Yehowa Mu Ahotoso De Anigye Ba
SƐNEA JACK HALLIDAY NATHAN KA KYERƐE
Ebia woate saa Enyiresi bɛ a ese, “Wɔwoo no no, na dwetɛ atere hyɛ n’anom.” Wiɛ, wɔwoo me afe 1897 mu no, na ɛkame ayɛ sɛ saa asɛm no baa mu ankasa wɔ me fam.
NA ƐYƐ Ɔhemmaa Victoria nniso afe a ɛto so 60, na na wɔrehyɛ ho fã. Wɔmaa mmofra a wɔwoo wɔn wɔ England saa afe no so nyinaa no dwetɛ atere. Na Britania Ahemman no wɔ n’anuonyam bere mu, na na ɛrenya nneɛma pa pii afi nsakrae a mfiridwuma de bae no mu wɔ ɔman no mu ne wɔne tubrafo aman ahorow aguadi a ɛde mfaso ba no mu.
Na me nenabarima yɛ Yudani, na m’agya bɛyɛɛ Hebri kasa ho ɔbenfo, a na onim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye. Nanso, na me nenabea yɛ Anglican ɔsɔfo panyin bi babea, na ɔhyɛɛ m’agya ma ogyee Yesu Kristo toom sɛ Mesia no. Nhoma ahorow a Charles Taze Russell kyerɛwee no nyaa m’awofo baanu no nyinaa so nkɛntɛnso, enti na yennye Baasakoro anaa hellgya nkyerɛkyerɛ no nni.
Bere a meyɛ abofra no, na apɔnkɔ so tra da so ara yɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so tu kwan, na na nteaseɛnam a ɛnyɛ apɔnkɔ na ɛtwe anaa kar ahorow kakraa bi pɛ na ɛwɔ hɔ. Esiane sɛ na mepɛ apɔnkɔ asɛm nti, wɔ 1913 mu no, mekɔkaa ɔmansin no mu asraafo a wɔtra apɔnkɔ so (Militia) no ho. Akyiri yi, bere a Wiase nyinaa Ko I fii ase no, wɔyɛɛ me ɔsraani ankasa de me kɔɔ akono wɔ Greece, na atiridii bɔɔ me wɔ hɔ. Akyiri yi no, wɔde me kɔɔ atɔe fam akono wɔ France sɛ nea ɔtow tuo a ɛtow ntɛmntɛm, na awiei koraa no, Germanfo no faa me nnommum wɔ 1917 mu.
Asetra mu Atirimpɔw a Minyae wɔ India
Ɔko no baa awiei wɔ 1918 mu no, na adwuma nni England, enti mesan kɔɔ sraadi mu bio na mekɔɔ India kɔkaa asraafo a wɔwɔ hɔ wɔ asomdwoe bere mu no ho. Wɔ May 1920 mu no, atiridii bɔɔ me bio, na wɔde me kɔɔ ɛhɔnom mmepɔw so na me ho akɔyɛ me den wɔ hɔ. Bere a mewɔ hɔ no, mekenkan nhoma a me nsa kae nyinaa, a Bible no ka ho. Kyerɛwnsɛm a mekenkan no maa anigye a mewɔ wɔ Awurade sanba ho no mu yɛɛ den.
Asram bi akyi, bere a mewɔ Kanpur no, mehyehyɛɛ Bible adesua kuw bi a na mehwɛ kwan sɛ ɛbɛma matumi asua Awurade sanba no ho nneɛma pii. Ɛhɔ na mihyiaa Fredrick James, a na anka ɔyɛ Engiresini sraani, na afei de wabɛyɛ Bible Ɔdesuafo a ɔyɛ nsi no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristo aba fi 1914 mu a nnipa nhu no. Nã eyi yɛ anigyesɛm a ɛsen biara a mate. Ná ade a edi kan a mepɛ sɛ meyɛ ne sɛ megyae sraadi. Na Europa ɔko no mu mogyahwiegu ne nnipakum no afono me. Ná mepɛ sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔpɛ asomdwoe na meka Kristo ba a waba no ho asɛmpa no kyerɛ.
Nanso, wɔampene so sɛ wɔbɛma magyae sraadi. Mmom no, wɔde me kɔɔ India atɔe fam a mprempren wɔfrɛ no Pakistan no. Mewɔ hɔ no, mekenkan Studies in the Scriptures, a Charles Taze Russell kyerɛwee no, na mibehui yiye sɛ ɛsɛ sɛ migye asɛnka ɔfrɛ no so. Mifii ase sosoo dae a ɛma meyɛɛ basaa. Mede ahoyeraw kyerɛw krataa kɔmaa Onua James, na ɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ ne fi wɔ Kanpur. Ná ɛda a mikodui no yɛ Awurade wu Nkaedi da. Saa da no kaa m’asetra kɛse—misii gyinae sɛ mɛyɛ ɔhokwafo na mede bere nyinaa ɔsom adwuma ayɛ me botae wɔ m’asetra mu.
Mesan kɔ England
Wɔ 1921 awiei mu no, wɔsan de me kɔɔ England bio, na wɔ 1922 fefɛw bere mu no, woyii me fii sraadi mu. Saa afe no ahohuru bere mu no, J. F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abien no baa England, na me ne m’awofo kotiee ɔkasa a ɔmae wɔ Royal Albert Hall, London no. Ɛno akyi no, mede me ho mae sɛ mɛsom wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow no, nanso wofi ayamye mu hyɛɛ me nkuran sɛ menyɛ akwampae adwuma kakra ansa. Enti, migyaee adwuma na migyee asasesin dwumadi a wɔde maa me wɔ England kesee fam no. Mifii m’asetra mu adwuma sɛ bere nyinaa ɔsomfo ase a na minni osuahu biara, a na nea mewɔ ara ne tete siren anum (America sika 50 cents) a ɛda me bɔtom ne Yehowa mu ahotoso. Bɛyɛ March 1924 mu no, wɔfrɛɛ me kɔɔ Betel.
Nanso, afe a edi hɔ no, wɔkyerɛɛ me sɛ mimfi Betel, na esiane sɛ metee nka sɛ wɔreteɛ me so wɔ biribi a menyɛe ho nti, meyɛɛ basaa. Na Betel abɛyɛ m’asetra fã wɔ saa bere tiaa no mu. Nanso, ɛdenam asɛnnennen no a mede too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, ne ahotoso a minyae sɛ ne pɛ bɛyɛ hɔ so no, mitumi de anigye kɔɔ so yɛɛ akwampae dwumadi a wɔmaa me no. Wɔ May 1926 mu no, wɔsan frɛɛ me kɔɔ Betel bio, na metraa hɔ mfe 11 a edii hɔ no.
Onua Rutherford baa England bio wɔ 1936 mu, na ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Canada na menkɔyɛ Ahenni adwuma no wɔ hɔ. Nanso, esiane nneɛma ho ntease a mannya no yiye nti, mekɔdaa nsɛm bi a anka ɛnsɛ sɛ mema afoforo hu adi, na Onua Rutherford ani annye ho. Meda so ara kae nsɛm pɔtee a ɔkae no: “Jack, mintumi nnya wo mu ahotoso. Tetew wo tekit no mu.” Osuahu a ɛyɛ yaw bɛn ara ni! Nanso na ɛyɛ nteɛso a mihia yiye, na ɛno akyi asram awotwe a edi hɔ no, wɔmaa me ne onua foforo dwumadi sɛ akwampaefo. Ɔsom hokwan yi maa migyaee awerɛhow di, na misuaa ade fii nteɛso no mu.
Ɔsom Adwuma a Emu Trɛw wɔ Canada
Onua Rutherford bɛsraa England bio wɔ afe akyi no, obisaa me Canada kɔ ho asɛm bio. Na m’ani gye hokwan a ɛte saa no ho yiye, na mede ahoɔhare penee ɛhɔnom dwumadi a wɔmaa me no so. Mesom wɔ Canada Betel hɔ asram kakraa bi akyi no, wɔmaa me dwumadi sɛ Asafo no ɔnanmusifo ɔkwantufo wɔ Ontario kesee fam atɔe. Na asafo ahorow a wɔwɔ hɔ no susuae, na na wohia nkuranhyɛ pii. Nanso, ɔhaw ahorow a wim tebea a ano yɛ den ne mfiri a wɔde tu kwan a ennɔɔso de bae nyinaa akyi no, na saa mfe a edi kan no yɛ anigye dɛn ara!
Me werɛ remfi ɔhyew ne honhom mu anisɔ a ɛhɔnom Indiafo asafo ketewaa bi a ɛbɛn Brantford daa no adi no da. Ná ɛyɛ awɔw bere, na na sukyerɛmma atɔ kɛse, ma nti na ɛyɛ den ma me Model T Ford kar no sɛ ɛbɛfa kwan no so. Ná obiara nhwɛ me kwan, na mekoduu hɔ no, na anuanom no kɔ kwae mu rekɔpɛ nnyina. Enti, menam sukyerɛmma a emu dɔ mu tiw wɔn kɔhwehwɛɛ wɔn. Mikohuu wɔn awiei koraa no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, nanso wɔn ani gyei bere a wohuu me no. Wogyaee nea wɔreyɛ nyinaa, na wɔbaa fie bɛyɛɛ nhyiam ho nhyehyɛe anwummere no ara.
Wɔ Beamsville a ɛbɛn hɔ no, me ne anuanom anokwafo de asram pii ne mpanyimfo a wɔnam abatow so paw wɔn ne awaefo dii aperepere. Hwɛ hokwan ara a na ɛyɛ sɛ yehuu sɛnea Yehowa honhom dii tebea no ho dwuma! Yehowa mu ahotoso ne nokwaredi ma n’ahyehyɛde no de nhyira pii brɛɛ asafo ahorow no wɔ saa mfe a edi kan no mu. Saa asafo ahorow no mu mmofra pii nyin de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma mu, wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Betel, nyaa asɛmpatrɛwfo dwumadi ahorow, na wɔbɛyɛɛ ahwɛfo akwantufo. Me werɛ mfii anigye a ɛwɔ saa Kristofo mmusua anokwafo a mmofra yi fi mu a me ne wɔn trae no mu no da. Saa mmusua yi bɛyɛɛ m’abusua, na wɔn mma bɛyɛɛ me mma.
Mfe a Wɔbaraa Yɛn Wom No
Bere a na ɔko no gyina mu wɔ 1940 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no. Hwɛ sɛnea na eyi yɛ ahobow! Wɔnam radio so nkaebɔ ahorow a efi aban hɔ hyɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn nhoma ahorow, asafo kyerɛwtohɔ ahorow, ne yɛn Ahenni Asa horow ano safe nkɔma polisifo. Mihuu sɛnea tebea no gye ntɛmpɛ no, mekɔɔ asafo ahorow no mu kɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn nhoma ne wɔn kyerɛwtohɔ ahorow no nsie. Wɔhyɛɛ anuanom no nkuran sɛ wonhyiam wɔ afie mu, ofie foforo mu dapɛn biara. Bere kɔɔ so no, asafo ahorow no san hyɛɛ afie afie asɛnka dwumadi ase, a wɔde Bible no nkutoo di dwuma. Eyi yɛɛ nhyira, efisɛ ɛmaa yɛn nyinaa suaa sɛnea yɛde yɛn Bible no bedi dwuma yiye.
Akyiri yi, afe koro no ara mu no, yɛn nsa kaa nhomawa End of Nazism no pii fii United States. Na ehia sɛ yɛde ahokokwaw kɛse di dwuma na yɛatumi de nhoma a wɔabara yi aba Canada. Anuanom no mu binom faa asraafo a wɔpɛ afiri mu atra a wontua hwee, na wɔtratraa nnaka a nhomawa no wom no so, na wɔn nti, obiara anhu nhomawa a wɔabara yi, a wɔn ankasa mpo nnim. Afei da koro anɔpa bi wɔ November mu, bɛyɛ nnɔn abiɛsa ne nnɔnsia ntam no, Adansefo no tow hyɛɛ ɔman mu no nyinaa so, na wokogyaw nhomawa yi biako wɔ Canada afi horow dodow no ara apon ano.
Saa mfe a wɔbaraa yɛn no mu no, mekɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no wɔ Canada atɔe fam mantam a wɔfrɛ hɔ British Columbia no. Ansa na wɔrebara yɛn no, na anuanom no de ɔkorow kɔsrasra nnipa a wɔwɔ nkuraa a ɛwɔ supɔw ahorow a atew wɔn ho so fi Vancouver ara kosi Alaska. Wɔbaraa yɛn no, na nhoma pii wɔ ɔkorow no mu, enti Adansefo no de kogyaw adwempafo bere a na wɔnam kwan so de ɔkorow no rekɔ baabi a wobegye afi wɔn nsam ama aban no. Akyiri no, me de ɔkorow a wɔde yi apataa kɔhwehwɛɛ baabi a nhoma ahorow yi wɔ, na afei wɔ bere a woyi apataa a wɔfrɛ no salmon mu no, meyɛɛ nhyehyɛe ma anuanom kɔfaa nhoma no fii adwempafo yi nkyɛn. Akyiri no, wɔde nhoma yi baa Vancouver bɛkyekyɛɛ wɔ hɔ, a wɔakata ho de asie ɔkorow a wɔde yi apataa mu.
Wɔ 1943 awiei mu no, yɛtee sɛ wɔama Yehowa Adansefo dwumadi a wɔbarae no ho kwan. Nanso, wɔamma Ɔwɛn Aban Asafo no ho kwan, enti yɛkɔɔ so sɛnea na yɛreyɛ dedaw no, a yɛde Bible no di dwuma wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma mu. Nanso, na afei de, yebetumi ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Bere a wɔbaraa yɛn adwuma no, na yɛwɔ Adansefo bɛyɛ 6,700; wogyaa yɛn no, na yɛn dodow yɛ 11,000!
M’asetra sɛ Ɔhwɛfo Kwantufo
Sɛ Asafo ti no ɔnanmusifo kwantufo no, mituu kwan akwansin bebree wɔ mfe kakraa a edi hɔ no mu, ne asafo horow no yɛɛ adwuma na mehyɛɛ wɔn nkuran nso. Wɔ awɔw bere mu no, me ne anuanom no de afiri soronko bi a wɔfrɛ no caboose yɛɛ adwuma. Eyi yɛ teaseɛnam a wɔakata ho na apɔnkɔ twe, a wɔayɛ muka ne nea owusiw fa mu a mframa ntumi nkɔ mu wom. Mpɛn pii no, na nnipa a yɛn dodow bɛyɛ baasia de afiri no sim ansa na anim atetew, na yetwa akwansin bɛyɛ 20 anaa nea ɛboro saa wɔ sukyerɛmma a emu dɔ mu, kɔsrasra akuafo nkuraa a ɛwɔ kwan no so no. Ná ɛsɛ sɛ ofirikafo no ani da hɔ, efisɛ sukyerɛmma a ano aboaboa wɔ ɔkwan no nkyɛn no betumi ama caboose no ahwe ase wɔ ne nkyɛn mu, ma wɔn a wɔwom no ne muka no mu ogya a ɛyɛ hyew no ahwie agu.
Wɔ 1947 mu no, wɔpaw me sɛ menhwɛ ɔman no ɔmantam a edi kan a ɛne ɔman mu no nyinaa no so. Ɛkame ayɛ sɛ na mesom wɔ ɔmansin nhyiam biako ase dapɛn biara. Ná wɔyɛ nhyiam ahorow no wɔ mmeae a wodi aguma wɔ sukyerɛmma so, wɔbɔ bɔɔl, wotu mmirika, adwumayɛfo kuw nhyiambea ne ɔmanfo nhyiambea ahorow mu. Ná ehia sɛ wɔyɛ saa nhyiam horow yi ho nhyehyɛe pii ansa na dwumadi no atumi afi ase. Wɔ 1950 mu no, wɔpaw Frank Franske sɛ ɔmantam sohwɛfo a ɔto so abien wɔ Canada, na akyiri, wɔde saa ahwɛfo akwantufo yi baanum nso bɛkaa ho.
Wɔ mfe yi nyinaa mu no, nneɛma a mede atu kwan no bi ne wimhyɛn nketewaa, ahyɛmma a wɔde yi mpataa, mfiri akɛse a wɔde tu kwan wɔ sukyerɛmma so a wɔfrɛ no bombardiers, sukyerɛmma so hyɛn, ne akwan horow a wɔnam so tu kwan a wonim no yiye—keteke, bɔs, ne kar. Ɛtɔ mmere bi a, yɛde wimhyɛn kɔfa Rocky Bepɔw fɛfɛ no so, na afei yesian kɔ abon a emu dɔ mu kɔsra anuanom akuw horow a wɔatew wɔn ho no.
Madi akɔneaba wɔ Canada mpɛn pii. Matra ɔdan a wɔde nnua asi a awɔw wom araa ma edu anɔpa a, yetumi hu yɛn mu huhuro, ne mfuw a nnansa yi nneɛma a ɛma asetra yɛ mmerɛw no bi nni hɔ mu. Nanso, ne nyinaa mu no, na mete abotɔyam kɛse nka, a na minim sɛ mereyɛ Yehowa adwuma, na merehyɛ ne nkurɔfo nkuran.
Ɔsom Hokwan Afoforo
Mfe 33 a atwam yi mu no, manya hokwan sɛ mɛyɛ Canada Betel abusua no muni, ne sɛ mɛsom sɛ ɔkasafo wɔ nhyiam akɛse a wɔyɛɛ no wɔ England, Europa, Afrika, Australia, New Zealand, ne Apuei fam Akyirikyiri no ase. Wɔ Australia no, mihyiaa Onua James a ɔhyɛɛ me nkuran yiye wɔ India no babea. Onua James anyɛ ɔsɛmpatrɛwfo da, nanso ɔmaa n’abusua no nyaa honhom fam agyapade fɛfɛ.
Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa ɔhaha pii atwa me ho ahyia wɔ Canada Betel. Sɛnea wɔde wɔn mmerantebere mu ahoɔden yɛ adwuma wɔ Yehowa som mu no yɛ nkuranhyɛ ne denhyɛ. Minhu ade yiye, nanso saa mmofra yi kenkan ade kyerɛ me. M’anan mu ayɛ mmerɛw, nanso wɔde me kɔ asɛnka. Ebinom bisa me sɛnea mitumi di akwahosan mu nsɛnnennen a onyin de aba no ho dwuma. Wiɛ, ade biako ne sɛ misua Onyankopɔn Asɛm no da biara. Eyi ma m’adwene ne me koma tra honhom mu nneɛma so.
Nokwarem no, ayɛ hokwan kɛse a manya sɛ wɔ me nkwa nna a mahyira so mfe 69, a mede emu 67 ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu no, me ne me soro Agya, Yehowa anantew na me ne no akasa. Mahu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu bere nyinaa, a ɔde nnipa mmerɛwyɛ ahorow firi wɔn na ɔma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no tumi ne ahoɔden. M’anidaso ne sɛ mekura me mudi ne nokwaredi ma Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu akodu awiei, a mewɔ ahotoso wɔ bɔhyɛ a ɛne sɛ bere a ɛfata mu no, me ne m’Awurade Yesu Kristo, ne me nuanom mmarima ne mmea anokwafo pii bɛbom wɔ ɔsoro anuonyam mu no mu.—Dwom 84:12.
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Sukyerɛmma so hyɛn ahorow mmirika a wɔde tu kwan no yɛ akwansin 50 wɔ dɔnhwerew biako mu
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Caboose a apɔnkɔ twe na na wɔde yɛ asɛnka adwuma no awɔw bere mu wɔ Canada sare so