Mompere Nnu Botae No Ho!
Filipifo Nhoma No Mu Nsɛntitiriw
NA ƆSOMAFO Paulo pɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no kɔ so pere du botae no ho na wɔanya daa nkwa nkonimbo no. Ɔkyerɛw wɔn wɔ bɛyɛ 60 anaasɛ 61 Y.B. mu, wɔ n’afiasenna a edi kan wɔ Roma no mu. Ɔde ne nhoma no kɔmaa asafo bi a ɔtew bɛyɛ mfe du a na atwam no mu wɔ Filipi, kurow bi a Filipo a ofi Makedonia (Aleksanda Ɔkɛseɛ papa) kyekyee no mu. Ebeduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na abɛyɛ “Makedonia fa hɔ tubrafo kurow titiriw,” mprempren ɛyɛ Greece kusuu fam ne Yugoslavia kesee fam fã bi.—Asomafo no Nnwuma 16:11, 12.
Na Filipifo gyidifo no yɛ ahiafo nanso na wɔwɔ ayamye. Na wɔde biribi amana de adi Paulo ahiade ahorow ho dwuma boro pɛnkoro. (Filipifo 4:14-17) Nanso na nhoma no nyɛ aseda krataa kɛkɛ. Ɛde nkuranhyɛ mae, ɛdaa ɔdɔ adi, na ɛde afotu mae nso.
Kristofo Su Horow Da Adi
Paulo de ɔdɔ a ɔwɔ ma Filipifo gyidifo no na efii ne nhoma no ase. (1:1-30) Ɔdaa Yehowa ase wɔ wɔn ntoboa a wɔde mae na asɛmpa no anya nkɔanim no ho, na ɔbɔɔ mpae sɛ wɔn dɔ nyɛ kɛse. Paulo ani gyei sɛ n’afiasenna no ma ‘wɔyɛɛ nnam boro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a wonsuro.’ Na n’ani gyina sɛ ɔbɛkɔ akɔka Kristo ho, nanso na ɔte nka sɛ obetumi asom wɔn. Na Paulo pɛ sɛ wɔkɔ so “bom di apere ma asɛmpa no gyidi.”
Afei, ɔde suban ne abrabɔ ho afotu mae. (2:1-30) Ɔhyɛɛ Filipifo no nkuran sɛ wɔnkyerɛ afoforo ho anigye na wɔnna ahobrɛase a ɛte sɛ Kristo de no adi. Na ‘wɔhyerɛn te sɛ akanea ewiase,’ na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so ‘nkura nkwa asɛm no mu denneennen.’ Na Paulo wɔ anidaso sɛ ɔbɛsoma Timoteo aba wɔn nkyɛn, na na ɔwɔ ahotoso sɛ ɛrenkyɛ n’ankasa nso bɛba wɔn nkyɛn. Nea ɛbɛyɛ na Paulo ama wɔn awerɛhyem wɔ Epafrodito a ɔyare no ho no, na ɔresoma n’akoa nokwafo yi aba wɔn nkyɛn.
Monkɔ So Mpere Nnu Botae no Ho
Afei, ɔsomafo no kyerɛɛ Filipifo no nea ɛsɛ sɛ wonya ne mu ahotoso bere a wɔpere adu botae no ho no. (3:1-21) Ɛsɛ sɛ wonya Yesu Kristo mu ahotoso, na ɛnyɛ honam anaasɛ twetiatwa sɛnea na ebinom reyɛ no. Paulo buu ne honam fam dibea ho adanse sɛ sumina so ade, ‘Yesu Kristo ho nimdeɛ a ɛkyɛn so’ no nti. Na ɔsomafo no ‘de mmirika repɛ botae no ho adu, na wakonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ no no mu nkonimbo no,’ na ɔhyɛɛ Filipifo no sɛ wonnya adwene koro no ara bi.
Afotu a Paulo de wiei a Filipifo no de bedi dwuma no bɛboa wɔn ma wɔama botae no ne nkonimbo no atra wɔn adwene mu. (4:1-23) Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn dadwen nto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu, na wɔmfa nneɛma pa nhyɛ wɔn adwene mu. Paulo san kamfo wɔn wɔ wɔn ayamye no ho, na ɔde nkyia ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ Awurade Yesu Kristo dom bɛka wɔn honhom no na ewiei.
Paulo nhoma a ɔde kɔmaa Filipifo no ma ayamye, ɔdɔ, ne ahobrɛase nya nkɔanim. Ɛhyɛ Kristo mu ahotoso ne mpae a efi koma mu a wɔbɔ Onyankopɔn ho nkuran. Na akyinnye biara nni ho sɛ Paulo nsɛm no boa Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so pere kɔ daa nkwa nkonimbo botae no ho.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]
Botae no Ho Du: Paulo kyerɛwee sɛ: “Mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de.Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no.” (Filipifo 3:13, 14) Na ɔsomafo no reyere ne ho te sɛ obi a ɔwɔ mmirikatu akansi mu. Wansɛe bere ne ahoɔden amfa anhwɛ n’akyi, na mmom ɔpere kɔɔ ne botae no ho—te sɛ amirikatufo a ɔreyere ne ho adu faako a ɛsɛ sɛ mmirika no wie no. Wɔ Paulo ne Kristofo a wɔsra wɔn fam no, nkonimbo no yɛ ɔsoro asetra denam owusɔre so, bere a wɔawie wɔn asase nokwaredi adwuma ma Onyankopɔn no. Sɛ ebia yɛn anidaso yɛ ɔsoro anaasɛ asase so de no,momma yenkura yɛn mudi mu mma Yehowa, na yɛmpere nnu yɛn botae no ho sɛ n’Adansefo.—2 Timoteo 4:7.