Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 4/15 kr. 15-16
  • Mmabaa Mmadwemma Ne Nkwasea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabaa Mmadwemma Ne Nkwasea
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • ‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Woretie Kɔkɔbɔ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • “Monkɔ So Nwɛn”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 4/15 kr. 15-16

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Mmabaa Mmadwemma Ne Nkwasea

NA YESU rema n’asomafo no abisade a ɛne sɛ ɔmma wɔn bere a ɔbɛba Ahenni tumi mu no ho sɛnkyerɛnne no ho mmuae. Afei ɔde sɛnkyerɛnne no afa horow ma wɔ mmɛ, anaa mfatoho ahorow abiɛsa mu.

Wɔn a wɔbɛtra ase wɔ ne mmae no mu no behu mfatoho no biara mmamu. Ɔde saa nsɛm yi fi nea edi kan no ase: “Ɛnna wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wokohyia ayeforokunu no ho. Na wɔn mu baanum yɛ nkwasea, na baanum nso yɛ mmadwemma.”

Ɛnyɛ nea Yesu de asɛm “wɔde ɔsoro ahenni no bɛto mmabaa du bi ho” no kyerɛ sɛ wɔn a wobenya ɔsoro Ahenni no adi no mu fa yɛ nkwasea na ɔfa yɛ mmadwemma! Dabi, na mmom nea ɔkyerɛ ne sɛ ɛdefa ɔsoro Ahenni no ho no, biribi wɔ hɔ a ɛte sɛ eyi anaa ɛno, anaasɛ nsɛm a ɛfa Ahenni no ho bɛyɛ te sɛ ade biako anaa foforo.

Mmabaa du no yɛ Kristofo a wobenya anaasɛ wɔka sɛ wobetumi anya ɔsoro Ahenni nyinaa no ho mfonini. Pentekoste 33 Y.B. mu na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔde Kristofo asafo no bɛma Ayeforokunu a wɔanyan no afi awufo mu na wɔahyɛ no anuonyam, Yesu Kristo, aware. Nanso na wobegye aware no ɔsoro daakye bere bi a wɔankyerɛ mu.

Mfatoho no mu no, mmabaa du no fi adi a atirimpɔw no ne sɛ wɔkɔma ayeforokunu no akwaaba na wɔaka ayeforohyia aprententu no ho. Sɛ ɔba a, wɔde wɔn akanea bɛma ɔkwan a wɔnam so tu aprenten no so ahyerɛn, na saayɛ mu no wɔahyɛ no anuonyam bere a ɔde n’ayeforo no ba ofie a wɔasiesie ama no no mu no. Nanso, Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nkwasea no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho. Na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa ani kumii na wɔdedae.”

Ayeforokunu no mmae na ɛkyɛe pii no kyerɛ sɛ na Kristo ba a ɔbɛba sɛ Ɔhene a odi so no bɛba daakye ɛwɔ akyirikyiri. Awiei no ɔba bɛtra n’ahengua so wɔ afe 1914 mu. Anadwo tenten ansa na ɛno reba no mu no, mmabaa no nyinaa deda. Nanso, wɔnkasa ntia wɔn eyi ho. Nea wɔkasa tia mmabaa nkwasea no wɔ ho ne sɛ wonni ngo wɔ wɔn ntoaa mu. Yesu ka sɛnea mmabaa no sɔresɔree ansa na ayeforokunu no reba no ho asɛm sɛ: “Ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no! Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea. Na nkwasea no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum. Na mmadwemma no buae sɛ: Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de!

Ngo no yɛ nea ɛma nokware Kristofo kɔ so hyerɛn sɛ akanea, a ɛne Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a wɔaso mu dennennen, ne honhom kronkron a ɛboa wɔ saa Asɛm no mu ntease mu no ho mfonini no. Honhom mu ngo no boa mmabaa mmadwemma no ma wɔhyerɛn de ma ayeforokunu no akwaaba wɔ aprenten a wotu de kɔ ayeforohyia apontow no ase no mu. Nanso mmabaa nkwasea no nni honhom mu ngo a wohia no bi wɔn ankasa mu, wɔn ntoaa mu. Enti Yesu kyerɛkyerɛ nea ɛba no mu:

“Na [mmabaa nkwasea no] rekɔ akɔtɔ [ngo] no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, hiɛ yɛn! Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.”

Kristo baa ne soro Ahenni no mu akyi no, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne mmabaa mmadwemma kuw no mufo no ani baa wɔn ho so wɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛhyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu de ayi Ayeforokunu a wasan aba no ayɛ no ho. Nanso na wɔn a mmabaa nkwasea no yɛ wɔn ho mfonini no nsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛma ayeyi akwaaba yi. Enti bere no dui no, Kristo anhiɛ ɔkwan a ɛde kɔ ayeforohyia apontow no ase wɔ ɔsoro no amma wɔn. Ogyaw wɔn akyi wɔ wiase no sum kabii a ɛsen biara no mu, sɛ wɔne afoforo a wɔnyɛ nea ɛteɛ no nsɛe. Yesu wie sɛ: “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.” Mateo 25:1-13.

◆ Henanom na mmabaa du no yɛ wɔn ho mfonini?

◆ Bere bɛn na wɔhyɛ ayeforokunu no aware no ho bɔ, nanso bere bɛn na ɔba bɛfa n’ayeforo no kɔ ayeforohyia apontow no ase?

◆ Ngo no gyina hɔ ma dɛn, na ebi a na mmabaa mmadwemma no wɔ no ma wotumi yɛɛ dɛn?

◆ Ɛhe na wɔtow ayeforohyia pon no?

◆ Akatua kɛse bɛn na ɛbɔ mmabaa nkwasea no, na dɛn na ɛto wɔn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena