So W’ani Sɔ Nea Onyankopɔn Ayɛ No?
“Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua daa, na onni m’akyi.”—LUKA 9:23.
1. Dɛn ne akyɛde ahorow a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn de ama yɛn no bi?
ONYANKOPƆN na ɔmaa yɛn nkwa a yɛwɔ no. Sɛ wammɔ adesamma a, anka wɔrenwo yɛn da. Nanso Onyankopɔn bɔɔ nea ɛsen nkwa. Ɔbɔɔ yɛn sɛnea yebetumi anya nneɛma pii mu anigye: aduan dɛ, owia mu ɔhyew, nnwom nnyigyei, fefɛw bere mu da a emu dwo, sɛnea ɔdɔ yɛ dɛ fa. Nea ɛkyɛn saa mpo no, Onyankopɔn maa yɛn adwene ne ɔpɛ a ɛbɛma yɛasua ne ho ade. Ɔma wɔkyerɛw Bible no a ɛma yɛn akwankyerɛ pa, ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so anya asetra a anigye wom, ne daa asetra wɔ ne wiase foforo a trenee wom mu anidaso. Onyankopɔn ma yɛn ne honhom kronkron no nso, asafo a ɛwɔ baabi a yɛwɔ hɔ mmoa, ne mmarima ne mmea mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ a wobetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ den wɔ ne som mu.—Genesis 1:1, 26-28; 2 Timoteo 3:15-17; Hebrifo 10:24, 25; Yakobo 5:14, 15.
2. (a) Ade titiriw a ɛsen biara bɛn na Onyankopɔn ayɛ ama yɛn? (b) So yebetumi afa nnwuma so anya nkwagye?
2 Eyinom nyinaa akyi no, Onyankopɔn somaa n’ankasa Abakan sɛ ɔmmɛka nea Agya no hwehwɛ ho asɛm pii nkyerɛ yɛn, na ɔmfa “ogye” mmrɛ obiara a obegye atom. (Efesofo 1:7; Romafo 5:18) Yesu Kristo, saa ɔba no, kae sɛ: “Na sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nkwagye a saa agyede no ma etumi ba no som bo kɛse araa ma ɔkwan biara nni hɔ koraa a obi betumi afa so ayɛ nnwuma de anya saa nkwagye no, na ɛda adi sɛ nnwuma a wɔyɛe wɔ Mose Mmara no ase kan no mpo ntumi nyɛ saa. Enti, Paulo kyerɛwee sɛ: “Womfi mmra nnwuma mu na ebu onipa bem, gye sɛ ɛnam Kristo Yesu gyidi so nti.”—Galatifo 2:16; Romafo 3:20-24.
Gyidi ne Nnwuma
3. Dɛn na Yakobo kae wɔ gyidi ne nnwuma ho?
3 Ɛnam gyidi so na nkwagye ba, nanso ɛsɛ sɛ gyidi ne anisɔ a yɛwɔ ma nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa no ka yɛn ma yɛyɛ biribi. Ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma a ɛma wohu yɛn gyidi. Yesu ne na ba Yakobo kyerɛwee sɛ: ‘Sɛ gyidi nni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.’ Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.” Yakobo daa no adi sɛ ahonhommɔne mpo “gye di, na wɔn ho popo,” nanso, ɛda adi sɛ ahonhommɔne nyɛ nnwuma pa. Nanso na Abraham wɔ gyidi ne nnwuma nyinaa. “Ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi wiee pɛyɛ.” Yakobo tii mu sɛ: “Gyidi a nnwuma nni mu awu.”—Yakobo 2:17-26.
4. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wodi n’akyi no yɛ?
4 Yesu nso kyerɛɛ hia a nnwuma pa ho hia, bere a ɔkae sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” ‘Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua daa, na onni m’akyi.”a Sɛ “yɛpa yɛn ho akyi” a, yegyae nneɛma a yɛn ankasa pɛ no yɛ. Yehu sɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a yɛwɔ no maa yɛn, enti yɛde yɛn ho ma no sɛ ne nkoa, a yɛpɛ sɛ yesua na yɛyɛ n’apɛde, sɛnea Yesu yɛe no.—Mateo 5:16; Luka 9:23; Yohane 6:38.
Ɛka Asetra
5. (a) Petro kyerɛe sɛ dɛn na ɛsɛ sɛ enya yɛn asetra kwan nyinaa so tumi? (b) Nnwuma pa bɛn na ɔkamfo kyerɛe?
5 Petro daa no adi sɛ Kristo “mogya a ne bo yɛ den,” a yɛn nti, ɔde mae no som bo araa ma ɛsɛ sɛ ɛho anisɔ a yɛwɔ no da adi wɔ yɛn asetra kwan nyinaa mu. Ɔsomafo no bobɔɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛyɛ din. Ɔde afotu mae sɛ: “Munyiyi bɔnepɛ nyinaa . . . ngu.” “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron.” “Monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” ‘Munkyi bɔne na monyɛ papa.” ‘Momfa anoyi mma obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no.’ ‘Na [mo] honam mu asetra bere a aka no, moantra ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom moatra ase ama Onyankopɔn apɛde.’—1 Petro 1:19; 2:1, 2, 9; 3:11, 15; 4:2.
6. (a) Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Kristofo daa wɔn gyidi adi? (b) Nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ eyi yɛ ma yɛn?
6 Afeha a edi kan Kristofo no traa ase ma ɛne wɔn gyidi hyiae. Ɛsakraa adwene a wɔwɔ ne wɔn nipasu, na ɛkanyan wɔn ma wɔmaa wɔn asetra ne Onyankopɔn apɛde hyiae. Sɛ anka wɔbɛyɛ nea ɛne wɔn gyidi bɔ abira no, wɔma wotwaa wɔn asu, siw wɔn abo, hwee wɔn, wɔdaa afiase, na wokum wɔn mmom. (Asomafo no Nnwuma 7:58-60; 8:1; 14:19; 16:22; 1 Korintofo 6:9-11; Efesofo 4:22-24; Kolosefo 4:3; Filemon 9, 10) Romani abakɔsɛm kyerɛwfo a wagye” din Tacitus, a wɔwoo no bɛyɛ afe 66 Y.B. mu no se “wɔhyew Kristofo, de wɔn yɛɛ akanea a ɛma hann, bere a ade asa no.” Nanso, wɔanhinhim!—The Annals, Nhoma XV, kratafa 44.
7. Tebea bɛn mu na ebia ebinom behu wɔn ho wom?
7 Asafo ahorow bi mu no, wubetumi ahu nnipa bi a wɔakɔ nhyiam mfe pii. Wɔdɔ Yehowa ahyehyɛde no, wosusuw sɛ ne nkurɔfo ye kyɛn nnipa a wɔahyia wɔn pɛn nyinaa, wɔka nokware no ho nsɛm pa, na wɔkasa ma nokware no kyerɛ afoforo. Nanso, biribi siw wɔn kwan, biribi twe wɔn san. Wɔnyɛɛ adepa a nnipa 3,000 no yɛɛ Pentekoste da no, nea Etiopiani a na ogye di no bisaa ho asɛm, anaa nea Anania hyɛɛ Saulo nkuran sɛ ɔnyɛ bere a saa kan ɔtaafo no behui sɛ Yesu ne Mesia no ampa ara pɛ no. (Asomafo no Nnwuma 2:41; 8:36; 22:16) Dɛn na ɛtɔ sin wɔ saafo yi fam nnɛ? Dɛn nti na wɔnyɛɛ nea Bible no frɛ no sɛ “ahonim pa ho adebisa” no? (1 Petro 3:21) Sɛ wuhu sɛ wowɔ saa tebea yi mu—wunim nokware no nanso wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ ho biribi a—ɛnde bu saa asɛm yi sɛ wɔasiesie ama wo esiane ɔdɔ titiriw a wɔwɔ ma wo nti.
Nneɛma a Esiw Asubɔ Kwan so a Wubedi
8. Sɛ wonyɛɛ osuani pa da a, dɛn na nyansa wom sɛ wobɛyɛ mprempren?
8 Dɛn na ebetumi asiw wo kwan? Asɛm a edi eyi anim no kyerɛe sɛ ebinom betumi ahu sɛ kokoam adesua yɛ asɛnnennen ma wɔn. Onyankopɔn maa yɛn adwene a ɛyɛ nwonwa, na ɔhwɛ kwan sɛ yɛde bedi dwuma de asom no. Ebinom a wonsuaa akenkan mpo abɔ mmɔden sɛ wobesua, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho ade pii. Wo nso ɛ? Sɛ wunim akenkan dedaw a, so wusua ade ankasa, sɛnea Beroiafo no yɛe no, na ‘wohwehwɛ Kyerɛwsɛm no mu daa’ sɛ nneɛma yi te saa anaa? So woahwehwɛ nokware no “tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ” no mu anaa? So wɔabɔre ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu akɔ akyiri sɛnea ɛsɛ anaa? Woahu sɛnea ɛyɛ anigye fa no ankasa? Woanya ɔpɛ ankasa sɛ wubehu Onyankopɔn apɛde? So nokware no ho kɔm de wo ampa anaa?—Asomafo no Nnwuma 17:10, 11; Efesofo 3:18.
9. Sɛ wo ne obi wɔ asɛm wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛfata sɛ woyɛ?
9 Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo twentwɛn wɔn nan ase esiane asɛm bi a na wɔne asafo no muni bi anya anaa wosusuw sɛ wɔne no anya nti. So obi adi mfomso bi a anibere wom atia wo anaa? Ɛnde fa akwankyerɛ a Yesu nsɛm yi da no adi no di dwuma: “Kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam.” (Mateo 18:15) Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ na onii no nnim po sɛ wafom wo. Nanso sɛ onim saa mpo a, ‘wubenya wo nua’ ara, sɛnea Yesu kae no. Bio nso, ebia wubetumi aboa no ma wakwati hintidua a ɔbɛto obi foforo nso. Bio nso, sɛ wususuw ho a, hena na woresom no ankasa—saa onipa no anaa Onyankopɔn? So ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no sua araa ma wobɛma kwan ma mfomso a onipa a ɔtɔ sin di no asɛe ɔdɔ a wowɔ ma No no?
10, 11. Sɛ kokoam bɔne bi twe wo san a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
10 Kokoam bɔne bi betumi ama obi atwentwɛn ne nan ase wɔ asubɔ ho. Eyi betumi ayɛ biribi a esii bere a atwam no mu anaasɛ ebetumi ayɛ bɔne bi a ɔda so ara reyɛ. Sɛ eyi yɛ wo nso wo haw a, so bere nnui sɛ wubedi ho dwuma? (1 Korintofo 7:29-31) Ɛho abehia sɛ Yehowa nkurɔfo pii yɛ nsakrae wɔ wɔn asetra mu. Bible no se: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa] anim aba.”—Asomafo no Nnwuma 3:19.
11 Ɛmfa ho sɛ dɛn na woayɛ wɔ bere a atwam mu no, wubetumi anu wo ho, ayɛ nsakrae, na woasrɛ Onyankopɔn nkyɛn bɔne fafiri. “Enti munkum akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne . . . Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.” Wubetumi ama w’asetra ne n’akwan ahyia, anya ahonim a ɛho tew, na woanya daa nkwa wɔ ne trenee wiase foforo no mu ho anidaso. So ɛno mfata mmɔden biara a ebia ebehia sɛ wobɔ no anaa?—Kolosefo 3:5-10; Yesaia 1:16, 18; 1 Korintofo 6:9-11; Hebrifo 9:14.
12. Sɛ tawanom, asabow, anaa nnubɔne a obi de di dwuma ma ɛka ne hɔ siw ahonim a ɛho tew a wubenya kwan a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
12 So tawanom, asabow, nnubɔne a obi de di dwuma ma ɛka ne hɔ no siw ahonim a ɛho tew a wubenya no kwan anaa? So nneyɛe a ɛde obi nkwa to asiane mu sɛɛ no nkyerɛ bu a obi mmu Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ nwonwa a ɛne nkwa no? Sɛɛ saa nneyɛe yi yɛ akwanside ma wo a, nokwarem no, bere adu sɛ wubedi ho dwuma. So saa nneyɛe yi som bo sen wo nkwa? Paulo kae sɛ: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” So wowɔ anisɔ ma Onyankopɔn trenee akwan a ɛho tew no araa ma enti wobɛyɛ saa anaa?b—2 Korintofo 7
Honam Fam Nneɛma
13, 14. (a) Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka wɔ honam fam nneɛma a yɛde bɛyɛ yɛn botae no ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde ɔsoro nneɛma di kan?
13 Ɛkame ayɛ sɛ nnɛ wiase no de yiyedi ne ‘obi asetra mu nneɛma a ɔde bɛhoahoa ne ho’ di biribiara anim kan. Nanso Yesu de “ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” totoo “nsɔe” a emia Onyankopɔn asɛm no ho. Obisaa nso sɛ: “Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?”—1 Yohane 2:16; Marko 4:2-8, 18, 19; Mateo 16:26.
14 Yesu daa no adi sɛ Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe maa nnomaa na wɔanya aduan, na sukooko apae fɛfɛɛfɛ. Afei obisae sɛ: “Ɔsen bɛn na monsen nnomaa? . . . Mpɛn ahe na [Onyankopɔn] remma mo [nea mubefura]!” Yesu ka kyerɛ yɛn nyansam sɛ ‘munnnwinnwen’ honam fam nneɛma ho. Ɔkae se “[monkɔ so nhwehwɛ] Onyankopɔn ahenni, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” Ɔdaa no adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ɔsoro nneɛma di kan efisɛ ‘nea yɛn ademude wɔ no, ɛhɔ na yɛn koma nso wɔ.’—Luka 12:22-31; Mateo 6:20, 21.
Onyankopɔn Ɔsom Adwuma a Wɔde Ne Mmoa Yɛ
15. Nkuranhyɛ fɛfɛ bɛn na yenya fi afeha a edi kan Kristofo nhwɛso no mu?
15 So ɛte sɛ nea afoforo a yebedi wɔn adanse no yɛ asɛnnennen ma wo anaa? So fɛre ma wotwentwɛn wo nan ase? Sɛ saa na ɛte a, ɛho hia sɛ wokae sɛ na afeha a edi kan Kristofo no wɔ nkate horow koro no ara a yɛwɔ nnɛ no bi. Onyankopɔn ampaw anyansafo ne atumfoɔ pii, na mmom ɔpawee “wiase ade a ɛyɛ mmerɛw . . . sɛ ɔde bɛhyɛ nea ɛyɛ den no aniwu.” (1 Korintofo 1:26-29) Nyamesom akannifo atumfoɔ no sɔre tiaa nnipa “mpapahwekwa” no na wohyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛm no ka. Dɛn na Kristofo no yɛe? Wɔbɔɔ mpae. Wɔsrɛɛ nnamyɛ fii Onyankopɔn hɔ na ɔde maa wɔn. Nea efii mu bae ne sɛ wɔn nkrasɛm no hyɛɛ Yerusalem ma na akyiri yi, ɛwosow wiase no nyinaa!—Asomafo 4:1-4, 13, 17, 23, 24, 29-31; 5:28, 29; Kolosefo 1:23.
16. Dɛn na yesua fi “adansefo mununkum” kɛse a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no mu?
16 Enti, ɛnsɛ sɛ nnipa ho suro siw yɛn Onyankopɔn som ho kwan. Hebrifo ti 11 ka “adansefo mununkum” kɛse a wosuroo Onyankopɔn mmom na ɛnyɛ nnipa ho asɛm. Ɛsɛ sɛ yɛda gyidi koro no ara adi. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.”—Hebrifo 12:1.
17. Nkuranhyɛ bɛn na Onyankopɔn nam Yesaia so de mae?
17 Onyankopɔn betumi de mmoa kɛse ama ne nkoa. Amansan Bɔfo no ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.”—Yesaia 40:31.
18. Wobɛyɛ dɛn adi ehu a wowɔ no so na woatumi anya Ahenni asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa?
18 Adansefo akokodurufo a wɔwɔ anigye a wuhu wɔn wɔ asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ mu no yɛ asomfo a wɔyɛ nnam a wɔboro ɔpepem abiɛsa ne fã wɔ asase nyinaa so no mu fã ketewaa bi kɛkɛ. Wɔn ani gye sɛ wonya kyɛfa wɔ adwuma a Yesu Kristo ankasa kaa ho asɛm siei, wɔ nsɛm a edi hɔ yi mu sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Sɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a wubenya no yɛ asɛnnennen ma wo, ɛwom sɛ wofata sɛ wobɛyɛ saa a, ɛnde dɛn nti na wummisa Ɔdansefo bi a ɔbɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu sɛ ɔmma wo ne no nkɔ na woanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa? Onyankopɔn ma yɛn “tumi a ɛboro so” ampa, na ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea saa Onyankopɔn som yi yɛ anigye fa.—Mateo 24:14; 2 Korintofo 4:7; hwɛ Dwom 56:11; Mateo 5:11, 12; Filipifo 4:13 nso.
19. Nkyerɛkyerɛ adwuma bɛn na Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ?
19 Yesu hwɛ kwan sɛ wɔn a wɔn ani sɔ Ahenni nkrasɛm no bɛyɛ ho biribi. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.
20. Sɛ worenya honhom mu nkɔanim a, asɛm bɛn na ɛnkyɛ biara ɛho behia sɛ wubisa?
20 So anisɔ a wowɔ ma Onyankopɔn nhyira horow, Yesu “mogya a ne bo yɛ den,” ne daa nkwa anidaso a ɛyɛ nwonwa no kanyan wo ma woyɛ biribi anaa? (1 Petro 1:19) So woasiesie w’asetra ma ɛne Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow hyia anaa? So wunya asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa anaa? So woapa wo ho akyi, na woahyira wo nkwa so ama Onyankopɔn? Sɛ nsemmisa yi nyinaa ho mmuae yɛ yiw ampa a, ɛnde ebia bere adu sɛ wubebisa asafo a wowɔ mu no mu mpanyimfo no biako asɛm koro no ara a Etiopiani a na ogye di no bisaa Filipo no, sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ ho kwan?”—Asomafo no Nnwuma 8:36.
[Ase hɔ nsɛm]
a The Jerusalem Bible no kyerɛ eyi ase sɛ “ɔmpa ne ho akyi.” J. B. Phillips nkyerɛase no se “obegyaa n’ankasa de a ɔyɛ no mu.” The New English Bible no se “onnyaw n’ankasa ho wɔ n’akyi.”
b Sɛ wohwehwɛ saa nneyɛe yi a wubegyae ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn Aban, August 1, 1981, nkratafã 4-7; November 1, 1973, nkratafã 257-263; ne Nyan! February 8, 1983, nkratafã 3-12; Awake! May 22, 1981, nkratafã 3-11. Ebia wubenya eyinom wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no nhomakorabea.’
So Wokae?
◻ Ntease atitiriw bɛn na yɛwɔ nti na ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ gyidi ne anisɔ ka yɛn ma yɛyɛ?
◻ Nsɛnnennen ahorow bɛn na ebetumi asiw osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn no kwan, na dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?
◻ Nsɛm bɛn na wɔn a wonnya mmɔɔ asu no betumi abisa wɔn ho?
[Adaka wɔ kratafa 18]
‘“Asase” bɛn na meyɛ?’
Yesu buu ɔbarima bi a okoguu aba ho bɛ bi. Aba no bi koguu kwankyɛn na nnomaa bɛsosɔwee. Ebi nso koguu abo so, nea dɔte pii nni. Eyi fifii, nanso awia puei no, ekisae na ɛhyewee. Saa ara nso na ebi koguu nsɔe mu na nsɔe no miaa no. Yesu kae sɛ akuw horow abiɛsa yi gyina hɔ ma: nea edi kan, “obiara a ɔte ahenni asɛm no na ɔnte ase”; nea ɛto so abien, obi a ogye asɛm no, nanso ‘amanehunu anaa ɔtaa” ma ɔdan ne ho fi ho; ne nea ɛto so abiɛsa, obi a “wiase asetra yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia asɛm no” wɔ ne mu.
Nanso Yesu kaa aba foforo a ekoguu asase pa mu ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɔne nea ɔte asɛm no na ɔte ase; ɔno na ɔsow aba.”—Mateo 13:3, 8, 18-23.
Ɛbɛyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ho sɛ: ‘“Asase” bɛn na meyɛ?’
[Adaka wɔ kratafa 19]
Wowu maa wɔn gyidi
So wunim obi a ɔbɛpɛ sɛ owu mmom sen sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔre tia ne gyidi? Yehowa Adansefo mpempem pii ayɛ saa. Wɔ The Nazi State and the New Religions: Five Case Studies in Non-Conformity mu no, Ɔbenfo Christine E. King kyerɛwee sɛ: “Wɔde Germanfo Adansefo baanu biara mu biako too afiase, na baanan biara mu biako hweree ne nkwa.”
Bere a nnadeban no mu ahude ahorow no baa awiei koraa wɔ 1945 mu no, na “Adansefo no dodow akɔ soro na wɔannyaa nsɛm mu ansiesie.’ J. S. Conway kyerɛwee Yehowa Adansefo ho asɛm wɔ The Nazi Persecution of the Churches mu sɛ: “Kuw foforo biara nni hɔ a wogyinaa pintinn saa wɔ Gestapo no amumɔyɛsɛm a wɔde baa wɔn so no nyinaa mu sɛ wɔn.”
Ɛnyɛ amammuisɛm anaa mmusua a Yehowa Adansefo fi mu nti na wɔtaa wɔn. Mmom no, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne pow a wɔpowee sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔre tia wɔn ahonim a wɔde Bible atete no no nti na wohuu amane.