Sɛ Ɔbea Okunafo No, Minyaa Nokware Awerɛkyekye
Sɛnea Lily Arthur ka kyerɛe
NA Yehowa Ɔdansefo ɔsomfo aberante bi reka asɛmpa wɔ afie afie wɔ Ootacamund fa baabi, wɔ India. Amanne nti, mmea no ammue ɔpon no amma obi a wonnim no koraa sɛɛ no. Nnɔnhwerew kakraa bi akyi, bere a wabrɛ na n’abasam atu no, ɔsan n’akyi sɛ ɔrekɔ fie. Nanso ogyinae, na ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔbɔ ɔpon a edi hɔ no mu. Susuw nea esii no ho, sɛnea ɔbea a obuee ɔpon no maa no no kyerɛkyerɛ mu no.
MIBUEE ɔpon no ntɛm ara a mikura me babea a wadi asram abien na me babarima a wadi asram 22 no gyina me nkyɛn, na mihuu ɔhɔho bi sɛ ogyina hɔ. Anadwo a etwaam no ara no, na mahaw yiye. Awerɛkyekye a mehwehwɛ nti, mebɔɔ mpae sɛ: “Ɔsoro Agya, mesrɛ wo fa w’Asɛm kyekye me werɛ.” Afei, me ho dwiriw me bere a ɔhɔho no kae sɛ: “Mede Onyankopɔn Asɛm mu nkrasɛm a ɛma awerɛkyekye ne anidaso rebrɛ wo.” Metee nka sɛ ɔbɛyɛ odiyifo bi a Onyankopɔn asoma no. Nanso dɛn na ɛma mebɔɔ mpae srɛɛ mmoa yi?
Bible Nokware Ahorow a Misuae
Wɔwoo me afe 1922 mu wɔ Gudalur akuraa a ɛwɔ Nilgiri Mmepɔw fɛfɛ a ɛwɔ India Kesee fam no ase. Me maame wui bere a na madi mfe abiɛsa. Akyiri yi no, me papa a na ɔyɛ Protestant ɔsɔfo no waree bio. Me papa kyerɛɛ me ne me nuanom mmarima ne mmea no sɛnea wɔbɔ mpae bere a yehuu kasa ara pɛ no. Midii mfe 4 no, da biara a me papa te ɔpon akyi rekenkan Bible no, me nso metra fam kenkan m’ankasa me Bible.
Minyinii no, mebɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Afei, midii mfe 21 no, me papa yɛɛ m’aware ho nhyehyɛe. Me ne me kunu woo ɔbabarima, Sunder, ne akyiri yi ɔbabea, Rathna. Nanso bɛyɛ bere a yɛwoo Rathna no mu no, me kunu yaree denneennen, na ankyɛ na owui. Na mpofirim ara no, mabɛyɛ ɔbea kunafo bere a na madi mfe 24, a mmofra abien ho asɛyɛde da me so.
Ɛno akyi no, mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa n’Asɛm nkyekye me werɛ, na n’adekyee so na Yehowa Adansefo ɔsomfo no baa me nkyɛn. Mema ɔbaa mu na migyee nhoma “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo.” Saa anadwo no, bere a merekenkan no, mihuu edin Yehowa no mpɛn pii, na na ɛyɛ biribi a ɛyɛ me nwonwa. Akyiri no, ɔsomfo no san bɛsraa me na ofi Bible no mu kyerɛɛ me sɛ ɛne Onyankopɔn din.
Ankyɛ na misuae nso sɛ nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne hell-gya no nni Bible mu. Minyaa awerɛkyekye ne anidaso bere a mihui sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, asase no bɛdan paradise na adɔfo a wɔawuwu bɛsan aba wɔ owusɔre no mu no. Ne titiriw no, mifii ase huu nokware Nyankopɔn Yehowa, a otiee me mpaebɔ na ɔboaa me no, na minyaa ɔdɔ maa no.
Meka me Nimdeɛ Foforo no ho Asɛm Kyerɛ Afoforo
Mifii ase susuwii nea ɛyɛe a manhu saa Bible nkyekyem a Onyankopɔn din wom no ho. Na dɛn nti na manhu daa nkwa wɔ asase so paradise mu ho anidaso a emu da hɔ no wɔ me Bible akenkan no mu. Na mekyerɛ ade wɔ sukuu bi a Protestantfo asɛmpatrɛwfo hwɛ so mu, enti mede Bible nkyekyem yi kyerɛɛ sukuu no sohwɛfo. (Exodus 6:3; Dwom 37:29; 83:18; Yesaia 11:6-9; Adiyisɛm 21:3, 4) Mekae sɛ ɔkwan bi so no, yɛabu yɛn ani agu so. Nanso nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ n’ani annye ho.
Afei mekyerɛw sukuu no panyin a ɔte kurow foforo so no, na mekaa Bible nkyekyem yi mu nsɛm wɔ krataa no mu. Mesrɛe sɛ ɔmma me hokwan na me ne no nka ho asɛm. Ɔde mmuae manae sɛ ne papa a ɔyɛ Enyiresini sɔfo bi a wonim no yiye no ne me besusuw asɛm no ho. Na sukuu panyin no nuabarima yɛ ɔsɔfopɔn.
Misiesiee nsɛmti ne kyerɛw nsɛm no na mede me “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” nhoma no ne me mma no kɔɔ kurow a edi hɔ no mu. Mede anigye kyerɛkyerɛɛ onii ko a Yehowa yɛ, sɛ Baasakoro no nyɛ nokware, ne nneɛma afoforo a misuae no mu. Wotiee kakra, nanso wɔanka hwee. Afei Enyiresini sɔfo no kae sɛ: “Mɛbɔ mpae ama wo.” Afei ɔbɔɔ me ti so mpae na ogyaa me kwan.
Mmorɔn so Asɛnka
Da koro Yehowa Adansefo ɔsomfo no too nsa frɛɛ me sɛ memfa Ɔwɛn Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no nkɔyɛ mmorɔn so asɛnka. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛno yɛ ade a merentumi nyɛ da. Woahu, wɔ India no, nkurɔfo betumi anya ɔbea a ogyina abɔnten so anaa ɔkɔ afie afie mu no ho adwemmɔne. Ɛde ahohorabɔ bɛba ɔbea no ne n’abusuafo mpo so. Esiane sɛ medɔ me papa na mibu no yiye nti, na mempɛ sɛ mede ahohorabɔ ba ne so.
Nanso ɔsomfo no kyerɛɛ me Bible nkyekyem bi a ese: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ani nnye, na manya mmuae ama nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11, King James Version) Ɔkae sɛ: “Sɛ woda no adi wɔ baguam sɛ wugyina Yehowa ne n’Ahenni no afã a, woma ne koma ani gye.” Esiane sɛ na mepɛ sɛ mema Yehowa koma ani gye sen biribiara nti, mefaa nsɛmma nhoma bag no na me ne no kɔyɛɛ mmorɔn so asɛnka adwuma no. Ɛde besi nnɛ mpo, mintumi nhu ɔkwan a mefaa so tumi yɛe. Na ɛno yɛ afe 1946 mu, fi bere a ɔbaa me nkyɛn no akyi bɛyɛ asram anan.
Nkuranhyɛ a Ɛma Mitumi Dii Ehu So
Afe 1947 mu no, minyaa adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Madras kurotia, a ɛwɔ India Kesee fam mpoano no, na me ne me mma no tu kɔtraa hɔ. Na Yehowa Adansefo kuw ketewaa bi a wɔbɛyɛ nnipa baawɔtwe hyiam wɔ kurow no mu daa. Na ɛsɛ sɛ yetwa akwansin 16 ansa na yɛakɔ saa nhyiam no. Na mmea nkutoo ntaa ntu kwan wɔ India wɔ saa bere no mu. Mmarima na ɛde wɔn kɔ. Na minnim sɛnea wɔforo bɔs, sɛnea wɔtɔ tekiti, sɛnea wofi bɔs mu si fam, ne nea ɛkeka ho. Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mesom Yehowa, nanso mɛyɛ dɛn ayɛ saa? Enti mebɔɔ mpae sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, merentumi ntra ase a mensom wo. Nanso ɛrentumi nyɛ yiye koraa sɛ Indiani ɔbea sɛ me bɛkɔ afie afie.”
Na me nko a, anka Yehowa ma miwui na made me ho afi asɛnnennen yi ho. Nanso, misii gyinae sɛ mɛkenkan biribi afi Bible no mu. Manhyɛ da nso mibuee Yeremia faako a ɛka sɛ: “Nka sɛ: Meyɛ abofra; na mmom baabiara a mɛsoma wo no, kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no, ka. Nsuro wɔn anim, na wo de, medi w’akyi, na mayi wo.”—Yeremia 1:7, 8.
Metee nka nokwarem sɛ Yehowa ne me rekasa. Enti minyaa akokoduru na ɛhɔ ara mekɔɔ m’adepam afiri ho kɔpam bag a mede nsɛmma nhoma begu mu. Mebɔɔ mpae a emu yɛ den akyi no, me nkutoo mekɔɔ afie afie, de me nhoma nyinaa memae, na mifii Bible adesua mpo ase saa da no. Misii me bo sɛ mede Yehowa bedi kan wɔ m’asetra mu, na mede me ho too ne so korakora. Baguam asɛmpaka adwuma no bɛyɛɛ nea metaa yɛ wɔ m’asetra mu, a sɛnea nkurɔfo yeyaw me no mfa ho. Ɔsɔretia yi nyinaa akyi no, ebinom hyɛɛ me dwumadi no nsow yiye.
Yenyaa eyi ho nhwɛso mfe pii akyi, bere bi a na me ne me babea no rekɔ afie afie wɔ Madras no. Hinduni ɔbarima bi a ɔyɛ ɔtemmufo wɔ Asennibea Kɛse no mu a wanhu sɛnea manyin no kae sɛ: “Mihuu nsɛmma nhoma yi na wɔnwoo wo mpo ɛ! Mfe aduasa a atwam ni, na awuraa bi taa gyina Mount Road so de mema.” Na ɔpɛ sɛ ɔkra nsɛmma nhoma.
Wɔ ofie foforo bi mu no, Hinduni Brahmanni, a ɔyɛ krakyeni bi a wagyae adwuma de yɛn kɔɔ ɔdan mu na ɔkae sɛ: “Mfe pii a atwam ni no, na awuraa bi de The Watchtower no mema wɔ Mount Road. Esiane obu a mewɔ ma no nti, megye nea wode rema me no.” Na ɛsɛ sɛ meserew, efisɛ minim sɛ me ne awuraa a wɔn baanu nyinaa reka ne ho asɛm no.
Minya Denhyɛ ne Nhyira
Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho nsɛnkyerɛnne wɔ October 1947 mu. Saa bere no, na me nkutoo ne Ɔdansefo ɔbea a ɔka Tamil kasa wɔ ɔmantam no mu nyinaa. Nanso mprempren de, Tamilfo mmea Yehowa Adansefo nokwaredifo a wɔyɛ hyew pii wɔ hɔ.
M’asubɔ akyi no, obiara fii ase sɔre tiaa me. Me nuabarima kyerɛw me sɛ: “Woatra nea ɛfata ne nea ɛkyerɛ ɔpɔw nyinaa.” Mihyiaa ɔsɔretia wɔ sukuu a meyɛ adwuma wɔ hɔ no mu ne mpɔtam hɔfo nkyɛn. Nanso mede me ho bataa Yehowa ho yiye mmom denam mpae a mekɔɔ so bɔe no so. Sɛ mesɔre ɔdasum ara pɛ mesɔ kanea de sua ade.
Minyaa denhyɛ no, na afei metumi akyekye afoforo werɛ na maboa wɔn yiye. Hinduni ɔbea panyin bi a me ne no suaa ade no sii gyinae pintinn sɛ ɔbɛsom Yehowa. Owui no, ɔbea foforo bi a ofi n’abusua mu kae sɛ: “Nea ɛmaa yɛn anigye kɛse ne sɛnea odii Onyankopɔn a ɔpawee sɛ ɔbɛsom no no nokware kosii awiei no.”
Na awuraa foforo bi a me ne no suaa ade no nserew da. Na ehu ne awerɛhow da adi wɔ n’anim bere nyinaa. Nanso mekyerɛkyerɛɛ no Yehowa ho ade akyi no, mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmɔ no mpae, efisɛ onim yɛn haw ahorow na odwen yɛn ho. Dapɛn a edi hɔ no, na n’anim atew. Ɛno ne bere a edi kan a mihui sɛ ɔreserew. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mabɔ Yehowa mpae, na manya adwene ne komam asomdwoe.” Ohyiraa ne nkwa so sɛ ɔbɛsom Yehowa, na wakɔ so adi nokware wɔ ɔhaw ahorow pii akyi.
Asɛyɛde Ahorow a Mema Ɛkari Pɛ
Esiane sɛ mewɔ mmofra nketewaa abien a ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn nti, metee nka sɛ merentumi nnu ɔpɛ a mewɔ sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa sɛ ɔkwampaefo no ho. Nanso ɔsom hokwan foforo buei bere a na wohia obi ma wakyerɛ Bible nhoma horow ase akɔ Tamil kasa mu no. Ɛnam Yehowa mmoa so no, mitumi yɛɛ saa adwuma no, na bere koro no ara mu no, meyɛɛ honam fam adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, hwɛɛ me mma no, yɛɛ ofie adwuma, kɔɔ nhyiam horow no nyinaa, na meyɛɛ asɛnka adwuma. Awiei koraa no, bere a mmofra no nyinii no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw, hokwan a makɔ so anya mu anigye wɔ mfe 33 a atwam yi mu.
Efi wɔn mmofraase pɛɛ no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma Sunder ne Rathna anya ɔdɔ ama Yehowa ne ɔpɛ sɛ wɔbɛma Yehowa adi kan wɔ wɔn asetra afã horow nyinaa mu bere nyinaa. Na wonim sɛ Yehowa ne nea odi kan a ɛsɛ sɛ wɔne no kasa bere a wɔada anyan, ne sɛ Ɔne nea otwa to a ɛsɛ sɛ wɔne no kasa ansa na wɔada. Na wonim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma sukuu adwuma a wɔyɛ no fie ma wobu wɔn ani gu wɔn ho a wobesiesie ama Kristofo nhyiam horow ne asɛnka adwuma no so. Bere a mehyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ sukuu no, manhyɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ nea ɛte biara no wotwa biribiara, efisɛ na misuro sɛ wɔde ɛno bɛyɛ nea ɛho hia sen biara wɔ wɔn asetra mu.
Wɔn asubɔ akyi no, wɔde wɔn sukuu akwamma bere yɛɛ akwampae adwuma. Mehyɛɛ Rathna nkuran sɛ onya akokoduru, na ɛnsɛ sɛ osuro na ɔfɛre ade sɛ me. Owiee ntoaso sukuu ne aguadidwuma adesua akyi no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw. Bere bi akyi no, ɔwaree ɔhwɛfo ɔkwantufo a ɔne Richard Gabriel, a mprempren ɔsom sɛ Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ India no Baa Boayikuw titrani. Wɔne wɔn babea, Abigail, de wɔn bere nyinaa yɛ adwuma wɔ India baa dwumadibea hɔ, na wɔn babarima kumaa, Andrew, yɛ asɛmpa no dawurubɔfo.
Sunder dii mfe 18 no, ogyae sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛbɔ, na ɔmaa me werɛ howee. Midii yaw wɔ mfe a edi hɔ no mu. Mekɔɔ so srɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa me sintɔ ahorow a ebia medaa no adi wɔ ne ntetee mu no nkyɛ me, ɔmma Sunder nhu nyansa bio na ɔnsan mmra. Bere kɔɔ so no, m’anidaso nyinaa sae. Afei da koro, mfe 13 akyi no, ɔba bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Mama, mma hwee nhaw wo, ɛbɛyɛ yiye.”
Ɛno akyi ara pɛ, Sunder bɔɔ mmɔden sɛ obenyin wɔ honhom mu. Onyaa nkɔanim kosii sɛ wɔmaa no ɔhwɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu. Akyiri yi no, ogyaee n’adwuma a etua no ka yiye no na ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo. Mprempren ɔne ne yere, Esther, abom reyɛ adwuma yi wɔ Bangalore a ɛwɔ India kesee fam no.
Manya Awerɛkyekye Me Nkwa Nna Nyinaa
Metaa da Yehowa ase sɛ ɔmaa kwan ma mihuu amane na mihyiaa nsɛnnennen wɔ mfe no mu. Ɛnyɛ saa osuahu ahorow yi a, anka merennya hokwan a ɛsom bo sɛ mɛka Yehowa papayɛ, ne mmɔborɔhunu, ne sɛnea ɔda adɔe adi no ahwɛ. (Yakobo 5:11) M’ani gye ho sɛ mekenkan sɛnea Yehowa hwɛ “nyisaa ne akunafo” na wɔn ho asɛm hia no no ho asɛm wɔ Bible mu. (Deuteronomium 24:19-21) Nanso sɛ wode toto ho a, ne hwɛ mu awerɛkyekye ne anigye a obi nya ankasa no sen ɛno koraa.
Masua sɛ mede me ho bɛto Yehowa so korakora, a memfa me ho ntweri me nhumu, na mmom mihu no m’akwan nyinaa mu. (Dwom 43:5; Mmebusɛm 3:5, 6) Sɛ ɔbea kunafo kumaa no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmfa n’Asɛm nkyekye me werɛ. Mprempren a madi mfe 68 no, metumi aka no nokwarem sɛ ɛnam Bible no mu ntease a minyae ne emu afotu a mede dii dwuma so no, manya awerɛkyekye a enni ano.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Lily Arthur ne n’abusua mufo