Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/1 kr. 10-14
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nidi a Wɔde Bɛma Kyerɛ
  • Nea Nti a Yehowa Fata Nidi
  • Sɛnea Yebedi Yehowa Ni
  • Munni Nnipa Nyinaa Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Di Afoforo Ni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • So Wudi Kan Di Wo Mfɛfo Gyidifo Ni?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/1 kr. 10-14

Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?

“Wɔn a wodi me nĩ no, medi wɔn nĩ, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.”​—1 SAMUEL 2:30.

1. Hefo na wɔma wɔn Nobel akyɛde no, ɛyɛ dɛn, na nnipa pii bu akyɛde ahorow yi dɛn?

AFE biara, Scandinavia ahyehyɛde anan de Nobel akyɛde mema wɔn a ‘wɔayɛ nneɛma a ɛho aba adesamma mfaso sen biara wɔ afe a etwaam no mu no.’ Wɔde akyɛde ahorow no ma wɔn a wɔabɔ mmɔden wɔ dwumadi atitiriw asia mu. Nnipa pii bu Nobel akyɛde no sɛ nidi a ɛkorɔn sen biara a wobetumi de ama onipa bi.

2. Hena na wɔn a wɔde Nobel akyɛde ma no bu wɔn ani gu no so, na dɛn titiriw nti na nidi fata No?

2 Bere a mfomso biara nni nidi a wɔde ma nnipa a ɛfata wɔn ho no, so wɔn a wɔde nidi yi ma no asusuw ho pɛn sɛ wobedi adesamma Ɔdɛɛfoɔ a ɔkorɔn sen biara no ni anaa? Saa Ɔdɛɛfoɔ yi ne onii a wama adesamma nnepa pii fi bere a ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan bɛyɛ mfe 6,000 ni no. Ebia nidi a wɔntaa mfa mma no bɛkae yɛn Hiob a ɔtraa ase tete no adamfo Elihu nsɛm a ɔkae sɛ: “Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfo no wɔ? nea ɔma nnwom anadwo.” (Hiob 35:10) Yɛn Ɔdɛɛfoɔ kɛse no kɔ so yɛ ‘yiye ma osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma abotɔyam.’ (Asomafo no Nnwuma 14:16, 17; Mateo 5:45) Yehowa ne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” mafo ampa.​—Yakobo 1:17.

Nea Nidi a Wɔde Bɛma Kyerɛ

3. Dɛn ne Hebri ne Hela nsɛmfua atitiriw a wɔkyerɛ ase sɛ “nidi” no, na ɛkyerɛ dɛn?

3 Hebri asɛmfua titiriw ma nidi, ka·vohdhʹ, asekyerɛ ankasa ne “duruduru.” Enti wobu obi a wodi no ni sɛ n’anim yɛ nyam, ani sɔ no, anaa ɔyɛ ɔmamma. Ne titiriw no, wɔtaa kyerɛ saa Hebri asɛmfua ka·vohdhʹ yi ase wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nso sɛ “anuonyam,” nea ɛma wobu sɛnea ani sɔ onii a wodi no ni no anaa sɛnea ɔyɛ onipa kɛse no. Wɔkyerɛ Hebri asɛmfua foforo, yeqarʹ, a wɔkyerɛ ase sɛ “nidi” wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ase nso sɛ “ɛsom bo” ne “ade a ɛsom bo.” Enti wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua nidi no ne anuonyam ne sɛnea biribi som bo no bɔ abusua. Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛ “nidi” wɔ Bible mu ne ti·meʹ, na ɛno nso kyerɛ obu, ɛbo, ne sɛnea biribi som bo.

4, 5. (a) Dɛn na nidi a wɔde ma obi no kyerɛ? (b) Tebea bi a wɔaka ho asɛm wɔ Ester 6:1-9 bɛn na ɛma yehu nea nidi a wɔde ma obi no kyerɛ?

4 Enti obi tumi di ɔfoforo ni denam obu a emu dɔ a obenya ama no no so. Sɛ nhwɛso no, susuw Bible mu asɛm a ɛfa Yudani ɔnokwafo Mordekai ho no ho. Bere bi Mordekai paa tete Persia Hene Ahasweros tiri so a wɔpamee ho ntama. Akyiri yi no, anadwo bi a ɔhene no antumi anna no, wɔmaa ɔhene no huu nea Mordekai yɛe no. Enti obisaa n’asomfo sɛ: “Anuonyam bɛn na wɔahyɛ Mordekai na dibea bɛn na wɔama no eyi ho?” Wobuaa sɛ: “Wɔnyɛɛ hwee mmaa no ɛ.” Aniberesɛm bɛn ni! Na Mordekai agye ɔhene no nkwa, nanso ɔhene no ankyerɛ ho anisɔ.​—Ester 6:1-3.

5 Enti bere a ɛfata mu no, Ahasweros bisaa ne soafo panyin, Haman, ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so de nidi ama obi a wanya ɔhene anim dom. Ntɛm ara Haman see ne komam sɛ: “Hena po na ɔhene pɛ sɛ odi no ni sen me ara?” Enti Haman kae sɛ wɔnhyɛ onii no “ahenni ntade” na wɔmma ɔntra “ɔpɔnkɔ a ɔhene tra so” so. Ɔde baa awiei sɛ: “Wɔmma ɔntra ɔpɔnkɔ no so mfa kurow no abɔnten so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sɛɛ na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no nidi no!” (Ester 6:4-9) Nnipa no nyinaa de obu kɛse bɛma nea wodi no ni saa kwan yi so no.

Nea Nti a Yehowa Fata Nidi

6. (a) Hena na ɔfata sɛ yedi no ni sen obiara? (b) Dɛn nti na asɛmfua “kɛse” no ka Yehowa ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛfata yiye so?

6 Abakɔsɛm mu nyinaa no, wɔadi nnipa ni, a mpɛn pii no, wɔmfata. (Asomafo no Nnwuma 12:21-23) Nanso hena na ɔfata nidi sen obiara? Nokwarem no, ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn! Ɔfata sɛ yedi no ni efisɛ ɔyɛ kɛse paara. Mpɛn pii no, wɔka ne ho asɛm sɛ “ɔkɛse.” Ɔne Ɔkɛseɛ no, Ɔyɛfo Kɛse no, Ɔbɔadeɛ Kɛse no, Ɔhenkɛse no, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, Owura Kɛse no. (Dwom 48:2; Ɔsɛnkafo 12:1; Yesaia 30:20; 42:5; 54:5; Hosea 12:14, New World Translation) Nea ɔyɛ ɔkɛse no yɛ onuonyamfo, n’anim yɛ duru, ɔkorɔn, wobu no, wagye din, na ne ho yɛ hu.” Wontumi mfa Yehowa ntoto obiara ho, obiara ne no nsɛ, ɔkorɔn kyɛn obiara. Ɔno ankasa di saa nokwasɛm no ho adanse bere a ɔka sɛ: “Hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?”​—Yesaia 46:5.

7. Anyɛ yiye koraa no, akwan horow ahe bɛn so na yebetumi aka sɛ Yehowa Nyankopɔn da nsow, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara ne no nsɛ wɔ tumi mu?

7 Anyɛ yiye koraa no, wontumi mfa Yehowa Nyankopɔn ntoto obiara ho wɔ akwan soronko ason so, na ɛma yehu nneɛma pɔtee nti a ɛsɛ sɛ yedi no ni. Nea edi kan koraa no, Yehowa Nyankopɔn fata nidi a ɛsen biara efisɛ obiara ne no nsɛ wɔ tumi mu. Awurade Yehowa ne Amansan Hene​—ɔkorɔn sen obiara. Ɔne yɛn Temmufo, Mmarahyɛfo, ne Ɔhene. Ɔsoro ne asase sofo nyinaa wɔ asodi wɔ N’anim. Nanso onni asodi wɔ obiara anim. Wɔka ne ho asɛm ma ɛfata yiye sɛ ɔyɛ “kɛse, otumfoɔ a ne ho yɛ hu.”​—Deuteronomium 10:17; Yesaia 33:22; Daniel 4:35.

8. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara ne Yehowa nsɛ (a) wɔ ne dibea mu? (b) wɔ te a ɔte ase daa no mu?

8 Nea ɛto so abien no, Yehowa Nyankopɔn fata nidi a ɛsen biara efisɛ obiara ne no nsɛ wɔ ne dibea mu. Ɔne “Nea Ɔkorɔn na Wɔama no so,” Ɔsorosoroni no. Ɔkorɔn koraa sen n’asase so abɔde ma wontumi nte ase! (Yesaia 40:15; 57:15; Dwom 83:18) Nea ɛto so abiɛsa no, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn ni sen obiara efisɛ obi nni hɔ a watra ase daa sɛ ɔno. Ɔno nkutoo na onni mfiase, na ɔwɔ hɔ fi mmeresanten kɔ mmeresanten.​—Dwom 90:2; 1 Timoteo 1:17.

9. Ɔkwan bɛn so na wontumi mfa obiara ntoto Yehowa ho (a) wɔ n’anuonyam mu? (b) wɔ ne su atitiriw mu?

9 Nea ɛto so anan no, Yehowa Nyankopɔn fata nidi a ɛsen biara esiane n’ankasa anuonyam kɛseyɛ nti. Ɔne “ɔsoro hann Agya.” Ɔhyerɛn araa ma onipa biara rentumi nhu no nnya nkwa. Ne ho yɛ hu ampa. (Yakobo 1:17; Exodus 33:22; Dwom 24:10) Nea ɛto so anum no, Yehowa fata yɛn nidi a ɛsen biara esiane ne su horow a ɛyɛ nwonwa no nti. Ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ, ne tumi nni awiei; onim biribiara, ne nyansa nni awiei; ɔyɛ pɛ wɔ atɛntrenee mu koraa; na ɔne ɔdɔ nhwɛso ankasa.​—Hiob 37:23; Mmebusɛm 3:19; Daniel 4:37; 1 Yohane 4:8.

10. Ɔkwan bɛn so na obiara ne Yehowa nsɛ (a) wɔ adebɔ nnwuma ne nea ɔwɔ mu? (b) wɔ ne din ne sɛnea ne din ahyeta no mu?

10 Nea ɛto so asia no, Yehowa Nyankopɔn fata nidi a ɛsen biara a wobetumi de ama esiane n’adebɔ nnwuma akɛse no nti. Sɛ ɔsoro ne asase so nneɛma nyinaa Bɔfo no, ɔno ara ne nneɛma nyinaa Wura Ɔkɛseɛ no. Yɛkenkan wɔ Dwom 89:11 sɛ: “Ɔsoro wɔ wo, asase nso wɔ wo.” Nea ɛto so ason no, Yehowa yɛn Nyankopɔn fata nidi sen obiara efisɛ obiara ne no nsɛ wɔ ne din ho ne sɛnea ne din ahyeta mu. Ɔno nkutoo na ne din de Yehowa, a ɛkyerɛ “Ɔma Ɛyɛ Hɔ.”​—Hwɛ Genesis 2:4, ase hɔ asɛm.

Sɛnea Yebedi Yehowa Ni

11. (a) Akwan a yebetumi afa so adi Yehowa ni no bi ne dɛn? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛredi Yehowa ni ankasa denam yɛn ho a yɛde to no so no so?

11 Esiane Yehowa su horow nyinaa nti, ɔkwan bɛn so na yebetumi adi no ni? Sɛnea yebehu no, yebetumi adi no ni denam osuro ne obu a yebenya ama no, osetie a yɛbɛyɛ ama no, hu a yebehu no yɛn akwan nyinaa mu, ayɛyɛde a yɛde bɛma no, sua a yebesuasua no, ne adesrɛde a yɛde bɛto n’anim no so. Yebetumi adi no ni nso denam ne mu gyidi a yebenya, ne yɛn ho a yɛde bɛto no so a nea ɛbɛba biara mfa ho no so. Wɔhyɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho.” Enti yedi Yehowa ni denam nea ɔka a yebegye adi no so. Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na me ne wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, nso mɛboa wo.” (Mmebusɛm 3:5; Yesaia 41:10) Yɛn ho a yɛremfa nto no so korakora no bɛkyerɛ sɛ yenni no ni.

12. Dɛn na osetie ne osuro yɛ wɔ Yehowa a yedi no ni mu?

12 Ɔkwan a ɛte sɛ eyi ara a yɛnam so di Yehowa ni ne osetie a yɛyɛ ma no no so. Na nea ɛho hia na yɛatumi ayɛ osetie ne osuro pa, yiw, sɛ yebesuro sɛ yɛbɛyɛ nea Onyankopɔn ani nnye ho. Nea ɛma yehu abusuabɔ a ɛda osuro ne osetie ntam ne Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Abraham bere a Abraham yɛɛ osetie ma anka ɔde ne babarima Isak rekɔbɔ afɔre no. Yehowa kae sɛ: “Afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn.” (Genesis 22:12) Bere a ɔsomafo Paulo reka ɛka a mmofra de wɔn awofo ho asɛm no, ɔkyerɛe sɛ abusuabɔ bi da osetie ne nidi ntam. (Efesofo 6:1-3) Enti yɛnam Onyankopɔn ahyɛde horow a ɛnyɛ den a yedi so no so di Yehowa ni. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yenni no ni.​—1 Yohane 5:3.

13. Yehowa a yedi no ni no bɛma yɛanya yɛn dwumadi ne nhyehyɛe ahorow ho adwene bɛn?

13 Bio nso, yebetumi de nidi a ɛsɛ Yehowa Nyankopɔn no ama no denam afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 3:6 a yebedi so no so: “Hu no w’akwan nyinaa mu [yiw, kyerɛ sɛ wunim no], na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Osuani Yakobo de afotu pa a ɛte saa ara ma yɛn. Sɛ́ anka yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa mmɔdenbɔ so da biara da no, ɛsɛ sɛ yɛka mmom sɛ: ‘Sɛ Yehowa pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.’ (Yakobo 4:15) Mfe bi a atwam ni no, na ɛyɛ Amanaman Ntam Bible Asuafo no su sɛ wɔde nkyerɛwde D.V. a egyina hɔ ma Deo volante, kyerɛ sɛ “sɛ Onyankopɔn pɛ a,” ka asɛm biara a ɛfa daakye ho no ho.

14. (a) Sɛ yebedi Yehowa ni a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ yɛn mmɔdenbɔ ho? (b) Su bɛn na wɔda no adi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo nhoma a wotintim no ho?

14 Yedi Yehowa Nyankopɔn ni nso denam ahobrɛase su a yɛda no adi, na yɛde yiyedi biara a yebenya ho ayeyi ma no no so. Ɔsomafo Paulo kaa ne som adwuma ho asɛm sɛnea ɛfata sɛ: “Me de miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.” (1 Korintofo 3:6, 7) Nokwarem no, nea na ehia Paulo ne nidi a ɛfata a ɔde bɛma Onyankopɔn, na ɛnyɛ n’ankasa anaa onipa foforo biara. Enti nnɛ, Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow no mfa akyerɛwfo no din mma, na akyerɛwfo no mma afoforo nhu ade pɔtee a wɔkyerɛw no. Wɔyɛ eyi na adan adwene aba emu nsɛm a atirimpɔw a ekura ne sɛ wɔde bedi Yehowa ni no so, ɛnyɛ onipa bi.

15. Osuahu bɛn na ɛma yehu sɛnea ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte ahobrɛase a Yehowa Adansefo wɔ no ase?

15 Adwene a wɔdan ba Yehowa so de di no ni yi yɛ ebinom nwonwa. Mfe kakraa bi a atwam ni no, bere a Adansefo no resiesie akasam afiri ama baguam ɔkasa bi wɔ New York Kuropɔn no Central Park so no, na wɔrebɔ Kingdom Melodies kasɛt no biako de asɔ afiri no ahwɛ. Awarefo bi a wɔasiesie wɔn ho fɛfɛɛfɛ bisaa Adansefo no mu biako nnwom ko a wɔrebɔ no. Esiane sɛ osusuwii sɛ awarefo no yɛ Adansefo nti, obuae sɛ: “Ɛyɛ Kingdom Melodies a ɛto so 4.” Wobisae sɛ: “Yiw, nanso hena na ɔhyehyɛɛ saa nnwom no?” Ɔdansefo no buae sɛ: “O, nea ɔhyehyɛɛ no ankyerɛ ne din.” Awarefo no buae sɛ: “Wɔn a wɔhyehyɛ nnwom a ɛte sɛɛ no mfa wɔn din nhintaw.” Ɔdansefo no buae sɛ: “Nanso Yehowa Adansefo yɛ saa.” Yiw, wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ na nidi no nyinaa ayɛ Yehowa dea!

16. Akwan horow bɛn so na yebetumi de yɛn nne adi Yehowa Nyankopɔn ni?

16 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so adi Yehowa ni ne sɛ yɛde yɛn anofafa bedi ne ho adanse. Sɛ nidi a yɛde bɛma no no ho hia yɛn ampa a, ɛnde yɛde nsiyɛ bɛka Ahenni ho asɛmpa no. Yebetumi ayɛ eyi denam afie afie a yɛbɛkɔ ne akwan afoforo biara a yebetumi afa so so, a yemmu yɛn ani ngu hokwan ahorow a yɛde bɛyɛ bɔnnɔ so adansedi so. (Yohane 4:6-26; Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20) Bio nso, yenya hokwan ahorow de yɛn nne di yɛn Nyankopɔn ni wɔ asafo nhyiam horow ase, bere a yɛma mmuae na yɛde yɛn ho hyɛ Ahenni nnwom a wofi komam tow mu no. (Hebrifo 2:12; 10:24, 25) Yebetumi de yɛn ano adi Yehowa Nyankopɔn ni wɔ yɛn da biara da nkɔmmɔbɔ mu. Sɛ yɛbɔ mmɔden kakra a, yebetumi adan nkɔmmɔbɔ no ma afa honhom nneɛma a ɛhyɛ nkuran ho, na eyi de nidi bɛma Yehowa Nyankopɔn.​—Dwom 145:2.

17. (a) Abrabɔ pa ka nidi a yɛde ma Yehowa no dɛn? (b) Abrabɔ bɔne ka no dɛn?

17 Bere a eye sɛ yɛde yɛn ano bedi Yehowa Nyankopɔn ni no, ehia nso sɛ yɛde yɛn abrabɔ di no ni. Yesu kasa tiaa wɔn a, bere a wɔde wɔn anofafa di no ni no, na wɔn koma atwe afi Ne ho akɔ akyirikyiri no. (Marko 7:6) Abrabɔ bɔne behura Yehowa Nyankopɔn din ho. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan wɔ Romafo 2:23, 24 sɛ: “Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no nam mmarato so hura Onyankopɔn anim? Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu.” Nnansa yi mfe mu no, wɔatu nnipa ɔpepem pii afi Yehowa nkurɔfo asafo mu. Ebetumi aba sɛ wɔn a wɔdɔɔso sen saa mpo de wɔn ho hyɛɛ abrabɔ fi mu nanso esiane sɛ wɔdaa nokware ahonu adi nti, wɔantu wɔn. Na saafo yi nyinaa de wɔn ano redi Yehowa ni, nanso wɔamfa wɔn abrabɔ anyɛ saa.

18. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ebinom a wɔahyira wɔn kɛse no ma ɛyɛ wɔn ahiasɛm na ama wɔatumi de nidi a ɛfata ama Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Malaki bere so asɔfo binom nneyɛe ma yɛhu sɛnea asɛm yi ho hia?

18 Wɔn a wɔyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma afa horow​—sɛ ebia wɔwɔ Betel, akwantufo anaa asɛmpatrɛwfo dwumadi mu, anaa sɛ akwampaefo no​—anya hokwan kɛse wɔ nidi a wɔde ma Yehowa no mu. Ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛbɔ mmɔden a wobetumi nyinaa wɔ dwumadi biara a wɔde bɛhyɛ wɔn nsa mu, na ‘wodi ade ketewaa ne nneɛma pii mu nokware.’ (Luka 16:10) Akwan bi so no, na tete Israel asɔfo ne Lewifo no yɛ wɔn dibea a nidi wom no ho nhwɛso, ɛwom sɛ ɛnyɛ nea wogyina hɔ ma wɔn nnɛ de. Nanso esiane Malaki bere so asɔfo bi anibiannaso nti, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he?” (Malaki 1:6) Na saa asɔfo no bu Yehowa din animtiaa denam mmoa anifuraefo, apakye, ne ayarefo a wɔde bɔɔ afɔre no so. Sɛ wɔn a wɔwɔ ɔsom hokwan atitiriw no ammɔ mmɔden anyɛ nea wobetumi nyinaa a, nkaanim a Yehowa Nyankopɔn de maa saa asɔfo no bɛfata wɔn titiriw. Wɔbɛtɔ sin wɔ nidi a wɔde ma Onyankopɔn no mu.

19. (a) Sɛnea wɔaka wɔ Mmebusɛm 3:9 no, ɔkwan foforo bɛn so na yebetumi afa adi Yehowa ni? (b) Ɔkwan foforo a ɛho hia bɛn so na yebetumi adi Yehowa ni?

19 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi Yehowa Nyankopɔn ni ne sɛ yebeyi sika fam ntoboa aboa wiase nyinaa asɛnka adwuma a wɔahyɛ sɛ yɛnyɛ no. Wɔhyɛ yɛn sɛ: “Fa w’ahonyade di Yehowa ni, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” (Mmebusɛm 3:9, NW) Hokwan a yɛwɔ sɛ yebeyi ntoboa a ɛte sɛɛ no yɛ hokwan a yɛde di Yehowa Nyankopɔn ni a ɛnsɛ sɛ obiara bu n’ani gu so. Yebetumi adi Yehowa Nyankopɔn ni nso wɔ yɛn mpaebɔ mu, de ayeyi ne aseda ama no. (1 Beresosɛm 29:10-13) Nokwarem no, esiane sɛ yɛde ahobrɛase ne obu kɛse kɔ ne nkyɛn nti, n’anim a yɛkɔ wɔ mpaebɔ mu no di no ni.

20. (a) Henanom na wiasefo taa di wɔn ni, na ɔkwan bɛn so? (b) Ahyɛde bɛn na sɛ yedi so a, yebetumi akɔ so adi Yehowa ni?

20 Nnɛ nnipa pii, titiriw mmofra, di wɔn a wɔpɛ wɔn asɛm ni denam sua a wosuasua wɔn so​—denam wɔn kasa ne wɔn nneyɛe a wosuasua so. Nnipa a wɔtaa suasua wɔn no yɛ wɔn a wɔagye din wɔ agumadi ne anigyede mu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn ni denam mmɔden a yɛbɛbɔ asuasua no no so. Ɔsomafo Paulo hyɛe sɛ yɛnyɛ saa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo, na monnantew ɔdɔ mu” no. (Efesofo 5:1, 2) Yiw, yɛnam mmɔden a yɛbɛbɔ asuasua Yehowa so de nidi ma no.

21. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Yehowa ni? (b) Akatua ahorow bɛn na Yehowa de ma wɔn a wodi no ni?

21 Nokwarem no, akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afa so adi Onyankopɔn ni, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ ɛnam n’Asɛm a yebesua no bere nyinaa na yɛahu no yiye so no, yebetumi adi no ni yiye. Mfaso bɛn na ɛwɔ saayɛ mu? Yehowa se: “Wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni.” (1 Samuel 2:30) Awiei koraa no, Yehowa bedi n’asomfo ni denam daa nkwa wɔ anigye mu a ɔbɛma wɔanya wɔ soro sɛ ne Ba no mfɛfo adedifo, anaa wɔ Paradise asase so.

So Wokae?

◻ Henanom na nnipa taa di wɔn ni, na hena na wɔtaa bu wɔn ani gu nidi a wɔde bɛma no so?

◻ Dɛn na nidi a wɔde ma obi no kyerɛ, na akwan bɛn so na wobetumi ayɛ saa?

◻ Nneɛma nti a Yehowa Nyankopɔn fata nidi no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn ne akwan a yebetumi afa so adi Yehowa ni no bi?

◻ Akwan bɛn so na Yehowa de akatua ma wɔn a wodi no ni no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena