“Awurade Da No”
“MENAM honhom mu baa Awurade da no mu.” (Adiyisɛm 1:10, New World Translation) Saa na akwakoraa Yohane a ne mfonini wɔ atifi hɔ no kae wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no ti a edi kan no mu. Ne nsɛm no boa yɛn ma yehu bere a anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɔtoa so ka ho asɛm no nya mmamu.
Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye Adiyisɛm 1:10 nkyerɛase yi tom. Sɛ nhwɛso no, Germanni Bible asekyerɛfo Jörg Zink kyerɛ ase sɛ: “Honhom kronkron hyɛɛ me ma—na ɛyɛ Kwasida.” Nanso, Bible nkyerɛase pii kyerɛ Hela asɛmfua teiʹ ky·ri·a·keiʹ he·meʹrai ase sɛ “Awurade da no.” Nanso wɔ ase hɔ asɛm mu no, pii kyerɛ sɛ ɛkyerɛ Kwasida. So eyi teɛ?
German Herders Bibelkommentar, Katolekfo nhwehwɛmu nhoma bi kyerɛkyerɛ nea enti a wɔanya saa adwene yi mu bere a ɛka eyi no: “Ɛnyɛ Atemmu a Etwa To Da no, a wɔfrɛ no nso sɛ ‘Awurade Da no’ na wɔkyerɛ wɔ ha [wɔ Adiyisɛm 1:10], na mmom nnawɔtwe no mu da pɔtee bi. Tete Kristofo no fii ase hyɛɛ nnawɔtwe no mu da a edi kan no ho fa sɛ da a wɔde yɛ wɔn asɔre atitiriw no wɔ afeha a edi kan no mfinimfini no tɔnn. (Asomafo no Nnwuma 20:7; 1 Korintofo 16:2)” Nanso, kyerɛw nsɛm abien a nhwehwɛmu nhoma no bɔɔ din no nkyerɛ ɔkwan biara so sɛ afeha a edi kan Kristofo no buu da a edi kan wɔ nnawɔtwe no mu sɛ “da a wɔde yɛ wɔn asɔre atitiriw.”
Kyerɛwsɛm a edi kan a ɛne Asomafo no Nnwuma 20:7 no ka kɛkɛ sɛ Paulo ne wɔn a wɔka ne ho wɔ n’akwantu no mu, ne Kristofo a wofi Troa boom hyiaam nnawɔtwe no mu da a edi kan no so didii. Esiane sɛ ade kye a Paulo befi hɔ akɔ, na na ɔrenhu wɔn bio bere tenten bi nti, ɔde bere no dii dwuma de kasa kyerɛɛ wɔn kyɛe.
Kyerɛwsɛm a ɛto so abien a ɛne 1 Korintofo 16:2 no hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no nkuran sɛ wonyi sika nto hɔ “nnawɔtwe mu da a edi kan no,” na wɔanya biribi de aboa wɔn a ahia wɔn wɔ Yudea no. Nhomanimfo Adolf Deissmann kyerɛ sɛ da yi betumi ayɛ akatua da. Sɛnea ɛte biara no, na Paulo nyansahyɛ no ye, efisɛ na wɔn sika betumi asa wɔ dapɛn no mu.
Wɔnkae wɔ Bible no mu baabiara sɛ asomafo no mmere no mu Kristofo buu nnawɔtwe no mu da a edi kan, a nnɛ wɔfrɛ no Kwasida no sɛ Kristofo homeda bi, ɛda a wɔayi ɛno nkutoo asi hɔ a wohyiam sɔre daa. Asomafo no wu akyi nkutoo na wobebuu Kwasida saa, na wɔfrɛɛ no “Awurade da.” Na eyi yɛ ɔwae a Yesu ne asomafo no ankasa kaa ho asɛm siei no fã.—Mateo 13:36-43; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 1 Yohane 2:18.
Enti, dɛn ne “Awurade da no”? Adiyisɛm 1:10 twe adwene si Yesu so sɛ Awurade a ɛyɛ ne da nen. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ nsɛm te sɛ “yɛn Awurade Yesu Kristo da” no yɛ bere a wobebu adesamma ntɛn na wɔde Paradise bɛsan aba.—1 Korintofo 1:8; 15:24-26; Filipifo 1:6, 10; 2:16.
Enti, nea Hans Bruns kae wɔ ne nkyerɛase a nkyerɛkyerɛmu ka ho a ɛne Das Neue Testament (Apam Foforo No) no mu no teɛ, bere a ɔkaa eyi no: “Ebinom kyerɛ sɛ ɔno [Yohane] reka Kwasida ho asɛm wɔ ha, nanso ɛda adi kɛse sɛ na ɔreka Awurade anuonyam Da a ne nkyerɛkyerɛmu a edi akyiri no nyinaa fa ho no ho asɛm.” W. E. Vine se: “‘Awurade Da no’. . . ne Da a Obebu wiase no atɛn.” “Fritz Rienecker Lexikon zur Bibel (Bible no Nkyerɛase) ka sɛ “Awurade da no” kyerɛ “atemmu da.” Asɛm a ɛne “Awurade da” no ntease a ɛteɛ no boa yɛn ma yɛte Adiyisɛm nhoma no nyinaa ase. Afei nso, adanse no kyerɛ sɛ da no afi ase dedaw. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ‘yebetie Adiyisɛm nkɔmhyɛ no mu nsɛm na yɛadi nneɛma a wɔakyerɛw wom no so’!—Adiyisɛm 1:3, 19.
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Wɔde Adiyisɛm nhoma no mu nkyekyem biara mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ ne ne ntease foforo ama wɔ “Revelation—Its Grand Climax At Hand” no mu. Mprempren wɔatintim nhoma a wɔde sua Bible a emu nsɛm yɛ anigye yi wɔ kasa horow 33 mu