Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
SƐNEA RICHARD WUTTKE KA KYERƐE
“Wubewu wɔ asram abiɛsa ntam!” “Wokyerɛ dɛn?” Me nua William buae sɛ: ‘Ɛno ne nea oduruyɛfo a wukohuu no wɔ Assis no ka kyerɛɛ me.”
NANSO na mepɛ sɛ metra ase, ɛnyɛ sɛ mewu. Bere a edi kan mu no, mebɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ mmoa. Nea eye anigye no, mfe 46 akyi no, metumi aka sɛ ɛwom sɛ oduruyɛfo no anka nea na ɛhaw me no de, nanso na me yare no ho asɛm a ɔkae no nyɛ nokware. Nanso, ehu no maa midwen m’atirimpɔw wɔ asetra mu ne sɛnea ɛho hia sɛ mesom yɛn Bɔfo no ho.
Yɛn Abusua no Tu
Bere a wɔwoo me wɔ November 11, 1921 mu no, na m’awofo te Grosen a ɛyɛ kurow ketewaa bi wɔ Germany apuei fam no mu. Germanfo atukɔfo bi na wɔwoo wɔn wɔ Rusia. Nanso, bere a Bolsefik ɔman anidan a ɛbae wɔ 1917 mu no de Komunism bae no, wɔpam wɔn ne afoforo a wofi Germany no na wɔhweree wɔn agyapade nyinaa. Ɔkwan tenten bi a m’awofo de keteke a wɔde twe nneɛma twae akyi no, wɔne wɔn mma nkumaa duu Germany ɔhye so. Nanso, wɔamma wɔn kwan ankɔ ɔman no mu na na ɛsɛ sɛ wɔsan kɔ Rusia. Ɛhɔ nso wɔamma wɔn kwan amma wɔansan ankɔ mu, enti na ɛsɛ sɛ wɔsan wɔn akyi kɔ Germany. Asram pii amanehunu akyi no, awiei koraa no, wɔmaa wɔn kwan kɔɔ ɔman no mu.
Midii mfe du no, m’agya wui. Mfe abien akyi, 1933 mu no, Hitler bedii ade, na wɔhyɛɛ me ma mekɔdɔm Nazi Youth kuw no. Hitler adedi bere mu no, Germanfo a wɔwoo wɔn aman afoforo so no hyiaa ɔhaw ahorow, na na adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Germany resiesie ne ho ama ɔko foforo. Enti, yesii gyinae sɛ yebetu akɔ Brazil a na afoforo a wɔakɔ hɔ dedaw no rehyɛ yɛn nkuran. Yekoduu Santos, Brazil, wɔ May 1936 mu.
Bere a yɛyɛɛ adwuma asram kakraa bi wɔ kɔfe afuw bi so no, yɛtɔɔ afuw ketewaa bi wɔ beae bi a asase no ye a ɛbɛn Maracaí wɔ São Paulo mantam mu. Bere a yɛresi yɛn fi no, na yɛte Lutheran ɔsɔfo no fie. Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmra n’asɔre no nanso bere a akyiri yi nea obesii n’ananmu no fii ase sɛ ɔka amansɛm wɔ n’asɛnka mu no, yefii asɔre no mu.
Bere a Edi Kan a Metee Nokware no ho Asɛm
Ɛyɛ saa bere yi na me nuabarima no kaa nea oduruyɛfo no kae wɔ me yare ho a na ɛyɛ hu no kyerɛɛ me. Enti mekɔɔ São Paulo sɛ merekohu oduruyɛfo foforo. Bere a mewɔ hɔ no, abusua a na me ne wɔn te no adamfo bi, Otto Erbert, bɛsraa wɔn. Ná ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako, na ofii ase dii yɛn adanse. Nanso, abusua no ankyerɛ nea na ɔreka no ho anisɔ, na nkakrankakra no, wɔn nyinaa fii ɔdan no mu, na ɛkaa me ne wɔn hɔho no.
Otto de bɛyɛ nnɔnhwerew abien kasa kyerɛɛ me faa nsɛmpɔw a ɛne hell gya; ɔkra a enwu; nokware Nyankopɔn Yehowa; n’Ahenni; ne anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so no ho. Daakye papa bɛn ara na ɔkaa ho asɛm sɛɛ yi! Hwɛ sɛnea na ɛyɛ soronko wɔ nea na masua afi Lutheran asɔre mu no ho! Awiei koraa no Otto bisaa me sɛ: “Wugye Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ no di anaasɛ wugye Bible no di?”
Mibuae sɛ: “Migye Bible no di.”
Ɔhyɛɛ me sɛ: “Ɛnde sua!” na ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wote pii fa ho a, bra behu me.” Esiane sɛ na mepɛ nea metee, titiriw nea ɛfa tra a wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no ho no nti, mikohuu no ɛda a edi hɔ no. Saa nkɔmmɔbɔ a ɛto so abien no ma migye dii sɛ mahu ‘nokware a ɛma adesamma de wɔn ho no.’ (Yohane 8:32) Mede nhomawa Health and Life, ne nsa a ɔto frɛɛ me sɛ memmra Bible adesua a wɔyɛ wɔ German kasa mu ase no na efii hɔ kɔe.
Nea Mepɛ Sen Biara no a Minyae
Bere no mu no, minyaa ayarehwɛ a ɛfata na mesan kɔɔ fie. Me ne Otto Erbert kɔe ma okodii akwamma. Me maame ani gyei yiye sɛ meresua Bible, nhoma a na ɛda yɛn pon so bere nyinaa nanso yɛnkenkan no. Otto san kɔɔ São Paulo no, ɛkame ayɛ sɛ me ne m’abusua no suaa Bible no anadwo biara, sɛnea metumi. M’ani gyei mmoroso, bere a me maame, me nuabarima Robert, ne me nuabea Olga nyinaa gyee nokware nkrasɛm no. Ná yɛn fie ayɛ beae a nkurɔfo taa hyia bere nyinaa, nanso wɔ asram abien a yɛde dii adanse akyi no, ɛkame ayɛ sɛ na ada mpan. Wɔn a na wɔba yɛn fie no mu biako kae sɛ: “Sɛ motoa eyi so a, wɔde mo bɛkɔ akɔto adwenemyarefo ayaresabea!
Nanso, ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa no kɔɔ so yɛɛ kɛse. Minyaa nhoma pii kenkanee. Ná mekenkan ade kosi ɔdasum. Nanso na nhoma no nyinaa wɔ German kasa mu, na mihui sɛ sɛ metumi akyerɛkyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ misua Portuguese kasa. Enti, wɔ 1945 mu no, mitu kɔɔ São Paulo kosuaa Portuguese kasa. Me ne Otto Erbert a akyiri yi ɔwaree me nuabea Olga no kɔtrae.
Me ne afoforo bɛyɛ 50 fii ase kɔɔ nhyiam horow no wɔ Ahenni Asa biako pɛ a na ɛwɔ São Paulo no so. Mprempren saa asafo biako no anyin akodu bɛboro asafo ahorow 510 wɔ São Paulo ankasa, a Ahenni adawurubɔfo bɛboro 50,000 na wɔwom. January 6, 1946 mu no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ me ho so a mahyira sɛ mɛyɛ Onyankopɔn apɛde no ho sɛnkyerɛnne. Saa afe no ara mekɔɔ “Amanaman a Wɔwɔ Anigye” Teokrase Nhyiam a wɔyɛe wɔ São Paulo no ase, na na ɛne nhyiam kɛse a edi kan a makɔ. Ahodwiriw bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi, sɛ mihui sɛ nnipa 1,700 wɔ hɔ Kwasida no! Saa nhyiam yi ase na mihyiaa Otto Estelmann a ɔhyɛɛ me nkuran na ɔkae sɛ: “Richard, woyɛ abofra, wote apɔw; enti yɛ ɔkwampaefo.”
Ná masusuw bere nyinaa ɔsom adwuma no ho pɛn, nanso afei de meyɛɛ saa anibere so yiye. Me ne afoforo baanu hyɛɛ asram asia sɛ edu hɔ a yebefi ase. Bere no dui no, mibisaa wɔn sɛ: “Moasiesie mo ho sɛ mobɛkɔ?” Ná wɔn mu biara nsiesiee ne ho. Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ mefi ase ara. Wɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Wubehyia ɔhaw ahorow.” Nanso mebataa me gyinaesi no ho. May 24, 1947 mu no, minyaa me dwumadi sɛ daa ɔkwampaefo.
Ɔsom Apon Afoforo Bue
Ná m’asasesin no so, a na São Paulo atrae ne adwumayɛbea ahorow ka ho. Memaa nhoma ne nhomawa ɔhaha pii ɔsram biara. Anɔpa bi mehyɛn ɔdan kɛse bi mu, faako a na mmarima pii reyɛ adwuma. Mekɔɔ ɔbarima a odi kan no nkyɛn na mede nhoma “The Truth Shall Make You Free” no biako maa no.
Obisaa me sɛ: “Nhoma ahe na ɛwɔ wo bag no mu?”
Mibuae sɛ: “Bɛyɛ 20.” Ogyee ne nyinaa na ɔde biako maa obiara a ɔwɔ hɔ. Sɛɛ na ɛhɔ yɛ kurow no asa kɛse so!
Nanso, na m’anigye a ɛsen biara no wɔ Bible adesua a meyɛ mu. Mfe anan mu no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔbɔɔ wɔn a na me ne wɔn sua ade no mu 38 asu. Pii de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ná Alfonso Grigalhunas a ɔyɛɛ ɔkwampaefo boafo bɛboro mfe du kosii sɛ owui wɔ 1988 mu no ka wɔn ho—na ɔyɛɛ saa bere a na wɔatwa ne nan biako. Afei nso na Ciuffa abusua no wɔ hɔ. Francisco a ɔyɛ ɔbabarima no somee mfe pii sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na ne nuabea, Angela, da so ara yɛ ɔkwampaefo.
Wɔ 1951 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ná Rio Grande do Sul ne Santa Catarina mantam no mmeae akɛse bi ka faako a mɛyɛ adwuma no ho. Ná nnipa ɔpepem pii a wɔn ase fi Europa te hɔ wɔ Brazil kesee fam. Ná nsrahwɛ no mu dodow no ara yɛ nea mesrasra nnipa ne akuw a wɔatew wɔn ho, efisɛ na asafo ahorow kakraa bi na ɛwɔ hɔ saa bere no. Ná nsubɔnten dɔɔso wɔ hɔ nanso na twene kakraa bi na ɛwɔ hɔ a na ɛno kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ mede adaka to m’akyi, mekura me typewriter ne bag wɔ me nsam de twa nsubɔnten nketewaa no. Ná wontwaa akwan so na na mfutuma anaasɛ dɔte pii wɔ so. Nea ɛbɛyɛ na mɛbɔ me ntade ho ban afi mfutuma ho no, na mehyɛ batakari bi a emu nyɛ duru. Eyi maa ebinom susuwii sɛ me ne wɔn ɔsɔfo foforo no, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobefefɛw me nsa ho.
Ahenni Nneɛma ho Ban a Mebɔe
Bere a mebɔɔ mmɔden sɛ merenguan mfi ɔhaw ahorow ho no, midii nnyinasosɛm yi akyi: Sɛ afoforo tumi tra ase bere a wɔatew wɔn ho koraa afi nkurow akɛse ho, nantew akwan horow yi so na wotwa asubɔnten ahorow yi a, dɛn nti na merentumi nyɛ saa ara, titiriw no esiane sɛ mikura nkrasɛm a ɛho hia sɛɛ no nti?
Ná ɔhaw ahorow a ɛyɛ soronko taa sɔre wɔ nkurow nketewaa mu. Sɛ nhwɛso no, bere bi na yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ nhyiam wɔ sukuu dan bi a agoprama bi bɛn hɔ mu. Wɔ agoprama no fã foforo no, asanombea ketewaa bi ne Katolekfo asɔredan wɔ hɔ. Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no ammebue sukuudan no, misii gyinae sɛ mɛma ɔkasa no wɔ agoprama no so. Ɔkasa no fii ase akyi bere tiaa bi no, mmarima asia pue fii asanombea hɔ na wofii ase teɛteɛɛm na wɔtotow wɔn nsa. Akyiri yi yɛtee sɛ ɔsɔfo no na ɔbɔɔ wɔn paa sɛ wɔmmɛyɛ eyi.
Mifii ase kasae dennen, a mekasa kyerɛ wɔn tee. Wogyinae na obiako kae sɛ: “Ɔreka Onyankopɔn ho asɛm. Ɛyɛ dɛn na ɔsɔfo no se ofi Ɔbonsam?” Bere a ɔsɔfo no hui sɛ ɛnyɛ nea mmarima no bɛsɛe nhyiam no, ɔforo traa ne kar mu de twaa agoprama no ho hyiae teɛteɛɛm sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Katolekni biara ba nhyiam yi ase!” Obiara ansɔre, na nhyiam no kɔɔ so asomdwoe mu.
Wɔ Mirante do Paranapanema, São Paulo no, mekɔɔ polisifo panyin no nkyɛn kɔkyerɛkyerɛɛ yɛn adwuma no mu kyerɛɛ no na mibisae sɛ ɔmma yɛn asa bi a yɛbɛma baguam ɔkasa wɔ so. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma yɛn nsa kaa kuw bi asa. Yɛka kyerɛɛ no sɛ yebesiesie nsaano krataa nso de abɔ ɔkasa no ho dawuru. Obisae sɛ: “Kurow no mu hefa na mobɛkyekyɛ no?” Meka kyerɛɛ no akyi no, obisae sɛ yɛmma no bi na ɔnkyekyɛ wɔ kurow no beae foforo. Ɔbaa ɔkasa no ase Kwasida no, na ɔde polisifo baanu kaa ne ho bae na sɛnea ɔkae no, “sɛ wɔmmɛhwɛ ma biribiara nkɔ yiye.”
Obisae sɛ: “Wopɛ sɛ meto nsa frɛ wo ansa na woabɛkasa anaa?”
Mibuae sɛ: “M’ani begye ho, nso ma menkyerɛkyerɛ sɛnea yɛto nsa frɛ yɛn akasafo mu nkyerɛ wo.” Ɔtoo nsa frɛɛ me wiei no, ɔtraa asɛnka agua no so tiei. Mise, atiefo no yɛɛ wɔn ade fɛfɛɛfɛ. Yɛanhyia ɔhaw biara, na ɛbɛyɛ dɛn aba saa bere a polisifo baanu gyina ɔpon ano na ɔpanyin no te asɛnka agua so no!
Wɔ March 1956 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ ɔmantam sohwɛfo na meyɛɛ nhyiam ahorow Brazil nyinaa. Ná akwan ahorow woware. Bere bi midii nnansa ansa na merefi nhyiam biako ase akodu nea edi hɔ ase. Wɔ ɔman no atifi fam no, na ɛtɔ mmere bi a yɛde station wagon na etu kwan no. Ná mfɛnsere nni eyinom ho, enti na mframa pii ba mu. Ná eyi yɛ adwene pa efisɛ na nkokɔ ne mprako ka akwantufo no ho!
Gilead Hyɛ Me Bo a Misii no mu Den
Anigye bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wɔ 1958 mu no, mekɔɔ Ɔwɛn-Aban Gilead Sukuu no. Yɛn kuw no wiee yɛn adesua ahohuru bere mu, bere a na wɔreyɛ Yankee Stadium ne Polo Grounds nhyiam no, faako a nnipa 253,922 a wofi aman ahorow 123 so baa baguam ɔkasa no ase no. Anwonwade bɛn ara ni! Mesan baa Brazil a na masi me bo kɛse sen biara sɛ mɛkɔ so abɔ Yehowa Ahenni no ho dawuru.
Wɔ 1962 mu no, mewaree Ruth Honemann a na wasom bɛboro mfe asia dedaw sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Brazil no. Efi bere a yɛwaree no, makɔ so anya ɔsom hokwan pii aka ho, mahwɛ Ahenni Ɔsom Sukuu ne Akwampaefo Sukuu so, na afei nso madi anim ama wɔayɛ aman ne amanaman ntam nhyiam horow, ne São Paulo Nhyiam Asa a edi kan no si mu ho nhyehyɛe.
Mprempren yɛrenya teokrase adwumayɛ mu hokwan a ɛsen biara a ɛne sɛ yɛyɛ Brazil Betel abusua no mufo no mu anigye. Sɛ mitwa m’ani hwɛ mfe bɛboro 40 a mede ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no, a mede emu 35 yɛɛ ɔhwɛfo kwantufo no a, metumi aka sɛ dwumadi a anigye ne akatua wom ahyɛ no ma. (Mmebusɛm 10:22) Ɛdenam Yehowa ahyehyɛde no so no, masua nneɛma pii, a nea ɛka ho ne hia a ɛho hia sɛ meda tema adi, sɛ mɛyɛ adamfo na mmom ɛnyɛ owura, sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ nea onni adagyew koraa sɛ medi afoforo ahiade ho dwuma. Awiei no, mepɛ sɛ meka kyerɛ mmofra titiriw, sɛnea Onua Estelmann ka kyerɛɛ me mfe bi a atwam ni no sɛ: “Woyɛ abofra; wote apɔw; enti yɛ ɔkwampaefo!”
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Yɛn mprempren ofi, Brazil Betel