Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 1/15 kr. 3-8
  • Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahintasɛm no Ano a Wohu
  • Afã Ahorow Asia
  • “Woyii no Adi Ɔhonam Mu”
  • Afã Afoforo
  • Onyamesom Pa Ahofama Ahintasɛm Kronkron No A Yebesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yɛma Wo Akwaaba Ba “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam Horow No Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Suasua Yesu Onyamesom Pa Ahofama Nhwɛso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ahintasɛm Bi a Kristofo Ntumi Nkora So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 1/15 kr. 3-8

Ahintasɛm Kronkron Bi Mu Da Hɔ’

“Ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm [kronkron] no.”​—1 TIMOTEO 3:16.

1. Ahintasɛm bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no?

SO W’ANI gye ahintasɛm ho? So w’ani gye ho sɛ wobɛpɛɛpɛɛ ahintasɛm mu? Yɛn mu pii ani gye ho saa! Ɛnde, ka yɛn ho bere a yɛhwehwɛ ahintasɛm akɛse a ɛsen biara no mu biako​—ahintasɛm bi a wɔde siee Onyankopɔn asɛm mu mfe mpempem pii​—no mu no. Saa ahintasɛm kronkron yi ka yɛn asetra wɔ ɔkwan a ɛho hia yiye so, mprempren ne daakye nyinaa. Ɛne ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron’ a wɔakyerɛkyerɛ mu ama yɛn wɔ 1 Timoteo 3:16 no. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa a “oyi ahintasɛm adi” no ase sɛ wama yɛahu saa ahintasɛm kɛse yi ne ne nkyerɛase!​—Daniel 2:28, 29.

2. (a) Bere bɛn na Yehowa dii kan kaa ahintasɛm kronkron bi ho asɛm, na dɛn na ɔhyɛɛ ho bɔ saa bere no? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ wonya ho mmuae?

2 Yehowa dii kan kaa ahintasɛm kronkron bi ho asɛm bere a Ɔwɔ no daadaa Hawa, na Adam dii n’akyi na wɔtew atua no akyi. Ɛhɔ na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ “aseni” anaasɛ ɔba bi bɛbɔ Ɔwɔ no ti. (Genesis 3:15) Hena ne Aseni no? Ɔkwan bɛn so na obedi Ɔwɔ no so nkonim? So ɔbɛtew nokware a Onyankopɔn asɛm yɛ ne n’atirimpɔw a ɛfa asase yi ho no ho?

3. Ɔsoro nkɔmhyɛ ahorow de nneɛma bɛn a wobegyina so ahu Aseni no ne ne dwumadi na ɛmae?

3 Bere bi akyi no, ɔsoro nkɔmhyɛ ahorow daa nneɛma a ɛbɛma wɔahu onii a ɔne Aseni no ne ne daakye dwumadi no adi. Na ɔbɛyɛ Abraham aseni, obedi Dawid ahenni so, na wɔbɛfrɛ no Asomdwoe Hene. ‘N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.’ (Yesaia 9:6, 7; Genesis 22:15-18; Dwom 89:35-37) Nanso sɛnea Romafo 16:25 kyerɛ no, na saa ahintasɛm kronkron no bɛyɛ nea “kan teteete no wɔanka.”

Ahintasɛm no Ano a Wohu

4. Ɔkwan bɛn so na ahintasɛm kronkron no mu fii ase daa hɔ wɔ 29 Y.B. mu?

4 Awiei koraa, wɔ mfirihyia mpem anan akyi no, emu daa hɔ! Ɔkwan bɛn so? Afe 29 Y.B. mu no, Yohane bɔɔ Yesu a ofi Nasaret no asu Asubɔnten Yordan mu, na Onyankopɔn nne fi soro paee mu kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.” (Mateo 3:17) Aa, na Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no anya aba! Na ahintasɛm kronkron no mu afi ase reda hɔ n’afã horow a anuonyam wom no mu, a na onyamesom pa ahofama ho asɛm no ka ho.

5. Dɛn ne ‘onyamesom pa ahofama,’ na ɛka wɔn a wɔde di dwuma no dɛn?

5 Yɛte ‘onyamesom pa ahofama’ ase dɛn? Asɛm no pue mpɛn 20 pɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na emu nea ɛboro fã pue wɔ Paulo nkrataa abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu. Insight on the Scriptures nhoma no kyerɛ “onyamesom pa ahofama” ase sɛ “obu ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn, a nokware a wodi ma n’amansan tumidi no ka ho.” Obu fi koma a ɛbɛn Onyankopɔn, wɔ ne kɛseyɛ, te a ɔte hɔ daa, ne sɛnea n’abɔde ahorow a ɛyɛ nwonwa no dɔɔso pii no ho osuro mu, na ɛde aseda ma wɔ honhom ne honam fam akyɛde ahorow a ɔde ma adesamma a wɔwɔ anisɔ ho no mu na ɛba. Ampa, yɛn mu biara a ɔde onyamesom pa ahofama tra ase no betumi aka sɛnea odwontofo no kae wɔ Dwom 104:1 no: “Me kra, hyira [Yehowa]. [Yehowa], me Nyankopɔn, woso kɛse, woahyɛ ɔharan ne anuonyam.”

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo yɛ soronko wɔ Kristoman mufo a wɔkɔtratra asɔredan mu nkongua so ara kwa no ho? (b) Dɛn na Paulo kae wɔ Romafo 11:33, 34, na enti nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

6 Ɛsɛ sɛ ahofama a yɛwɔ ma Onyankopɔn no da adi, na ɛnam nneyɛe so na ɛyɛ eyi. Eyi mu no, nokware Nyankopɔn Yehowa no asomfo yɛ soronko koraa wɔ Kristoman asɔre horow a ɛregu no asɔrekɔfo a wɔkɔtratra asɔredan mu nkongua so ara kwa no ho. Nnipa a wɔwɔ asase so pii fam no, nyamesom​—sɛ wɔda so ara wɔ nyamesom mpo a​—yɛ adeyɛ bi kɛkɛ, atade tenten bi a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ na ama wɔayɛ wɔn ho te sɛ nea wɔyɛ kronkron bere a wɔbɔ bra a ɛne wiase a aporɔw a atwa wɔn ho ahyia no hyia no. Wonnim onii a Onyankopɔn yɛ mpo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte saa no tie Paulo nsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 17:23, bere a ɔka kyerɛɛ Atenefo a na wɔsom “Onyame a Wonnim no” sɛ: “Nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.” Paulo teɛɛm faa saa Onyankopɔn kɛse no ho wɔ Romafo 11:33, 34 sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wɔrenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wɔrenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da. Na hena na ohuu [Yehowa] adwene, anaasɛ hena na ɔyɛ ne fotufo?” Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛba behu Onyankopɔn akwan? Ɛdenam ‘onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron’ no a yesua so. Nanso ɔkwan bɛn so na yɛyɛ ɛno?

7. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm kronkron no”?

7 Wɔ 1 Timoteo ti 3 no, ɔsomafo Paulo di kan ka nea wɔhwehwɛ fi Onyankopɔn fie a wɔka ho asɛm wɔ nkyekyem 15 sɛ “Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso” no asomfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa hɔ no ho asɛm. Afei Paulo de ka ho wɔ nkyekyem 16 sɛ: “Ade a wɔde nokoro ka sɛ ɛso ne onyamesom pa [ahofama] ahintasɛm no.” Ɛso ampa efisɛ Yehowa somaa ne Ba a ɔwoo no koro baa asase so sɛ ɔmmɛtew saa ahintasɛm yi ano, sɛ ɔmmɛkyerɛ sɛnea onyamesom pa ahofama te ankasa, sɛnea ɛho hia yiye, na ɛyɛ nnyinaso wɔ nokware som mu no. Saa onyamesom pa ahofama ahintasɛm yi mu da hɔ fann wɔ Yesu asase so ha asetra kwan no mu. Ɛsɛ sɛ Yehowa adɔfo nyinaa de wɔn gyidi ne wɔn asetra si Kristo a ɔyɛɛ onyamesom pa ahofama ho nhwɛso pa no so. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yesu maa onyamesom pa ahofama ahintasɛm no mu daa hɔ?

Afã Ahorow Asia

8. (a) Ahintasɛm kronkron no afã asia a Paulo ka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no ne dɛn? (b) Hena ne ‘Ɔno’ a woyii no adi no?

8 Paulo nam honhom a wofi soro de maa no so bua saa asemmisa no. Wɔ 1 Timoteo 3:16, New World Translation, ha no, ɔka onyamesom pa ahofama yi afã horow asia ho asɛm, se: “[1] Woyii no adi ɔhonam mu, [2] wobuu no bem honhom mu, [3] oyii ne ho kyerɛɛ abɔfo, [4] wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, [5] wogyee no dii ewiase, [6] wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.” Hena ne ‘Ɔno’ a woyi no adi yi? Ɛda adi sɛ ‘Ɔno’ ne Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ, Yesu, a ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔno na ahintasɛm kronkron no nyinaa gyina no so, na ɔma ɛyɛ nea ɛso ampa.

9. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ 1 Timoteo 3:16 kenkan sɛ: “Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu”?

9 Baasakorofo bɔ mmɔden sɛ wobebiri ahintasɛm kronkron no mu ntease ani denam ka a wɔka sɛ ‘Ɔno’ a ɛwɔ 1 Timoteo 3:16 no yɛ Onyankopɔn ankasa no so. Eyi te saa efisɛ King James Bible no ne tete nkyerɛase binom kenkan sɛ “oyii ne ho adi ɔhonam mu.” Nanso, dɛn na Hela nsaano nkyerɛwee pii a wotumi de ho to so ka? Ne nyinaa kɔ so de edin nsiananmu ‘Ɔno’ di dwuma na ɛnyɛ “Onyankopɔn.” Kyerɛwnsɛm mu nhwehwɛmufo gye tom afei sɛ “Onyankopɔn” a wɔde bɛhyɛɛ saa kyerɛwsɛm yi mu no yɛ ɔkyerɛwfo mfomso. Enti, nnansa yi ara nkyerɛase ahorow, te sɛ American Standard Version, The New English Bible, ne New World Translation kenkan ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: ‘Woyii no [anaasɛ, Ɔno a woyii no] adi ɔhonam mu.’ Dabi, ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na oyii ne adi “ɔhonam mu.” Mmom no, ɛyɛ ne Dɔba ne n’abɔde a odi kan, a ɔsomafo Yohane kyerɛw eyi faa ne ho no: “Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.”​—Yohane 1:14.

“Woyii no Adi Ɔhonam Mu”

10. (a) Ɔkwan bɛn so na ahintasɛm kronkron no fã a edi kan no daa adi bere a wɔbɔɔ Yesu asu no? (b) Dɛn nti na Yesu bɛyɛɛ “Adam a odi akyiri”?

10 Bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, ahintasɛm kronkron no mu ade a edi kan no daa adi: ‘woyii Yesu adi ɔhonam mu’ sɛ Onyankopɔn Ba a wɔasra no. Na Yehowa Nyankopɔn ayi ne Ba no nkwa afi soro abɛhyɛ Maria awotwaa mu ma enti wotumi woo Yesu ɔhonam mu sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ. Enti, sɛnea 1 Korintofo 15:45-47 kyerɛ no, Yesu bɛyɛɛ Adam a ɔto so abien, anaa nea “odi akyiri,” ɔdesani kra a ɔyɛ pɛ a na ɔne Adam a odi kan no hyia pɛpɛɛpɛ. Atirimpɔw bɛn nti? Timoteo Nhoma a Edi Kan 2:5, 6 ka “Adam a odi akyiri” no ho asɛm sɛ “onipa Kristo Yesu a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.” Ɛde gyina saa mmara kwan so afɔre a ɔdesani a ɔyɛ pɛ bɔe no so no, Yesu yɛ apam foforo a wɔne adesamma 144,000 a wɔne no yɛ mfɛfo adedifo wɔ n’Ahenni mu no yɛe no ntamgyinafo.​—Adiyisɛm 14:1-3.

11. Henanom na Yesu ogye afɔre no trɛw ka wɔn?

11 Afoforo nso benya Yesu afɔrebɔ wu no mu mfaso anaa? Yiw! Yohane Nhoma a Edi Kan 2:2 kyerɛ sɛ Yesu Kristo “ne yɛn bɔne [kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn te sɛ Yohane no bɔne] ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” Enti Yesu ogye afɔre no mu mfaso horow trɛw boro Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no so ka adesamma wiase mũ no nyinaa. “Nnipakuw kɛse” bi a wɔte ase nnɛ ne mpempem pii a wobenyan wɔn aba Paradise asase so no nam gyidi a wɔkyerɛ wɔ Yesu ogye afɔre no mu so benya daa nkwa. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10 no, nnipakuw kɛse no ahoro wɔn ntade ma ahoa denam Oguammaa Yesu Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi a wɔkyerɛe so dedaw. Wobu wɔn bem wɔ wɔne Onyankopɔn nnamfofa mu. Wɔde anigye sua ahintasɛm kronkron no afã horow ho ade na wɔda onyamesom pa ahofama adi ma ɛne Yesu nhwɛso no hyia!

Afã Afoforo

12. Ɔkwan bɛn so na ‘wobuu Yesu bem honhom mu’?

12 Na ɔfã a ɛto so abien wɔ 1 Timoteo 3:16 no nso ɛ? ‘Wobuu Yesu bem honhom mu.’ Nanso ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Yehowa Ba no a okuraa ne mudi mu a onyan no fii awufo mu baa honhom mu asetra mu no so. Na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn reka sɛ Yesu teɛ koraa na ɔfata sɛ wɔde dwumadi afoforo a ɛkorɔn hyɛ ne nsa. Sɛnea Romafo 1:4 ka no no, ‘woyii Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn ba, ahotew honhom mu, awufo sɔre mu.’ Petro resi eyi so dua no, ɔka kyerɛ yɛn wɔ ne nhoma a edi kan no, ti 3, nkyekyem 18 sɛ: “Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko, nea ɔteɛ hu maa wɔn a wɔnteɛ, sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, wɔma ɔtraa ase honhom mu.” So onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a Yesu yɛe no de wo rekɔ Onyankopɔn nkyɛn?

13. Abɔfo bɛn na Yesu a wɔanyan no no yii ne ho kyerɛɛ wɔn no, na nkrasɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn?

13 Paulo retoa 1 Timoteo 3:16 so no, ɔka ahintasɛm kronkron no ɔfã a ɛto so abiɛsa ho asɛm, na ose Yesu ‘yii ne ho kyerɛɛ abɔfo.’ Ɛbɛyɛ sɛ eyinom yɛ abɔfo bɛn? Petro kyerɛw fa Yesu a afei ‘wama watra ase honhom mu’ no ho wɔ 1 Petro 3:19, 20 sɛ: “Ɛno mu nso na ɔkɔe kɔkaa asɛm kyerɛɛ ahonhom a wɔwɔ afiase a tete no wɔyɛ asoɔdenfo, ɛbere a Onyankopɔn abodwokyɛre twɛnee, Noa nna no mu.” Sɛnea Yuda 6 kyerɛ no, na saa ahonhom no yɛ “abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere” wɔ ɔsoro no. Wɔfaa ɔhonam nipadua too wɔn ho so na wɔne mmea benyaa nna mu ayɔnkofa a ɛnyɛ ne kwan so. Bere a Nsuyiri no hyɛɛ saa abɔfo no ma wɔsan kɔɔ honhom atrae hɔ no, wɔtoo wɔn guu Tartaro, tebea bi a wɔabrɛ wɔn ase kɛse mu mu. (2 Petro 2:4) Yesu a wɔanyan no no kaa asɛm kyerɛɛ wɔn. Nanso so na ɛnyɛ nkwagye nkrasɛm? Dabida! Mmom no, Yesu kasa tiaa wɔn nsɛmmɔne no sɛ nea ɛbɔ onyamesom pa ahofama abira koraa. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu biara a ɔde nna mu ɔbrasɛe di agoru nnɛ no ma atemmu a wɔka tiaa saa abɔfo no bɔ no kɔkɔ!

14. Ɔkwan bɛn so na wofii ase kaa Yesu ho asɛm “amanaman mu”?

14 Ɔfã a ɛto so anan wɔ 1 Timoteo 3:16 no ne sɛ ‘wɔkaa Yesu ho asɛm amanaman mu.’ Ɔkwan bɛn so na eyi aba mu? Aka bere tiaa bi ma wɔakyere Yesu no, ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’agya no nkyɛn.” (Yohane 14:12) Ɛno akyi bere tiaa bi, Pentekoste da afe 33 Y.B. mu no, Yesu hwiee honhom kronkron guu n’asuafo no so, na wofii ase kaa asɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ “Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no” no kyerɛɛ Yudafo. Akyiri yi, Samariafo nso gyee Onyankopɔn asɛm no toom na wofii ase nyaa honhom kronkron. (Asomafo no Nnwuma 2:32; 8:14-17) Afei, 36 Y.B. mu no, Petro kaa asɛm kyerɛɛ Kornelio ne Amanaman mufo afoforo a na wɔahyia ne fie no. Saa kwan no so no, wofii ase ‘kaa asɛmpa no amanaman mu,’ kyerɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔde honhom kronkron sraa wɔn no nso mu.

15. Dɛn na edi adanse sɛ na afeha a edi kan Kristofo asua onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no yiye?

15 Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 12:24 no, “[Yehowa] asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛwee.” Asomafo no Nnwuma 17:6 kyerɛ sɛ wɔ Hela kusuu fam no, asɔretiafo teɛɛm, sɛnea wɔyɛ de besi nnɛ no, sɛ: “Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso!” Mfe 30 mu no, Paulo tumi kyerɛw fii Roma sɛ wɔaka asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Na Kristofo a wɔwɔ hɔ saa bere no asua onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron no yiye. Hwɛ sɛnea na wɔde nsiyɛ de redi dwuma! Na ɛmmra sɛ yebesua na yɛde adi dwuma saa ara wɔ Ahenni asɛnka nna a edi akyiri yi mu!

16. Na ahintasɛm kronkron no ɔfã a ɛto so anum no ne dɛn, na dwumadi bɛn na ɛma ɛdaa adi?

16 Wɔ saa afeha a edi kan mu asɛnka no ho adeyɛ mu no, ahintasɛm kronkron a wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:16 no ɔfã a ɛto so anum bɛdaa adi pefee. ‘Wogyee Yesu dii ewiase.’ Na eyi yɛ nea efii asɛmpatrɛwfo mmɔdenbɔfo, a na Paulo ne Timoteo ka ho, onyamesom pa ahofama a ɛte sɛ Kristo de no mu bae. Wɔde asɛmpa no kɔɔ Asia Kumaa ne Europa, ebia wokoduu Spain mpo, ne Afrika Apuei fam denam Etiopiani a wɔabɔ no asu no ano asɛm so, bere a na Petro resom wɔ Babilon.

17. Dɛn nti na wogye Yesu di ɛnnɛ wiase no mu?

17 Yɛn bere yi so nso ɛ? Ɛdefi 1919 mu no, nkaefo a wɔasra wɔn no ada onyamesom pa ahofama a ɛyɛ nhwɛso pa adi. Saafo a wɔasra wɔn yi ato gyidi fapem a Yesu towee no so pintinn. Titiriw efi 1935 mu no, wɔaboaboa nnipakuw kɛse a wodi ahurusi sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wobetwa “ahohiahia kɛse” no na wɔanya daa nkwa wɔ paradise asase so no ano. (Adiyisɛm 7:9, 14) Enti, woregye asɛmpa a ɛde adwene si Yesu so no adi ɛnnɛ wiase no mu nyinaa. Onyamesom pa ahofama mu no, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abiɛsa ne fã reka asɛm na wɔrenya nkɔso asase so nyinaa mprempren!

18. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔfaa Yesu kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu’?

18 Ahintasɛm kronkron no ɔfã biako da so ara wɔ hɔ, nea ɛto so asia: ‘wɔfaa Yesu kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu.’ Wɔmaa Yesu ‘traa ase honhom mu’ no akyi adaduanan mu no, ɔfaa ɔhonam nipadua ahorow too ne ho so, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no na ɔkaa “Onyankopɔn ahenni ho asɛm” kyerɛɛ wɔn. Afei ɔforo kɔɔ ɔsoro. (Asomafo no Nnwuma 1:3, 6-9) Enti, wobuaa ne mpaebɔ a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane 17:1-5 no: “Agya, . . . Hyɛ wo ba anuonyam, na ɔba no nso ahyɛ wo anuonyam . . . mahyɛ wo anuonyam asase so . . . Na afei, agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!”

19. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na wɔyɛe bere a Yesu san kɔɔ ɔsoro no?

19 Ahurusi kɛse bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ wodii sɛɛ yi bere a Yesu san kɔɔ ɔsoro no! Mfiase koraa bere a Yehowa bɔɔ asase no, “Onyankopɔn mma nyinaa bɔɔ ose.” (Hiob 38:7) Ɛbɛyɛ sɛ saa abɔfo dɔm no ani gyei mmoroso sen saa sɛ Yehowa tumidi ho Ɔkatakyie nokwafo no san bɛkaa wɔn ho no!

20. Dɛn nti na Yesu anya din kunini a ɛte saa, na dɛn na ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no?

20 Paulo ka Yesu a odii nkonim no ho asɛm wɔ Hebrifo 1:3, 4 sɛ: “Ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtraa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro, na wakyɛn abɔfo mmoroso, sɛnea ne din kunini a wanya no kyɛn wɔn de no.” Kristo nyaa saa din no esiane sɛ odii nea ɛnteɛ so nkonim nti. Onyankopɔn Ba yi abɔ onyamesom pa ahofama kwan ato asase so ha ampa ara. Wayɛ nhwɛso ama wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa nso. Bere a wɔmaa Yesu so traa Onyankopɔn nsa nifa so ɔsoro no, woyii onyamesom pa ahofama ahintasɛm kronkron yi adi wɔ n’afã horow no nyinaa mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne ‘onyamesom pa ahofama’?

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘woyii Yesu adi ɔhonam mu’ na ɛno akyi no “wobuu no bem honhom mu”?

◻ Abɔfo bɛn na Yesu yii ne ho kyerɛɛ wɔn no, na nkrasɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn?

◻ Ɔkwan bɛn so na ‘wɔaka Kristo ho asɛm amanaman mu’ na ‘wɔagye no adi ewiase’?

◻ Bere bɛn na ‘wɔfaa Yesu kɔɔ ɔsoro, anuonyam mu,’ na na ɛyɛ bere a wayɛ dɛn wɔ onyamesom pa ahofama ho no akyi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena