Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 2/15 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkwakoraa ne Mmerewa Bɛsan Ayɛ Mmabun
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yehowa Tuu Ɛyaw a Na Ɔrefa Mu No Ase
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Hiob Akatua—Ade a Ɛma Anidaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔbarima a Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa a Ogyee Nteɛso Toom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 2/15 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Hiob 33:24 ka “agyede” a wonya maa Hiob, na ama wakwati owu ho asɛm. Na hena na ɔbɛyɛ saa agyede no ama Hiob?

Wɔammɔ onipa ogye afɔre amma Hiob saa bere no. nanso Onyankopɔn kataa Hiob mfomso so anaasɛ ɔde firii no.

Satan maa Hiob hyiaa ɔhaw pii a ‘akuru bɔne a ɛtotow no fi ne nan ase kosii ne mpampam’ ka ho. Na tebea a Hiob wom no nnye koraa ma enti ne yere hyɛɛ no sɛ ‘ɔnnome Onyankopɔn na onwu.’ Hiob susuwii sɛ ebia owu ye sen amanehunu a ɛte sɛɛ mpo.​—Hiob 2:7-9; 3:11.

Bere a ɛte sɛ nea Hiob bewu no, Elihu dwen Hiob tebea a ɛyɛ hu no ho na ɔtoo nhyɛase ma anidaso, kae sɛ: “Ne honam afɔn ma ɛyɛ hunã . . . Na ne kra bɛn ɔsɛe amoa, na ne nkwa nso bɛn akumfo. Sɛ ɔbɔfo dimafo wɔ hɔ ma no, apem no mu biako, sɛ ɔrekyerɛ onipa nea ɛteɛ ma no a, ɛno na ohu no mmɔbɔ ka sɛ: Kogye no na wɔankɔ ɔsɛe amoa no mu, na manya agyede, a, ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de.”​—Hiob 33:21-25.

Yenim sɛ Yesu Kristo de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ too hɔ sɛ agyede a ɛfata maa nnipa a wɔnyɛ pɛ. N’afɔrebɔ ma wonyaa nea na Adam ayera no no, na otuaa bo a ehia no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya ogye afi bɔne mu. (Romafo 5:12; 1 Timoteo 2:5. 6) Nanso, ɛnyɛ ha nkutoo na wɔde asɛmfua “agyede” no di dwuma wɔ Bible no mu. Nea Hebri asɛmfua a ɛwɔ Hiob 33:24 no kyerɛ ankasa ne “nkataso.” (Exodus 25:17, New World Translation) Bere a na Onyankopɔn ne tete Israel di no, na ɔwɔ nhyehyɛe bi sɛ ɔbɛkata bɔne ahorow so anaasɛ ɔbɛpata​—afɔrebɔ ahorow a ɛkataa bɔne ahorow so, a esiesie nnipa ne Onyankopɔn ntam.​—Exodus 29:36; Leviticus 16:11, 15, 16; 17:11.

Nanso, mfiase no na Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ obegye afɔrebɔ ahorow sɛ ade a wɔnam so de aseda ma, anaasɛ wɔde bisa fafiri na wɔde nya n’anim dom. (Genesis 4:3.4; 8:20, 21; 12:7; 31:54) Na Hiob te bo a afɔrebɔ ahorow ɛte sɛɛ no som no ase. Yɛkenkan sɛ: “Na otua ahema kɔbɔ ɔhyew afɔre sɛnea wɔn nyinaa [ne mmabarima] dodow te. efisɛ Hiob ka sɛ: Ebia me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔn koma mu. Saa na Hiob yɛ daa.” (Hiob 1:5) Esiane sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛdaa adi sɛ na ɔwɔ ahobrɛase honhom nti, na n’afɔrebɔ ahorow no som bo wɔ Onyankopɔn anim.​—Dwom 32:1, 2; 51:17.

Nanso akyiri yi ɔyare bi bɔɔ Hiob a na ɛte sɛ nea obewu. Na okura adwene a ɛnteɛ wɔ ne trenee nso ho, enti na ohia nteɛso, na Elihu de mae. (Hiob 32:6; 33: 8-12; 35:2-4) Elihu kae sɛ enhia sɛ Hiob kɔ so di awerɛhow kosi owu ne amoa (Sheol. anaasɛ adamoa) mu. Sɛ Hiob bɛsakra n’adwene a. obetumi anya “agyede.”​—Hiob 33:24-28.

Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ “agyede” ho asɛm a Elihu kae no kyerɛ sɛ na onipa bi wɔ hɔ saa bere no a obewu ama Hiob. Esiane afɔrebɔ ahorow a na nokware asomfo taa bɔ no nti. ebia na agyede a Elihu rekyerɛ wɔ Hiob asɛm no mu no bɛyɛ mmoa afɔrebɔ. Nea ɛyɛ anigye no, akyiri yi Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hiob nnamfo baasa akasatiafo no sɛ: “Na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ moti so mpae.” (Hiob 42:8) Ɛmfa ho sɛ na agyede no te dɛn, asɛntitiriw a Elihu kae no ne sɛ wobetumi akata Hiob mfomso so, na wanya nea ebefi mu aba no mu mfaso.

Saa na ɛbae. Hiob ‘nuu ne ho dɔte ne nso mu.’ Afei dɛn na esii? “[Yehowa] dan ne duam nna no. . . Na [Yehowa] hyiraa Hiob awiei sen mfiase . . . Na eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan, na ohuu ne mma ne ne mma mma awo ntoatoaso anan.” Yegye tom sɛ saa agyede no annye Hiob amfi bɔne mu, enti bere bi akyi no owui. Nanso, nkwa tenten a onyae no di adanse pefee sɛ ‘ne honam yɛɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, na ɔsan kɔɔ ne mmerantebere nna mu.’​—Hiob 33:25; 42:6,10-17.

Saa nhyira horow a efii agyede a esua a wɔde dii Hiob ho dwuma no mu bae no yɛ nhyira pii a adesamma a wogye di no benya wɔ wiase foforo no mu ho mfonini. Saa bere no wobenya Yesu ogye afɔre no mu nhyira no nyinaa, na wobeyi amanehunu a bɔne ne sintɔ de ba no afi hɔ. Hwɛ sɛnea yebenya biribi agyina so ‘ateɛm anigye mu,’ sɛnea Elihu kae no!​—Hiob 33:26.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena