Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wubu Ɔsom Aniberesɛm?
“ƐNYƐ abodoo nko so na onipa nam betumi atra ase.” (Mateo 4:4, New English Bible) Nsɛm yi a wɔtaa fa ka asɛm no ka onipa ahiade bi a pii werɛ afi nnɛ ho asɛm. Ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ honhom fam ahiade bi wɔ yɛn nipaban mu a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma. Ɛno nti na Yesu Kristo a ɔkaa saa nsɛm no kae nso sɛ: “Wɔahyira wɔn a wonim sɛ wohia Onyankopɔn no dɛn ara.”—Mateo 5:3, NEB.
Ɔsom nkutoo na ebetumi adi ‘Onyankopɔn a yehia no’ no ho dwuma. Ɔsom nkutoo na ebetumi ama yɛn nsemmisa a ɛfa nkwa fibea, atirimpɔw, ne nea ɛkyerɛ ho mmuae. Na ɔsom nkutoo na ebetumi ama atirimpɔw ne mfaso ankasa aba yɛn asetra mu. Nanso ɛnyɛ ɔsom biara kɛkɛ na ebetumi ayɛ eyi nyinaa. Yesu see Samariani bea bi sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23) ‘Nokware mu’ a wɔbɛsom no kyerɛ pii sen atetesɛm ne tete amanne akyidi. Eyinom taa ma wɔn a wodi akyi no te bere tiaa mu ahotɔ kakraa bi nka, nso na wɔda so ara di kɔm honhom fam.
Sɛ nhwɛso no, Edwin O. Reischauer a na ɔyɛ U.S. aban ɔnanmusifo wɔ Japan kae sɛ: “Nnipa pii bu Shintosom ne Budhasom sɛ amanne ne asetra kwan sen gyidi horow a ntease wom.” Ɛyɛ nokware sɛ Japanfo pii pɛ no saa ara de. Nanso “ɔsom afoforo” pii a aba Japan no kyerɛ sɛ pii ani nnye wɔn tete nyamesom ho bio.
“Ɔsom afoforo” no taa twe adwene si honhom sɔre akannifo so—ɛnyɛ Onyankopɔn. Nyamesom akannifo yi pii kyerɛ sɛ nea wɔka no fi soro. Nanso wɔn nkyerɛkyerɛ no pii yɛ Budhasom ne Shintosom gyidi horow a adi afra—a nea ɔtew asɔre no nyansapɛ pii ka ho. Mpɛn pii no, wɔde asetra papa ne ayaresa tumi a wose wɔwɔ ho bɔhyɛ na ɛtwetwe nnipa. Nanso so ɔsom horow a ɛtete sɛɛ yi de adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔrekyerɛkyerɛ wɔn akyidifo ma wɔasom ‘wɔ nokware mu’ ma anaa? Dabi. Ade biako ne sɛ ɔsom horow taa ba so nnɛ, ɔkyena na wonni hɔ. Sɛnea wɔba so na wɔkɔ no mma wonnya biribi titiriw nnyina so mmu wɔn aniberesɛm.
Ɔsom a Ɛsɛ sɛ Wobu no Aniberesɛm
Nanso, ɔsom bi wɔ hɔ a akyɛ sen ɔsom biara. Ɛne ɔsom a wɔakyerɛkyerɛ wɔ Kyerɛw Kronkron no mu no. Wofii ase kyerɛw Bible no bɛboro mfeha 35 a atwam ni, na ‘abakɔsɛm ahorow’ a wɔakora so wɔ atiri a edi kan no mu no sisii bɛboro mfe apem ansa na wɔrefi ase akyerɛw.* Faako a ɔsom fi ho kyerɛwtohɔ ahorow a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ no wom. Ɛsɛ sɛ ɛno nkutoo ma obi susuw ɔsom a ɛwɔ Bible no mu no ho anibere so.
The Encyclopedia Americana ka Bible no ho asɛm sɛ: “Emu hann no ‘ahyerɛn wiase nyinaa.’ Wobu no mprempren sɛ abrabɔ gyinapɛn ne ɔsom akorade a emu nkyerɛkyerɛ pii no ho bɛba mfaso kɛse bere a wiase anibuei ho anidaso kɔ so yɛ kɛse no.” Nanso sɛ wobegye nhoma bi adi sɛ ɛkyerɛ nokware som akyi kwan ampa a, so worenhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyekyɛ pii, na wɔn a wɔhwehwɛ nokware akyi kwan nyinaa atumi anya bi asen nhoma biara anaa?
Saa na Bible no te. Wɔakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase akɔ kasa horow 1,928 mu, na ɛyɛ nhoma a wɔakyekyɛ pii asen biara wɔ abakɔsɛm mu. Bio nso, ada adi sɛ emu abakɔsɛm ne abɔde ho nyansahu yɛ nokware. Fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma ne abakɔsɛm di Bible nkɔmhyɛ horow a ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ ho adanse. Ahonhonsɛmdi, nkonyaasɛm ne asumansɛm biara nnim. Eyi nyinaa ne sɛnea Bible no ankasa ka sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn no hyia.a—2 Timoteo 3:16.
“Aba” a Nokware Som Asow
Nanso so ɛnyɛ nokware sɛ ɔsom horow pii kyerɛ sɛ wodi nea Bible no ka so? Na so ɔko, nitan, ne nyaatwomyɛ nna adi wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn Kristofo mu anaa? Yiw, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno ma wobu Bible no animtiaa.
Yesu Kristo ankasa kyerɛe sɛ Yehowa ani rennye wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no mu dodow no ara ho. (Hwɛ Mateo 7:13, 14, 21-23.) Ɛnde, obi bɛyɛ dɛn ahu wɔn a wokura ɔsom a wɔakyerɛkyerɛ wɔ Bible mu no mu? Yesu buae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma akraate so? Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne. Enti wɔn aba na mode behu wɔn.”—Mateo 7:16, 17, 20.
Yiw, ɛsɛ sɛ nokware som yɛ tumi kɛse a ɛma wɔyɛ papa, na ɛde nnepa a mfaso wɔ so brɛ asomfo. Fa Japanni barima Akinori, a sɛnea ɔno ankasa kyerɛ no, “ɔno ara bɛyɛɛ akansi honhom nhwɛso” no sɛ nhwɛso. Otumi duu ne botae horow a ɛne sɛ obewie adesua wɔ sukuupɔn bi a agye din mu na wakɔyɛ adwuma wɔ adwuma bi a ɛwɔ obu yiye mu, no ho. Wanhu nea nti a ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsom mu wɔ n’asetra mu. Osusuwii sɛ ‘nyamesom wɔ hɔ ma wɔn a wɔyɛ mmerɛw a wohia poma wɔ asetra mu.’
Na biribiara rekɔ yiye kosii sɛ nhyɛso ne ɔbrɛ nti, ɔyare bi a emu yɛ den bɔɔ no. Ne kɔn kyeae, na n’abogye “bɛkaa” ne mmati benkum so. Akinori adwuma mu “nnamfo” pii amma no awerɛkyekye papa biara wɔ n’ahohia bere yi mu. (Fa toto Mmebusɛm 17:17 ho.) Enti ofii ase nom nsa bebree na onyaa adwene sɛ obekum ne ho mpo.
Nanso bere kɔɔ so no, Akinori yere fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Da koro bi a wɔrebɔ nkɔmmɔ no, ɔkaa kyerɛwsɛm a ɛwɔ Galatifo 6:7 a ese: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa,” no ho asɛm kyerɛɛ no. Nsɛm yi kaa Akinori ma ɔkɔkaa ne ho wɔ n’adesua no mu, na nea osuae no sakraa adwene a ɔwɔ wɔ nea asetra kyerɛ ho. Bere a Akinori nyaa asetra ho adwempa no, n’amanehunu a nhyɛso de bae no ano brɛɛ ase! Sɛnea Bible mu bɛ bi ka no: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Yiw, nokware som sow aba pa!
Toshiro nso yɛ Japanni ɔbarima bi a obehuu sɛnea nokware som betumi ayɛ tumi a ɛma wɔyɛ papa. Ɛwom sɛ na ogye di sɛ ɔsom ho wɔ mfaso de, nanso wɔanyɛ ho hwee. Na nea n’ani gye ho ne sɛ obenya n’ankasa fie. Nanso, saa botae no ho a odui no amma wannya akomatɔyam a ɔhwɛɛ kwan no. Bio nso, ɔhwɛɛ baabi a ɔyɛ adwuma no, ohui sɛ nneyɛe a ɛnkyerɛ nokwaredi abu so na ɛsɛe ankorankoro ntam abusuabɔ ahorow. Nea Toshiro hui no yɛɛ no abofono.
Da koro ne yere too nsa frɛɛ wɔn mpɔtam hɔ Yehowa Adansefo asafo no mu panyin bi sɛ ɔmmɛsra no. Toshiro hui ntɛm ara sɛ ɔpanyin no nte sɛ ne mfɛfo no. Dɛn ntia? Na ɔpanyin no fi nokwaredi mu de Bible mu nnyinasosɛm redi dwuma wɔ n’asetra mu. Toshiro ani gyee eyi ho ma ɛno nti, ɔpenee so sɛ obesua Bible no na ofii ase de ɔsom a ɛwɔ Bible no mu no yɛɛ n’asetra kwan.
Yɛto nsa frɛ wo nso sɛ sua Yehowa Adansefo ho ade. “Aba” a wɔsow no di adanse sɛ wɔresom wɔ ‘honhom ne nokware mu.’ Wɔyere wɔn ho de Bible mu nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ wɔn asetra mu. Na ɛwom sɛ sɛ ankorankoro no, wɔnyɛ pɛ koraa de, nanso sɛ kuw no, wɔn asetra ma wohu sɛnea nokware som betumi ayɛ tumi kɛse a ɛma wɔyɛ papa.
Bere bi na wɔn mu mpempem pii ani nnye wɔn asetra kwan ho. Nanso wɔn mu pii nam Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma so ayɛ nsakrae horow a ɛyɛ nwonwa. Ɛdenam nea Bible frɛ no “honhom aba,” a ɛne su horow te sɛ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ, a wonyae so no, wɔahu nea ɛbɛma wɔn ankasa anya anigye.—Galatifo 5:22, 23.
Nokware Som mu Mfaso a Ɛtra hɔ Daa
Nanso, ɛsɛ sɛ nokware som yɛ nea ɛboro nipasu a wɔsakra ne ankorankoro ɔhaw ahorow a ɛbrɛ ano ase. Wiase nyinaa ɔhaw ahorow te sɛ asase a wɔresɛe no, nuklea ɔko ho hu, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no no betumi asɛe yɛn okyinsoroma fɛfɛ yi. Sikasɛm mu ɔhaw ahorow sɛe ɔpepem pii anigye ne yiyedi. Wɔremmu ɔsom biara aniberesɛm gye sɛ ɛde wiase nyinaa ɔhaw ahorow yi ho anidaso ma.
Ɔsom a ɛwɔ Bible no mu no de anidaso a ɛte sɛɛ ma. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔde trenee wiase foforo bi bɛba wɔ ɔsoro nniso, anaa “ahenni” bi ase. (Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Ahenni yi ne adesamma ɔhaw nyinaa ano aduru. Na ɛdefa sɛnea asase nyinaa so mfaso horow yi bɛtra hɔ daa ho no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Yiw, daa nkwa wɔ anigye mu ne Kristoni biara anidaso! (1 Yohane 2:17) Nanso wɔn a wobu nokware som a wɔde wɔn ho hyɛ mu aniberesɛm no nkutoo na wobenya Ahenni a ɛreba yi mu mfaso. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ fi ase sua Bible no anibere so.b (Yohane 17:3) Bere a wufi ase ma Onyankopɔn Asɛm mu hann hyerɛn wɔ w’asetra mu no, wubenya anigye kɛse bere a wudi ‘Onyankopɔn a wuhia no’ ho dwuma nkakrankakra no. Ampa, wubenya daa nhyira esiane sɛ wubuu ɔsom—nokware som no—aniberesɛm nti.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, hwɛ Genesis 2:4; 5:1; 6:9.
b Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii ahu a, hwɛ nhoma The Bible—God’s Word or Man’s?, a wubetumi anya afi wɔn a wotintimii nsɛmma nhoma yi nkyɛn no mu.
Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo wɔ eyi yɛ mu. Sɛ wuhu wɔn a wotintimii nsɛmma nhoma yi anaa Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ a, wobetumi ayɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe ama wo a wonnye hwee.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Bible no ase a wɔakyerɛ akɔ kasa horow 1,900 mu no ne sɛnea ɛka sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn no hyia
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ɔsom a ɛwɔ Bible no mu no de tebea horow a asomdwoe wom wɔ wiase nyinaa wɔ ɔsoro nniso bi ase ho anidaso ma