“Eyi Ne Me Nipadua”
“MUNNYE nni; . . . . eyi ne me nipadua.” (Mateo 26:26, The New Jerusalem Bible)
Yesu Kristo nam nsɛm yi so de abodoo a mmɔkaw nnim maa n’asomafo no mmiako mmiako, bere a ɔde Awurade Anwummeduan no resi hɔ no. Nanso bere a ɔkaa nsɛm yi, “Eyi ne me nipadua” no, na ɔkyerɛ dɛn?
ASEMMISA yi ho mmuae hia Roman Katolekfo titiriw, efisɛ Yesu nsɛm yi so na abodoo a ɛdan Yesu honam ne bobesa a ɛdan ne mogya ankasa ɔkyerɛkyerɛ no gyina. Sɛnea gyidi yi kyerɛ no, sɛ Katolekfo bɔ Mass na wɔmene adidi abodoo no a, ɛdan Kristo nipadua, anaasɛ ne honam ankasa. Enti, wɔrempene nea New World Translation of the Holy Scriptures a ɛkyerɛ Yesu nsɛm no ase sɛ: “Munnye nni, eyi gyina hɔ ma me nipadua” no ka no so koraa. Nkyerɛase yi kyerɛ sɛ abodoo no yɛ Yesu honam ho sɛnkyerɛnne, na ɛnyɛ ne honam ankasa. Nkyerɛase bɛn na ɛda adwene a ɛteɛ no adi?
Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ “ne” anaasɛ “gyina hɔ ma” no ne e·stinʹ. Ɛkyerɛ “ne” titiriw, nanso ebetumi akyerɛ “yɛ, ɛkyerɛ” nso. Nkyerɛase bɛn na ɛteɛ wɔ asɛm yi mu?
Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ ne nsow ne Mateo 26:26 no ho ase hɔ asɛm bi a ɛwɔ Spania kasa La Sagrada Escritura, Texto y comentario por Profesores de la Compañia de Jesús, Nuevo Testamento I (Kyerɛw Kronkron, a Nkyerɛwee no ne Nkyerɛkyerɛmu no fi Company of Jesus, New Testament Akyerɛkyerɛfo hɔ) no. Ɛka sɛ: ‘Wɔ kasa mmara mu no, wobetumi akyerɛ asɛm no ase sɛ ɛkyerɛ anaasɛ ɛho sɛnkyerɛnne te sɛ ne—ɛkyerɛ obi ankasa. Yebetumi de Genesis 41:26; Hesekiel 5:5; Daniel 7:17; Luka 8:11; Mateo 13:38; 16:18; Galatifo 4:24; Adiyisɛm 1:20 adi dwuma sɛ nhwɛso a nea asɛmfua no kyerɛ ne sɛ ɛho sɛnkyerɛnne. Yebetumi ahu nea ne asekyerɛ ([ɛkyerɛ sɛ] ɛsɛ) a wɔka ho asɛm no kyerɛ wɔ gyidi nhoma ahorow mu a nsɛnkyerɛnnede ne afei nso sɛnea Asɔre a Edi Kan no tee asɛm no ase no nka ho.’
Sɛnea Roman Katolekfo nkyerɛase yi kyerɛ pefee no, wɔ ɔkasa mmara mu no, yebetumi ate Yesu nsɛm no ase sɛ ɛkyerɛ n’abien nyinaa. Nokwarem no, wɔakyerɛ Hela asɛmfua e·stinʹ no ase sɛ “asekyerɛ” wɔ mmeae afoforo wɔ New Jerusalem Bible no mu. (Mateo 12:7) Asɛmfua bɛn na ɛsɛ sɛ nsɛm asekyerɛfo bi paw wɔ Mateo 26:26? Esiane sɛ na Yesu da so ara te ase wɔ nipadua a ɛyɛ pɛ mu bere a ɔkaa saa kyerɛwsɛm no mu asɛm no nti, abodoo a ɔde maa n’akyidifo no rentumi nyɛ ne honam ankasa. Afei nso, ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no nyinaa mae sɛ ogye afɔre. (Kolosefo 1:21-23) Enti, nkyekyem yi nkyerɛase a eye sen biara ne: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua.” Abodoo a mmɔkaw nnim no yɛ Yesu nipadua a ɔde rebɛbɔ afɔre ama adesamma no ho sɛnkyerɛnne.
Sɛ asɛm “Eyi ne me nipadua” na ɛwɔ w’ankasa wo Bible mu a, ɛnsɛ sɛ woyɛ basaa. Na Yesu taa de kasa a ɛte saa di dwuma. Bere a ɔkae sɛ “Mene nguan no pon” ne “Mene nokware bobe no,” obiara nni hɔ a ɔte ase sɛ ɔyɛ ɔpon anaa bobe ankasa. (Yohane 10:7; 15:1) Na sɛnea New Jerusalem Bible kyerɛ no, bere a ɔde bobe kuruwa bi maa n’asuafo na ɔkae sɛ: “kuruwa yi ne apam foforo” no, obiara nni hɔ a odwen sɛ na kuruwa no ankasa ne apam foforo no. (Luka 22:20) Saa ara nso na bere a ɔkae sɛ abodoo no ‘ne’ ne nipadua no, ɛsɛ sɛ yɛte ase sɛ abodoo no ‘gyina hɔ ma’ ne nipadua anaasɛ ɛyɛ ho sɛnkyerɛnne.