Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 7/1 kr. 3-4
  • Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwae Ahorow
  • Ɛpo
  • Nsu a Wɔnom
  • Kuayɛ mu Nneyɛe Ahorow
  • Kar Ahorow Adɔɔso Dodo
  • Wɔredi Mmɔdenbɔ no Mu Nkonim?
    Nyan!—1996
  • Asase Ho Ban A Wɔbɛbɔ Na Ansɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yɛn Asase A Asɛe Ntua No Ka Mmeae Pii
    Nyan!—1993
  • Kwae
    Nyan!—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 7/1 kr. 3-4

Dɛn Na Onipa Reyɛ Asase No?

MFE AHASA a atwam ni no, na abɔde a atwa onipa ho ahyia no nsakrae kɛse. Wɔ nneɛma pii mu no, na nsakrae ahorow a nnipa ama aba nneɛma a atwa ne ho ahyia mu wɔ asase so no nyi no hu sɛnea ɛte nnɛ no. Na nsakrae a mfiridwuma de bae no mfii ase ɛ. Na mfiri a ɛma anyinam ahoɔden, factory ahorow, kar ahorow, anaasɛ nneɛma afoforo a ɛsɛe nneɛma a atwa onipa ho ahyia a abu so no nni hɔ. Nsusuwii a ɛne sɛ onipa bɛsɛe asase no nyinaa no yɛ nea na ebetumi ayɛ den sɛ ɔbɛyɛ ho mfonini wɔ n’adwenem.

Nanso, wɔ saa bere a atwam no mu no, na asase nyinaa a ɛbɛsɛe ho kɔkɔbɔ abu so dedaw. Wohuu saa kɔkɔbɔ no wɔ Bible nhoma a etwa to no mu, na na ɛka bere bi a Onyankopɔn de ne ho begye onipa nsɛm mu na ‘wasɛe wɔn a wɔasɛe asase no’ ho asɛm siei.​—Adiyisɛm 11:17, 18.

Awerɛkyekye bɛn ara na ɛyɛ ma wɔn a, asase a nnɛyi nnipa nhwɛ so yiye no ho asɛm haw wɔn no sɛɛ yi, sɛ wobehu sɛ yɛn okyinsoroma fɛfɛ yi Bɔfo no bɛbɔ ho ban na ansɛe! Nanso ebia wubesusuw sɛ ‘so yɛadu tebea a emu yɛ den mu araa ma ehia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye asɛm no mu ampa anaa?’ Wiɛ, susuw nokwasɛm ahorow no bi ho hwɛ, na afei woankasa bu ho atɛn.

Kwae Ahorow

Kwae ahorow ma asase no yɛ fɛ na abɔde ahorow ahorow ɔpepem pii nya aduan ne dabere. Bere a nnua nyin na ɛma aduan no, wɔyɛ nnwuma afoforo a ɛho hia nso, te sɛ mframa a wɔfrɛ no carbon dioxide a wɔtwe fi wim, ne oxygen a ɛsom bo a woyi gu wim no. National Geographic ka sɛ saa kwan yi so no, “wɔde ɔhyew a ɛba asase nyinaa so, a ɛde nkwa a ɛwɔ asase so to asiane mu, sɛnea yenim no, ano aduru biako ma.”

Nanso onipa resɛe n’agyapade a ɛne kwae no. Mframa a wɔsɛe no rema kwae ahorow a ɛwɔ Amerika Kusuu Fam ne Europa no wuwu. Na esiane aman a anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no ahiade ahorow nti, wɔresɛe kwaeberentuw ahorow. Afrika atesɛm krataa bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ afe 1989 mu no, “na wɔrehwɛ kwan sɛ wɔde [kwaeberentuw mu nnua] a ne dodow si cubic metres ɔpepem 66 na ɛbɛkɔ amannɔne​—ɔha biara mu nkyem 48 bɛkɔ Japan, na ɔha biara mu nkyem 40 akɔ Europa.”

Bio nso, nsase bi so no, akuafo hyew kwae na ama wɔanya asase ayɛ so afuw. Ɛnkyɛ na kwae no mu asase no ahoɔden ano abrɛ ase, na afei ɛsɛ sɛ akuafo no hyew kwae afoforo bio. Wobu akontaa sɛ wɔ afeha yi nkutoo mu no, ɛkame ayɛ sɛ kwae a ɛwɔ wiase no mu fã ase agu.

Ɛpo

Ɛpo a ɛwɔ asase so no nso nya wim asiesie mu kyɛfa a ɛho hia, na onipa nnwuma resɛe no. Ɛpo no twe carbon dioxide a ɛdɔɔso yiye. Afifide nketenkete bi a ɛwɔ po no mu no twe carbon dioxide na wɔn nso yi oxygen ma. Ɔbenfo George Small kyerɛkyerɛ sɛnea saa adeyɛ a ɛma nkwa kɔ so yi ho hia no mu sɛ: “Oxygen a ɛkɔ wim afe biara no mu ɔha mu nkyem 70 fi afifide nketenkete a wɔfrɛ no plankton a ɛwɔ po mu no hɔ.” Nanso, abɔde ho nyansahufo bi de kɔkɔbɔ ma sɛ afifide a ɛwɔ po mu no betumi asa koraa esiane mframa a ɛsɔn owia no ahoɔden so a ɛso retew wɔ wim nti, ade a wogye di sɛ onipa na ɔma ɛba.

Bio nso, onipa tow wura, ngo a wɔde gu mfiri mu, ne nneɛma a bɔre wom mpo gu po mu. Bere a aman bi pene so sɛ wɔbɛtew nneɛma funu a wɔma kwan ma wɔtow gu po mu no so no, afoforo pow sɛ wɔbɛyɛ saa. Atɔe Fam ɔman biako mpo se ɔwɔ hokwan sɛ ɔtow nuklea nneɛma funu gu po no mu. Jacques Cousteau, po mu nneɛma mu hwehwɛfo a wagye din no bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ yɛpɛ sɛ yegye nnipa nkwa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ po no nso ho ban.”

Nsu a Wɔnom

Onipa resɛe nsu a ɔnom mpo! Wɔ nsase a wodi hia wɔ so so no, nnipa ɔpepem pii wuwu afe biara esiane nsu a fi wom nti. Wɔ aman a wɔwɔ sika mu no, nea ɛka nneɛma afoforo a ɛyɛ nsu fi ho ne ɔyɛ asase yiye ne nnuru a wɔde kum mmoawa a wɔsɛe afifide, a ɛkɔ asubɔnten ahorow mu na ɛsɔn gu asase ase nsu mu no. Wɔ 1986 mu no, nnuru a wɔde kum mmoawa a wɔsɛe afifide a wɔyɛe no ano si tɔn ɔpepem 2.3, na wɔbɔ amanneɛ sɛ eyi renya nkɔanim ɔha biara mu nkyem 12 afe biara.

Ade foforo a ɛsɛe asase no ne nnubɔne a wɔtow gu. Scientific American kyerɛkyerɛ mu sɛ “dade ankorɛ ahorow a nnuru yi wom no nyɛ biribiara sɛ ɔtopae a wɔahyɛ bere a ɛbɛtow, a sɛ ankorɛ no we nkanare a, ɛbɛtow.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ, saa kwan a wɔnam so sɛe nneɛma yi rekɔ so “wiase nyinaa wɔ mmeae a wɔtow nneɛma funu a nnuru wom gu mpempem pii.”

Dɛn na afi mu aba? Wiase nyinaa no, asubɔnten ahorow a anka kan no emu tew no redan beae a wɔtow mfiridwuma ho nneɛma funu gu. Wobu akontaa sɛ Europafo ɔpepem 20 na wɔnom nsu fi Rhine no mu, nanso saa asubɔnten yi mu wɔ fi araa ma asiane wom sɛ wɔde dɔte a wotu fi mu no begu asase ani!

Kuayɛ mu Nneyɛe Ahorow

Nea ɛyɛ hu ne sɛ onipa resɛe asase a ɔyɛ so mfuw no mpo. Sɛnea Scientific American bɔ amanneɛ no, wɔ United States nkutoo no, wɔasɛe asase a wɔayi ato hɔ ma wɔagugu so nsu no ɔha biara mu nkyem 20. Dɛn ntia? Efisɛ nsu a wɔde gugu asase so ma ɛboro so no ma nkyene pii ba asase no mu dodo. Aman ahorow pii nam saa kwan yi so asɛe nsase a ɛsom bo pii. The Earth Report ka sɛ: “Nsase dodow a nkyene a aba asase no mu nti, wontumi nyɛ so adwuma no ne nea esiane asase so nsu a wogugu nti, wotumi yɛ so adwuma no yɛ pɛ. Asɛnnennen foforo a atrɛw ne nyɛmmoa a wodidi ma ɛboro so, a ebia ɛno nso ka ho na ɛma nsase a ɛredan anhweatam no retrɛw no.

Kar Ahorow Adɔɔso Dodo

Yɛn okyinsoroma yi so nsase ne nsu ahorow nkɔda nkyɛn. Na ne mframa nso ɛ? Wɔresɛe eyi nso, na nneɛma a ɛyɛ saa no dɔɔso. Sɛ yɛbɛka biako pɛ ho asɛm a, susuw kar ho hwɛ. Nea edidi so yi yɛ kɔkɔbɔ ahorow a atesɛm nkrataa a ɛka abɔde nyansahu ho nsɛm a agye din no de mae: “Kar ahorow sɛe mframa sen nnipa nneyɛe foforo biara.” (New Scientist) “Kar ahorow bɛyɛ ɔpepem 500 a wɔayɛ ho nkrataa na ɛwɔ asase so mprempren . . . Egye wiase yi nyinaa ngo a wɔde gu mfiri mu no nkyem abiɛsa na wɔanya ngo agu ne nyinaa mu mama. . . . Kar ahorow dodow rekɔ anim ntɛmntɛm kyɛn nnipa dodow mpo.” (Scientific American) “Akwan horow a wɔfa so yɛ petrol [gasolin], sɛnea wɔde yɛ adwuma ne sɛnea wotow gu no nyinaa yɛ akwan a wɔnam so sɛe asase no na wɔde nyarewa ba no mu kɛse biako.”​—The Ecologist.

Yiw, wɔresɛe yɛn okyinsoroma yi. Wɔresɛe ɛso po, nsu a wɔnom, nsase a wɔyɛ so mfuw, ne mframa a atwa ho ahyia no mpo kɛse. Nokwarem no, eyi nkutoo bɛkyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn de ne ho begye asɛm no mu na ‘wasɛe wɔn a wɔasɛe asase no’ abɛn. (Adiyisɛm 11:18) Nanso, akwan afoforo, a enye koraa mpo wɔ hɔ a wɔnam so resɛe asase no. Yɛnhwɛ akwan ko a ɛyɛ.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Sɛ yɛpɛ sɛ yɛgye nnipa nkwa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ po no nso ho ban.”​—Jacques Cousteau

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena