Nnipa A Wɔwɔ Onyamesom Pa Ahofama No Ogye Abɛn!
“Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.”—2 PETRO 2:9, NEW WORLD TRANSLATION.
1. (a) Tebea horow a ɛhaw adwene bɛn na adesamma hyia wɔ yɛn bere yi so? (b) Eyi nti, nsemmisa bɛn na yebesusuw ho?
ASETRA mu nsɛnnennen rekɔ anim ama adesamma nyinaa. Eyi te saa, sɛ ebia obi te faako a honam fam nneɛma abu so anaasɛ faako a ɛho yɛ den no. Ahobammɔ nni baabiara. Bere a ɛte sɛ nea sikasɛm mu tebea a ennyina faako no nkutoo nnɔɔso sɛnea wobedwen ho no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu ɔhaw ahorow a anibere wom resɛe Asase okyinsoromma no, na ɛde nneɛma a nkwa wom nyinaa to asiane mu. Nyarewa abu so. Nsanyare ahorow, koma yare, ne akisikuru rekunkum nnipa pii. Ɔbrasɛe asɛe ade pii wɔ adesamma nkate ne mmusua asetra mu. Wɔ eyi nyinaa akyi no, basabasayɛ ayɛ wiase no ma. Esiane nea adesamma abusua no rehyia nti, ɛfata sɛ yebisa sɛ: So biribi pa bi wɔ hɔ a yebetumi agyina so ahwɛ ogye a ɛbɛba ntɛm kwan? Sɛ saa a, ɛbɛba ɔkwan bɛn so, na henanom na wobenya?—Fa toto Habakuk 1:2; 2:1-3 ho.
2, 3. (a) Dɛn nti na yehu sɛ 2 Petro 2:9 ma yɛn awerɛhyem nnɛ? (b) Ogye nnwuma pɔtee bɛn na Bible no kyerɛ sɛ yebetumi agyina so anya nkuranhyɛ?
2 Nsɛm a ɛresisi wɔ yɛn mmere yi so no ma yɛkae adesamma abakɔsɛm mu mmere afoforo bi a na ɛho hia yiye. Ɔsomafo Petro twe adwene kɔ ogye nnwuma bi a Onyankopɔn yɛe wɔ saa mmere no mu no so na ɔde ba awiei ɔkwan a awerɛhyem wom so sɛ: “Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu.” (2 Petro 2:9, New World Translation) Hyɛ nsɛm afoforo a ɛka saa asɛm no ho no nsow, wɔ 2 Petro 2:4-10, New World Translation:
3 “Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɛdenam Tartaro mu a ɔtoo wɔn gui so no, ɔde wɔn guu esum kabii bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a; na sɛ wankora tete wiase so, na mmom Noa a ɔyɛ treneekafo no ne afoforo baason a wɔka ne ho no nko na ogyee wɔn bere a ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no; na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nsõ, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ sɛnnahɔ maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde; na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no kɛse—efisɛ nea onipa trenee no traa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa—Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da na wɔatwa wɔn afi hɔ, ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi efi ho akɔnnɔ mu na wobu tumidi animtiaa no.” Sɛnea saa kyerɛw nsɛm no kyerɛ no, nea ɛbae Noa nna no mu ne Lot bere so no kyerɛ biribi ma yɛn kɛse.
Honhom a na Abu so wɔ Noa Nna no Mu
4. Noa nna no mu no, dɛn nti na Onyankopɔn buu asase no sɛ wɔasɛe no? (Dwom 11:5)
4 Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis ti 6 no bɔ yɛn amanneɛ sɛ Noa nna no mu no, na asase asɛe wɔ Onyankopɔn ani so. Dɛn ntia? Esiane basabasayɛ nti. Na eyi nyɛ nsɛmmɔnedifo basabasayɛ a esisi mmeae kakraa bi. Genesis 6:11 bɔ amanneɛ sɛ “na anuɔden [basabasayɛ] ahyɛ asase so ma.”
5. (a) Adesamma su bɛn na ɛboa maa basabasayɛ kɔɔ so wɔ Noa nna no mu? (b) Dɛn na na Henok abɔ ho kɔkɔ fa amumɔyɛ ho?
5 Dɛn na na ɛhyɛ akyi? Kyerɛwsɛm a efi 2 Petro a yɛafa aka asɛm wɔ atifi hɔ no ka amumɔyɛfo ho asɛm. Yiw, na amumɔyɛ honhom abu so wɔ adesamma nsɛm mu. Na eyi nyɛ ɔsoro mmara a obiara bu so ara kwa na mmom Onyankopɔn ankasa anim atuatew su nso.a Na sɛ nnipa tew Onyankopɔn anim atua a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔne wɔn mfɛfo nnipa bedi nsɛm ayamye mu? Ansa na wɔrewo Noa no, na saa amumɔyɛ yi abu so araa ma na Yehowa ama Henok ahyɛ nea ebefi mu aba no ho nkɔm. (Yuda 14, 15) Na Onyankopɔn anim atuatew yi de ɔsoro atemmu bɛba ɔkwan biara so.
6, 7. Tebea a ɛfa abɔfo ho bɛn na na ɛyɛ nokwasɛm titiriw wɔ tebea bɔne a ɛbae ansa na Nsuyiri no reba no mu?
6 Na nkɛntɛnso foforo a ɛboa maa basabasayɛ kɔɔ so saa nna no mu nso wɔ hɔ. Genesis 6:1, 2 dan adwene kɔ so bere a ese: “Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Na henanom ne Onyankopɔn mma yi? Na wɔnyɛ adesamma bi ara kwa. Na mmarima ahu mmea a wɔn ho yɛ fɛ mfehaha pii na na wɔwareware wɔn. Na Onyankopɔn mma yi yɛ abɔfo a wɔsakraa wɔn ho. Wɔ Yuda 6 no, wɔka wɔn ho asɛm sɛ “abɔfo a wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere.”—Fa toto 1 Petro 3:19, 20 ho.
7 Bere a abɔde a wɔwɔ tumi kyɛn nnipa a wɔasakra wɔn ho yi ne nnipa mmabea dedae no, dɛn na efii mu bae? “Nna no mu na abran akɛse [Nefilim] wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo abirɛmpɔn mma maa wɔn no, eyinom ne abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.” Yiw, na mma a wofii ayɔnkofa a ɛnyɛ awosu mu de no mu bae no yɛ Nefilim, abirɛmpɔn a wɔde wɔn tumi a ɛkorɔn no hunahunaa afoforo.—Genesis 6:4.
8. Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ tebea bɔne a na ɛwɔ asase so no ho?
8 Na tebea no yɛ bɔne ankasa dɛn? Ekoduu baabi a “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” Onyankopɔn yɛɛ n’ade dɛn wɔ eyi ho? “[Yehowa] nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase so, na ɛyɛɛ no yaw ne komam.” Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn tee nka sɛ odii mfomso bere a ɔbɔɔ adesamma no. Mmom no, onuu ne ho sɛ bere a wayɛ adesamma awie no, wɔn bra adan ayɛ bɔne araa ma na etwa sɛ ɔsɛe wɔn.—Genesis 6:5-7.
Ɔkwan a Ɛde Kɔɔ Ogye Mu
9. (a) Dɛn nti na Yehowa ne Noa dii no yiye? (b) Amanneɛbɔ bɛn na Onyankopɔn dii kan de maa Noa?
9 Noa de, “onyaa ɔdom wɔ [Yehowa] anim. . . . Noa yɛ onipa trenee a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere so nnipa mu. Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:8, 9) Enti Yehowa dii kan bɔɔ Noa nkae sɛ Ɔde wiase nyinaa nsuyiri rebɛba na ɔkyerɛɛ no sɛ ɔmpam adaka. Noa ne n’abusua akyi no, wɔbɛpopa adesamma nyinaa afi asase ani. Wɔbɛsɛe mmoa mpo, gye wɔn su atitiriw ahorow kakraa bi a na Noa de wɔn bɛkɔ adaka no mu no.—Genesis 6:13, 14, 17.
10. (a) Ahosiesie bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na wɔakora wɔn so, na na adwuma no sõ dɛn? (b) Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ sɛnea Noa yɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no mu?
10 Eyi a wɔmaa Noa dii kan hui no de asɛyɛde a emu yɛ duru too no so. Na ɛsɛ sɛ wɔpam adaka no. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no te sɛ nnua adaka kɛse bi a emu nyinaa kɛse bɛyɛ anammɔn 1,400,000. Na ɛsɛ sɛ Noa de nnuan gu mu na afei ɔboaboa mmoa ne nnomaa, “ɔhonam nyinaa mu,” ano ma wɔkora wɔn so. Na ɛyɛ adwuma a ebegye mfe pii. Dɛn na Noa yɛe? ‘Ɔyɛe sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.’—Genesis 6:14-16, 19-22; Hebrifo 11:7.
11. Ɛdefa Noa ankasa fifo ho no, asɛyɛde a ɛho hia bɛn na na ɛda no so?
11 Bere a Noa reyɛ adwuma yi no, na ɛsɛ sɛ ogye bere de siesie ne fifo honhom mu yiyedi nso. Na ɛho hia sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no basabasayɛ akwan ne atuatew su no a wɔbɛfa ato wɔn ho so no ho. Na ɛho hia sɛ wɔremmfa wɔn ho nhyɛ da biara da asetra mu nneɛma mu mma ɛmmoro so. Na Onyankopɔn ama wɔn adwuma sɛ wɔnyɛ, na na ɛho hia yiye sɛ wɔde wɔn asetra nyinaa gyina so. Yenim sɛ Noa abusua no gyee n’akwankyerɛ toom na wonyaa ne gyidi no bi efisɛ wɔka Noa, ne yere, wɔn mmabarima baasa, ne wɔn mmabarima no yerenom—wɔn nyinaa yɛ baawɔtwe—no ho asɛmpa wɔ Kyerɛwnsɛm mu.—Genesis 6:18; 1 Petro 3:20.
12. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ 2 Petro 2:5 no, asɛyɛde bɛn na Noa de nokwaredi dii ho dwuma?
12 Na Noa wɔ asɛyɛde foforo nso—sɛ ɔbɛbɔ Nsuyiri a ɛreba no ho kɔkɔ na wama wɔahu nea enti a ɛreba no. Ɛda adi sɛ ɔde nokwaredi dii saa asɛyɛde no ho dwuma, efisɛ wɔka ne ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu sɛ na ɔyɛ “treneekafo.”—2 Petro 2:5.
13. Tebea horow bɛn na Noa hyiae bere a na ɔreyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no?
13 Afei, wo de susuw nsɛm tebea horow a Noa yɛɛ n’adwuma no wom no ho. Fa wo ho gyina n’ananmu. Sɛ na wone Noa anaasɛ woyɛ n’abusuafo no mu bi a, anka ɛbɛyɛ nea na basabasayɛ a Nefilim no ne amumɔyɛfo de ba no atwa wo ho ahyia. Anka wo ne abɔfo atuatewfo no nkɛntɛnso bedi asi tee. Anka bere a woyɛ adaka no ho adwuma no, wobedi wo ho fɛw. Na afe biara bere a wobɔ Nsuyiri a ɛreba no ho kɔkɔ no, anka wubehu sɛ da biara da asetra mu nneɛma agye nkurɔfo no adwene araa ma “wɔanhu”—kyerɛ sɛ, “de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:39; Luka 17:26, 27.
Dɛn na Noa Osuahu no Kyerɛ ma Wo?
14. Dɛn nti na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte tebea a Noa ne n’abusua hyiae no ase nnɛ?
14 Ɛnyɛ den sɛ yɛn akenkanfo no mu dodow no ara de wɔn ani bebu tebea a ɛte saa. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ tebea horow a ɛwɔ hɔ wɔ yɛn bere yi so no te sɛ nea na ɛwɔ Noa nna no mu no pɛpɛɛpɛ. Yesu Kristo kae sɛ na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ eyi kwan. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa bere a ɔbɛba wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu ho no mu no, ɔka siei sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37.
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ nokware sɛ, sɛnea na ɛte wɔ Noa nna no mu no, basabasayɛ ahyɛ asase so ma nnɛ? (b) Basabasayɛ titiriw bɛn na Yehowa nkoa ahyia?
15 So aba saa? So basabasayɛ ahyɛ wiase ma? Yiw! Nnipa bɛboro ɔpepem ɔha na wɔawuwu afeha yi mu ɔko ahorow mu. Nea eyi de aba no aka yɛn akenkanfo mu binom tee. Dodow no ara mpo na nsɛmmɔnedifo a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobegye wɔn sika anaasɛ wɔn nneɛma afoforo a ɛsom bo ahunahuna wɔn. Na mmofra hyia basabasayɛ wɔ sukuu mu.
16 Nanso, Yehowa asomfo hyia nea ɛboro ɔko mu amanehunu ne basabasayɛ a ɛba obiara so no. Wɔde basabasayɛ ba wɔn so nso esiane sɛ wɔnyɛ wiase no fa na mmom wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama nti. (2 Timoteo 3:10-12) Ɛtɔ mmere bi a saa basabasayɛ no yɛ pia a wopiapia wɔn anaasɛ asotɔre a wɔbɔ wɔn; mmere afoforo nso ɛyɛ wɔn agyapade a wɔsɛe no, ɔhwe a emu yɛ den, ne okum mpo.—Mateo 24:9.
17. So amumɔyɛ abu so nnɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
17 Bere a amumɔyɛfo no de wɔn ho hyɛ basabasayɛ a ɛte saa mu no, mmere bi wɔ hɔ a wɔde mpiyɛ ada bu a wobu Onyankopɔn animtiaa no adi. Afrika beae bi no, polisifo kae sɛ: “Nniso no yɛ yɛn de. Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, monkɔ ne nkyɛn, na monka nkyerɛ no sɛ ɔmmra mmɛboa mo.” Wɔ afiase ne nnadeban ahorow mu no, Yehowa Adansefo ahyia mmarima te sɛ Baranowsky wɔ Sachsenhausen, Germany, a ɔbɔɔ ahohora sɛ: “Me ne Yehowa anya ntɔkwaw. Yebehu nea ne ho yɛ den, me anaasɛ Yehowa.” Ɛno akyi bere tiaa bi no, Baranowsky yaree na owui; nanso afoforo kɔ so yi suban a ɛte saa ara adi. Ɛnyɛ aban mpanyimfo a wɔde wɔn ho hyɛ ɔtaa ɔsatu mu nkutoo na wɔtew Onyankopɔn anim atua. Wiase nyinaa, Onyankopɔn asomfo te nsɛm na wohu nneyɛe ahorow a edi adanse sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no nsuro Onyankopɔn wɔ wɔn komam.
18. Akwan horow bɛn so na ahonhommɔne reboa kitikitiyɛ tebea a adesamma wom no?
18 Nna a ɛte sɛ Noa bere so de no sɛɛ yi mu no, yehu adaemone ho a wɔde gye nsɛm mu nso. (Adiyisɛm 12:7-9) Adaemone yi ne abɔfo a wɔdan wɔn ho sɛ adesamma na wɔwarewaree mmea wɔ Noa nna no mu no ara. Nsuyiri no bae no, wɔsɛee wɔn yerenom ne wɔn mma no, nanso wɔhyɛɛ abɔfo asoɔdenfo no ma wɔsan kɔɔ ahonhom atrae. Wɔannya ɔkwan wɔ Yehowa ahyehyɛde kronkron no mu bio na mmom wɔde wɔn guu Tartaro a ɛyɛ esum kabii tebea mu, na wɔatew wɔn afi ɔsoro hann ho. (2 Petro 2:4, 5) Bere a wɔyɛ adwuma wɔ Satan akwankyerɛ ase no, wɔakɔ so ne adesamma adi nkitaho a ɛbɛn so kɛse na ɛwom sɛ wontumi nsakra wɔn ho bio de, nanso wɔabɔ mmɔden sɛ wobedi mmarima, mmea, ne mmofra mpo so. Wɔyɛ eyi mu bi denam ahonhonsɛmdi so. Afei nso wɔkanyan adesamma ma wɔsɛe wɔn ho wɔn ho wɔ ɔkwan a onipa ntumi nte ase so. Nanso ɛnyɛ ne nyinaa nen.
19. (a) Henanom titiriw na adaemone no tan wɔn? (b) Dɛn na adaemone rebɔ mmɔden ahyɛ yɛn ma yɛayɛ?
19 Bible da no adi sɛ adaemone retu wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu adanse no” so sa. (Adiyisɛm 12:12, 17) Saa ahonhommɔne no ne ɔtaa a ɛba Yehowa asomfo so no farebae titiriw. (Efesofo 6:10-13) Wɔfa akwan biara a ebetumi ayɛ yiye so de hunahuna adesamma mu anokwafo anaasɛ wɔde daadaa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe mudi mu a wokura ma Yehowa no na wɔagyae Yehowa Ahenni a Yesu yɛ emu Mesia Ɔhene no ho dawurubɔ.
20. Ɔkwan bɛn so na adaemone bɔ mmɔden sɛ wobesiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho fi wɔn nkɛntɛnso ase no kwan? (Yakobo 4:7)
20 Adaemone no bɔ mmɔden sɛ wobesiw nnipa a wɔn kɔn dɔ sɛ wobenya ɔhome afi wɔn nhyɛso nkɛntɛnso ase no kwan. Obi a na anka odi ahonhonsɛm wɔ Brazil bɔ amanneɛ sɛ bere a Adansefo no baa ne fie no, adaemone nne ka kyerɛɛ no sɛ mma ommue ɔpon no; nanso obuei na osuaa nokware no. Mmeae pii no, adaemone no de wɔn a wodi abayisɛm di dwuma tee de bɔ mmɔden sɛ wobesiw Yehowa Adansefo adwuma no kwan. Sɛ nhwɛso no, wɔ Suriname akuraa bi ase no, wɔn a wɔsɔre tia Yehowa Adansefo kɔfaa ɔhonhonsɛmdifo bi a wonim no yiye sɛ otumi ma nkurɔfo wu amonom denam ne nkonyaayi poma a ɔde kyerɛ wɔn so ara kwa so no bae. Bere a ɔhonhonsɛmdifo no akyidifo a wɔyɛ asawfo ne akyenekafo ka ne ho na adaemone asi no so no, ɔne Yehowa Adansefo behyiae. Ɔkaa nsɛm a ɔde yi nkonyaa no na ɔde ne poma no kyerɛɛ wɔn so. Na nkuraasefo no hwɛ kwan sɛ Adansefo no bɛhwehwe ase na wɔawuwu, nanso ɔhonhonsɛmdifo no mmom na otwa hwee fam na na ɛsɛ sɛ n’aboafo a wɔn ani awu no hwim no kɔ.
21. Sɛnea na ɛte Noa nna no mu no, nnipa no mu dodow no ara yɛ wɔn ade dɛn wɔ yɛn asɛnka no ho, na dɛn ntia?
21 Wɔ mmeae a wonni abayisɛm ne asumansɛm baguam saa mpo no, Yehowa Ɔdansefo biara ahu sɛnea asɛm a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka akyerɛ nnipa a da biara da asetra mu nneɛma agye wɔn adwene nyinaa na wɔmpɛ sɛ obi bɛhaw wɔn adwene no te. Sɛnea na ɛte Noa nna no mu no, dodow no ara ‘nhu.’ (Mateo 24:37-39) Ebia ebinom ani begye biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu ne nea yetumi yɛ no ho. Nanso honhom mu adansi adwuma—a egye nnɔnhwerew pii a yɛde yɛ kokoam adesua, nhyiam horow a yɛkɔ daa, ne asɛnka—no nyinaa yɛ nkwaseasɛm ma wɔn. Wodi ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔhyɛ ahorow mu no ho fɛw efisɛ wɔde wɔn asetra asi honam fam ahode ne honam akɔnnɔ mu anigye a wobetumi anya nnɛ no so.
22, 23. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii wɔ Noa nna no mu no ma yɛn awerɛhyem kɛse sɛ Yehowa begye nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu?
22 So wɔn a wonni ɔdɔ biara ma Onyankopɔn no bɛkɔ so agu Onyankopɔn nkoa anokwafo anim ase daa? Dabida! Dɛn na ɛbae wɔ Noa nna no mu? Onyankopɔn akwankyerɛ ase no, Noa ne n’abusua hyɛnee adaka a wɔapam awie no mu. Afei, wɔ bere a wofi soro akyerɛ mu no, “ebun kɛse no nsu aniwa nyinaa paapaee, na ɔsoro mfɛnsere buebuei.” Nsuyiri no kɔɔ so kosii sɛ ɛkataa mmepɔw mpo so. (Genesis 7:11, 17-20) Wɔhyɛɛ abɔfo a wɔagyaw wɔn panyinni no ma wogyaw wɔn ɔdesani nipadua a wɔasakra afa ato wɔn ho so no too hɔ na wɔsan kɔɔ ahonhom atrae. Wɔsɛee Nefilim no ne amumɔyɛfo wiase nkae no, a na wɔn a hwee ammfa wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ Noa kɔkɔbɔ no ho biribi no nyinaa ka ho. Ɔkwan foforo so no, wogyee Noa ne ne yere ne wɔn mmabarima baasa no ne ne mmabarima no yerenom no nyinaa nkwa. Saa kwan no so na Yehowa gyee Noa ne ne fifo fii sɔhwɛ a na wɔde nokwaredi agyina ano mfe pii no mu.
23 So Yehowa bɛyɛ saa ara ama nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama nnɛ? Akyinnye biara nni ho koraa. Wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa, na ontumi nni atoro.—Tito 1:2; 2 Petro 3:5-7.
[Ase hɔ asɛm]
a “Anomia” yɛ obu a wonni, anaasɛ atua a wɔtew, wɔ Onyankopɔn mmara horow ho; asebeia [a ɛyɛ asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘amumɔyɛfo’ no edin kabea no] yɛ su koro no ara a woyi no adi wɔ Onyankopɔn ankasa sɛ Obi no ho.”—Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words, Po 4, kratafa 170.
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛe sɛ Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu?
◻ Nneɛma bɛn na ɛboa maa basabasayɛ kɔɔ so wɔ Noa nna no mu?
◻ Esiane Nsuyiri a na ɛreba no nti, asɛyɛde bɛn na na ɛda Noa so?
◻ Nsɛdi ahorow bɛn na yehu wɔ Noa nna no mu ne yɛn bere yi so?
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Noa gyee bere de siesiee n’abusua no honhom mu yiyedi
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Adaka no pam gyee adwumaden a wɔde mfe pii yɛe