Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 3/1 kr. 8-9
  • Wosie No Fida, Ɔboda A Hwee Nnim Kwasida

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wosie No Fida, Ɔboda A Hwee Nnim Kwasida
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsiesiee Yesu Amu Kɔsiee No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɛnyɛ Homeda A Wogu Ho Fĩ
    Nyan!—1981
  • Ɛsɛ Sɛ Kristofo Di Homeda Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Yesu Asetra Sɛ Ɔdesani No Da A Etwa To
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 3/1 kr. 8-9

Yesu Asetra ne ne Som Adwuma

Wosie No Fida, Ɔboda A Hwee Nnim Kwasida

SAA bere yi, adu Fida anwummere, na Nisan 15 Homeda no befi ase bere a owia akɔtɔ. Yesu amu sɛn dua no so, nanso na adwowtwafo baanu a wɔka ne ho no nwui. Wɔfrɛ Fida awia sɛ Ahoboaboa Da efisɛ saa bere no na nkurɔfo noa nnuan na wɔyɛ adwuma foforo biara a ɛho hia a wɔrentumi ntwɛn ma Homeda no atwam ansa na wɔayɛ no.

Homeda a ɛrenkyɛ na afi ase no nyɛ dapɛn dapɛn Homeda nkutoo (dapɛn no mu da a ɛto so ason) na mmom ɛyɛ Homeda abien, anaa “kɛse” nso. Wɔfrɛ no saa efisɛ Nisan 15, a ɛne nnanson Apiti Afahyɛ no da a edi kan (na ɛyɛ Homeda bere nyinaa, a nnawɔtwe no mu da a ɛto so no mfa ho) no ne dapɛn dapɛn Homeda no si da koro.

Sɛnea Onyankopɔn mmara kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔma amu sɛn asɛndua so ma ade kye. Enti Yudafo no srɛ Pilato sɛ wommubu wɔn a wɔrekum wɔn no nan na wɔawu ntɛm. Enti asraafo no bubu adwowtwafo baanu no anan. Nanso esiane sɛ ɛte sɛ nea Yesu awu nti, wommmubu ne nan. Eyi ma kyerɛwsɛm sɛ: “Wommmu ne dompe bi,” no ba mu.

Nanso, nea ɛbɛyɛ na obiara adwenem anyɛ no naa sɛ Yesu awu ampa no, asraafo no mu biako de peaw wɔ ne mfem. Peaw no hwirew baabi a ne koma wɔ no, na ntɛm ara mogya ne nsu fi mu ba. Ɔsomafo Yohane a ohuu nea ɛkɔɔ so no bɔ amanneɛ sɛ eyi ma kyerɛwsɛm foforo yi nso ba mu sɛ: “Wɔbɛhwɛ nea wɔwɔɔ no no.”

Yosef a ofi Arimatea kurow mu a ɔyɛ Sanhedrin no muni a wobu no nso wɔ hɔ na wokum wɔn. Wampene asennibea kunini no adeyɛ a atɛntrenee nnim a wɔde tiaa Yesu no so. Nokwarem no, Yosef yɛ Yesu suani, ɛwom sɛ na osuro sɛ ɔbɛma wɔahu no sɛ ɔyɛ bi de. Nanso, afei de, onya akokoduru, na ɔkɔsrɛ Yesu amu wɔ Pilato hɔ. Pilato ma wɔfrɛ asraafo panyin no ba, na osi so dua sɛ Yesu awu akyi no, Pilato dan amu no ma.

Yosef fa amu no na ɔde nwera fɛfɛɛfɛ kyekyere ho de siesie no ma asiei. Nikodemo a ɔno nso yɛ Sanhedrin no muni no bɛboa no. Nikodemo nso anna Yesu mu gyidi a ɔwɔ no adi, esiane sɛ na osuro sɛ ne dibea befi ne nsa nti. Nanso afei de ɔde kurobow ne pɛprɛ mfrafrae a ne bo yɛ den bɛyɛ Romafo nkaribo ɔha ba. Wode nwera a nnuru yi wom no kyekyere Yesu amu no, sɛnea Yudafo afunsie ho amanne te no pɛpɛɛpɛ.

Afei wɔde Yesu amu no kɔto Yosef nkae ɔboda foforo bi a wɔatwa wɔ turo bi a ɛbɛn hɔ mu ɔbotan mu. Awiei koraa no, wopirew ɔbo kɛse bi to ɔboda no ano. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔawie amu no sie ansa na Homeda no afi ase nti, wɔde ahoɔhare na esiesie amu no. Enti, Maria Magdalene ne Yakobo Kumaa ne na Maria, a na ebia wɔreboa amu no siesie no, yɛ ntɛm kɔ fie kosiesie nnuru ne ngo huamhuam pii. Na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ Homeda no twam a, wɔbɛkɔ akɔhyɛ Yesu amu no aduru bio sɛnea ɛbɛyɛ na akyɛ.

Ade kyee Memeneda (Homeda) no, asɔfo mpanyin ne Farisifo nɔ kɔ Pilato nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: “Owura, yɛakae sɛ ɔdaadaafo no te ase no, ɔkae sɛ: Nnansa na menyan. Enti hyɛ ma wɔnkɔwɛn ɔda no yiye nkodu da a ɛto so abiɛsa no na asuafo no ammewia no anadwo, na wɔanka ankyerɛ ɔman no sɛ: Wanyan afi awufo mu, na anka akyiri yi nnaadaa bɛsen kan de no.”

Pilato bua sɛ: “Munnye awɛmfo nkɔ nkɔwɛn sɛnea mubetumi.” Enti wɔkɔsɔ ɔbo no ano na wɔma Romafo asraafo wɛn ɔda no.

Kwasida anɔpa tutuutu no, Maria Magdalene ne Yakobo ne na Maria, a Salome, Yohana, ne mmea afoforo ka wɔn ho de nnuru ba ɔboda no mu sɛ wɔrebɛhyɛ Yesu amu no aduru. Wosisee wɔn ho ɔkwan mu sɛ: “Hena na obepirew ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn?” Nanso woduu hɔ no, wohu sɛ asasewosow bi asi na Yehowa bɔfo abepirew ɔbo no afi hɔ. Awɛmfo no nni hɔ, na hwee nni ɔboda no mu! Mateo 27:57-28:2; Marko 15:42-16:4; Luka 23:50-24:3, 10; Yohane 19:31-20:1; 19:14; 12:42; Leviticus 23:5-7; Deuteronomium 21:22, 23; Dwom 34:20; Sakaria 12:10.

◆ Dɛn nti na wɔfrɛ Fida sɛ Ahosiesie Da, na dɛn ne Homeda “kɛse”?

◆ Yesu amu ho kyerɛw nsɛm bɛn na ɛbam?

◆ Kyɛfa bɛn na Yosef ne Nikodemo nya wɔ Yesu sie mu, na abusuabɔ bɛn na ɛwɔ wɔne Yesu ntam?

◆ Adesrɛde bɛn na asɔfo no de kɔto Pilato anim, na obua dɛn?

◆ Dɛn na esi Kwasida anɔpa tutuutu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena