Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/15 kr. 23
  • “Mommmrɛ Papayɛ Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mommmrɛ Papayɛ Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristo Ahoyi ne Ne Ba
  • Wɔn a Wɔyɛ Basabasa no a Wɔne Wɔn Bedi
  • Awerɛkyekye a Efi Asomdwoe Nyankopɔn no Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Mma Biribiara ‘Nnsɛe W’adwene Ntɛm’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Siesie Wo ho ma Yehowa Da!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/15 kr. 23

“Mommmrɛ Papayɛ Mu”

Tesalonikafo Nhoma a Ɛto so Abien no mu Nsɛntitiriw

KRISTOFO a wɔwɔ Makedonia kurow Tesalonika mu ho asɛm a ehia ɔsomafo Paulo no kaa no ma ɔkyerɛw ne nhoma a ɛto so abien kɔmaa wɔn, bɛyɛ afe 51 Y.B. mu. Na asafo no mufo binom reka sɛ Yesu Kristo ba no abɛn. Ebia wɔkyerɛe sɛ krataa bi a wodii mfomso kae sɛ efi Paulo hɔ no kyerɛ sɛ “[Yehowa] da” no adu.​—2 Tesalonikafo 2:1, 2.

Enti na ehia sɛ Tesalonikafo no mu binom sakra wɔn nsusuwii. Wɔ ne nhoma a ɛto so abien no mu no, Paulo kamfoo wɔn wɔ wɔn gyidi a na ɛrenyin, wɔn dɔ a ɛreyɛ kɛse, ne wɔn boasetɔ a no a nokwaredi wom no ho. Nanso ɔkyerɛe nso sɛ ɔwae bɛba ansa na Yesu aba. Enti, na mmere a emu yɛ den da wɔn anim, na na ɔsomafo no nhoma no bɛboa wɔn ma wɔatie n’afotu yi: “Mommmrɛ papayɛ mu.” (2 Tesalonikafo 3:13) Paulo nsɛm no betumi aboa yɛn saa ara.

Kristo Ahoyi ne Ne Ba

Paulo dii kan kaa amanehunu mu ahotɔ ho asɛm. (1:1-12) Eyi bɛba bere a “wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo” no. Daa ɔsɛe bɛba wɔn a wontie asɛmpa no so. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛkae asɛm yi bere a yehu ataafo nsam amane no.

Afei, Paulo daa no adi sɛ wobeyi “onipa a onni mmara no” adi ansa na Kristo aba. (2:1-17) Na ɛnsɛ sɛ Tesalonikafo no ma nkrasɛm biara a ɛkyerɛ sɛ “[Yehowa] da no” abɛto wɔn dedaw no ma wodi ahurusi. Nea edi kan no, ɔwae no bɛba, na wobeyi onipa a onni mmara no adi. Ɛno akyi no, Yesu bɛsɛe no, na ɔbɛyɛ saa wɔ bere a Ne mmae ada adi no mu. Ansa na ɛno bɛba no, Paulo bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn ne Kristo nkyekye Tesalonikafo no koma werɛ na ɔnhyɛ wɔn “den, asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.”

Wɔn a Wɔyɛ Basabasa no a Wɔne Wɔn Bedi

Na sɛnea wɔne nnipa a wɔnam basabasa bedi no ho akwankyerɛ ka Paulo nsɛm afoforo no ho. (3:1-18) Ɔdaa ahotoso adi sɛ Awurade bɛhyɛ Tesalonikafo no den, na wayi wɔn afi ɔbɔne no, Satan Ɔbonsam nsam. Nanso na ehia sɛ wɔyɛ biribi na wɔn ankasa anya so mfaso honhom mu. Na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi wɔn a wɔnam basabasa, wɔn a wɔde wɔn ho hyehyɛ nsɛm a ɛmfa wɔn ho mu, na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ho. Paulo se: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” Na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ saafo no nsow, na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn bɔ fekuw, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ wɔkasa kyerɛ wɔn sɛ anuanom de. Na ɛnsɛ sɛ Tesalonikafo Kristofo anokwafo no brɛ papayɛ mu, na Paulo pɛe sɛ Awurade Yesu Kristo ɔdom a ɛnsɛ no ka wɔn nyinaa.

Paulo nhoma a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no ma Yehowa Adansefo awerɛhyem sɛ wobenya wɔn amanehunu mu ahotɔ, bere a Kristo ne n’abɔfo de aweredi ba wɔn a wontie asɛmpa no so no. Ɛhyɛ gyidi den nso sɛ wobehu sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe “onipa a onni mmara” (Kristoman asɔfo kuw) no, ne atoro som nyinaa. Ansa na ɛno bɛba no, momma yentie Paulo afotu a ese yɛmmmrɛ papayɛ mu no.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa  23]

Yehowa Asɛm Kɔ so Ntɛmntɛm: Paulo kyerɛwee sɛ “mommɔ mpae mma yɛn, na Yehowa asɛm nkɔ so ntɛmntɛm [anaasɛ “atu mmirika”] na wɔahyɛ no anuonyam sɛnea ɛte mo hɔ nso.” (2 Tesalonikafo 3:1, NW; Kingdom Interlinear) Nhomanimfo binom akyerɛ sɛ na ɔsomafo no reka mmirikatufo a wɔretu mmirika ntɛmntɛm wɔ akansi bi mu ho asɛm. Ɛwom sɛ ɛnte saa de, nanso Paulo srɛe sɛ Tesalonika Kristofo no mmɔ mpae mma no na ɔne ne mfɛfo adwumayɛfo no atumi atrɛw nokware asɛm no ntɛmntɛm a wɔrenhyia akwanside biara. Esiane sɛ Onyankopɔn bua mpaebɔ a ɛte sɛɛ no nti, n’asɛm no ‘rekɔ ntɛmntɛm,’ bere a wɔde ntɛmpɛ ka asɛmpa no wɔ nna a edi akyiri yi mu no. ‘Wɔrehyɛ’ Yehowa asɛm nso ‘anuonyam,’ gyidifo bu no kɛse sɛ “Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu,” sɛnea na ɛte wɔ Tesalonikafo a wogyei no mu no. (Romafo 1:16; 1 Tesalonikafo 2:13) Anigye bɛn ara na yɛwɔ sɛɛ yi sɛ Onyankopɔn rehyira Ahenni adawurubɔfo na ɔrema n’asomfo redɔɔso ntɛmntɛm no!​—Yesaia 60:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena