Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 8-13
  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Wɔhwehwɛ Yehowa Akyi Kwan Ni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Wɔhwehwɛ Yehowa Akyi Kwan Ni
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wohia Mmoa
  • Nnamyɛ ne Dwumadi Bere Ni
  • Mmoa a Ɛfata Bɛn na Yebetumi de Ama?
  • Yehowa Fata sɛ Yɛhwehwɛ N’Akyi Kwan
  • So Wubisa Sɛ, ‘Yehowa Wɔ He?’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Sɛnea Yehowa Bɛn Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yehowa Dwen Wo ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 8-13

Bere A Ɛsɛ Sɛ Wɔhwehwɛ Yehowa Akyi Kwan Ni

“[Yehowa] fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ [Yehowa] akyi kwan.”​—DWOM 14:2.

1, 2. (a) Nnipa pii bu nokware Nyankopɔn, Yehowa, dɛn? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa abu adesamma anibiannaso no?

NNIPA a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, wɔn a wose obiara rentumi nhu sɛ ɔwɔ hɔ, wɔn a wɔsom atoro anyame, ne ɔpepem pii a wose wogye Onyankopɔn di nanso wɔde wɔn nnwuma pa no no pow nokware Nyankopɔn Yehowa nnɛ. (Tito 1:16) Te sɛ afeha 19 Germanni nyansapɛfo Nietzsche no, pii gye di sɛ “Onyankopɔn awu.” So Yehowa nhu anibiannaso bɔne a ɛte sɛe no? Dabi, efisɛ ɔde honhom kaa Dawid ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: [Yehowa] bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛe ayɛ no akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.”​—Dwom 14:1.

2 Dawid toaa so sɛ: “[Yehowa] fi soro hwɛ nnipa mma, sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma, obi a ɔhwehwɛ [Yehowa] akyi kwan.” Yiw, Amansan Hene no nim wɔn a wɔpɛ sɛ wohu no na wɔsom no. Enti, mmɔdenbɔ mu a yebefi ahwehwɛ n’akyi kwan mprempren ho hia. Ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ yebenya daa nkwa anaa daa ɔsɛe.​—Dwom 14:2; Mateo 25:41, 46; Hebrifo 11:6.

3. Dɛn na ebetumi aba daakye?

3 Enti, yetumi hu nea nti a ɛho hia sɛ yɛboa afoforo ma wɔhwehwɛ Yehowa akyi kwan mprempren no. Nnipa ɔpepem pii da so ara wɔ hɔ a wonhyiaa Yehowa Adansefo pɛn na wɔntee “ahenni no ho asɛmpa” no da nso. Na yennim sɛnea “nnipakuw kɛse” no dodow bɛkɔ soro akodu ansa na “ahohiahia kɛse” no aba. Nanso nokwarem no, hokwan wɔ hɔ sɛ nnipa pii bɛhwehwɛ Yehowa Nyankopɔn akyi kwan na wɔahu no mmere a ɛda yɛn anim yi mu ansa na aka akyiri. Afei asemmisa no ne sɛ, Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa mpempem pii ma wɔahu Onyankopɔn?​—Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9, 14.

4, 5. Wɔ onyame bi akyi kwan a wɔhwehwɛ mu no, dɛn na nnipa pii pɛ?

4 Nnipa a wɔwɔ wiase mu nnɛ no mu pii rehwehwɛ biribi, nanso dɛn na wɔrehwehwɛ? Kakraa bi pɛ na wɔrehwehwɛ nokware Nyankopɔn koro, Yehowa ankasa. Nea pii pɛ ne onyame bi a ɔpene nea wɔn ankasa hwehwɛ ne adwene a wɔwɔ no so. Sɛnea Amerikani bi a obisa nkurɔfo nsusuwii wɔ nsɛm ho de yɛ nhwehwɛmu, George Gallup, Jr., kae no: “Esiane asetra mu nsɛm a wɔde ayɛ ɔsom a adɔɔso nti, sɛ ɛba nsisi, tow a wontua, ne adewia mu a, wunhu wɔn a wɔkɔ asɔre ne wɔn a wɔnkɔ mu nsonsonoe kɛse biara.” Ɔde ka ho sɛ “pii rehyehyɛ ɔsom bi a ɛma wɔn ahotɔ ne anigye ara kwa . . . Obi frɛɛ no sɛ ɔsom a ɛma hokwan ma obi yɛ nea ɔpɛ biara.”

5 Afoforo bɛka sɛ, “Me som no ara ye ma me.” Nokwarem no, nea ɛsɛ sɛ wobisa ne sɛ, “So me som no ara ye ma Onyankopɔn anaa?” Ampa, ɛdɔɔso ma Kristoman ne Hindusom mufo dodow no ara sɛ wɔbɛsom wɔn ahoni ne abosom no. Baasakoro nyame bi a onni din som dɔɔso ma pii a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo. Na Nkramofo bɛboro ɔpepem 900 gye Allah di. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni ɔpepem pii se Onyankopɔn biara nni hɔ.

Wɔn a Wohia Mmoa

6. Dɛn na Ɔwɛn-Aban akenkafo pii ahu?

6 Na yɛn a yɛkenkan nsɛmma nhoma yi daa no nso ɛ? Yɛahwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan na yɛahu no. Yɛama nsɛm a ɛwɔ Yakobo 4:8 no abam sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Yɛnam yɛn ho a yɛde bɔ Kristofo asafo no ho so abɛn Onyankopɔn, na yɛn ankasa yɛahu sɛnea Yehowa twiw bɛn yɛn no.​—Yohane 6:44, 65.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ hyew wɔ nokware no mu?

7 Nanso, yenim sɛ nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wɔn ani gye ho sɛ wɔne Yehowa nkurɔfo bɛbɔ bere ne bere mu nanso wɔnhyɛɛ da mmɛn Yehowa denam ahosohyira ne asubɔ so ɛ. Yɛyɛ dɛn hu eyi? Wɔ 1990 mu no, nnipa a wɔreyɛ adu ɔpepem du na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no. Nanso wɔn mu baahe na wɔreka Ahenni no ho asɛmpa ankasa? Bɛboro ɔpepem anan pɛ. Ɛno kyerɛ sɛ yɛwɔ nnipa bɛyɛ ɔpepem asia a wɔpɛ nokware no, na ɛtɔ mmere bi a wɔne yɛn bɔ, nanso womfii ase sɛ wɔbɛkamfo nokware no mu kasa kronn no akyerɛ denam Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ no so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛtɔ mmere bi a, wɔn mu pii kasa ma Yehowa ne n’Ahenni nniso no. Nanso, wonnya nnaa wɔn ho adi pefee sɛ Yehowa Adansefo ɛ. Yɛpɛ sɛ yɛboa eyinom nso.​—Sefania 3:9; Marko 13:10.

8, 9. (a) Dɛn na Yehowa hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ? (b) Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebebu yɛn ani agu Yehowa afotu so?

8 Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ eyinom nkuran ma wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ anigye na wɔyɛ nnam wɔ adwuma kɛse a wɔreyɛ no wiase nyinaa no fã a etwa to no mu. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ Yehowa ɔfrɛ a efi ɔdɔ mu a ɛwɔ Mmebusɛm 1:23 no nsow: “Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.” (Fa toto Yohane 4:14 ho.) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ Yehowa ani begye mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebegye ne din ne ne som atom no ho! Nokwarem no, yɛmpɛ sɛ wɔde yɛn ka wɔn a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Mmebusɛm 1:24, 25 no ho sɛ: “Mafrɛ, na mokame, mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee, na motow m’afotu nyinaa kyene, na me kasakyerɛ no, mompɛ.”

9 Wɔn a wobu wɔn ani gu Yehowa afotu sɛ wɔnhwehwɛ n’akyi kwan bere a ɔbɛma wɔahu no so, na wotu wɔn gyinaesi hyɛ da kosi sɛ wobehu sɛ ahohiahia kɛse no refi ase no behu sɛ wɔatwɛn ma akyɛ dodo. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wonni gyidi ne nyansa, na wobu Yehowa ɔdom a ɛnsɛ wɔn no animtiaa.​—2 Korintofo 6:1, 2.

10. Dɛn nti na asiane wom sɛ yɛbɛyɛ anibiannaso?

10 Sɛ yɛbɛyɛ hia a ehia sɛ wɔyɛ ade ntɛm ho nhwɛso a, so bere a woyare mpafe nkutoo na wubedi oduruyɛfo bi afotu pa so anaa? Anaasɛ, bere a wudii kan huu ɔyare no ho sɛnkyerɛnne no mmom? Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so twentwɛn wo nan ase sɛ wobɛtwe wo ho afi Satan wiase bɔne no ho na woagyina Yehowa ne n’Adansefo no afa? Wɔma nea efi anibiannaso, ne nneɛma a wobu ani gu so mu ba no da adi pefee wɔ Mmebusɛm 1:26-29: “Me nso mɛserew mo mo amane mu, mo ahopopo bɛba no, meyi mo ahii . . . Ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me. Esiane sɛ wokyi nimdeɛ, na wɔampɛ [Yehowa] suro.” Mommma wonnhu yɛn sɛ ‘yɛrehwehwɛ Yehowa’ bere a aka akyiri dodo!

11. Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn?

11 Ebia wɔn a wɔkenkan nsɛmma nhoma yi binom da so ara rehwehwɛ nokware Nyankopɔn no akyi kwan. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ wokɔ so hwehwɛ. Yɛn mpaebɔ ne sɛ Bible mu nimdeɛ a wunya no bɛkanyan wo ma woagyina nokware no afã pintinn. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa Adansefo asafo biara ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo wɔ hwehwɛ a worehwehwɛ no mu.​—Filipifo 2:1-4.

Nnamyɛ ne Dwumadi Bere Ni

12, 13. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ nokware som ho biribi?

12 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa de yɛn ho bata Yehowa ne ne nokware som ho? Efisɛ wiase mu nsɛm a esisi no rekɔ awiei. Nsɛm resisi ntɛmntɛm sen sɛnea nnipa tumi hyɛ no nsow. Ɛnyɛ bere a yɛbɛyɛ anibiannaso anaa boturobodwo ni. Yesu kaa no pefee sɛ: “Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.” Ɔkae nso sɛ: “Obiara a n’ani bewu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔne n’Agya ne abɔfo kronkron anuonyam bɛba no.”​—Mateo 12:30; Luka 9:26.

13 Mprempren ne nnamyɛ ne dwumadi bere! Yenim sɛnea wiase nsɛm bɛkɔ akowie, na Harmagedon abɛn yiye. Enti ɔfrɛ no ne sɛ yɛnhwehwɛ Yehowa mprempren, bere a ɔbɛma yɛahu no no, ansa na ‘n’abufuw da no’ aba. Ahohiahia kɛse no mu no, ɛbɛyɛ nea aka akyiri dodo.​—Sefania 2:2, 3; Romafo 13:11, 12; Adiyisɛm 16:14, 16.

14. Ntease ahorow bɛn na yɛwɔ nti a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan?

14 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ adesamma nyinaa hwehwɛ Yehowa anim dom mprempren. Ɔsomafo Paulo kaa no yiye wɔ Asomafo no Nnwuma 17:26-28 sɛ: “Na [Onyankopɔn] maa nnipa aman nyinaa fi onipa biako mu traa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmere horow ne wɔn trabea hye ato hɔ ama wɔn sɛ wɔnhwehwɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, ne yɛwɔ hɔ.” Saa asɛm a etwa to a ɛne “na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, ne yɛwɔ hɔ” no ma yenya ntease a ɛdɔɔso nti a ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan. Yehowa dom so nti na yɛte ase wɔ asase ketewaa yi fã ketewaa a abɔde a nkwa wom tumi tra na ɛho hia yi so. So ɛnsɛ sɛ yɛda Amansan Hene no ase? Na so ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi de da no ase anaa?​—Asomafo no Nnwuma 4:24.

15. (a) Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee tee nka sɛ ɛno ne ɔsom a ɛkorɔn atirimpɔw? (b) Sɛ yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛw bere bi sɛ: “Ɔsom a ɛkorɔn nokware atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma honhom mu afotu ne nokware ahorow a ɛwom no ahyerɛn akɔ akra dodow biara a ebedu wɔn so no mu, sɛnea ɛbɛyɛ na akra yi mu biara atumi adi nokware atirimpɔw a ɛwɔ hɔ ma Onipa no ho dwuma. Nokware atirimpɔw a ɛwɔ hɔ ma Onipa ne sɛ ɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na wanya Ne mu anigye daa daa.” (An Historian’s Approach to Religion, nkratafa 268-9) Sɛ yɛbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛsɛ sɛ yedi kan hwehwɛ no na yenya ɔne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ. Enti, Yesaia ɔfrɛ no fata yiye: “Monhwehwɛ Yehowa, bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no. Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”​—Yesaia 55:6, 7.

Mmoa a Ɛfata Bɛn na Yebetumi de Ama?

16. (a) Asɛnnennen bɛn na ɛda Kristofo asafo no anim? (b) Ɔkwan a ɛfata bɛn so na yebetumi aboa afoforo ma wɔasom Yehowa?

16 Anigyefo ɔpepem pii a wonnya mmɛyɛɛ adawurubɔfo a wɔyɛ hyew no yɛ asɛnnennen ma yɛn nyinaa. Dɛn na yɛreyɛ, sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo, ne adawurubɔfo, na yɛde aboa wɔn a wɔpɛ nokware yi na wɔabɛka yɛn ho wɔ nokware som mu? Ɔkwan biako a yɛnam so de mmoa a ɛfata ma wɔ faako a ɛho hia ne sɛ yɛbɛkɔ akɔfa wɔn wɔ wɔn afie mu akɔ nhyiam horow ase wɔ Ahenni Asa so, na wɔn nso anya Yehowa honhom no mu mfaso daa. Ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ ma Hebrifo no wɔ ti 10, nkyekyem 24 ne 25, no gye ntɛmpɛ nnɛ te sɛ nea na ɛte saa bere no ara pɛ: “Na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow no ara a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” Yɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa dom nyinaa nkuran sɛ wɔne Yehowa Adansefo mmɔ daa wɔ wɔn mpɔtam hɔ Ahenni Asa so.

17. Sɛ yebetumi aboa Bible asuafo ma wɔanya nkɔso wɔ Yehowa akyi kwan a wɔhwehwɛ mu a, nsemmisa bɛn na ɛho mmuaema ho hia?

17 Sɛ yɛne obi a ɔba nhyiam daa resua ade a, so yebetumi aboa onii no na wafata sɛ nea ɔbɔ asɛmpa no ho dawuru? (Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma, nkratafa 97-9.) Na sɛ onya bɛyɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a, so yɛto nsa frɛ no sɛ ɔne yɛn nkɔyɛ yɛn baguam asɛnka adwuma no daa, na ɔne yɛn nkɔyɛ yɛn adesua ne sankɔhwɛ ahorow no bi bere nyinaa anaa? (Hwɛ December 1, 1989, The Watchtower, kratafa 31.) Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, sɛ saa afoforofo yi fata a, so yɛhyɛ wɔn nkuran denam hu a yɛma wɔn ankasa hu nneɛma pa a efi yɛn asɛnka dwumadi mu ba no bi no so anaa?​—Mateo 28:19, 20.

Yehowa Fata sɛ Yɛhwehwɛ N’Akyi Kwan

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ne mmɔborɔhunu adi akyerɛ adesamma?

18 Esiane Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no nti, sɛ yenu yɛn ho na yɛkyerɛ gyidi a, Yehowa remmu yɛn kan bɔne ne anibiannaso ho akontaa ntia yɛn bio. Hyɛ Dawid nsɛm yi nsow: “Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ Yehowa yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma!”​—Dwom 103:10-14; Hebrifo 10:10, 12-14.

19. Nkuranhyɛ bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a ebia wɔatwe wɔn ho afi nokware no ho no?

19 Yehowa ne papayɛ ne mmɔborɔhunu Nyankopɔn no ampa. Sɛ yɛde ahobrɛase ne ahonu kɔ ne nkyɛn a, ɔde firi na ɔma ne werɛ fi. Ɔmfa yɛn ho menasepɔw daa a ɛbɛma wayɛ yɛn ayayade wɔ hell-gya mu. Dabi, ɛte sɛ nea Yehowa kae no: “Me, me ara, mene nea ɔpopa wo mmarato, me ara nti, na wo bɔne nso, merenkae.” Nkuranhyɛ bɛn ara na ɛsɛ sɛ eyi yɛ ma wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nokware no ho na wɔabu wɔn ani agu wɔne Yehowa ntam abusuabɔ so sɛɛ yi! Wɔhyɛ wɔn nso nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan mprempren na wɔnsan ne ne nkurɔfo a ne din da wɔn so no mmɛbɔ bio.​—Yesaia 43:25.

20, 21. (a) Nhwɛso a ɛhyɛ nkuran bɛn na tete Yuda yɛ ma yɛn? (b) Dɛn na na ɛsɛ sɛ Yudafo no yɛ ansa na wɔanya Yehowa nhyira?

20 Tete Yuda Hene Asa yɛ eyi ho nhwɛso a ɛhyɛ nkuran. Ɔtɔree atoro som ase fii ne man mu, nanso ɛkaa abosonsom ho nneɛma kakraa bi. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Beresosɛm 15, nkyekyem 2 kosi 4, no kyerɛkyerɛ nea odiyifo Asaria ka kyerɛɛ Asa de bɔɔ no nkae no mu: “Yehowa ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo. Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no . . . Na wɔn ahohia mu, wɔsan baa Yehowa Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔma wohuu no.”

21 Yehowa amfa ne ho anhintaw Ɔhene Asa na mmom “ɔma wohuu no.” Ɔhene no yɛɛ n’ade dɛn wɔ nkrasɛm yi ho? Nkyekyem 8 ne 12, wɔ ti koro no ara mu bua sɛ: “Na Asa tee nsɛm yi no . . ., ɔhyɛɛ ne ho den na oyii atantanne no fii . . . asase no nyinaa so . . . na ɔyɛɛ Yehowa afɔremuka a ɛwɔ Yehowa ntwironoa no anim no foforo. Na [Yuda] kɔɔ apam no mu sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no.” Yiw, “wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa” hwehwɛɛ Yehowa akyi kwan. Dɛn na efii mu ba maa ɔman no? Nkyekyem 15 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Yuda nyinaa ani gyee nsua no ho, efisɛ wɔn koma nyinaa na wɔde suae; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no, na ɔma wohuu no, na Yehowa maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.”

22. Dɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ hyew wɔ Yehowa som mu mprempren?

22 Afei, so eyi nyɛ nkuranhyɛ mma yɛn nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ Yehowa ɔsom kronn ho biribi anaa? Yenim sɛ nnipa pii wɔ hɔ a wobetumi abeyi Yehowa ayɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom mu pii reyɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu na ama wɔatumi adu Yehowa som ho Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ahorow ho. Afoforo renyin wɔ nhumu ne gyidi mu, wɔrehwehwɛ Yehowa akyi kwan, na ɛrenkyɛ ɛbɛka wɔn ma wɔaka kasa kronn akyerɛ afoforo denam Yehowa ne n’Ahenni atirimpɔw ho nokware ahorow mu ntease a emu dɔ a wɔbɛma wɔahu so. Na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa hwehwɛ Yehowa akyi kwan mprempren a ɔbɛma wɔahu no yi? Efisɛ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no abɛn!​—Yesaia 65:17-25; Luka 21:29-33; Romafo 10:13-15.

So Wokae?

◻ Hefo na wɔyɛ anibiannaso wɔ nokware Nyankopɔn, Yehowa, ho?

◻ Ɔsom taa nya abrabɔ so nkɛntɛnso kodu he?

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Adansefo a wɔyɛ hyew dodow betumi akɔ anim?

◻ Dɛn nti na mprempren ne nnamyɛ ne dwumadi bere?

◻ Dɛn nti na Yehowa fata sɛ wɔhwehwɛ n’akyi kwan?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yehowa Adansefo nnamfonom a wɔba Nkaedi no mu pii yɛ wɔn a wobetumi abɛyɛ Onyankopɔn asomfo

Nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no wɔ 1990 mu: 9,950,058

1990 adawurubɔfo dodow a ɛsen biara: 4,017,213

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔhene Asa bere so no, ɔman no dan baa Yehowa nkyɛn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena