Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/15 kr. 24-29
  • Kasa Kronn No Ka Asomfo Nnipakuw Kɛse Bom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa Kronn No Ka Asomfo Nnipakuw Kɛse Bom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kasa Kronn bi ma Amanaman Nyinaa”
  • Kasa Kronn no Sua
  • Honhom Mu Aduan a Ɛyɛ Den
  • Kasa Kronn no Kyerɛ sɛ Ɛsɛ sɛ Yeyi Onuadɔ Adi Kyerɛ
  • Kasa Kronn no Ka Kyerɛ sɛ Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yɛn Abrabɔ So
  • Kasa Kronn ho Afotu ma Mmusua
  • Afoforo a Yɛbɛka Kasa Kronn no Akyerɛ Wɔn
  • Nhoma a Woyii no Adi wɔ Nhyiam no Ase
  • Baguam Ɔkasa ne Nsɛm a Wɔde Wiei
  • Ka Kasa Kronn No Na Woatra Ase Daa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Kasa Kronn Ma Amanaman Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Momma Kasa Kronn No Nka Mo Mmom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/15 kr. 24-29

Kasa Kronn No Ka Asomfo Nnipakuw Kɛse Bom

KASA Kronn a Onyankopɔn de ama no yɛ tumi a ɛde Kristosom mu biakoyɛ ba. Wɔn a wɔkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛe wɔ West Berlin fi Benada kosi Fida, July 24 kosi 27, 1990 no nyinaa huu eyi ho adanse pefee, efisɛ Adansefo a wofi aman 64 mu na wɔbae.

Bere a wɔyɛɛ “Onyamesom Pa Ahofama” ɔmantam Nhyiam no wɔ Poland wɔ 1989 ahohuru bere mu no, nhyiamfo mpempem pii fi Rusia ne Czechoslovakia bae, nanso ɔha kakraa bi na wofi East Germany kɔe. Hwɛ sɛnea wiase tebea no asakra wɔ amammui fam fi saa bere no! Bere yi mu de, nhyiamfo bɛyɛ 30,000 a wofi East Germany ne Adansefo hyiaam wɔ Olympia Agumadibea a ɛwɔ West Berlin no mu. Na nhyiam no te sɛ ɔhaha pii a wɔyɛe wɔ wiase mmeae afoforo fi Yawda kosi Kwasida no ara pɛ.

Oguamtrani no kasa a ɔde buee nhyiam no ano no mu no, ɔkaa nea nhyiam akɛse ayɛ fi 1919 de aboa Yehowa Adansefo ma wɔanya nkɔso wɔ kasa kronn no ka mu ho asɛm. Na nhyiam yi bɛboa wɔn a wɔkɔe no nyinaa ma wɔanya nkɔso wɔ sɛnea wotumi ka kasa kronn no, na wɔatra ase ma ɛne no ahyia no mu. Ɔkaee nhyiamfo no sɛ Yehowa nkurɔfo nam wɔn ahosiesie ne abrabɔ so ma nkɔso a wɔanya wɔ kasa kronn no ka mu da adi.

“Kasa Kronn bi ma Amanaman Nyinaa”

Ɔkwan a ɛfata so no, na atifi hɔ asɛm no ne nhyiam no ɔkasa titiriw no asɛmti. Na egyina Sefania 3:9, NW so, faako a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ: “Na ɛno ansa na mɛma amanaman no asakra aka kasa kronn, na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.” Kasa kronn no yɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm ne n’atirimpɔw ahorow ho ntease pa ne anisɔ. Yehowa nkutoo na obetumi de eyi ama denam ne honhom kronkron no so. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma nokware no kanyan yɛn ma yesua kasa kronn a abrabɔ mu fi biara nni mu no. Afei nso, kasa kronn no ka nyɛ nsɛm mfuamfua bi a wɔka kɛkɛ. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛn asetra ne nea yɛde yɛn ano ka no hyia. Nokwarem no, yɛn nne, yɛn anim tebea, ne yɛn nipadua a yɛde si nsɛm so dua nso ho hia, efisɛ ɛkyerɛ sɛnea yɛte wɔ komam. Sɛ yɛbɛkɔ so aka kasa kronn a ɛretrɛw no daa a, ɛsɛ sɛ yenya daa adesua nhyehyɛe na yɛkɔ asafo nhyiam horow no nyinaa.

Kasa Kronn no Sua

Sɛnea ɔkasa bi a wɔmae Benada awia sii so dua no, kasa kronn no ka kyerɛ sɛ “Yebenya Nkɔso Afi Mfitiase Nsɛm Mu Akɔ Onyin Mu.” Onyin ho hia, sɛ yebenya nkɔso wɔ honhom fam a. Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nsiesiei a ɛbɛma yɛanya honhom mu nkɔso nyinaa di dwuma na yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow nso di dwuma da biara.

Sɛ yɛn ho bɛkokwaw wɔ kasa kronn no ka mu a, ɛsɛ sɛ “Yehowa Kyerɛkyerɛ Yɛn,” ɔkasa a akasafo dodow bi maa Yawda anɔpa asɛmti. Ɔkasafo a odi kan no kyerɛɛ sɛnea ‘Yesu Yɛɛ Eyi ho Nhwɛso.’ Nea ɛda adi sɛ Yehowa kyerɛkyerɛɛ Yesu no da adi wɔ ne nsɛm a ɔkae ne ne nneyɛe mu. Enti yɛpɛ sɛ yesuasua no wɔ sɛnea ɔkyerɛkyerɛe no mu. Esiane sɛ Yesu yɛɛ n’Agya apɛde bere nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara.

Akasafo baasa a wodii hɔ no kyerɛɛ sɛnea Yehowa nam nhyiam nketewa ne akɛse so kyerɛkyerɛ no. Yenya asafo nhyiam anum no nyinaa mu mfaso, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu emu biara so. Nhyiam biara ho hia na yɛanya honhom mu nkɔso. Yehowa nam yɛn ɔmansin nhyiam, ɔmantam nhyiam ne da koro nhyiam titiriw no nso so kyerɛkyerɛ yɛn. Sɛ yebenya eyinom nyinaa mu mfaso a, ɛsɛ sɛ yetie no yiye na yɛde nea yesua no di dwuma.

Wɔmaa ɔkasa a ɛne “Nneɛma a Yɛde Bɛbɔ Afɔre na Yɛayɛ Kokoam Adesua” wɔ ɔkasa yi akyi. Sɛ yebenya bere de ayɛ kokoam adesua a, ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛwɔ Efesofo 5:15, 16 a ese yɛntɔ bere mfi nneɛma a ɛho nhia pii mu no. Kasa kronn no a yebesua no botae titiriw bi ne ahosohyira ne asubɔ. Wosii eyi so dua wɔ ɔkasa a ɛne “Wɔn a Wosua Ɔkasa Kronn no Asubɔ” no mu. Saa kasa yi rema pii ahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu. Nanso, ɛsɛ sɛ obi kɔ so di Yesu nhwɛso no akyi wɔ ɛno akyi denam asɛmpa no a ɔde nsiyɛ bɛka, nipasu foforo no a ɔbɛhyɛ na watwe ne ho afi wiase no ho so.

Honhom Mu Aduan a Ɛyɛ Den

Nhyiamfo ani gyei nso sɛ wonyaa honhom mu aduan a ɛyɛ den a egyina nkɔmhyɛ mu nsɛm mmamu so. Wɔmaa ɔkasa abien a egyina Hesekiel nkɔmhyɛ mu nsɛmti so Yawda awia. Nea edi kan, “Yehowa Ɔsoro Teaseɛnam Rekɔ N’anim,” no kaa afiri kɛse bi a ɛwɔ anuonyam a ɛkanyan ehu a etu mmirika ntɛmntɛm ho asɛm. Ɛyɛ Yehowa ɔsoro ahyehyɛde a Onyankopɔn te mu, a ɛkyerɛ sɛ ofi ɔdɔ mu kyerɛ ne kwan na ɔde di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma no ho mfonini. Hesekiel yɛ nkaefo a wɔasra wɔn no, ne titiriw no fi 1919 reba no ho mfonini. Efi 1935 reba titiriw no, “nnipakuw kɛse” no abɛka wɔn ho.​—Adiyisɛm 7:9.

Na kasa a edi hɔ no asɛmti ne “Ahyehyɛde a Aniwa Hu a Yɛne no Bɛbɔ Anan Anantew.” Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no ne ne soro ahyehyɛde a ɛte sɛ teaseɛnam no rebɔ anan anantew. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no de osetie di wɔn nkɔmhyɛ mu ahyɛde no ho dwuma wɔ anibiannaso, fɛwdi, anaa ɔsɔretia mpo nyinaa akyi, te sɛ nea Hesekiel yɛe no. Ahyehyɛde no a yɛne no bɛbɔ anan anantew no bɛma yɛanya nhyira pii nnɛ ne daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.

Wɔnam ɔkasa abiɛsa a egyina Yesaia ti 28 so de honhom mu aduan a ɛyɛ den nso mae Fida anɔpa. Nea edi kan no da no adi tumi so sɛ tete Israel ne Yuda honhom mu asabofo no yɛ Kristoman mu asabofo ho mfonini. Na sɛnea kan de no nyaa Yehowa afobu no, saa ara na Kristoman mufo nso benya afobu.

Na ɔkasa a edi hɔ a asɛmti no ne “Wɔn Guankɔbea​—Atoro!,” no kura kɔkɔbɔ a anibere wom sɛ: Te sɛ nea tete Yuda ho a ɔde too Misriam so amma wɔannya guankɔbea no, saa ara na adamfo a Kristoman ne amammui atumfo afa wɔ yɛn bere yi mu no nso remma onnya guankɔbea. Na Yesaia ti 28 ho ɔkasa a ɛto so abiɛsa a ɛne “Kɔ so Bɔ Yehowa Adwuma a Ɛyɛ Nwonwa no ho Kɔkɔ” no fa Onyankopɔn nkurɔfo ho. Wɔka nea Yehowa de bɛyɛ Kristoman no ho asɛm ma ɛteɛ sɛ ade a ɛyɛ nwonwa, efisɛ ɛbɛba ne so mpofirim. Ɛnnɛ, Yehowa yɛ Kristofo kuw ketewa a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” ɔpepem anan ne akyi no anuonyam abotiri. (Yohane 10:16) Ɔkasafo no de nsɛm a ɛkanyan nkate yi na ewiei: “Ɛmmra sɛ yɛn nsiyɛ, yɛn bo a yɛasi, ne yɛn nokwaredi bɛboa ma yɛn Nyankopɔn Yehowa daa ayeyi no akɔ so!”

Kasa Kronn no Kyerɛ sɛ Ɛsɛ sɛ Yeyi Onuadɔ Adi Kyerɛ

Wɔmaa nhyiamfo no tee ase sɛ kasa kronn no kyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ “Wosusuw Nyisaa ne Akunafo ho wɔ Wɔn Ahohia Mu” Wukuda awia. Wobetumi aboa nnyanka denam ntetee a wɔde bɛma wɔn no so. Yebetumi akyerɛ sɛ yedwen akunafo ho denam ayamye nsɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka akyerɛ wɔn, yɛn Kristofo dwumadi ne apontow ahorow a yɛde wɔn bɛka ho, ne honam fam mmoa a yɛde bɛma wɔn no so, sɛ wɔfata na ahia wɔn ampa a. Nsɛm a wobisabisae kyerɛɛ sɛnea wɔreyɛ eyi.

Ɔkasa foforo a ɛyɛ anigye kyerɛɛ sɛnea “Kristofo Dwen Wɔn ho Wɔn ho Ho” Yawda awia. Yehowa Adansefo wɔ wɔn ho wɔn ho a wodwen ho kyerɛwtohɔ pa, ne titiriw no bere a asiane ahorow te sɛ ahum a etu, asasewosow, ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw nhoma kɔma aban mpanyimfo anaa bere a wohia nneɛma bi wɔ wɔn asafo mu no. Nanso nnipa sintɔ nti sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛsɛ sɛ yɛde Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 ne 18:15-17 no mu nnyinsosɛm ahorow di dwuma. Ne titiriw sɛ ɛyɛ anuanom ntam adwuma nhyehyɛe a, ehia sɛ wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho, na wɔhwɛ yiye na adwumawura no anaa odwumayɛni no amfa wɔn ntam honhom mu abusuabɔ no ampɛ pɛsɛmenkominya mfaso.

Kasa Kronn no Ka Kyerɛ sɛ Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Yɛn Abrabɔ So

Wosii sɛnea ehia sɛ yɛhwɛ yɛn abrabɔ yiye so dua mpɛn pii. Enti, ɔkasafo a odi kan Benada awia kaa asɛmti, “Onyankopɔn Asɛm a Yebetie na Yɛadi So” ho asɛm. Ɔdaa no adi sɛ nneɛma abien nti na yɛkɔ nhyiam horow: yebenya nokware nimdeɛ na wɔakanyan yɛn ma yɛde saa nimdeɛ no adi dwuma.

Ɔkasa a edi kan Wukuda anɔpa no bisaa asɛm a ɛma obi pɛɛpɛɛ ne ho mu hwɛ a ɛne sɛ “Kristo ‘Tan Amumɔyɛ’​—So Wotan?” Trenee a yɛbɛdɔ no nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛtan amumɔyɛ nso na yɛanya ahonim pa, yɛne Yehowa akɔ so anya abusuabɔ pa, na yɛamma ahohorabɔ amma ne din so, na yɛantwa amumɔyɛ aba​—ɔporɔw ne owu.

Nea na ɛne saa asɛmti no sɛ yiye ne kasa a edii hɔ a ɛne “Pow Wiase no Nsusuwii Hunu, Di Ahenni Nneɛma a Ɛbɛba Ampa no Akyi” no. Satan, Hawa, ne abɔfo a wɔahwe ase no nyinaa dii nsusuwii hunu akyi ma epiraa wɔn. Wiase no nsusuwii hunu yɛ honam fam ade dodowpɛ ho adwennwen anaa nea ɛfa ahohwibra ho a ɛmma akomatɔyam sɛ wɔanyɛ bɔne a anibere wom mpo a, akyi. Sɛ yɛbɛko atia nsusuwii hunu yi a, ɛsɛ sɛ yedi Ahenni nneɛma a ɛbɛba ampa akyi denam adesua, mpaebɔ, nhyiamkɔ, ne baguam ɔsom adwuma no so.

Sɛ yɛbɛbɔ Kristofo abrabɔ pa a, ɛsɛ sɛ yetie afotu a wɔde mae Wukuda awia wɔ ɔkasa “Kristofo​—Munnni Nnsen Nea Munya” mu no. Sɛ yɛantumi anyɛ saa a, ebetumi apira yɛn wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa. Adeyɛ a nyansa wom a ɛsɛ sɛ obi yɛ ne sɛ ɔbɛhyɛ ne pɛsɛmenkominya akɔnnɔ so denam ɛka a ɛho nhia a ɔrenne ne sika ho nhyehyɛe pa a ɔbɛyɛ na wadi so no so. Ɛsɛ sɛ yenya onyamesom pa ahofama bere nyinaa. Eyi ne nneɛma a yɛwɔ a yɛbɛma adɔɔ yɛn so no yɛ mfaso kɛse.​—1 Timoteo 6:6-8.

Wosii sɛnea ehia sɛ yɛhwɛ yɛn fekubɔ yiye so dua wɔ ɔkasa “So Wo Nnamfo Yɛ Yehowa Nnamfo?” a wɔmaa no Fida no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nnamfo yɛ Kristofo a wɔahyɛ Kristo nipasu a wɔyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma mu. Amannifo a wɔyɛ wiasefo nyɛ Onyankopɔn nnamfo, na enti yɛrentumi ne wɔn mmɔ a ɛrempira yɛn. Asafo no mu mpo no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim, sɛ yɛn fekubɔ de denhyɛ bɛma ampa a.

Wɔde nnɛyi bere yi ho drama sii abrabɔ ho afotu a yɛaka no so dua pefee. Na wɔato din sɛ “Ɔbonsam Nnɛɛdɛe Ano a Yebegyina.”

Kasa Kronn ho Afotu ma Mmusua

Na nea ehia kɛse ne ɔkasa a wɔmae Wukuda “Awofo​—Munni Mo Asɛyɛde Ahorow ho Dwuma!” Ɛsɛ sɛ awofo ankasa hu Onyankopɔn apɛde na wɔyɛ sɛnea wobetumi. Ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma nso. Afei nso, mmofra a wɔde wɔn bɛkɔ Kristofo nhyiam horow ne asɛnka kɛkɛ no nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔdɔ Yehowa, na wohu nyansa a ɛwɔ nneɛma pa a wɔbɛyɛ no mu.

Nea edii hɔ ne “Abusua no wɔ Yɛn Bere Yi Mu” a akasafo dodow bi mae no. Ɔkasafo a odi kan no kyerɛe sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua no. Ɛsɛ sɛ agyanom ne abusua no di honhom fam nneɛma ho nkitaho yiye. Ɛsɛ sɛ ɛnanom yɛ afie ahwɛfo pa, na mmofra kyerɛ obu ma Yehowa denam wɔn awofo a wɔne wɔn bɛyɛ biako no so.

Ɔkasafo a odi hɔ no kyerɛe sɛ abusua no wɔ “Atamfo Ntua Ase”. Sika fam ahokyere nso haw abusua no. Sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma yɛayɛ bɔne abu so wɔ nnwuma mu, basabasayɛ, aguamammɔ, ne nneɛma a ɛkanyan honam fam ade dodowpɛ ho akɔnnɔ abu so wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Ɛsɛ sɛ wofi ase kyerɛkyerɛ wɔn wɔ mmofraase pɛɛ, na nsiyɛ kɛse ho hia na wɔadi wiase nkɛntɛnso ahorow so. Ɛsɛ sɛ wɔde teokrase nnwinnade a Ɔwɛn Aban Asafo de ma no di dwuma pa.

Ɔkasa a edi hɔ a ɛfa abusua no so a ‘Wɔbɛkora Akɔ Wiase Foforo no Mu’ no sii awofo asɛyɛde a anibere wom no so dua bio. Ɛsɛ sɛ wɔde mmɔden kɛse tete mmofra. Wɔde abusua Bible adesua ne nea ɛsɛ sɛ wosua ho afotu pa mae, a ne nyinaa atirimpɔw ne sɛ wobedu mmofra no koma mu. Ɛno ansa na awofo ne wɔn mma betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛkora wɔn so akɔ wiase foforo no mu sɛ abusua.

Nea ɛde afotu pa mae wɔ abusua tebea a Adansefo pii hu wɔn ho wom ho ne ɔkasa, “Ofie a Emu Apaapae Ano a Wobegyina.” Wɔde afotu maa wɔn a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw da sɛ nea onnye nni no betumi abɛyɛ gyidini da koro. Gye bere ne nea onnye nni no mmɔ, na hwɛ hu sɛ wudu nea wɔhwehwɛ afi Kristoni ɔhokafo hɔ no ho. Wubetumi anya mmoa afi mpanyimfo no hɔ anaasɛ afoforo a ebia wɔwɔ afie a emu apaapae mu no hɔ.

Afoforo a Yɛbɛka Kasa Kronn no Akyerɛ Wɔn

Wɔtwee adwene sii hokwan ahorow a yɛde bedi dwuma de kasa kronn no akyerɛkyerɛ afoforo no so kɛse ɔkwan a ɛfata yiye so. Enti, nhyiamfo no tiee ɔkasa, “Fa Wo Bere Di Dwuma Nyansam” Wukuda anɔpa. Sɛ yɛbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ɛho hia titiriw ma ɛne Mateo 6:33 hyia, nea ese: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” Bere a yebeyi asi hɔ de ayɛ kokoam Bible adesua, akɔ nhyiam horow, akɔ asɛnka daa ka eyi ho. Eyi hwehwɛ sɛ yɛtɔ bere fi dwumadi ahorow a ɛwom sɛ ɛyɛ anigye de, nanso enhia pii no mu. Nsɛm a wobisabisaa afoforo pii no daa sɛnea ebinom reyɛ saa no adi.

Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɔyɛkyerɛ dodow bi a wɔyɛe ma yɛtee saa asɛm yi ase yiye wɔ asɛmti, “Kɔ so Ka Kasa Kronn no Bere Nyinaa” no mu Yawda awia. Ɔyɛkyerɛ ahorow yi kyerɛe sɛnea yebetumi ayɛ eyi wɔ mmorɔn so adansedi, bɔnnɔ so adansedi, ne telefon so no mu. Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nni mu a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne yɛn yɔnko bɛkanyan yɛn ma yɛaka kasa kronn no wɔ hokwan biara a yebenya mu.

Nea ɛne asɛmti yi sɛ kɛse ne ɔkasa a edii hɔ a ɛne “Nhyira Horow a Wɔn a Wɔmfa Anoyi Mma No Nya.” Ɛsono Yehowa Adansefo wiase nyinaa nkyerɛkyerɛ ahyehyɛde no wɔ Kristoman ho koraa. Sɛ ankorankoro no, ɛsɛ sɛ yɛko tia nhyɛso biara, te sɛ aban ɔsɔretia, anibiannaso kɛse, ne sikasɛm mu ɔhaw ahorow. Ɔyɛkyerɛ ahorow a na egyina nhoma Reasoning From the Scriptures no so kyerɛe sɛnea yebetumi adi nhyɛso ahorow yi so.

Nea na ɛhyɛ asɛnka a yɛde nsi bɛyɛ ho nkuran nso ne drama Nnamyɛ a Wɔde Yɛ Onyankopɔn Apɛde no. Ɛkyerɛɛ nnamyɛ a Yehu daa no adi wɔ Yehowa din ho ne sɛnea ehia sɛ yɛda akokoduru ne nnamyɛ a ɛte saa ara adi wɔ Onyankopɔn adwuma ho.

Nhoma a Woyii no Adi wɔ Nhyiam no Ase

Woyii nhoma nhoma atitiriw abien a ɛwɔ Engiresi ne German kasa mu adi wɔ nhyiam no ase. Woyii nhoma yi mu nea edi kan wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Mogya a Wɔde Begye Wo Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?” no mu. Ɔkasafo a odi kan no kaa mogya a wɔde ma mu asiane ahorow ho asɛm. Ɔdaa no adi sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wɔde besi mogya ananmu bere a obi mogya so atew no. Ɛnyɛ sɛ mogya mma ahoɔden nti na Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi ho, na mmom ne gye ma wɔn ho gu fi. Ɛnyɛ sɛ ebia nyarewa wɔ mogya mu nti na wɔtwe wɔn ho fi ho, na mmom esom bo ma Onyankopɔn nti. Mogya a egye nkwa ankasa ne Yesu Kristo ogye mogya no. Ɔkasafo no rewie no, ɔmaa n’atiefo nyinaa ani gyei denam How Can Blood Save Your Life? nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɔde kyerɛe no so no.

Woyii nhoma foforo a ɛsom bo wɔ ɔkasa “Monhwehwɛ Yehowa Akyi Kwan” no mu. Nnipa ntaa nhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Asɔre ahorow pii a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛnea nnipa nhwehwɛ Onyankopɔn wɔ baabi a wobehu no esiane sɛ wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn Asɛm so nti. Sɛnea yɛn afe biara Nkaedi amanneɛbɔ ma yehu no, ehia sɛ yɛboa ɔpepem pii ma wobegyina Yehowa afa. Yesaia 55:6, 7 kyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ ne mmɔborohunu Nyankopɔn ampa, na wayɛ krado sɛ ‘ɔde befiri pii.’ Sɛ n’Adansefo no, ɔde kasa kronn no ama yɛn na yɛatumi aboa afoforo ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛabom asom Yehowa.

Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo hyia asɛnnennen bi esiane nnipa pii a wotu kɔtra baabi foforo no nti. Enti, ebia nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no yɛ asɔre ahorow pii mufo. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa Hindufo, Budhafo, Shintofo, ne ɔsom afoforo pii mufo no, Asafo ti no atintim nhoma fɛfɛ a ekura nkratafa 384 a ɛne Mankind’s Search for God no. Ɛka ɔsom atitiriw a enni Kristoman mu mfitiase nkyerɛkyerɛ ho asɛm tumi so. Ɛka Kristoman mu atoro som ho kyerɛwtohɔ nso ho asɛm. Nhoma yi betumi abue kwan ma nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ ɔsom ahorow pii mufo no afi Bible adesua ase.

Baguam Ɔkasa ne Nsɛm a Wɔde Wiei

“Momma Kasa Kronn no Nka Mo Mmom” ne Fida baguam ɔkasa no asɛmti. Ɔkasafo no kyerɛe sɛ ɛwom sɛ ɔkasa mpem abiɛsa na esiw biakoyɛ kwan de, nanso kasa kronn no yɛ tumi kɛse a ɛde biakoyɛ ba. Abɔ Yehowa Adansefo ho ban wɔ Babilon mfomso ahorow ho, akyerɛ wɔn obu ma kronn a nkwa ne mogya yɛ, na aboa wɔn ma wɔtra ase ma ɛne Bible nnyinasosɛm a wonya mu mfaso wɔ honhom fam ne honam fam hyia. Ehia sɛ yɛn nyinaa ma kasa kronn no a yebesua na yɛaka no ho asɛm hia yɛn, efisɛ wɔn a wɔyɛ saa nkutoo na wobetwa Harmagedon. Ɛnsɛ sɛ yɛsɛe bere wɔ afotu a ɛwɔ Sefania 2:1-3 a yebedi so no mu.

Bere a wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu pa bi mae wɔ sɛnea ehia sɛ “Yɛde Anidahɔ Bɔ Mpae” akyi no, wɔde nsɛm a egyina asɛmti “Sɛnea Yɛbɛnantew ma Ɛne Kasa Kronn no Ahyia” wiei. Nnipa a mprempren wɔnantew ma ɛne kasa kronn no hyia no redɔɔso ampa. Na wɔn a wɔkɔɔ nhyiam yi de wɔn ahotew, nneɛma a wɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ, ne ahyehyɛde mu biakoyɛ kyerɛe sɛ wɔn ani gye kasa kronn no ho. Nhoma afoforo a woyii no adi no bɛboa Yehowa Adansefo nyinaa ma wɔatrɛw kasa kronn no mu wɔ ɔkwan a etu mpɔn kɛse so.

Nhyiam no ɔkasafo a otwa to no kaee obiara sɛnea boasetɔ ho hia. Ɔkyerɛe sɛ nhyiam yi nti, ɛsɛ sɛ obiara hyɛ ne ho den wɔ ne bo a wɔasi sɛ ɔbɛpere akɔ n’anim no mu. Afei ɔde nsɛm yi wiei sɛ: “Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so anantew ma ɛne kasa kronn a Onyankopɔn de ama no ahyia, na yɛatumi ahyɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa Nyankopɔn no anuonyam mprempren akosi daadaa!”

[Adaka wɔ kratafa 26]

Nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbaa nhyiam no wɔ West Berlin no yɛ 44,532, na wɔbɔɔ 1,018 asu. Egyee asubɔfo no simma 19 ansa na wɔrefi Olympia Agumadibea no mu, na wɔ bere yi mu no, na wɔkɔ so bɔ wɔn nsam. Wɔmaa nhyiamfo a wɔka Engiresi kasa no ɔfã titiriw trae. Nnipa bɛyɛ 6,000 tiee dwumadi no nyinaa wɔ wɔn kasa mu. Na Polandfo 4,500 nso wɔ nhyiam yi ase; Sodikuw no mufo maa ɔkasa ahorow ntiantiaa nnanu awia bere mu na wɔanya mu mfaso.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

1. Olympia Agumadibea, West Berlin

2. Nhyiam dwumadi krataa

3. Bɔs ahanu de nhyiamfo fi East Germany bae

4. Polandfo nhyiamfo ani gyei sɛ wonyaa nhoma ahorow a woyii no adi

5. Nhwiren a wɔde siesiee hɔ ma ɛhɔ yɛɛ fɛ

6. A. D. Schroeder, Sodikuw no muni biako reyɛ ne dwumadi wɔ West Berlin

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena