Anigye A Yɛde Bɛsom Yehowa
“Momfa anigye nsom [Yehowa], na momfa ahurusi nnwom mmra n’anim.”—DWOM 100:2.
1, 2. (a) Ɛyɛɛ dɛn na mmusua mu nyiyim ho asɛm sɔree wɔ Berlin, Germany; nanso “Mfirihyia Apem Reich” a wɔpɛe sɛ wɔde si hɔ no kowiee dɛn? (b) Ade a ɛne 1936 adeyɛ no bɔ abira bɛn na wohui wɔ Olimpia Agumadibea hɔ wɔ July 1990 mu, na dɛn ne amanaman ntam kuw a wohyiaam wɔ hɔ no anigye no nnyinaso titiriw?
ESII wɔ Olympia Agumadibea a ɛwɔ Berlin no mu. Mfe aduonum anan a atwam ni no, agumadibea fɛfɛ yi ho asɛm ma akasakasa sɔree bere a sɛnea wɔbɔ amanneɛ no, Nasi sodifo tirimɔdenfo Adolf Hitler buu Amerikani obibini mmirikatufo bi a onyaa sika nkonimbo anan no animtiaa no. Nokwarem no, ɛkyerɛe sɛ asɛm a Hitler kae sɛ “Aryanfo korɔn sen nnipa nyinaa” no nyɛ nokware!* Nanso afei wɔ July 26, 1990 mu no, nnipa a wɔn honam ani hwɛbea yɛ tuntum, fitaa, akokɔsrade—nnipa a wɔyɛ biako a wofi aman 64 so, na wɔn dodow yɛ 44,532—ahyiam wɔ ha rebɛyɛ Yehowa Adansefo “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam. Anigye ntraso bɛn ara na wonyaa saa Yawda awia no sɛɛ yi! Asubɔ ɔkasa no akyi no, asubɔfo 1,018 teɛm sɛ “Ja!” ne “Ja!” bio, de pene wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no so.
2 Egye simma 19 na Adansefo afoforofo yi afi agumadibea hɔ mmiako mmiako akɔ asubɔ asubura no ho. Na saa bere no nyinaa mu no, nsambɔ a ano yɛ den gyigye wɔ saa agumadibea kɛse no mu nyinaa. Olimpik Agumadi no mu nkonimdifo nnyaa nsambɔ a ɛte sɛ nea wɔde maa nnipa ɔhaha pii a wofi aman pii mu, na wɔreda gyidi a edi wiase no so nkonim adi sɛɛ yi no akwaaba no bi da. (1 Yohane 5:3, 4) Wɔn anigye no wɔ nnyinaso pintinn a ɛne akwanhwɛ sɛ Yesu nam Onyankopɔn Ahenni nniso so de nhyira horow a ɛyɛ anigye bɛbrɛ adesamma mfirihyia apem.—Hebrifo 6:17, 18; Adiyisɛm 20:6; 21:4, 5.
3. Nokwasɛm bɛn na nhyiamfo no ahotoso si so dua, na ɔkwan bɛn so?
3 Mmusua ne aman mu nitan biara nni ha, efisɛ obiara reka Onyankopɔn Asɛm mu kasa kronn no, ma enti esi nokware a Petro nsɛm a edi hɔ yi yɛ no so dua: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Sefania 3:9.
4. Tebea horow bɛn mu na nhyiamfo no mu dodow no ara bɛyɛɛ gyidifo, na ɔkwan bɛn so na wɔabua wɔn mpaebɔ?
4 Berlin nhyiamfo no mu fã kɛse no ara bɛyɛɛ gyidifo wɔ mfe pii nhyɛso ase, fi Nasi mmere so (1933-45) kosi sohyialism mmere a edii ɛno akyi wɔ East Germany, faako a wogyaa Yehowa Adansefo a wɔabara wɔn no wɔ mmara kwan so March 14, 1990 mu no. Enti, wɔn mu pii “de honhom kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu.” (1 Tesalonikafo 1:6) Mprempren wɔwɔ ahofadi kɛse a wɔde bɛsom Yehowa, na wɔn anigye no nni ano.—Fa toto Yesaia 51:11 ho.
Anigye Mmere
5. Ɔkwan bɛn so na Israel hyɛɛ gye a Yehowa gyee wɔn wɔ Po Kɔkɔɔ no mu ho fa?
5 Yɛn nuanom a wogyaa wɔn wɔ Europa Apuei Fam, ne wɔ Afrika ne Asia mmeae bi mprempren no, ma yɛkae Yehowa ogye wɔ tete no. Yɛkae Yehowa mmaninne wɔ Po Kɔkɔɔ no mu, ne sɛnea Israel aseda nnwom ano yɛɛ den wɔ nsɛm a edi hɔ yi mu: “Hena na ɔte sɛ wo, [Yehowa] wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, ɔnwonwadeyɛfo.” (Exodus 15:11) So yɛnkɔ so nni nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa yɛ ma ne nkurɔfo no ho ahurusi nnɛ anaa? Ampa, yɛyɛ saa!
6. Dɛn na yebetumi asua afi Israel anigye nteɛm wɔ 537 mu no mu?
6 Anigye buu so wɔ 537 A.Y.B. mu, bere a wɔsan de Israel kɔɔ n’asase so bio wɔ Babilon nkoasom akyi no. Na afei Yehowa ɔman no betumi aka nea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no sɛ: ‘Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagye. Mɛtra hɔ dwoodwoo, na minsuro, na m’ahoɔden ne me tumi ne Yah Yehowa, na wadan me nkwagye.’ Anigye bɛn ara ni! Na ɔkwan bɛn so na ɔman no bɛda saa anigye no adi? Yesaia toa so sɛ: ‘Na da no mobɛka sɛ: Monkamfo Yehowa, mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so. Monto dwom mma Yehowa, na wayɛ ade kɛse.’ Afei de na wobetumi ‘de anigye ateɛm’ bere a ‘wɔma wohu’ ne mmaninne ‘asase nyinaa so,’ sɛnea Yehowa nkoa a wagye wɔn no yɛ nnɛ no.—Yesaia 12:1-6.
Yehowa Adwuma mu Anigye
7. Ogye bɛn na na ɛsɛ sɛ wodi ho ahurusi wɔ 1919 mu?
7 Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Yehowa nkoa fii ase de anigye teɛɛm bere a ogyee wɔn anwonwa kwan so wɔ 1919 mu no. Saa afe no March 26 no, wogyaa saa bere no Sodikuw no mufo a wɔbɔɔ wɔn atoro sobo sɛ wɔsɔre tia tumidi, na wɔde wɔn koguu afiase asram akron no. Anigye bɛn ara na ɛbae sɛɛ yi, bere a wɔmaa wɔn akwaaba baa Brooklyn Betel bio no! Afei nso, na nkaefo a wɔasra wɔn no nyinaa ani betumi agye sɛ wɔanya honhom fam ogye afi Babilon Kɛse, nyamesom nhyehyɛe a Satan de akyere wiase no nyinaa no nsam.—Adiyisɛm 17:3-6; 18:2-5.
8. Ade a wɔnhwɛ kwan bɛn na wɔdaa no adi wɔ 1919 Cedar Point Nhyiam no ase, na wɔde too gua sɛ wɔnyɛ dɛn?
8 Nsɛm akɛse a esisii wɔ 1919 mu no kowiee nhyiam bi a Onyankopɔn nkurɔfo yɛe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., wɔ September 1-8 mu. Nhyiam no da a ɛto so anum a na ɛyɛ “Mfɛfo Adwumayɛfo Da” no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, J. F. Rutherford kasa kyerɛɛ nnipa 6,000 wɔ ɔkasa bi a ɛkanyan anigye a asɛmti ne “Wɔka Ahenni no Kyerɛ” no mu. Ɔkaa Adiyisɛm 15:2 ne Yesaia 52:7 ho asɛm wiei no, ɔka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔrebetintim nsɛmma nhoma foforo bi a wɔfrɛ no The Golden Age (Mprempren wɔfrɛ no Nyan!) dapɛn abien biara, a wɔbɛkyekyɛ wɔ asɛnka mu titiriw. Ɔrewie no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔde wɔn ho nyinaa ama Awurade; wɔn a wonsuro, wɔn komam tew, wofi adwene, ahoɔden, ɔkra ne nipadua nyinaa mu dɔ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no, benya anigye bere a wonya hokwan yɛ saa adwuma yi. Srɛ Awurade hɔ akwankyerɛ na wama woayɛ ɔhemmɔfo ɔnokwafo a ɔyɛ n’adwuma yiye. Afei, bere a anigye dwom wɔ wo komam no, kɔ na kɔsom no.”
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ama Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no tintim anya nkɔso?
9 Wɔate saa “anigye dwom” no wɔ asase so nyinaa! Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn akenkanfo pii anya kyɛfa wɔ yɛn Nyan! a ne kyekyɛ akɔ soro akodu sɛ mprempren wɔkyekyɛ nea wɔyɛ biara mfuamfua 12,980,000 wɔ kasa horow 64 mu no mu. Sɛ́ adwinnade a ɛwɔ tumi na etumi kyerɛ anigyefo kwan kɔ nokware no ho no, Nyan! yɛ Ɔwɛn Aban no hokafo. Wɔ Apuei Fam ɔman bi mu no, sɛ onuawa ɔkwampaefo bi de nsɛmma nhoma kɔma obi a ɔma no bi daa no a, ne ho dwiriw no sɛ bere biara a ɔde nsɛmma nhoma no bɛkɔ no, ofiewura no yi ntoboa a ɛbɛyɛ sɛ $7 (Amerika dɔla) de boa Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadi no—nokwarem no, ɔkyerɛ Ahenni dwumadi ho anisɔ fɛfɛ!
10 Mprempren a ɛrehyɛn afe 112 mu fi bere a wofii ase tintimii no, wɔkyekyɛ Ɔwɛn Aban nsɛmma nhoma no 15,290,000 wɔ kasa horow 111 mu, na wotintim eyinom mu 59 bere koro mu wɔ wiase nyinaa a nsɛm koro no ara na ɛwom. Sɛ ofiepanyin nokwafo no, nkaefo a wɔasra wɔn no kɔ so ma akenkanfo a wɔwɔ anisɔ “[honhom fam] aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu.” (Luka 12:42) Wɔ 1990 mu no, Yehowa Adansefo buu nsɛmma nhoma abien no dodow a ɛyɛ 2,968,309 a wɔmaa nkurɔfo krae a ɛyɛ 1989 de so nkɔanim ɔha biara mu nkyem 22.7 ho akontaa.
Anigye Bu So
11. (a) Wɔtoo nsa frɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Cedar Point wɔ 1922 mu sɛ wɔnyɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔatrɛw anigye nteɛm no mu?
11 Anigye buu so nso bere a Onyankopɔn nkurɔfo a na afei wɔn ano si 10,000 yɛɛ nhyiam a ɛto so abien wɔ Cedar Point, wɔ September 1922 mu, na wɔbɔɔ nnipa 361 asu no. Wɔ ne ɔkasa “Ɔsoro Ahenni Abɛn,” a egyina Mateo 4:17 so no mu no, Onua Rutherford kaa nsɛm a ɛkanyan anigye yi de wiei: “Ɛsɛ sɛ wiase hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn ne sɛ Yesu Kristo ne ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade. Eyi ne da a ɛkyɛn ne nyinaa. Hwɛ, Ɔhene no di so! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti, mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Wɔn a wɔde anigye teɛɛm wɔ saa nhyiam no ase no adɔɔso araa akodu sɛ wɔ 1989 mu no, nnipa bɛboro 6,600,000 na wohyiaam wiase nyinaa wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow 1,210 ase, faako a wɔbɔɔ 123,688 asu no.
12. (a) Anigye a enni ano bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo nya mu kyɛfa nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛma ɔsom a yɛde ma Yehowa no ne osetie a yɛyɛ ma ‘atumfo a wɔkorɔn’ no kari pɛ?
12 Yehowa Adansefo bu ahofadi a wɔwɔ no sɛ ɛsom bo. Nea ɛsen biara no, wɔn ani gye Yesu nsɛm a edi so yi nnɛyi mmamu ho: “Na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” Anigye bɛn ara ni sɛ yɛbɛde yɛn ho afi atoro som ahintasɛm ne gyidi hunu ahorow ho! Anigye a enni ano bɛn ara ni sɛ yebehu Yehowa ne ne Ba no, na yɛayɛ wɔn mfɛfo adwumayɛfo, a yɛwɔ daa nkwa ho anidaso! (Yohane 8:32; 17:3; 1 Korintofo 3:9-11) Sɛ ‘atumfo a wɔkorɔn’ a Onyankopɔn nkoa te wɔn nniso ase no de obu ma hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛka Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no anuonyam anidaso ho asɛm no a, wɔn ani sɔ nso. Wofi wɔn pɛ mu de ‘Kaesare de ma Kaesare,’ na bere koro no ara mu no, wɔde ‘Nyankopɔn de ma Onyankopɔn.’—Romafo 13:1-7; Luka 20:25.
13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ada wɔn anigye adi wɔ nhyɛso ase a woyii wɔn fii no ho?
13 Nanso, sɛ nnipa atumfo bɔ mmɔden sɛ wobesiw saa asɛde a Onyankopɔn de ama yi ano a, Yehowa Adansefo bua sɛnea asomafo no yɛe ara pɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sɛ sodifo sen nnipa.’ Saa bere no, sodifo no gyaa asomafo no akyi no, “wɔde anigye fii . . . hɔ kɔe.” ɔkwan bɛn so na wɔdaa saa anigye no adi? “Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Asomafo no Nnwuma 5:27-32, 41, 42) Saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani gye bere a wonya ahofadi kɛse a wɔde bɛyɛ wɔn som adwuma no. Wɔ nsase pii a Yehowa abue kwan no so no, wɔda anigye a emu yɛ den adi denam Yehowa din ne n’Ahenni a ɛnam Kristo Yesu so reba ho adanse a wodi no fefeefe no so.—Fa toto Asomafo 20:20, 21, 24; 23:11; 28:16, 23 ho.
Anigye a Yɛde Gyina Ano
14. Ɔkwan bɛn so na anigye a ɛyɛ honhom aba yi kyɛn nea nsɛm asekyerɛ nhoma bi de ho nkyerɛkyerɛmu ma?
14 Dɛn ne anigye a emu yɛ den a nokware Kristofo nya yi? Emu dɔ na ɛtra hɔ kyɛ sen bere tiaa mu anigye a Olimpik Agumadi mu nkonimdifo bi nya no. Ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba, nea ɔde ma wɔn a ‘wotie no sɛ sodifo’ no. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Webster’s nsɛm asekyerɛ nhoma no kyerɛkyerɛ anigye mu sɛ ‘emu dɔ kyɛn ahomeka, ɛhyerɛn anaa wohu yiye kyɛn anika.’ Anigye kyerɛ biribi a ɛkɔ akyiri kyɛn saa mpo ma Kristoni. Esiane sɛ ase atim wɔ yɛn gyidi mu nti, ɛyɛ su a ɛma ahoɔden ne denhyɛ. ‘Yehowa anigye ne mo ahoɔden.’ (Nehemia 8:10) Yehowa anigye, a Onyankopɔn nkurɔfo nya no tra anigye a ɛyɛ aniani de a nkurɔfo nya fi wiase no ɔhonam fam anigyede ahorow mu no koraa.—Galatifo 5:19-23.
15. (a) Wɔ Kristofo anokwafo osuahu mu no, ɔkwan bɛn so na wɔde boasetɔ abata anigye ho? (b) Fa kyerɛw nsɛm bi a ɛde anigye a yebekura mu ho awerɛhyem a ɛma ahoɔden ma no ma?
15 Susuw yɛn nuanom a wɔwɔ Ukraine no ho hwɛ. Bere a ‘otumfo a ɔkorɔn’ no twaa wɔn mu mpempem pii asu kɔɔ Siberia wɔ 1950 mfe no mfiase mu no, wohuu amane pii. Akyiri yi, bere a otumfo no gyaa wɔn no, wɔde aseda mae, nanso wɔn nyinaa ansan ankɔ wɔn kurom. Dɛn ntia? Wɔn adwumayɛ wɔ Apuei Fam no akae wɔn asɛm a ɛwɔ Yakobo 1:2-4 sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.” Ná wɔpɛ sɛ wɔkɔ so tɔ wɔn bo ase wɔ saa otwa adwuma a ɛyɛ anigye no mu, na anigye bɛn ara na ayɛ sɛɛ yi, sɛ wɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ Poland nnansa yi ara ase no, yɛmaa Adansefo a wofi apuei fam akyirikyiri tɔnn te sɛ aman ahorow a ɛwɔ Pacific mpoano no akwaaba. Boasetɔ ne anigye na abom ayɛ adwuma de asow aba a ɛte sɛɛ yi. Nokwarem no, yɛn nyinaa a yɛde anigye tɔ yɛn bo ase wɔ Yehowa som mu no betumi aka sɛ: ‘Nanso Yehowa mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu. Awurade Yehowa ne m’ahoɔden.’—Habakuk 3:18, 19; Mateo 5:11, 12.
16. Ɛsɛ sɛ Yeremia ne Hiob nhwɛso fɛfɛ no hyɛ yɛn nkuran wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu dɛn?
16 Nanso yɛbɛyɛ dɛn akɔ so akura yɛn anigye mu bere a yɛka asɛm wɔ asɔretiafo atirimɔdenfo mu no? Kae sɛ Onyankopɔn adiyifo no kuraa anigye mu wɔ tebea horow a ɛte saa ara mu. Bere a ɔwɔ sɔhwɛ mu no, Yeremia kae sɛ: “Wo nsɛm ba a, na ɛyɛ me aduan, na wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam, na wɔde wo din ato me, [Yehowa], asafo Nyankopɔn.” (Yeremia 15:16) Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ wɔde Yehowa din bɛfrɛ yɛn, na yɛadi saa din no ho adanse! Kokoam adesua a yɛde nsi yɛ ne Kristofo nhyiam horow nyinaa a yenya mu kyɛfa no hyɛ yɛn den ma yɛkɔ so nya anigye wɔ nokware no mu. Yɛn anigye bɛda adi wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ asɛnka mu ne yɛn Ahenni serew mu. Bere a na ɔwɔ sɔhwɛ a ɛyɛ yaw mu mpo no, na Hiob betumi aka n’atamfo ho asɛm sɛ: ‘Mɛserew makyerɛ wɔn—wɔrenyɛ nni—na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.’ (Hiob 29:24) Bio nso, ɛnsɛ sɛ yedi awerɛhow bere a asɔretiafo di yɛn ho fɛw no. Kɔ so serew! Yɛn anim hwɛbea betumi ada yɛn anigye adi ma enti yɛanya wɔn a wɔbɛyɛ aso atie.
17. Ɔkwan bɛn so na anigye a yɛde bɛtɔ yɛn bo ase no betumi asow aba?
17 Bere a yɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma bere ne bere mu no, yɛn boasetɔ ne anigye bɛyɛ nnipa komapafo fɛ na ahyɛ wɔn nkuran ma wɔahwehwɛ anuonyam anidaso a yɛwɔ no mu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua daa! Na bere a wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛsom bo hyɛ wɔn koma mu no, hwɛ sɛnea yɛte anigye nka sɛ awiei koraa no, wɔbɛdan yɛn ayɔnkofo wɔ Yehowa ɔsom mu! Afei yetumi ka asɛm a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne bere so gyidifo afoforofo sɛ: “Na hena ne yɛn anidaso anaa anigye anaa ahoahoa abotiri, yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu? So ɛnyɛ mo anaa? Mone yɛn anuonyam ne yɛn anigye.” (1 Tesalonikafo 2:19, 20) Nokwarem no, yebetumi anya anigye wɔ afoforofo a yɛbɛma wɔahu Onyankopɔn Asɛm mu nokware na yɛaboa wɔn ma wɔabɛyɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no mu.
Anigye a Ɛwowaw
18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi agyina nnɛyi sɔhwɛ ahorow ano?
18 Tebea horow pii bɛhwehwɛ sɛ yenya boasetɔ wɔ yɛn da biara asetra mu. Honam fam yare, adwenemhaw, ne sikasɛm mu ahokyere yɛ emu kakraa bi pɛ. Kristoni bɛyɛ dɛn akura anigye a ɔwɔ mu na wɔatumi agyina sɔhwɛ a ɛtete sɛɛ ano? Obetumi ayɛ eyi denam awerɛkyekye ne akwankyerɛ a ɔbɛhwehwɛ afi Onyankopɔn Asɛm mu no so. Nnwom no kenkan anaa n’akenkan a wotie no betumi ama ahotɔ wɔ sɔhwɛ bere mu. Na hyɛ Dawid afotu a nyansa wom no nsow: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Nokwarem no, Yehowa ne “Mpaebɔ Tiefo” no.—Dwom 65:2.
19. Te sɛ Dawid ne Paulo no, ahotoso bɛn na yebetumi anya?
19 Yehowa ahyehyɛde no ayɛ krado sɛ ɛnam nhoma a wotintim ne asafo mu mpanyimfo so bɛboa yɛn ma yɛako atia yɛn nsɛnnennen, ɛwom sɛ yɛyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw de. Dawid tu fo anigye so sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” Ná obetumi aka nso sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” Bere a yɛde yɛn ho bɔ Kristofo asafo no ho no, yebehu sɛ “treneefo nkwagye fi [Yehowa], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu.” (Dwom 37:5, 25, 39) Bere nyinaa mu no, momma yenni Paulo afotu yi so: “Eyi nti na yɛmpa abaw, . . . a yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.”—2 Korintofo 4:16-18.
20. Dɛn na yɛde gyidi aniwa hu, na ɔkwan bɛn so na eyi kanyan yɛn?
20 Yehowa ahyehyɛde no ayɛ krado sɛ ɛnam nhoma a wotintim ne asafo mu mpanyimfo so bɛboa yɛn ma yɛako atia yɛn nsɛnnennen, ɛwom sɛ yɛyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw de. Dawid tu fo anigye so sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” Ná obetumi aka nso sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” Bere a yɛde yɛn ho bɔ Kristofo asafo no ho no, yebehu sɛ “treneefo nkwagye fi [Yehowa], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu.” (Dwom 37:5, 25, 39) Bere nyinaa mu no, momma yenni Paulo afotu yi so: “Eyi nti na yɛmpa abaw, . . . a yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.”—2 Korintofo 4:16-18.
20 Yebetumi de gyidi aniwa ahu Yehowa nneɛma nhyehyɛe foforo no wɔ yɛn anim pɛɛ. Anigye ne nhyira horow a biribiara ne no nsɛ bɛn na ɛbɛtra hɔ sɛɛ yii (Dwom 37:34; 72:1, 7; 145:16) Sɛ́ ahosiesie a yɛyɛ ma saa anuonyam bere no, momma yentie nsɛm a ɛwɔ Dwom 100:2 no: “Momfa anigye nsom [Yehowa], na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.”
[Ase hɔ asɛm]
Wɔ “Aryanfo a wɔkorɔn sen nnipa nyinaa” ho no, The New York Times a ɛbae February 17, 1940 mu no kae sɛ Katolekni panyin a ɔhwɛ Georgetown Sukuupɔn so no kae sɛ “ɔtee sɛ Adolf Hitler ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan de Roma Ahemman Kronkron, a na ɛyɛ Germanfo ahemman no san si hɔ bio.” Nanso, abakɔsɛm kyerɛwfo William L. Shirer kyerɛkyerɛ nea efii mu bae no mu sɛ: “Hitler de hoahoaa ne ho sɛ Reich a Ɛto so Abiɛsa a wɔde sii hɔ January 30, 1933 no bɛtra hɔ mfirihyia apem, na wɔ Nasi ɔkasa ahorow mu no, na wɔtaa ka ho asɛm sɛ ‘Mfirihyia Apem Reich.’ Ɛtraa hɔ mfe dumien ne asram anan.”
Sɛ Ntimu No:
◻ Mmusua mu nyiyim so nkonimdi a ɛyɛ anigye bɛn na wohu nnɛ?
◻ Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no de anigye too dwom na wɔteɛɛm?
◻ Ɔkwan bɛn so na nokware anigye ayɛ kɛse wɔ nnɛ mmere yi mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na boasetɔ ne nokware anigye yɛ adwuma bom?
◻ Dɛn so na yɛnam betumi akura yɛn anigye mu?