‘Nsɛm A Ɛyɛ Dɛ, Nokware Nsɛm A Yɛbɛhwehwɛ’
“ƆNOBOABOAFO no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, ne sɛnea wɔkyerɛw nokware nsɛm a mfomso nnim.” (Ɔsɛnkafo 12:10, NW) Hwɛ sɛnea ‘nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ’ a egyina Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no so betumi asom bo! Wɔde toto “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu” ho, nyansa ne nidi wom wɔ bere biara mu, na ɛsom bo yiye wɔ ɔhaw tebea mu.—Mmebusɛm 25:11.
Wɔ yɛn bere yi mu no, Ɔnoboaboafo Kɛse, Yesu Kristo de honhom mu ahode a ɛsen nea Onyankopɔn nkurɔfo nyae wɔ tete Israel ahemfo ase no koraa ama. (Mateo 12:42) Mfe ɔha ne akyi ni, wɔde nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ a ɛfa asetra fã biara ho ama wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu na wɔde amema wɔ kasa horow pii mu. Enti mmusua ne ankorankoro pii atumi aboaboa nhwehwɛmu nhoma ahorow a wotumi de ho to so a ɛtwe adwene si Bible no so ano wɔ wɔn ankasa afi mu. Afei nso, Yehowa Adansefo asafo ahorow pii wɔ nhomakorabea fɛfɛ a wɔde di dwuma wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so.
Nanso, nhwehwɛmu ho da so ara hia na wɔanya nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ de adi tebea pɔtee bi ho dwuma. Esiane sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no ahu eyi nti, atintim ne nhoma ahorow ho index ahorow fi n’abakɔsɛm mfiase pɛɛ.—Hwɛ adaka a ɛwɔ nkratafa 28 ne 29 no mu.
Nhyehyɛe Foforo
Wofii adeyɛ titiriw bi ase wɔ Watch Tower Publication Indexes ho abakɔsɛm mu wɔ afe 1985 mu. Wɔkaa Index akron a wɔayɛ dedaw no boom biako a na ɛfa nsɛm a wotintim fi 1930 besi 1985 ho, adwuma a egyee mfe 14. Index biako a ɛte sɛɛ a ɛfa nsɛm a wɔatintim wɔ mfe pii mu ho no mu mfaso ma wɔyɛɛ nhyehyɛe foforo bi wɔ 1986 mu, ɛne sɛ fi saa bere no wobetintim Index afoforo aka dedaw no ho. Afe biara wɔ mfe anan a ɛtoatoa so mu no, wɔbɛyɛ Index foforo a ɛyɛ nhomawa a ɛbɛyɛ nea ɛfa afe biako, mfe abien, mfe abiɛsa, ne afei mfe anan mu nsɛm a wotintim ho. Mfe anum biara no, wɔbɛka Index no nyinaa a wɔayɛ fi 1986 reba no, te sɛ 1986-90, 1986-95, ne ade, abom biako ayɛ no Index a ne nnuraho yɛ den. Enti, ɛho renhia sɛ wohwɛ Index bɛboro abiɛsa mu: 1980-1985 Index, mprempren Index a ne nnuraho yɛ den no, ne mprempren nhomawa de no.
Index a Wodwen Wo Ho na Wɔyɛe
Index biara mu ɔfa a edi kan yɛ nsɛmti a wɔahyehyɛ. Sɛ wɔrehyehyɛ nsɛmti no a, wosusuw nsemmisa abien ho: (1) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ? (2) Ɛhe na ebia obi bɛhwehwɛ saa nsɛm no?
Sɛ ɔkenkanfo no, ɛtɔ da bi a w’ani begye ho sɛ wubehu asɛm ketewa biara a wɔaka wɔ asɛmti biara ho. Esiane sɛ wotaa hwehwɛ nsɛm a ɛho hia anaa mfaso wɔ so ankasa nti, eyi na wɔpaw de yɛ index no. Nanso enhia sɛ nsɛm a ɛte sɛɛ no dɔɔso pii. Index no mu asɛm no betumi atwe adwene asi ɔkasamu biako pɛ so, te sɛ ebia sɛnea Asafo ti no yɛ n’ade wɔ biribi ho ho asɛm a wɔaka. Anaasɛ ebetumi ayɛ nea ɛfa asɛm anaa nhoma bi mũ nyinaa ho. Nanso, mpɛn pii no asɛm no twe adwene si nkyekyem pii a ɛka ho asɛm so.
Faako a ɛsɛ sɛ nsɛmti no pue wɔ Index no mu no nso ho hia saa ara, efisɛ ɛsono sɛnea ɔkenkanfo biara susuw nneɛma ho, na wɔbɛhwɛ nsɛmti a ɛsonosonoe ase. Sɛ nhwɛso no, Babel Abantenten ho asɛm pue wɔ TOWER OF BABEL ase. Nanso ebia akenkanfo binom bɛhwɛ BABYLON, ARCHAEOLOGY, anaa LANGUAGE(S) ase, na egyina asɛm no fã a ehia wɔn no so. Enti, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan akyerɛw nhoma a wɔtwe adwene si so no wɔ ti ahorow a ɛfata no ase, bere a wɔma ɛtra wɔn adwene mu sɛ ɛsono akenkanfo mfe a wɔadi ne wɔn gyinapɛn, na ɛsono wɔn atirimpɔw no.
Sɛnea Index no Betumi Aboa Wo
Te sɛ asase mfonini no, Index no betumi aboa wo sɛ wode di dwuma nkutoo a. Dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wubehu wɔ nsɛmti a wɔahyehyɛ no fã hɔ anaa Kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso a edi ɛno akyi no fã hɔ no mu?
Nhoma a wɔtwe adwene si so wɔ Kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ fã hɔ no de nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ nkyekyem nkorɛnkorɛ mu ma. Wubetumi anya nkyerɛkyerɛmu wɔ tebea a wɔkaa kyerɛwsɛm bi mu nsɛm wom no mu, nea enti a wɔkyerɛwee, nea wɔde kaa ne ho asɛm, anaa nea nsɛmfua anaa ɔkasa fã nkorɛnkorɛ mu nsɛm kyerɛ. Nhwɛso biako betumi ayɛ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu adesrɛ no: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 6:13) Dɛn nti na ɔkaa no saa kwan no so? Kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no bɛboa wo ma woahu.
Nsɛmti a wɔahyehyɛ no, sɛnea ne din da no adi no, yɛ nsɛmti a wɔahyehyɛ titiriw na ɛnyɛ nsɛmfua anaa ɔkasa fã ahorow. Ayɛ den ama akenkanfo bi sɛ wobehu asɛm bi, bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde n’asɛmti behu no. Ɔhaw yi betumi aba bere a asɛmti no mu asɛmfua biara mma wonhu asɛmti no. Eyi ho nhwɛso betumi ayɛ asɛm “How Much Is Too Much?” a ɛka tumi a nsa a ano yɛ den wɔ ho asɛm no. Sɛ wokae emu nsɛm no a, wubetumi akɔhwɛ nsɛmti ALCOHOLIC BEVERAGES anaa DRINKING wɔ Index no mu, na wubehu nhoma a ɛwom no wɔ hɔ.
Index no ho betumi aba mfaso titiriw wɔ ɔhaw ahorow a ebia wubehyia ho nsɛm a wubenya no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ ɔwofo a, so w’aba mu bu wɔ mmere bi mu wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛteɛ wo mma so na wode akwankyerɛ ama wɔn no mu? Wubehu nhoma a wɔtwe adwene si so pii a ɛma wuhu wɔn nsusuwii, nkate ne ahiade ahorow mu wɔ CHILDREN ase. Nanso, asɛmti CHILD TRAINING ase no, wubehu nkyerɛkyerɛ ne nteɛso a wɔde ma ho biribiara ho nhoma a wɔtwe adwene si so.
Ɛtɔ mmere bi a, Ɔwɛn Aban Asafo no nsa ka adesrɛ a wɔde bisa mmoa a wɔde besiesie ɔware mu ɔhaw ahorow anaa wɔde bebua sɛnea awarefo ntam nna mu nneyɛe bi fata ho nsemmisa. Bere a Asafo ti no betumi abua no, wobetumi anya saa afotu pa no ara denam hwɛ a wɔbɛhwɛ asɛmti MARRIAGE ne ne nsɛmti nketewa a ɛne “problems” ne “sex” anaa “sexual relations,” ne nhoma a wɔtwe adwene si so a wɔabobɔ din no mu.
Nsa ka nkrataa fi wɔn a wɔahaw anaa wɔwɔ adwenemhaw no nso hɔ. Wonam nsɛmti a ɛne DEPRESSION ne MENTAL ILLNESS a wobɛhwɛ wɔ Index no mu no so betumi anya awerɛkyekye ne mmoa a wɔnam krataa a wɔkyerɛw so de ma no ntɛm wɔ w’ankasa nhomakorabea anaa nea ɛwɔ mo hɔnom Ahenni Asa so no mu. Wɔtwe adwene si nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi agyina adwenemyare ano, ayaresa a ɛwɔ hɔ, ne wɔn a wɔahaw suahu ahorow a ɛka koma so.
So woyɛ abofra? Ebia wudwen aware, abusua asetra, sukuu, wo ne w’awofo ntam abusuabɔ ne ade ho. Asɛmti titiriw a ɛne YOUTHS no wɔ nhoma ahorow a wɔtwe adwene si so wɔ nsɛmti nketewa yi nyinaa ne afoforo pii ase. Bio nso, nsɛmti te sɛ RELATIONSHIP, SCHOOLS, CAREER, ne COURTSHIP wɔ pii de ma. Ɛdefa sukuu ho amanneɛbɔ ho no, Index no betumi ama woanya abɔde, nyansahu, nnuru, sikasɛm ho nhyehyɛe, ne nsɛm afoforo pii ho nsɛm a eye.
Mfaso Ma Nnipa a Ɛsono Mfe a Woadi Nyinaa
Ɔbea bi a wadi mfe 81 kyerɛwee sɛ: “Nhoma no ne nsɛmma nhoma ahorow no yɛ nsɛm ne honhom mu ahoɔden nkommena—na Index no ma yehu sika kɔkɔɔ no.” Ɛna bi a ne mma adi mfe awotwe ne akron no kae sɛ: “Mprempren mibisa sɛ dɛn na mayɛ pɛn a ɛno nka ho. Ama manya nsɛm pii a na mibisa bere tenten no ho mmuae, na me nhwehwɛmu a meyɛ bere a meresiesie me ho ama asafo nhyiam no ayɛ mmerɛw kɛse. . . . Mepɛ sɛ meka sɛnea nhoma yi aboa yɛn abusua adesua no nso ho asɛm kyerɛ mo. . . Sɛ me kunu ka kyerɛ yɛn mma mmeawa no sɛ wɔmpaw nea wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ a, wɔtaa pɛ sɛ wɔde index no yɛ nhwehwɛmu. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛpaw asɛmti bi a wɔn ani gye ho, te sɛ ebia mmoa a wɔpɛ wɔn asɛm sen biara anaa aman ahorow, na wotumi hwehwɛ wɔn ho nsɛm a yɛmfa mmoa pii biara mma. Eyi nso akyerɛ wɔn sɛ Bible adesua yɛ anigyede.”
Nokware nsɛm a ɛyɛ dɛ hwehwɛ so wɔ mfaso a ɛso nni. Ɔnoboaboafo no mmɔdenbɔ de mfaso pii mae sen sɛnea ɔbɔɔ ne tirim kan no, efisɛ nsɛm a ɛte sɛɛ no de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ ama Yehowa nkurɔfo abesi nnɛ. Ɛho mmɔden a yɛbɔ nso de Yehowa nhyira ne nneɛma a ebetumi atra hɔ daa ba.—Mmebusɛm 3:13-18, 21-26.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28, 29]
Index Ahorow a Edi Kan
Wɔ 1902 mu no, wotintim Holman Pazallel Edition Bible no titiriw bi maa Ɔwɛn Aban Asafo no, na mmoa pii a asafo ti no siesiei wom. Na Millennnial Dawn nhoma ahorow (akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Studies in the Scriptures) nhomawa atitiriw abien ne Zion’s Watch Tower a wotintim fi 1879-1901 no mu nsɛmti ne Kyerɛwnsɛm ho index wɔ ne nkekaho no mu.
Berean Bible ahorow a wotintim no 1907 ne saa afe no akyi de index a ɛte saa ara mae. Wɔde Asafo ti no nhoma nyinaa ho index a emu nsɛm dɔɔso no sii eyi ananmu wɔ 1922 mu. Saa index ahorow yi pue wɔ Watch Tower apo ason a etwa to a wɔsan tintimii no foforo (1879-1919) no mu. Ɛde besi nnɛ no, wɔde nea edi akyiri yi titiriw na ɛhwehwɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a edi kan no mu nsɛm.
Nanso wɔ mfe 40 a edi hɔ no mu no, na ɛsɛ sɛ wɔde nhoma ahorow ne afe no nsɛmma nhoma a etwa to no akyi index yɛ nhoma ahorow a woyii no adi wɔ 1919 akyi no mu nhwehwɛmu. Nanso wɔ 1959 mu no, Asafo ti no fii dwumadi titiriw bi ase na ɔde ne Engiresi kasa mu nhoma ahorow nyinaa mu nsɛmti ne Kyerɛw nsɛm index a wɔayɛ no nhoma biako ama. Wɔboaboaa nnipakuw bi a asafo no ti adwumayɛfo, asɛmpatrɛwfo a wɔawie Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu ne ahwɛfo akwantufo a wofi New York City mpo ka ho ano. Bere a adwumayɛfo a wɔwɔ ahofama 18 no yeree wɔn ho yɛɛ adwuma afe biako ne fã akyi no, woyii Watch Tower Publications Index a edi kan a nsɛm ti a wɔaka ho asɛm ne kyerɛw nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ mfe 31 mu fi 1930 besi 1960 wom adi. Wodii kan yii no adi kyerɛɛ atiefo a na wɔn ani agye no wɔ 1961 Asomfo a wɔyɛ Biako Nhyiam Horow no ase.
Efi saa bere no, wɔayi Watch Tower Publication Index bi adi afe biara, ne Index a wɔde nsɛm foforo aka emu nsɛm ho a ne nnuraho yɛ den mfe anum biara.