Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no wiase nyinaa, na nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma pii ho yi fata nkrasɛm a ɛte saa. (Marko 13:10) Wantwetwe ne ho sɛ ɔbɛhyɛ Yehowa Ahenni a wɔbɛka ho asɛm akɔ akyirikyiri tɔnn—yiw, kosi asase ano nohɔ ho nkɔm. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Na Yesu nim sɛ wɔ baabiara a wobetumi ahu nnipa no, n’akyidifo anokwafo bɛbɔ mmɔden kɛse de Ahenni no ho asɛmpa no akɔ wɔn nkyɛn.
15, 16. (a) Henanom na wɔfata sɛ wɔde asɛmpa no du wɔn nkyɛn? (b) Dɛn nti na wobewie asɛnka adwuma no wɔ ɔtaa a Ɔbonsam ahyehyɛde de bɛba nyinaa akyi?
15 Asase sotefo a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow yɛ ɔpepem pii na wɔahwete nsasepɔn ne ɛpo mu nsupɔw atitiriw no nyinaa so. Nanso, asase a wɔte so no fa baabiara nni hɔ a ɛware dodo ma Yehowa Adansefo sɛ wɔbɛbɔ mmɔden de asɛmpa no akɔ hɔ. Asase a wɔte so no nyinaa yɛ Yehowa Nyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so nan ntiaso. (Yesaia 66:1) Ɛfata sɛ wɔde nkwagye nkrasɛm yi du nnipa a wɔte ne nan ntiaso no fa baabiara no nkyɛn.
16 Ɛnnɛ, asɛmpa no yɛ anigyesɛm a ɛfa adehye nniso bi a wɔde asi hɔ dedaw a ɛwɔ Mesia no nsam no ho. Na Yesu nim sɛ wɔ ɔtaa a emu yɛ den kɛse sen biara a Ɔbonsam ahyehyɛde de bɛba nyinaa akyi no, Onyankopɔn honhom bɛkanyan Mesia no akyidifo ma wɔayɛ nea wobetumi nyinaa ma wɔatumi ‘aka’ “ahenni no ho asɛmpa yi” sɛ nokwasɛm a wogye tom “wiase nyinaa.”—Mateo 24:14.
Yesu Kristo ne Yehowa Ho Nyɛ Yɛn Aniwu
17. (a) Dɛn na nokware asomfo ani nwu wɔ ho? (b) Ahyɛde bɛn na Yesu daa no adi wɔ Marko 8:38 na aba a ɛwom ne dɛn?
17 Ɔsorosoroni Nyankopɔn no antwetwe ne ho sɛ ɔbɛma ne ho din a ɛne Yehowa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ n’asomfo anokwafo ma wɔn ani wu wɔ saa din no ho. Ɛyɛ nokware asomfo anigye sɛ wobehu wɔn na wɔagye wɔn atom sɛ wɔn a wɔde ɔsom a edi mu ne osetie ma no. Ɛdefa Yesu ankasa ho no, ɔdaa ahyɛde anaasɛ nnyinasosɛm no adi wɔ Marko 8:38 sɛ: “Na obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefo ne nnebɔneyɛfo yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfo kronkron no bɛba wɔ [n’Agya] anuonyam mu no.” Saa ara nso na obiara a n’ani bewu Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo Agya no ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Yehowa aniwu ma afata. Na abɔde biara a ne ho bɛyɛ Yehowa aniwu esiane ɔkwan a ɔnam so a ɛnkyerɛ nokwaredi nti no remfata sɛ ɔtra Onyankopɔn ahemman no fa biara wɔ soro anaasɛ asase so.—Luka 9:26.
18. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:32, 33 no ka yɛn koma ne yɛn adwene mu? (b) Dɛn na ɛba wɔn a nnipa ho suro nti wɔpa Yesu ne Yehowa Nyankopɔn no so? (Fa nhwɛso ahorow a egyina asehɔ asɛm no so ma.)
18 Momma yɛmma Yesu Kristo nsɛm a edidiso yi nka yɛn koma ne yɛn adwene mu: “Enti, obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim; na obiara a ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no m’Agya a ɔwɔ soro no anim.” (Mateo 10:32, 33; Luka 12:8, 9) Saa ara nso na obiara a ɔbɛpa Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo Agya no, ɔno nso bɛpa no. Wɔremmu no sɛ ɔfata sɛ wɔkan no sɛ ɔfra abusua a Yesu Kristo ne ɔba panyin wom no mu. Enti wɔbɛsɛe no Onyankopɔn bere a wahyɛ no mu.b
19, 20. (a) Dɛn nti na wɔn a wɔabɔ mpae sɛ Yehowa din ho ntew no nni hwee a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani wu wɔ ho? (b) Dɛn na Ahenni adawurubɔfo akokodurufo no atumi ayɛ, na dɛn na egyina wɔn akyi ma wotumi yɛɛ saa?
19 Wobebua mpaebɔ nhwɛso a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:9, 10) Sɛ wobua a, Yesu asuafo a wɔwɔ ɔdɔ no rennya biribiara a ɛbɛma wɔn ani awu. Ɛnyɛ ɔpepem pii a wɔte ase mprempren a wɔrenwu da no nko na wɔbɛkyerɛ obu ama Yehowa din na wɔatew ho, na mmom adesamma ɔpepem pii a ɔbɛfrɛ wɔn afi wɔn adamoa mu wɔ ne mfirihyia apem Ahenni nniso no mu nso. Wobenya hokwan atra paradise asase so daa.
20 Saa Ahenni no ho asɛmpa adawurubɔfo akokodurufo yi atumi adi adanse wiase nyinaa wɔ wiase nyinaa ɔtaa akyi a wɔn ani nwu efisɛ wɔwɔ tumi a ɛkorɔn sen onipa de a ɛtaa wɔn akyi—ɔsoro abɔfo gyina wɔn akyi. Enti Yehowa Adansefo ‘suro Onyankopɔn na wɔhyɛ no anuonyam.’—Adiyisɛm 14:6, 7.
Ɛnyɛ Yɛn Aniwu sɛ Yebesuro Onyankopɔn na Yɛahyɛ No Anuonyam
21. Dɛn na Yehowa Adansefo ani nwui sɛ wɔbɛyɛ, na dɛn na afi mu aba?
21 Yehowa Adansefo ada wɔn ho adi sɛ ɛnyɛ wɔn ani wu sɛ wobesuro Onyankopɔn na wɔahyɛ no anuonyam, na wɔde n’ankasa din a ɛne Yehowa mpo di dwuma. Eyi ama wɔanya nhyira a enni kabea. Saa nhyira horow yi ama Ɔsorosoroni Nyankopɔn no nkɔmhyɛ ahorow abam nokwarem. Hwɛ sɛnea eyi abu no bem sɛ nokware Nyankopɔn teasefo koro pɛ, Amansan Hene!
22. Dɛn nti na Yehowa Adansefo behyia ɔtaa a emu yɛ den, nanso anigye bɛn na wobenya?
22 Daakye, wiase nniso horow bɛsɔre ahyɛ nyamesom akannifo na wɔatɔre wɔn nyinaa ase pasaa—Kristoman ka ho. (Adiyisɛm 17:16, 17) Enti, Yehowa Adansefo behyia ɔtaa a emu yɛ den afi wiase no hɔ. Sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa no nka wɔn ho a, wɔrentumi nnyina. Nanso ɔka wɔn ho ma enti wobenya anigye a ɛne sɛ wobehu sɛ Onyankopɔn a Adansefo no de ɔsom a edi mu ma no no atɔre atamfo a wɔsɔre tia Kristosom ne Yehowa no ase pasaa. Worenhu aniwu a ɛne sɛ wɔbɛpa wɔn ho ntama na wɔasɛe wɔn sɛ nokware teokrase atamfo, na mmom wobenya anigye a enni kabea na wɔato dwom ama Yehowa sɛ: “Wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.”—Dwom 90:2.
23. Dɛn nti na Yehowa Adansefo nni biribi a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho, na dɛn na ebefi mu aba?
23 Wɔbɛhyɛ Onyankopɔn a ɔne Yesu Kristo a wɔnam no so agye adesamma abusua no ma wɔanya daa nkwa wɔ ɔdesani pɛyɛ ne anigye mu wɔ asase so paradise Agya no anuonyam. Hwɛ sɛnea Yehowa nam Kristo Yesu so ada ne ho adi sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ tumi! Hwɛ sɛnea Yehowa ada ne ho adi ɔkwan a ɛyɛ fɛ so sɛ ɔyɛ obi a ɔde n’ade nyinaa so tumi no di dwuma nyansam ne ɔdɔ mu na ɛnyɛ ɔkwammɔne so! Enti, yenni biribi a ɛfa ɔno anaasɛ ne Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo ho a ɛsɛ sɛ yɛn ani wu wɔ ho. Yɛn ani nwu sɛ yɛbɛyɛ anuonyam asɛmpa no adawurubɔfo, nea ɛda Yehowa Nyankopɔn tumi a edi biribiara so nkonim denam Yesu Kristo a ɔkaa asɛm a edi so yi wɔ n’asase so asetra mu nnɔnhwerew a etwa to mu adi no so, sɛ: “Munnya akokoduru! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33, New World Translation) Bere a yɛnam ɔkwan yi so no, momma yenni ɔsomafo Paulo a n’ani anwu asɛmpa no ho da no nhwɛso akyi daa. Wɔ eyi yɛ mu no, yɛn ho rennyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no aniwu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yɛma yɛn ani wu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛyɛ Adansefo no ho de, nanso ɛtɔ da bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ “anifere sɛ awɔ.” (Mateo 10:16) Adansefo a na wɔwɔ Nasi Germany no hui sɛ bere bi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ wɔma wohu wɔn sɛ Adansefo na ɛtɔ da bi nso a na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 9:23-25 ho.
b Mpɛn pii no, wɔn a esiane nnipa ho suro nti wɔpa Yesu ne Yehowa no nnya wiase no anim dom. Sɛ nhwɛso no, hwɛ May 1, 1979 Ɔwɛn-Aban, kratafa 12; 1982 Yearbook, kratafa 168; 1977 Yearbook, nkratafa 174-6; 1974 Yearbook, nkratafa 149-50, 177-8. Nea ɛne eyi bɔ abira no, asɛmpa no ho asɔretiafo a wɔasi wɔn bo mpo no hwɛ kwan sɛ ɛnyɛ nea Adansefo no bɛpa Yesu ne Yehowa. (1989 Yearbook, nkratafa 116-18) Hwɛ Mateo 10:39 ne Luka 12:4 nso.
Ntimu Nsemmisa
◻ Te sɛ ɔsomafo Paulo no, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ asɛmpa no ka ho, na dɛn ntia?
◻ Dɛn nti na asɛmpa a Yehowa Adansefo ka no ne nea eye sen biara a wɔaka pɛn?
◻ Dɛn na ɛba wɔn a wɔpa Yesu ne Yehowa no so
◻ Dɛn na asɛmpa no adawurubɔfo atumi ayɛ a wɔn ani anwu, na dɛn ntia?