Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 6/1 kr. 14-15
  • Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Ayaresa Ahorow Bi
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 6/1 kr. 14-15

Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

◼So Yehowa Adansefo pene so ma wɔde mogya mu nneɛma bi te sɛ immune globulin anaa albumin wɔ wɔn paane anaa?

Ebinom pene so, esiane sɛ wogye di sɛ Kyerɛwnsɛm no mmara mogya mu nneɛma, anaa mu ade ketewaa bi a wɔbɛpene so ma wɔde awɔ wɔn paane no pefee nti.

Ɔbɔadeɛ no dii kan de ahyɛde maa adesamma nyinaa sɛ wɔnkwati mogya a wobedi sɛ: “Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan . . . Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” (Genesis 9:3, 4) Na mogya yɛ kronkron ma enti na afɔrebɔ nkutoo mu na wobetumi de adi dwuma. Sɛ wɔamfa anni dwuma saa kwan yi so a, ɛsɛ sɛ wohwie gu fam.​—Leviticus 17:13, 14; Deuteronomium 12:15, 16.

Na eyi nyɛ bere tiaa mu anohyeto bi kɛkɛ a wɔde maa Yudafo no. Wɔsan tii hia a ehia sɛ wɔtwe wɔn ho fi mogya ho no mu kyerɛɛ Kristofo. (Asomafo no Nnwuma 21:25) Roma Ahemman no mu no, na Onyankopɔn mmara a wɔtaa bu so no yɛ ade a atwa wɔn ho ahyia, efisɛ na nkurɔfo di nnuan a wɔde mogya na ayɛ. Na wobu so esiane “aduruyɛ” nti; Tertullian bɔ amanneɛ sɛ esiane sɛ na nnipa bi susuw sɛ mogya tumi sa abiribiriw nti, na wɔnom. Wɔde anibere nom amumɔyɛfo a wokum wɔn wɔ agumadibea no mogya.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Mo ani nwu mo akwan bɔne no ho, wɔ Kristofo a wɔmfa mmoa mpo mogya nka wɔn nnuan ho no anim.” Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ asi wɔn bo saa ara sɛ wɔremmu Onyankopɔn mmara so, ɛmfa ho sɛ afoforo di nnuan a wɔde mogya ayɛ no. Wɔ afe 1940 mfe no mu no, wofii ase de mogya a wɔtwe gu nipadua mu no dii dwuma wɔ mmeae pii, na Adansefo no huu sɛ Onyankopɔn mmara so di hwehwɛ sɛ wɔkwati mogya a wobegye agu wɔn nipadua mu, sɛ mpo nnuruyɛfo hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa a.

Mfiase no, na mogya mu nneɛma no nyinaa na wɔde ma wɔ mogya a wɔtwe gu nipadua mu no mu. Akyiri yi, nhwehwɛmufo fii ase sɛ wɔbɛkyekyɛ mogya mu nneɛma titiriw no mu, efisɛ nnuruyɛfo kae sɛ ebia ɔyarefo bi renhia mogya mu nneɛma atitiriw no nyinaa bi. Sɛ wɔde mu nneɛma no biako bi pɛ ma no a, ɛno renyɛ asiane pii mma no, na nnuruyɛfo betumi de mogya a ɛwɔ hɔ no adi dwuma pii.

Wobetumi akyekyɛ onipa mogya mu ayɛ no mogya mu mmoawaa kɔkɔɔ, ne mogya mu nsu a ani te sɛ akokɔsrade a wɔfrɛ no plasma anaa serum. Nea wɔtaa frɛ no nkwa mmoawa kɔkɔɔ, nkwa mmoawa fitaa, ne nkwa mmoawa ntrantraa no na ɛka bom yɛ ne fã a ani biri (a ne dodow yɛ ɔha biara mu nkyem 45) no. Ɔha mu nkyem 55 a aka no ne plasma no. Eyi mu ɔha mu nkyem 90 yɛ nsu, nanso mogya mu nneɛma ahorow nketenkete te sɛ, protein, hormone, nkyene, ne enzyme ahorow pii wom. Ɛnnɛ, wɔkyekyɛ mogya a afoforo de ma no mu yɛ no afa horow atitiriw. Wobetumi de plasma (ebia FFP, fresh frozen plasma) asa ɔyarefo bi a ɔbɔ birim yare. Nanso wobetumi de mogya mu nkwa mmoawa kɔkɔɔ a wɔde asie, na afei wɔde afra nsu bi mu ama obi a ne mogya so atew kɛse. Wɔde mogya mu nkwa mmoawa ntrantraa ne nkwa mmoawa fitaa no nso ma, nanso wɔntaa nyɛ saa.

Wɔ Bible mmere so no, na nnipa ntumi nhuu saa akwan a wɔfa so de mogya mu nneɛma yi di dwuma no. Onyankopɔn de ahyɛde tiawa mae sɛ: ‘Munyi mo ho mfi mogya ho.’ (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi susuw sɛ ebia nsonsonoe wɔ mogya mũ no nyinaa ne nea wɔakyekyɛ mu ayɛ no nneɛma atitiriw a wɔde di dwuma no mu? Ɛwom sɛ na nnipa bi nom mogya de, nanso Kristofo powee sɛ wɔbɛyɛ saa, sɛ mpo na eyi betumi ama wɔawu a. So wususuw sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade soronko sɛ obi aboaboa mogya ano, ɔma wɔkyekyɛ mu, na afei ɔde mu nsu akokɔsrade no nkutoo anaa fa a abobɔ atɔwatɔw, a ebia wɔde ayɛ kyim ma wɔn a? Dabida! Enti, Yehowa Adansefo nnye mogya mũ no nyinaa anaa emu nneɛma atitiriw (nkwa mmoawa kɔkɔɔ, nkwa mmoawa fitaa, nkwa mmoawa ntrantraa, anaa plasma) a wɔde di atirimpɔw koro no ara ho dwuma no.

Nanso, sɛnea asemmisa no kyerɛ no, nyansahufo asua mogya mu nneɛma titiriw bi ne sɛnea wɔde eyinom di dwuma no ho ade. Nea ɛho asɛm taa sɔre ne plasma mu protein​—a ɛne globulins, albumin, ne fibrinogen. Ɛda adi sɛ eyinom mu nea wɔde di dwuma wɔ aduruyɛ mu wɔ mmeae pii ne immune albumin a wɔde wɔ paane no. Dɛn nti na wɔyɛ saa ade no?

Wo nipadua no betumi ayɛ mmoawa bi a wɔko tia nyarewa bi, na amma nyarewa no antumi anka wo bere tenten. Eyi na wogyina so de aduru a yare mmoawa wom (toxoid) sesa nnipa bi na wɔannya nyarewa te sɛ mmubui, agyemirekutu, ntoburo, yare a ɛma obi sinsen, nkɔnkɔn ne atiridii bi. Nanso, sɛ ɔyare bi a emu yɛ den aka obi a ɛnkyɛe a, nnuruyɛfo betumi akyerɛ sɛ wɔmfa plasma (antitoxin) no nwɔ no paane na amma ɔyare no anka no bere tiaa bi. Nnansa yi ara no, na anka wɔyɛ nnuru a ɛte sɛɛ a wɔde wɔ paane no denam immune globulin a nkwa mmoawa a wɔko tia nyarewa wom no a woyi fi obi a ɔwɔ nkwa mmoawa yi bi dedaw no mu.a Ko a saa paane a wɔwɔ no tumi ma wɔko tia nyarewa no ntra hɔ nkyɛ, efisɛ nkwa mmoawa a wɔko tia nyarewa a wɔde wɔn wɔɔ nipadua no paane no fi nipadua no mu ntɛm.

Esiane ahyɛde a ese ‘munyi mo ho mfi mogya ho’ no nti, Kristofo binom ate nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma wɔde immune globulin (a ɛyɛ protein no) wɔ wɔn paane, ɛwom sɛ ɛyɛ mogya mu ade kɛkɛ de. Wɔn gyinabea no mu da hɔ na ɛyɛ tiawa​—wɔmpɛ mogya mu ade, anaasɛ dodow biara.

Afoforo ate nka sɛ serum (antitoxin) te sɛ immune globulin a nea ɔde mogya no ma no plasma a wɔde di dwuma de ko tia nyarewa kakraa bi pɛ na ɛwɔ mu no nte sɛ mogya a wɔde ma na wɔde agye obi nkwa no. Enti wɔn ahonim betumi ama wɔn kwan ma wɔagye immune globulin anaa mogya mu nneɛma a ɛtete saa ara.b Wobetumi de aba awiei sɛ wɔn fam de, nea wɔn gyinaesi no gyina so titiriw ne sɛ ebia wɔasiesie wɔn ho sɛ wobegye akwahosan mu asiane a ɛwɔ afoforo mogya a wɔde bɛwɔ wɔn paane mu no atom anaa.

Ɔpemfo mogya nkwaadɔm ne akokoaa a wonnya nwoo no a ɔda n’awotwaa mu de a ɛnyɛ biako no kyerɛ biribi; mpɛn pii no ɛsono wɔn mogya. Ɛna no mogya nkɔ akokoaa a wonnya nwoo no no mu. Ɛna no mogya mu nkwa mmoawa mfa funuma no mu nkɔ akokoaa no mogya mu, na saa ara nso na plasma no nso nkɔ. Nokwarem no, sɛ ɛba sɛ opira bi ma ɛna no ne akokoaa no mogya di afra a, etumi de akwahosan mu nsɛnnenen (Rh anaa ABO a enhyia) ba. Nanso, nneɛma bi a ɛwɔ plasma no mu no kɔ akokoaa no mogya nkwaadɔm mu. So plasma mu protein te sɛ immune globulin ne albumin kɔ akokoaa no mogya mu anaa? Yiw, ebi kɔ mu.

Dwumadi bi a ɛma immune globulin fi ɛna no mogya mu kɔ akokoaa a wonnya nwoo no no mogya mu no kɔ so wɔ ɔpemfo no nipadua mu. Esiane sɛ kɔ a saa nnipadua mu nkwa mmoawa a wɔko tia nyarewa no kɔ akokoaa a wonnya nwoo no no mu, a ɛyɛ adebɔsu no, ba wɔ nyinsɛn biara mu nti, wɔwo nkokoaa a nyarewa bi ntumi nka wɔn kodu baabi.

Saa ara na albumin, a ebia aduruyɛfo de ma sɛ wɔmfa nsa obi a ɔbɔ birim yare anaa nyarewa afoforo no te.c Nhwehwɛmufo atumi akyerɛ sɛ albumin a efi plasma mu no tumi fa ɛna no funuma no mu kɔ akokoaa a wonnya nwoo no no mu, ɛwom sɛ entumi nyɛ no yiye pii de.

Saa plasma no mu protein mu nneɛma a ɛkɔ onipa foforo (akokoaa a wonnya nwoo) no mogya nkwaadɔm mu no betumi ayɛ ade foforo a ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho bere a ɔresi gyinae sɛ ebia ɔbɛma kwan ma wɔde immune globulin, albumin, anaa plasma mu nneɛma bi a ɛtete saa awɔ no paane no. Obi betumi ate nka sɛ obetumi afi ahonim pa mu ama kwan; ebia ɔfoforo nso bɛka sɛ ontumi nyɛ saa. Ɛsɛ sɛ obiara si asɛm no ho gyinae wɔ Onyankopɔn anim.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛdenam DNA no a wotwam na wɔsan de bom bio, anaasɛ nkwa mmoawa no fa a ɛkyerɛ obi nipasu no ho adwuma a wɔyɛ so no, nyansahufo reyɛ nneɛma a ɛtete saa a ɛnyɛ mogya na wɔde yɛ.

b Nhwɛso biako ne Rh immune globulin, a nnuruyɛfo betumi akamfo akyerɛ bere a ɔbea bi ne akokoaa a ɔda n’awotwaa mu a onnya nwoo no no Rh nhyia no. Foforo bi ne Factor VllI, a wɔde ma wɔn a wɔn mogya ntumi nna

c Adanse akyerɛ sɛ wobetumi de nnuru nsunsu a mogya nnim a wɔde si mogya dodow a wɔhwere ananmu (te sɛ hetastarch [HES]) no asa obi a ɔbɔ birim yare ne nyarewa afoforo a anka albumin nsu na wɔde di dwuma no ma ayɛ yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena