Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 10-14
  • Mmofra A Wɔwɔ Anigye Wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra A Wɔwɔ Anigye Wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’ankasa Wo Gyidi
  • Nya Nimdeɛ
  • Ma Anisɔ a Wowɔ no Nyɛ Kɛse
  • Kɔ W’anim wɔ Onyankopɔn Som Mu
  • Fa Yɛ Wo Botae Sɛ Wobɛsom Onyankopɔn Daa
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Mmofra​—Momma Ɔpɛ A Mowɔ Sɛ Mobɛsom Yehowa No Mu Nyɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Mmofra—Moasiesie Mo Ho sɛ Mobɛbɔ Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 10-14

Mmofra A Wɔwɔ Anigye Wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu

“Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’abrabɔ ho tew na ɛteɛ.”​—MMEBUSƐM 20:11, New International Version.

1. Nneɛma a ɛda nsow a Bible no ka ho asɛm wɔ Samuel ho no bi ne nea ɛwɔ he?

ƐBƐYƐ sɛ na abofra Samuel adi mfe abiɛsa de kɔ anum pɛ bere a ofii ase “somee” Yehowa ntamadan mu wɔ Silo. Na nnwuma a ɔyɛ no mu biako ne sɛ obehiɛ “[Yehowa] fi apon no.” Bible no se “Samuel kɔɔ so nyinii, na oye wɔ [Yehowa] ne nnipa anim.” Onyinii no, ɔde Israel san baa nokware som mu bio. Ɔsom Onyankopɔn “ne nkwa nna nyinaa.” Bere a na ‘wabɔ akora na wafuw dwen’ mpo no, na ɔda so ara hyɛ nkurɔfo no nkuran sɛ ‘wonsuro Yehowa na . . . wɔnsom no nokware mu.’ So ɛrenyɛ anigye, sɛ nnipa betumi aka wo ho nsɛm pa a ɛte sɛɛ, sɛnea Bible no ka fa Samuel ho no anaa?​—1 Samuel 1:24; 2:18, 26; 3:15; 7:2-4, 15; 12:2, 24.

2. Dɛn na mmofra nketewaa sua wɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam horow ase nnɛ?

2 Sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako anaasɛ wokɔ wɔn Kristofo nhyiam horow no ase a, hwɛ Ahenni Asa a wɔreyɛ saa adesua yi wɔ so no mu hwɛ. Wuhu nnipa ahorow a ɛsono mfe a wɔadi. Ebia nnipa a ‘wɔanyin na wɔafufuw dwen’ dedaw wɔ hɔ. Awofo, mmofra, mmofra nkumaa, ne nkokoaa a woturu wɔn mpo wɔ hɔ. So mmofra a wosusuae koraa a wɔwɔ hɔ no afi ase resua ade dedaw anaa? Yiw. Wo de bisa wɔn a wɔn nso wɔde wɔn baa nhyiam ahorow a ɛte sɛ ase bere a wɔyɛ mmofra nketewaa no hwɛ. Wɔbɛka akyerɛ wo nokwarem sɛ na wofi wɔn mmofraase resua sɛ wɔde obu bɛma Onyankopɔn, adɔ ne nkurɔfo, na wɔakyerɛ mmeae a wɔsom no wɔ hɔ no ho anisɔ. Bere retwam no, mmofra nketewaa sua nokware ahorow a ɛyɛ anigye. Bere a wɔanyin wɔ nokware ne anisɔ mu akyi no, mmofra pii bɛka ‘mmerante ne mmabaa, nkwakora ne mmarimaa’ a odwontofo no hyɛ wɔn sɛ ‘wonyi Yehowa din ayɛ, efisɛ ɔno nkutoo na ne din korɔn kyɛn biara’ no ho.​—Dwom 148:12, 13.

3. Dɛn nti na sɛnea mmofra a wonim Bible no hu asetra no nte sɛ nea wɔn a wonnim Bible no hu no no?

3 Sɛ woyɛ abofra a w’awofo de wo ba nhyiam a ɛtete sɛɛ ase da biara a, ɛnde wɔahyira wo yiye. Wiase nsɛnnennen ahorow no haw mmofra afoforo pii. Ebia ebinom suro sɛ nnipa bɛsɛe asase no. Wunim sɛ Onyankopɔn remma ɛmma saa, sɛ ɔremma nnipa kwan mma wɔnkɔ so nsɛe saa okyinsoroma fɛfɛ yi. Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛma kwan ma aba saa mmom no, Bible no kyerɛ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔasɛe asase no.’ Wunim sɛ Bible no hyɛ bɔ sɛ daakye bi a ɛyɛ anigye a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo mu no abɛn.​—Adiyisɛm 11:18; Dwom 37:29; 2 Petro 3:13.

W’ankasa Wo Gyidi

4. Asɛyɛde bɛn na Onyankopɔn akwan a mmofra nim de to wɔn so, na ɔkwan bɛn so na na abofra Samuel yɛ eyi ho nhwɛso pa?

4 Mfiase no, na ebia w’awofo na wodi Kristofo nokware kwan no akyi. Ebia na woba Kristofo nhyiam horow ase esiane sɛ wɔde wo ba nti, na ebia wode wo ho hyɛɛ Onyankopɔn som adwuma mu esiane sɛ wɔn nso yɛ saa nti. Nanso, bere retwam no, Yehowa som ne osetie a wobɛyɛ ama no no betumi abɛyɛ nea w’ankasa w’ani gye ho. Abofra Samuel ne na de no sii ɔkwan a ɛteɛ so, nanso na ɛsɛ sɛ ɔno ankasa nantew saa kwan no so. Yɛkenkan sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’abrabɔ ho tew na ɛteɛ.”​—Mmebusɛm 20:11, NIV.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no som bo kɛse? (b) Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ Timoteo wɔ hia a Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no hia ho?

5 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ yɛn nea Onyankopɔn hwehwɛ afi yɛn hɔ. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛsɔ n’ani pefee, na ɛma yenya nsɛm pii a ebetumi aboa yɛn yiye. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne boafo kumaa Timoteo sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”​—2 Timoteo 3:16, 17.

6. Dɛn na Mmebusɛm nhoma no ka wɔ hia a nimdeɛ ne Onyankopɔn nyansa ho hia ho?

6 Bible no kyerɛ yɛn nso sɛ ‘yentie nteɛso na yenhu nyansa.’ Ese yɛmfa Onyankopɔn mmara nsɛm ‘nsie yɛn nkyɛn,’ ‘yensu mfrɛ nhumu,’ na ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ’ ntease te sɛ nea yɛbɛhwehwɛ akorade a ɛsom bo a ahintaw. Sɛ wudi afotu yi akyi a, ɛnde ‘wubehu Yehowa suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ ankasa.’ Yehu saa afotu yi nso a ese: “Na afei mma, muntie me, na nhyira ne wɔn a wodi m’akwan so. Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua. Nhyira ne onipa a otie me . . . Na nea ohu me no hu nkwa, na onya [Yehowa] hɔ anisɔ.” So wubu Bible no sɛ ɛsom bo saa ma enti wobɔ mmɔden a ɛte saa sɛ wobesua nneɛma a ɛka ho asɛm no anaa?​—Mmebusɛm 2:1-5; 8:32-35.

Nya Nimdeɛ

7. Dɛn ne nneɛma a ɛho hia kyɛn biara a ɛsɛ sɛ yesua no?

7 Mmofra bi nim agumadi mu akontaabu ahorow nyinaa ho nsɛm, anaa wobetumi aka nnwontofo kuw a wopɛ wɔn asɛm yiye ho biribiara akyerɛ wo. Nneɛma yi sua ne ne kae yɛ mmerɛw ma wɔn efisɛ wɔn ani gye ho. Nanso, asemmisa a ɛho hia kyɛn biara ne sɛ, Dɛn na wonim wɔ Onyankopɔn ho? Susuw nea wayɛ no ho hwɛ kɛkɛ. Onyankopɔn na ɔbɔɔ amansan no. Ɔkaa nea nnipa bɛyɛ ne nea ebesi siei bere tenten ansa na nsɛm no sisii. Ɛnyɛ Onyankopɔn ho asɛm nkutoo na Bible no ka kyerɛ yɛn, na mmom ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so asɔ n’ani nso. Ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetra a anigye wom mprempren, ne sɛnea yebenya daa nkwa wɔ ne trenee wiase foforo no mu. So ɛno ho nhia koraa nkyɛn hu a yebehu nea odii nkonim wɔ bɔɔlbɔ mu anaa nnwontofo a ɛnkyɛ na nnipa werɛ afi wɔn no din anaa?​—Yesaia 42:5, 9; 46:9, 10; Amos 3:7.

8. Nhwɛso pa bɛn na Yosia ne Yesu nyinaa yɛe?

8 Bere a na Ɔhene Yosia adi mfe 15 no, “ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn.” Bere a na Yesu adi mfe 12 no, wokohuu no sɛ “ɔte akyerɛkyerɛfo ntam” wɔ Yehowa asɔrefi, “retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.”a Ɛmfa ho mfe dodow a woadi no, te sɛ Yosia ne Yesu no, so w’ani gye ho ankasa sɛ wubesua nea Onyankopɔn ayɛ ne nea ɔrebɛyɛ no ho ade anaa?​—2 Beresosɛm 34:3; Luka 2:46.

9. (a) Asɛnnennen bɛn na mmofra pii wɔ? (b) Dɛn na ɛbɛma akenkan ne adesua ayɛ mmerɛw, na so w’ankasa woahu sɛ eyi yɛ nokware anaa?

9 Nanso, ebia wobɛka sɛ: ‘Adesua yɛ adwumaden.’ Nnipa pii, sɛ wɔyɛ mmofra anaa mpanyimfo no, nkenkan ade pii da na ama akenkan ayɛ mmerɛw ama wɔn. Sɛ wokenkan ade pii a, ɛbɛma akenkan ayɛ mmerɛw ama wo. Sɛ wusua ade pii a, ɛbɛma adesua ayɛ mmerɛw ama wo. Wode nsusuwii afoforo ka nneɛma a wunim dedaw no ho, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte ase na woakae.

10. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi anya pii afi Kristofo nhyiam horow mu? (b) Dɛn ne w’ankasa osuahu wɔ eyi mu?

10 Dɛn na ɛbɛboa wo ma woasua Onyankopɔn ho nneɛma pii? Ebia wubetumi ayɛ obi a ɔkɔ Kristofo nhyiam horow no bere nyinaa. So wubetumi adi kan asiesie wo ho na wode wo ho ahyɛ mu ankasa anaa? Sɛ nhwɛso no, sɛ wokenkan Kyerɛwnsɛm a wɔabobɔ din nanso wɔankyerɛw emu asɛm no a, so ɛno betumi ama woanya adesua no mu nimdeɛ a emu dɔ anaa? So woakyerɛw asɛm biako anaa abien bi wɔ kratafã no ano na akae wo nea saa kyerɛwsɛm no de ka nkyekyem anaa adesua no ho anaa? So ɛyɛ wo su sɛ, anyɛ yiye koraa no, wode kyerɛw nsɛm yi mu biako bɛka wo mmuae a ɛda anisɔ a wowɔ ma Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no adi ho anaa? Asafo mu ɔpanyin bi a wakɔ nhyiam daa mfe pii no ka sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ mede m’adwene bedi adesua bi a manhyɛda ansiesie me ho amma no akyi, nanso ɛyɛ anigye yiye sɛ medi nea masua no fefeefe no akyi.”

11. Wobɛyɛ dɛn atumi anya pii afi ɔkasa horow a wofi Bible mu ma mu, na dɛn nti na eyi ho hia?

11 Sɛ wutie Bible mu ɔkasa ahorow a, so woyɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa a ɛbɛboa wo ma woatumi asusuw sɛnea ɔkasa no rekɔ no ho na ama w’adwene adi nea wɔreka no akyi anaa? So wode nea wote no toto nea wunim dedaw no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a asete bɛyɛ mmerɛw na woatumi akae no yiye anaa? Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) So nimdeɛ a ɛkɔ nkwa mu no nyɛ nimdeɛ a eye kyɛn so a wubetumi anya anaa? Hyɛ nea Bible no ka wɔ eyi ho no nsow: “Na [Yehowa] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ na ntease fi ba. Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.”​—Mmebusɛm 2:6, 10, 11.

Ma Anisɔ a Wowɔ no Nyɛ Kɛse

12. Dɛn ne nneɛma a ɛda nsow a Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no bi?

12 So yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ampa anaa? Ɔbɔɔ asase fɛfɛ na osiesiee so maa asetra. Ɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan no, na ɔnam saa kwan no so ma ɛyɛɛ yiye sɛ wɔbɛwo yɛn. Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmoa a efi mmusua ne asafo a emufo wɔ ɔdɔ nkyɛn hɔ ba no. (Genesis 1:27, 28; Yohane 13:35; Hebrifo 10:25) Ɔsomaa n’ankasa Ba a odi kan baa asase so sɛ ɔmmɛkyerɛ yɛn Ne ho nsɛm pii, na ɔmfa agyede a ɛbɛma yɛatumi anya daa nkwa no mma. So w’ani sɔ akyɛde ahorow a ɛyɛ anigye sɛɛ yi ankasa anaa? So ɛkanyan wo ma wugye nsa a ɔto frɛ wo sɛ sua ne ho nsɛm na som no no so anaa?​—Mateo 20:28; Yohane 1:18; Romafo 5:21.

13. Ɛdɛn nti na wote nka sɛ Onyankopɔn ani gye nnipa ankorankoro ho?

13 Amansan Bɔfo no ani gye nnipa ho. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ ‘m’adamfo,’ na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mede wo din minim wo.” (Yesaia 41:8; Exodus 33:12) Adiyisɛm nhoma no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so nhoma anaa “nkwa nhoma” bi a n’asomfo anokwafo a wɔtraa ase “fi wiase asefi” no din na ɛwom. So wɔde wo din bɛka ho wɔ mu?​—Adiyisɛm 3:5; 17:8; 2 Timoteo 2:19.

14. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nnyinasosɛm so a yebedi no betumi asiesie yɛn asetra?

14 Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow tumi yɛ adwuma. Nneɛma a yɛyɛ no ɔkwan a ɔhwehwɛ so no ma yɛkwati nsɛnnennen ahorow pii​—ɔbrasɛe, nnubɔne a obi de di dwuma ma ɛka ne hɔ, asanom bebrebe, nyinsɛn a wɔmpɛ, mmaninyare, basabasayɛ, awudi, ne nneɛma bɔne afoforo pii. N’akwan akyi a wubedi no bɛboa wo ma woanya nnamfo pa, ne asetra a anigye wom nso. So mfaso nni so sɛ wobɛyɛ saa? (1 Korintofo 6:9-11) Abofra a w’asi ne bo dedaw sɛ ɔbɛyɛ n’ade ɔkwan a Onyankopɔn hwehwɛ so no mpo betumi anya ahoɔden pii a ɛbɛma wayɛ nea ɛteɛ. Bible no se: ‘Yehowa ne obi a ɔyɛ ɔnokwafo no bedi nokwarem.’ Ɛma yɛn awerɛhyem nso sɛ ‘ɔrennyaw n’anokwafo’ na ‘ɔrennyaw ne nkurɔfo’ nso.​—Dwom 18:25; 37:28; 94:14; Yesaia 40:29-31.

Kɔ W’anim wɔ Onyankopɔn Som Mu

15. Afotu pa bɛn na Salomo de maa mmofra?

15 So wiase a ɛretwam yi mu nneɛma na ɛyɛ wo botae anaasɛ foforo a trenee wom no mu de? So wutie Onyankopɔn, anaasɛ wutie wiase no mu anyansafo a wɔka nea ɛne ne nsɛm bɔ abira no? So wode ahomegye, nhomasua a ɛkɔ anim, anaa honam fam adwuma a egye bere pii, di Onyankopɔn ne ne som anim kan anaa? Ɔhene Salomo onyansafo no kyerɛw Ɔsɛnkafo nhoma a ɛwɔ Bible no mu no nyinaa de kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ edi kan wɔ yɛn asetra mu. Ɔde baa awiei sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu. Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”​—Ɔsɛnkafo 12:1, 13.

16. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi abɔ mmɔden sɛ wobenya hokwan afoforo?

16 Kristofo anuanom mpanyimfo a wunim wɔn​—asafo mu mpanyimfo, akwampaefo, ne wo ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo​—nyinaa ayɛ mmofra pɛn. Dɛn na ama wɔanya nhyira horow a wɔwɔ nnɛ no? Na wɔdɔ Onyankopɔn na na wɔpɛ sɛ wɔsom no. Wɔn mu bebree de mmere kakraa a wonyae no dii dwuma de nyaa nimdeɛ ne osuahu. Wosuaa ade, na wɔde wɔn ho hyɛɛ nhyiam horow mu. Wonyaa ɔkyerɛkyerɛ mu kyɛfa, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya hokwan afoforo​—akwampae adwuma, Betel som, anaa dwumadi afoforo a ɛde mfaso ba. Na wɔnyɛ ‘mmofra a wɔkyɛn so,’ na mmom na wɔwɔ nneɛma a wɔn ani gye ho ne nea ɛho hia wɔn te sɛ nea wowɔ no bi ara pɛ. Nanso, wɔde afotu a edi so yi dii dwuma: “Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ sɛ moyɛ ma [Yehowa], na monyɛ mma nnipa.”​—Kolosefo 3:23; fa toto Luka 10:27; 2 Timoteo 2:15 ho.

17. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu?

17 Na wo nso ɛ? So w’ani sɔ nneɛma pa ampa? So wopaw nnamfo fi wɔn a wɔde honhom fam nneɛma di kan mu anaa? So wohyɛ afoforo nkuran ma wɔne wo nya Kristofo dwumadi ahorow mu kyɛfa anaa? So wo ne mpanyimfo a wɔwɔ osuahu kyɛn wo, yɛ Kristofo ɔsom adwuma no, na woasua biribi afi wɔn nkyɛn, aka wɔn anigye no bi ahwɛ, na woanya nkuranhyɛ afi wɔn nnwuma pa mu anaa? Ɔdansefo biako kae da bi, bɛyɛ mfirihyia 20 a atwam ni, a ɔpanyin bi fii ɔdɔ mu too nsa frɛɛ no anigye so ne no kɔɔ asɛnka nea edi kan no. Ose, eyi de nsakrae baa n’asetra mu: “Na ɛno ne bere a edi kan a na merekɔ esiane sɛ mepɛ sɛ meyɛ saa, na ɛnyɛ sɛ m’awofo de me rekɔ nti.”

18. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ obi susuw ho ansa na ɔde ne ho ama sɛ wɔmmɔ no asu?

18 Sɛ worenya nkɔso wɔ nea Onyankopɔn pɛ a woyɛ no mu a, ɛnde ebia ɛrenkyɛ na woasusuw asubɔ ho. Ɛho hia sɛ wobɛkae sɛ asubɔ nyɛ ade bi a wonam so kɔ mpanyinyɛ mu. Ɛnyɛ ɛno na ɛkyerɛ sɛ worenyin, na saara nso na ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ woyɛ esiane sɛ wo nnamfo nso reyɛ saa nti. Ansa na wubebisa sɛ wɔmmɔ wo asu no, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wowɔ nokware no ho mfitiase nimdeɛ, na wo abrabɔ ne Onyankopɔn Asɛm hyia. Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wanya osuahu a ɛfata wɔ saa nimdeɛ no a wɔne afoforo kyɛ no mu, na wuhu sɛ eyi yɛ nokware som fã a ɛho hia yiye. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ wuhu nso sɛ, sɛ wunya yɛ Kristofo ade a ɛho hia yi a, wɔbɛhwɛ kwan sɛ wode Bible no abrabɔ mu nnyinasosɛm a ɛteɛ no bɛtra ase.b Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wahyira ne ho so ama ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no wɔ ne komam.​—Fa toto Dwom 40:8, 9 ho.

19. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu?

19 Asubɔ yɛ biribi a woyɛ bere a woasi gyinae pintinn sɛ wobɛsom Onyankopɔn wo nkwa nna a aka nyinaa mu, a nea ɛbɛba biara mfa ho. Ɛyɛ baguam sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wonam Yesu Kristo so ahyira wo ho so koraa ama Yehowa sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛnyɛ nea wohwehwɛ biribi ansa. Kristoni ɔpanyin biako kae da a, bɛyɛ afeha fã a atwam ni no, ohuu sɛ: “Ɛsɛ sɛ meyɛ ho biribi!” no. Michelle a ɔyɛ Ɔdansefo abofra a wɔbɔɔ no asu wɔ Newcastle, England, mfe kakraa a atwam ni no, ka sɛ: “Midii mfirihyia 13 no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mihyira me nkwa so na wɔbɔ me asu; biribiara nni hɔ a mɛpɛ sɛ mɛyɛ sen sɛ mɛsom Onyankopɔn.”

20. (a) Nhwɛso fɛfɛ bɛn na mmofra mpempem pii ayɛ dedaw? (b) Ɛsɛ sɛ wobu adeyɛ yi dɛn?

20 Wɔabɔ mmofra mpempem pii asu nnansa yi ara. Ná wɔasua Onyankopɔn Asɛm ne n’akwan, na afei wɔnam nsu mu asubɔ so de anigye bɛkaa mpanyimfo pii ho yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam. Wonim sɛ asubɔ nyɛ nokware ahosohyira asetra kwan a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛfa so atra Yehowa som mu daa no awiei, na mmom ne mfiase ara kwa.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Bible Mmere so Mmofra Asomfo” wɔ kratafa 4 no mu.

b Eyi nkyerɛ sɛ ka a yɛbɛka sɛ: ‘Minnya mmɔɔ asu’ no ma yenya hokwan sɛ yɛbɛyɛ bɔne. Sɛ yenya hu nea Onyankopɔn pɛ ara pɛ a, ɛda adi sɛ ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛyɛ osetie ma no.​—Yakobo 4:17.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na Onyankopɔn nimdeɛ ho hia yiye saa?

◻ Wobɛyɛ dɛn atumi anya pii afi Kristofo nhyiam horow mu?

◻ Nhyira ahorow a efi Onyankopɔn nkyɛn bɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ osetie ma no?

◻ Ɔkwan bɛn so na wubetumi akɔ w’anim wɔ Onyankopɔn som mu?

◻ Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena