Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 4/1 kr. 29
  • “Kyerɛwsɛm Biara a Ɔkenkanee no Kaa Me Koma”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kyerɛwsɛm Biara a Ɔkenkanee no Kaa Me Koma”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Buddhani?
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔdɔ a Medii Kan Nyae no Aboa Me Ma Makɔ So Asom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Ahenni Asɛmpa a Efi Australia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 4/1 kr. 29

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

“Kyerɛwsɛm Biara a Ɔkenkanee no Kaa Me Koma”

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Eyi yɛɛ nokware wɔ ɔbea bi a ofi Vietnam a wɔtetee no sɛ Budhani no asetra mu. Ne ho asɛm na edi so yi.

“M’awofo a wɔda so wɔ Vietnam no frɛ wɔn ho Budhafo, enti wɔtetee me sɛ Budhani kosi sɛ mewaree bere a na madi mfe 22. Me kunu abusuafo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ me abɔ me asu wɔ Katolek Asɔre no mu. Wɔkae sɛ me Budhani a meyɛ no resiw m’asebea a wawu no sorokɔ kwan! Mfiase no, mepowee sɛ mɛyɛ saa, nanso akyiri yi, mema wɔbɔɔ me asu na masɔ wɔn ani. Nanso metee nka wɔ me koma mu sɛ mereyɛ biribi a ɛyɛ serew, efisɛ na mikyi nyaatwomyɛ a ɛwɔ Kotolek Asɔre no mu no. Na nsonsonoe biara nni ɛno ne Budhasom mu. Na ɛno nso de no ho ahyɛ akodi ne amammuisɛm mu, na ɔsom abien no nyinaa hyɛ nananom som ho nkuran.

“Metraa Vietnam a, anka ebia merennya hokwan nsua nokware no. Minyinii bere a na amammui mu basabasayɛ rekɔ so wɔ Vietnam Kesee Fam no, na metraa kurow bi a ɛne Saigon mu twe yiye mu. Enti ɛyɛ nhyira ma me sɛ mitumi guan kɔɔ Australia.

“Na meyɛ aguanfo a esii wɔn yiye no bi. Na ɛsɛ sɛ mefa sum mu guan polisifo, a mikura me ba a wadi asram abien no, na mekɔtra hyɛmma ketewaa bi a wɔde yi apataa mu. Yedii nnanson wɔ po so akyi no, yekoduu Malaysia, na yɛtraa aguanfo atrae bɛyɛ asram kakraa bi ansa na yɛrekɔ Australia.

“Midii mfe abien ne fã wɔ Australia akyi no. Yehowa Adansefo baa me nkyɛn wɔ wɔn afie afie asɛnka dwumadi mu. Ɛda a edi kan a wɔbaa me nkyɛn no, mepenee so sɛ mesua Bible no daa efisɛ mihui sɛ eyi yɛ hokwan pa a menam so besua Engiresi kasa. Nanso m’ani gyee Ɔdansefo a ɔbaa me nkyɛn no suban ne nokware a ɔkyerɛɛ me no ho yiye. Kyerɛwsɛm biara a ɔkenkanee no kaa me koma, na na mintumi nhu nyaatwomyɛ biara wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Misuaa Bible no bɛyɛ afe ne fã akyi no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ me asu.

“Ɛsɛ sɛ meka sɛ nokware no asakra asetra ho adwene a mikura no koraa. Me kunu nyɛ gyidini, nanso Yehowa aboa me na wawowaw me ne m’abusua ketewaa no. Wayɛ me Kyerɛkyerɛfo Kɛse, na wakyerɛkyerɛ me ama mayɛ ɔyere ne ɛna pa. Mekɔ so da Yehowa ase sɛ waboa me ma mafi honhom mu sum mu aba Bible nokware hann mu.” Ampa, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no daa tumi a adepa fii mu bae adi wɔ ha. Bible no sua ne nea wosua a wɔde di dwuma no de ntease ne atirimpɔw ba asetra mu na ɛde daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu na ɛba. Sɛnea Onyankopɔn de honhom kaa Mose ma ɔkae no, “ɛnyɛ mo asɛnhunu, na ɛne mo nkwa.”​—Deuteronomium 32:47.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena