Anisoadehu A Ɛyɛ Anigye Na Ɛhyɛ Gyidi Den
Adiyisɛm mu Nsɛntitiriw
YEHOWA akoa Yohane wɔ supɔw ketewaa Patmo, a ɛwɔ Asia Kumaa atɔe fam mpoano no so. Ɛhɔ na ɔsomafo akwakoraa yi hu nneɛma a ɛyɛ nwonwa—nsɛnkyerɛnne, ɛyɛ ahodwiriw mpɛn pii, na ɛkyerɛ biribi ankasa! Ɔba Awurade da no, a efi ase fi bere a wɔde Yesu sii agua so wɔ 1914 mu kosi Ne Mfirihyia Apem Ahenni awiei no mu. Ɛwom sɛ Yohane hu nsɛm a ebesisi wɔ adesamma asetra mu bere a ennye sen biara mu de, nanso hwɛ sɛnea Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a odii kan hui no yɛ fɛ fa! Nhyira bɛn ara na adesamma asoɔmmerɛfo benya sɛɛ yi!
Yohane kyerɛwee anisoadehu ahorow yi wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no mu. Nhoma a wɔkyerɛw bɛyɛ afe 96 Y.B. mu yi betumi ahyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ nkɔmhyɛ Nyankopɔn, Yehowa, ne ne Ba, Yesu Kristo, mu no den.—Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma pii a, hwɛ nhoma Revelation-Its Grand Climax At Hand!, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no mu.
Kristo de Afotu a Ɔdɔ Wom Ma
Adiyisɛm a Onyankopɔn nam Kristo so de mae no mfiase pɛɛ na wohu nkrataa a wɔkyerɛw kɔmaa Yesu Ahenni mfɛfo adedifo asafo ahorow ason. (1:1-3:22) Krataa no mu nyinaa no, ɛde nkamfo ma, ɛda ɔhaw ahorow adi, ɛde nteɛso ne/anaa nkuranhyɛ ma, na ɛkyerɛ nhyira horow a ebefi nokwaredi a wɔde yɛ osetie mu aba. Ɛwom sɛ na Efesofo no anya boasetɔ de, nanso na wɔagyaa wɔn kan dɔ no. Wɔhyɛ Smirna asafo a wɔyɛ honhom mu adefo no nkuran sɛ wɔnkɔ so nni nokware wɔ ahohia mu. Ɔtaa antumi anni Pergamo asafo no so nkonim, nanso wɔama mpaapaemu ho kwan. Ɛmfa ho sɛ Kristofo a wɔwɔ Tiatira anya wɔn dwumadi mu nkɔanim no, Isebel nkɛntɛnso wɔ wɔn mu. Ehia sɛ Sardi asafo no nyan wɔ honhom mu, wɔhyɛ Filadelfia asafo nkuran sɛ wɔnkɔ so nkura nea wɔwɔ no mu, na Laodikea asafo a wɔyɛ boturobodwo no hia honhom mu ayaresa.
Nsɛm a eye ma daakye ɔsoro ahemfo ntetee bɛn ara ni—nokwarem no, Kristofo nyinaa! Sɛ nhwɛso no, so yɛn mu bi ayɛ boturobodwo? Ɛnde yɛ ho biribi! Yɛ sɛ kuruwa mu nsuonwini a ɛma ahomeka wɔ ɛda bi a ɔhyew wom mu, nanso fi ase da Yehowa ne ne som ho nnamyɛ a ɛyɛ hyew adi.—Fa toto Mateo 11:28, 29; Yohane 2:17 ho.
Oguammaa no Bue Nhoma Mmobɔwee bi Mu
Afei wohu Yehowa sɛ ɔte n’ahengua so wɔ anuonyam mu. (4:1-5:14)Mpanyimfo 24 ne ateasefo baanan atwa ne ho ahyia. Okura nhoma mmobɔwee bi a wɔde nsɔano ason asosɔ ano. Hena na obetumi abue nhoma mmobɔwee no mu? Yesu Kristo, Oguammaa no, na ɔfata sɛ ɔyɛ saa!
Nsɛm akɛse sisi bere a Oguammaa no tew nsɔano no mu asia ano no. (6:1-7:17) Wɔtew nsɔano a edi kan no ano no, Kristo pue a ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so, wɔma no ahemmotiri (wɔ 1914 mu), na okodi nkonim Bere a wɔtew nsɔano afoforo abiɛsa ano no, apɔnkɔsotefo afoforo de akodi, ɔkɔm, ne owu ba adesamma so. Wɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, wɔn a Kristo nti wokunkum wɔn no teɛm sɛ wonni wɔn mogya so werɛ, na wɔma wɔn mu biara “atade fitaa,” a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ trenee gyinabea ma enti wobenyan wɔn afi awufo mu ma wɔayɛ honhom abɔde a wɔwɔ adehye hokwan ahorow ne nkwa a owu nnim. (Fa toto Adiyisɛm 3:5; 4:4 ho.) Wɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, asasewosow bi di Onyankopɔn ne Oguammaa no abufuw da no anim ba. Nanso woso “asase mframa anan” a egyina hɔ ma ɔsɛe atemmu no mu, kosi sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn nkoa 144,000 no ano ansa. Sɛ wɔde Onyankopɔn honhom no sra wɔn na wogye wɔn sɛ ne honhom mu mma a, wɔma wodi kan nya wɔn soro adedi no ho sɛnkyerɛnne bi—nsɔano, anaa bɔhyɛ. Wɔn sɔhwɛ akyi nkutoo ansa na nsɔano no bɛyɛ nea ɛtra hɔ daa. (Romafo 8:15-17; 2 Korintofo 1:21, 22) Na hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ Yohane nwonwa sɛ ohu “nnipakuw kɛse” bi a wofi amanaman nyinaa mu—nipadɔm pii a wɔwɔ daa nkwa wɔ asase so paradise mu ho anidaso! Wofi “ahohiahia kɛse,” a ɛyɛ amanehunu bere a ebi mmae da ma adesamma no mu na aba.
Bere a wɔtew nsɔano a ɛto so ason no ano no, nsɛm a ɛyɛ nwonwa bɛn na esisi sɛɛ yi! (8:1-11:14) Dɔnhwerew fã kommyɛ, a ɛma wɔte ahotefo mpaebɔ akyi no, wɔtow afɔremuka so ogya gu asase so. Afei abɔfo baason siesie wɔn ho sɛ wɔbɛhyɛn torobɛnto de abɔ ɔhaw a Onyankopɔn de reba Kristoman so no ho dawuru. Wɔhyɛn torobɛnto no wɔ awiei bere no mu nyinaa kosi sɛ ahohiahia kɛse no befi ase. Torobɛnto anan a wɔhyɛn de ɔhaw ba asase, ɛpo, nsubɔnten, ne owia, ɔsram, ne nsoromma so. Nea ɛto so anum a wɔhyɛn no de mmoadabi bebree ba, a wogyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔba yuu bedi ako fi 1919 reba. Bere a wɔhyɛn torobɛnto a ɛto so asia no, ɛde ɛdɔm a wɔtete apɔnkɔ so ntua ba. Nea ɛne eyi mmamu hyia no, wɔn a wɔasra wɔn no, a “nnipakuw kɛse” no abɛka wɔn ho fi 1935 no, reka atemmu nkrasɛm a ɛyɛ ahoyeraw tia Kristoman ɔsom mu akannifo no.
Afei Yohane di nhoma mmobɔwee ketewaa bi, a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no gye dwumadi a wɔde ama wɔn no tom, na Onyankopɔn Asɛm no fã a ɔsoro atemmu a wɔka tia Kristoman no wɔ no ma wɔn ahoɔden. Wɔhyɛ ɔsomafo no sɛ onsusuw asɔrefi no, na ɛno kyerɛ sɛ Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛfa asɔrefi no mu nhyehyɛe ho no bɛbam ampa, ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asɔrefi hɔ no du ɔsoro gyinapɛn ahorow bi ho. Afei Onyankopɔn “adansefo baanu” a wɔasra wɔn no hyɛ nkɔm a wofurafura atweaatam, wokum wɔn, nanso wonyan. Eyi twe adwene si 1918-19 so, bere a atamfo maa Yehowa nkoa asɛnka adwuma no yɛɛ sɛ nea awu, nanso wɔnam anwonwa kwan so kanyan wɔn maa wɔn ɔsom adwuma no.
Wɔwo Ahenni No!
Torobɛnto a ɛto so ason no hyɛn bɔ Ahenni no awo ho dawuru. (11:15-12:17) Sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea bi (Yehowa Nyankopɔn ɔsoro ahyehyɛde) wo ɔbabanin (Onyankopɔn Ahenni a Kristo di so tumi sɛ Ɔhene) wɔ soro, na ɔtweaseɛ (Satan) bɔ mmɔden sɛ ɔbɛmene no, nanso odi huammɔ. Wɔwoo Ahenni no wɔ 1914 mu akyi no, nkonimdifo Mikael (Yesu Kristo) tow ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo no kyene asase so de wie ɔko a esii wɔ soro no. Ɛhɔ na ɔtweaseɛ no kɔ so ko tia ɔsoro ɔbea no asefo nkaefo a wɔasra wɔn no.
Ɛno akyi no Yohane hu aboa bi a wɔyɛɛ ne honi bi a ɛyɛ tan. (13:1-18) Amammui aboa a ne ti ason ne ne mmɛn du yi pue fi “po,” a ɛne adesamma a wɔyɛ basabasa a wɔn mu na nnipa nniso fi ba no mu. (Fa toto Daniel 7:2-8; 8:3-8, 20-25 ho.) Hena na ɔma sɛnkyerɛnne kwan so abɔde yi tumi? Ɛnyɛ obiara sɛ Satan, ɔtweaseɛ no! Na susuw ho hwɛ! Wohu sɛ aboa bi a ɔwɔ mmɛn abien (ɛne Engiresi ne Amerika Wiase Nniso no) yɛ ‘ohoni’ a mprempren wonim no sɛ Amanaman Nkabom no, ma amammui aboa a ne ho yɛ hu yi. Wɔdaadaa nnipa pii ma wɔsom aboa no, na wogye ‘n’agyirae’ denam yɛ a wɔyɛ nea ɔpɛ na wɔma odi wɔn asetra so tumi no so. Nanso Yehowa Adansefo pow aboa no adaemone agyirae no pintinn!
Yehowa Nkoa Di Nneɛma ho Dwuma
Wohu sɛ Onyankopɔn nkoa ahorow redi nneɛma ho dwuma bere a wohwie n’abufuw kuruwa ason gu no. (14:1-16:21) Tie! Yohane te sɛ 144,000 no retow nea ɛte sɛ nnwom foforo bi, wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so. Ɔbɔfo bi a otu nam ɔsoro mfinimfini kura daa asɛmpa bi a ɔrekɔka akyerɛ asase sofo. Eyi kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ abɔfo boa Yehowa Adansefo ma wɔka Ahenni nkrasɛm no.
Ɛbɛyɛ Yohane ahodwiriw sɛ ohu sɛ wotwa asase so bobe na wɔsɛe amanaman bere a wotiatia Onyankopɔn abufuw nsa-kyi-amoa so no. (Fa toto Yesaia 63:3-6; Yoel 3:12-14 ho.) Bere a Yehowa de ahyɛde ma no, abɔfo baason hwie ɔsoro abufuw kuruwa ason gu. Bere a wohwie kuruwa asia a edi kan no gu no, ɛka asase, ɛpo, nsubɔnten, ne owia, aboa no ahengua, ne Asubɔnten Eufrate. Susuw sɛnea Yohane ho dwiriw no, bere a ohu sɛ wɔnam adaemone nsɛnkeka so reboaboa nnipa ahene ano akɔ Onyankopɔn ɔko no mu wɔ Harmagedon no ho. Na bere a wohwie kuruwa a ɛto so ason no gu ahum mu no, ɔsɛe kɛse na efi mu ba.
Sɛnkyerɛnne Kwan so Mmea Baanu
Nokwarem no, Yohane ani gye ho sɛ ohu Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no awiei, na ohu nsɛm a ɛyɛ anigye a esisi wɔ ne sɛe akyi no. (17:1-19:10) Wohu no sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du (Amanaman Apam no ne nea ebesii ɛno ananmu, Amanaman Nkabom no) so, a ahotefo mogya abow no. Aa, nanso hwɛ ɔsɛe ara a ɛba no so bere a mmɛn du no sɔre tia no no!
Wɔte sɛ ɛnne bi reyi Yah ayɛ wɔ Babilon Kɛse sɛe ho wɔ soro. Na ayeyi kɛse ara bɛn na wɔde hyia Oguammaa no ne n’ayeforo, a wɔne wɔn a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn no ayeforohyia sɛɛ yi!
Kristo Di Nkonim ne Tumi
Afei Yohane hu ahene mu Hene no sɛ odi ɔsoro asafo anim sɛe Satan nneɛma nhyehyɛe no. (19:11-21) Yiw, Yesu, “Onyankopɔn Asɛm no,” ko tia amanaman no. Ɔsomafo no hu sɛ wɔretow aboa no (Satan amammui ahyehyɛde) ne atoro diyifo (Engiresi ne Amerika Wiase Tumidi) no akyene “ogya tare,” a egyina hɔ ma daa ɔsɛe pasaa no mu.
Dɛn na edi hɔ a wɔyɛ? Yohane hu sɛ wɔde Satan to afiase. Woyi Kristo Mfirihyia Apem Ahenni, bere a Yesu ne ne mfɛfo adedifo a wɔanyan wɔn no bu adesamma atɛn, na wɔde asoɔmmerɛfo kɔ ɔdesani pɛyɛ mu no, adi kyerɛ! (20:1-10) Afei sɔhwɛ a etwa to bere adu. Sɛ woyi Satan fi afiase a, ɔbɛkɔ akɔdaadaa adesamma a wɔayɛ pɛ no, nanso ɔsɛe de adaemone ne nnipa a wɔtew atua tia Onyankopɔn no dwumadi bɛba awiei.
Bere a ɔsan n’akyi wɔ mmere mu no, hwɛ sɛnea Yohane ani gye sɛ ohu sɛ wɔanyan wɔn a wɔwɔ owu, Hades (adesamma nyinaa ɔdamoa), ne ɛpo mu na wɔrebu wɔn atɛn wɔ Onyankopɔn, a ɔte ahengua fitaa kɛse bi so no anim no! (20:11-15) Na hwɛ sɛnea teefo ho bɛtɔ wɔn bere a wɔtow owu ne Hades kyene ogya tare no mu, a wɔrenhaw adesamma bio no!
Bere a Yohane anisoadehu no ba awiei no, ohu Yerusalem Foforo no. (21:1-22:2.1) Saa nniso a ɛte sɛ kurow no fi soro de hann resian abrɛ amanaman no. “Nkwa nsu asubɔnten” bi sen fa Yerusalem Foforo no mfinimfini, na egyina hɔ ma Kyerɛwnsɛm mu nokware ne Onyankopɔn nsiesiei biara a egyina Yesu afɔrebɔ no so a wɔnam so begye nnipa asoɔmmerɛfo afi bɔne ne owu mu na wɔama wɔn daa nkwa no. (Yohane 1:29; 17:3; 1 Yohane 2:1, 2) Yohane hu nnua a ɛso ahaban tumi sa yare wɔ asubɔnten yi afanu nyinaa, na ɛyɛ Yehowa nsiesiei a ɔnam so bɛma adesamma asoɔmmerɛfo daa nkwa no fã bi ho mfonini. Wɔde ɔfrɛ bi ma wɔ Onyankopɔn ne Kristo nkrasɛm a etwa to no akyi. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wɔte sɛ honhom no ne ayeforo no to nsa frɛ obiara a sukɔm de no sɛ ‘ɔmmra mmɛnom nkwa nsu kwa’! Na bere a yɛkenkan Adiyisɛm mu nsɛm a etwa to no, akyinnye biara nni ho sɛ yenya ɔhyew a Yohane de teɛm yi bi sɛ: “Amen! Awurade Yesu, bra.”
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 21]
Monwɛn: Wɔreka nkɔmhyɛsɛm a ɛfa Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon ho no, wɔka sɛ: “Hwɛ, me [Yesu Kristo] reba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” (Adiyisɛm 16:15) Ebetumi aba sɛ na wɔreka Yerusalem asɔrefi awɛmfo sohwɛfo, anaa ɔpanyin no asɛyɛde ahorow ho asɛm. Bere a wɔrewɛn no, ɔnantenantew asɔrefi mu hɔ kɔhwɛ sɛ Lewifo awɛmfo no rewɛn anaasɛ wɔadeda anaa. Ɔde dua bɔ ɔwɛmfo biara a obehu sɛ ɔreda no, na wɔhyew n’atade nguguso sɛ animguase asotwe. Bere a Harmagedon abɛn sɛɛ yi, “ahene asɔfokuw,” anaa “honhom mu dan” no mu nkaefo a wɔasra wɔn no asi wɔn bo sɛ wɔbɛwɛn wɔ honhom mu. Ɛsɛ sɛ wɔn mfɛfo, “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ asase so anidaso no nso yɛ saara, efisɛ wɔn nso de ɔsom kronn rema Onyankopɔn wɔ asɔrefi hɔ. (1 Petro 2:5, 9; Adiyisɛm 7:9-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo titiriw wɛn na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ tebea bɔne a ɛbɛkɔ so wɔ asafo no mu no ho. Esiane sɛ wɔwɛn nti, Onyankopɔn honhom mu asɔrefi asomfo a wodi nokware no nyinaa kɔ so hyɛ wɔn “ntade,” a ɛkyerɛ wɔn som a nidi wom sɛ Yehowa Adansefo.