Susuw Abodwokyɛre Nhwɛso Ahorow Ho
“Onyankopɔn . . . de abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wasiesie ama ɔsɛe no mu.”—ROMAFO 9:22.
1. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no yɛ mfaso ma yɛn? (b) Dɛn nti na wɔaka abodwokyɛre su ho asɛm wɔ eyi mu?
YEHOWA Nyankopɔn, yɛn Bɔfo no, de n’Asɛm a efi honhom mu a ɛne Kyerɛw Kronkron no maa yɛn. Ɛbɛyɛ ‘yɛn nan ase kanea, ne yɛn kwan so hann.’ (Dwom 119:105) Onyankopɔn Asɛm boa nso ma ‘wosiesie yɛn koraa ma nnwuma pa nyinaa.’ (2 Timoteo 3:16, 17) Ɔkwan biako a Bible no nam so siesie yɛn ne sɛ ɛde abodwokyɛre ho nhwɛso pa ma yɛn. Saa su yi yɛ Onyankopɔn honhom aba no biako, na ɛho hia na yɛanya n’anim dom, na yɛne yɛn mfɛfo nnipa abɔ wɔ biakoyɛ mu.—Galatifo 5:22, 23.
2. Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “abodwokyɛre” no kyerɛ dɛn, na hena titiriw na ɔda su yi adi?
2 Nea Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “abodwokyɛre” no kyerɛ ankasa ne “honhom a ɛkyɛ.” Wɔakyerɛ abodwokyɛre ase sɛ “ahosodi su wɔ abufuhyɛ mu, a ɛnyɛ biribi mfa ntua bɔne so ka anaasɛ ɛmfa ho asotwe mma ntɛm ara.” (Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words, a W. E. Vine yɛe, Po 3, kratafa 12) Sɛ wubenya abodwokyɛre no kyerɛ sɛ wobɛda ahosodi adi, na woayɛ abufuw mu nyaa. Na hena ne wɔn a wɔn bo kyɛ fuw no mu otitiriw? Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Enti yɛkenkan Yehowa ho asɛm wɔ Exodus 34:6 sɛ: “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” Nokwarem no, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “abufuw mu nyaa” mpɛn awotwe bio wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.—Numeri 14:18; Nehemia 9:17; Dwom 86:15; 103:8; 145:8; Joel 2:13; Yona 4:2; Nahum 1:3.
3. Su horow bɛn na ɛma Yehowa nya abodwokyɛre?
3 Abodwokyɛre a Yehowa Nyankopɔn wɔ anaasɛ abufuw mu nyaa a ɔyɛ no ne ade a yɛbɛhwɛ kwan afi Yehowa Nyankopɔn hɔ, efisɛ ne tumi ne nyansa nni awiei, ɔyɛ pɛ wɔ atɛntrenee mu, na ɔne ɔdɔ ankasa ho nhwɛso. (Deuteronomium 32:4; Hiob 12:13; Yesaia 40:26; 1 Yohane 4:8) Ɔwɔ ne su horow so tumi, na ɔma ɛkari pɛ wɔ ɔkwan a edi mu so bere nyinaa. Dɛn na n’Asɛm da no adi wɔ nea enti a wanya abodwokyɛre ama nnipa a wɔnyɛ pɛ, ne sɛnea ɔyɛ saa no ho?
Abodwokyɛre a Ne Din Nti Onya
4. Ntease pa bɛn nti na Onyankopɔn anya abodwokyɛre ama abɔnefo?
4 Dɛn nti na Yehowa wɔ abodwokyɛre? Dɛn nti na ɔntwe abɔnefo aso ntɛm ara? Ɛnyɛ sɛ ɔyɛ anibiannaso anaasɛ ɔnyɛ trenee ho nsi. Ɛnte saa, na mmom nneɛma pa nti na Yehowa bo kyɛ fuw na ɔntwe nnipa aso ntɛm ara no. Ade biako ne sɛ ɔyɛ saa na ama wɔahu ne din. Ade foforo nso ne sɛ na bere ho hia na wɔabua Onyankopɔn tumidi ne adesamma mudi mu kura ho ɔsɛmpɔw a Eden atuatew no ma ɛsɔree no. Bio nso, ade foforo nti a Onyankopɔn wɔ abodwokyɛre ne sɛ ɛma nnebɔneyɛfo nya hokwan de siesie wɔn akwan.
5, 6. Dɛn nti na Yehowa nyaa abodwokyɛre wɔ onipa atuatew no mu?
5 Yehowa nyaa abodwokyɛre bere a ɔne nnipa baanu a wodi kan no dii wɔ Eden turo no mu no. Bere a wobuu ne mmara a ese ɛnsɛ sɛ wodi papa ne bɔne hu dua aduaba no bi so no, na anka obetumi akum wɔne ɔbɔfo a wahwe ase a na wadaadaa Hawa no ntɛm ara. Na akyinnye biara nni ho sɛ wɔabu Yehowa trenee ne atɛntrenee so, ma enti ne bo fuw atuatewfo baasa no. Sɛ Yehowa kum wɔn ntɛm ara a, na anka ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ saa. Na Onyankopɔn abɔ onipa a odi kan a ɔne Adam kɔkɔ sɛ: “Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Da no ara a Adam yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn dii mmaratofo no asɛm, na obuu wɔn kumfɔ. Atemmu mu no, Adam ne Hawa wuu saa da no ara. Nanso, yɛn Bɔfo a ɔwɔ abodwokyɛre no maa Adam traa ase mfe 930.—Genesis 5:5.
6 Na Onyankopɔn wɔ ntease pa ahorow nti a onyaa abodwokyɛre anaa ɔyɛɛ abufuw mu nyaa wɔ asɛm yi mu. Sɛ okum saa atuatewfo no ntɛm ara a, anka eyi remmua Satan mpoatwa sɛ ɛmfata sɛ wɔsom Yehowa Nyankopɔn, na ɔrentumi nnya nkoa a wɔyɛ nnipa a wobekura wɔn mudi mu ama no a tebea no mfa ho. Afei nso, anka wɔremmua nsemmisa a ɛte sɛ nea edidi so yi: Bɔne a Adam ne Hawa yɛe no fi hena? So Onyankopɔn bɔɔ wɔn mfiase no na wɔyɛ mmerɛw wɔ abrabɔ fam, ma enti wontumi nko ntia sɔhwɛ, na afei ɔtwee wɔn aso sɛ wɔantumi anyɛ saa? Eyinom nyinaa ho mmuae da adi wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Hiob nhoma no atiri 1 ne 2 mu. Ɛdenam adesamma abusua no a Yehowa maa kwan ma wɔn ase fɛe so no, ɔmaa nnipa nyaa hokwan ahorow a wɔde bɛkyerɛ sɛ Satan sobo no yɛ atoro.
7. Dɛn nti na Yehowa ankum Farao ntɛm ara?
7 Bere a na Yehowa rebegye ne nkurɔfo a wɔne Israelfo no, ɔdaa no adi bio sɛ ɔwɔ abodwokyɛre. Na anka Yehowa betumi asɛe Farao ne n’asraafo dɔm ntɛm ara. Nanso, sɛ anka Onyankopɔn bɛyɛ saa mmom no, onyaa wɔn ho koma kosii bere bi. Adepa bɛn nti na ɔyɛɛ saa? Wiɛ, bere twaam no, Farao sen ne kɔn kɛse wɔ pow a ɔpowee sɛ ɔbɛma Israelfo no afi Misraim akɔ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔade wɔn ho no mu. Enti ɔnam saayɛ so kyerɛe sɛ ɔyɛ ‘abufuw ade’ a ɔfata ɔsɛe wɔ animtiaa a obuu Yehowa no mu. (Romafo 9:14-24) Nanso, na biribi titiriw bi wɔ hɔ a enti Onyankopɔn nyaa abodwokyɛre wɔ asɛm yi mu no. Ɔnam Mose so ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so. Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”—Exodus 9:15, 16.
8. Dɛn nti na Onyankopɔn ankunkum Israelfo atuatewfo no wɔ sare no so?
8 Ntease pa ahorow nti na Yehowa daa n’abodwokyɛre adi bio bere a na Israelfo no wɔ sare no so no. Hwɛ sɛnea wɔsɔɔ Yehowa boasetɔ hwɛe denam sika nantwiba a wɔsom no, ne gyidi a wɔantumi anna no adi bere a akwansrafo du san bae de amanneɛbɔ bɔne brɛɛ wɔn no so! Sɛ ne man no, Onyankopɔn antɔre wɔn ase, efisɛ na ne din ho asɛm wom. Yiw, Yehowa din nti, ɔdaa abodwokyɛre adi.—Exodus 32:10-14; Numeri 14:11-20.
Abodwokyɛre a Nnipa Nti Onya
9. Dɛn nti na Yehowa daa abodwokyɛre adi wɔ Noa nna no mu?
9 Adesamma abusua no nti Yehowa anya abodwokyɛre fi bere a Adam yɛɛ bɔne tiaa n’asefo a na wɔbɛwo wɔn a ɔnam bɔne a ɔyɛe no so piraa wɔn kɛse no nyinaa. Onyankopɔn abodwokyɛre tumi ma wodii saa bɔne no ho dwuma, kyerɛ sɛ ɔmaa bere sɛ wɔmfa mpata ɔno ne adesamma a wɔkyerɛ ahonu no ntam. (Romafo 5:8-10) Yehowa Nyankopɔn nyaa abodwokyɛre maa nnipa wɔ Noa nna no mu nso. Saa bere no, “[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” (Genesis 6:5) Ɛwom sɛ anka Onyankopɔn betumi atɔre adesamma abusua no ase bere a ohuu saa tebea yi ara pɛ no de, nanso ɔhyɛe sɛ ɔbɛma tebea yi aba awiei wɔ mfe 120 akyi. (Genesis 6:3) Abodwokyɛre a ɔdaa no adi yi maa Noa nyaa bere woo mmabarima baasa ma wonyin warewaree, na saa abusua no pam adaka de gyee wɔn akra ne mmoa nkwa. Ɛdenam saa kwan yi so no, na Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no betumi ayɛ hɔ.
10, 11. Dɛn nti na Yehowa nyaa abodwokyɛre maa Israel man saa?
10 Abodwokyɛre nkyerɛase foforo fa sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di ho titiriw. Ɛne “boasetɔ a wɔde gyina mfomso ne abufuhyɛ ano, a pow a wɔpow sɛ wɔbɛpa abaw sɛnea ɛbɛyɛ na abusuabɔ a asɛe no ayɛ yiye ka ho.” (Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 262; Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc, na etintimii.) Eyi nso kyerɛ biribi foforo nti a Onyankopɔn nyaa abodwokyɛre maa Israelfo no. Wogyaw Yehowa mpɛn pii, na wɔdan nkoa maa Amanaman Mufo. Nanso, ɔdaa abodwokyɛre adi denam Israelfo no a ogyee wɔn, na ɔmaa wɔn hokwan sɛ wɔmfa nsakra wɔn adwene no so.—Atemmufo 2:16-20.
11 Israel ahene no mu fã kɛse no ara dii wɔn manfo anim de wɔn kɔsom atoro som. So Onyankopɔn powee ɔman no ntɛm ara? Dabi, wampa abaw ntɛm ara wɔ abusuabɔ a asɛe a na ɔbɛma ayɛ yiye no mu. Mmom no, Yehowa yɛɛ abufuw mu nyaa. Esiane sɛ Onyankopɔn daa abodwokyɛre adi nti, ɔmaa wɔn hokwan mpɛn pii sɛ wɔnsakra wɔn adwene. Yɛkenkan wɔ 2 Beresosɛm 36:15, 16 sɛ: “Na [Yehowa] wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no. Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ [Yehowa] abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.”
12. Adanse bɛn na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ nea enti a Yehowa wɔ abodwokyɛre no ho?
12 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso de adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa da abodwokyɛre adi de boa ne nkurɔfo a wɔyɛ bɔne no ma. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo bisaa Kristofo a na wɔfom no sɛ: “Wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre bebrebe no ahi a wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu?” (Romafo 2:4) Petro nsɛm yi ka asɛnkoro no ara: “[Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Nea ɛfata sen biara no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ ‘yemmu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye.’ (2 Petro 3:15) Enti yehu sɛ Yehowa wɔ abodwokyɛre, ɛnyɛ sɛ ogyina nkate so yɛ ade anaasɛ obu n’ani gu nneɛma so nti, na mmom ne din ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm wom, na ɔwɔ mmɔborohunu ne ɔdɔ.
Abodwokyɛre ho Nhwɛso a Yesu Yɛe
13. Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yesu Kristo wɔ abodwokyɛre?
13 Abodwokyɛre ho nhwɛso a ɛno na edi nea Onyankopɔn daa no adi akyi no ne nea ne Ba Mesia a ɔne Yesu Kristo yɛe no. Ɔyɛ ahosodi a ɛnyɛ hwee mfa ntua bɔne so ka ntɛm ara wɔ abufuhyɛ nyinaa akyi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa.a Odiyifo Yesaia kaa nea ɛkyerɛ sɛ Mesia no benya abodwokyɛre ho asɛm siei wɔ nsɛm yi mu: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.” (Yesaia 53:7) Nea edi nokwasɛm koro yi ara ho adanse ne Petro nsɛm yi: “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:23) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu asuafo no de nea ɔbɛyɛ wɔn mu ɔkɛse ho akasakasa no sɔɔ no hwɛe mpɛn pii! Nanso, hwɛ abodwokyɛre ne boasetɔ a onya maa wɔn!—Marko 9:34; Luka 9:46; 22:24.
14. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ abodwokyɛre no kanyan yɛn ma yɛyɛ?
14 Ɛsɛ sɛ yedi nhwɛso a Yesu yɛe wɔ abodwokyɛre a ɔwɔ no mu no akyi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.”—Hebrifo 12:1-3.
15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu wɔ abodwokyɛre na ofi ne pɛ mu gyinaa sɔhwɛ ahorow ano?
15 Yebetumi ahu nea ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ abodwokyɛre, na ofi ne pɛ mu gyinaa sɔhwɛ ano no no wɔ su a ɔdaa no adi wɔ bere a wɔkyeree no no mu. Bere a Yesu kaa Petro anim wɔ nkrante a ɔtwee sɛ ɔde rebɔ ne Wura ho ban akyi no, ɔkae sɛ: “Wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho? Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?”—Mateo 26:51-54; Yohane 18:10, 11.
Abodwokyɛre Nhwɛso Afoforo
16. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ na Yakob ba Yosef wɔ abodwokyɛre?
16 Nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔyɛ bɔne mpo betumi ada abodwokyɛre adi. Boasetɔ a wɔde gyinaa bɔne a nnipa a wɔnyɛ pɛ yɛe ano ho nhwɛso ahorow wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, Hebrifo agya panyin Yakob ba Yosef ho asɛm wom. Hwɛ sɛnea ɔde boasetɔ gyinaa bɔne a n’agya mma ne Potifar yere yɛɛ no no ano! (Genesis 37:18-28; 39:1-20) Yosef amma sɔhwɛ ahorow yi anhyɛ no abufuw. Eyi daa adi bere a ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mommma ɛnnyɛ mo yaw, nso mo bo mmfuw mo ho mo ho sɛ motɔn me baa ha, efisɛ nkwagye nti na Onyankopɔn somaa me dii mo anim” no. (Genesis 45:4, 5) Abodwokyɛre ho nhwɛso a Yosef yɛe bɛn ara ni!
17, 18. Abodwokyɛre ho adanse bɛn na yɛwɔ wɔ Dawid asɛm no mu?
17 Dawid yɛ Yehowa akoa nokwafo a ɔde boasetɔ gyinaa bɔne ano, na ɔdaa abodwokyɛre adi ho nhwɛso foforo. Bere a Ɔhene Saul ninkuntwefo no retaa no sɛ ɔkraman no, Dawid nyaa hokwan mprenu a anka obetumi akum no de atua no so ka. (1 Samuel 24:1-22; 26:1-25) Nanso Dawid de ne ho too Onyankopɔn so, sɛnea yebetumi ahu wɔ ne nsɛm a ɔka kyerɛ Abisai no mu no: “[Yehowa] na ɔbɛka [Saul]: sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ. [Yehowa] mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea [Yehowa] asra no no.” (1 Samuel 26:10, 11) Yiw, na Dawid betumi ama taa a Saul taa no no aba awiei. Nanso, Dawid pawee sɛ obenya abodwokyɛre.
18 Susuw nea esii bere a na Ɔhene Dawid reguan afi ne ba Absalom ɔfatwafo no anim no ho. Simei, Benyaminni a ofi Saul fi paa Dawid abo, na ɔdomee no teɛteɛɛm sɛ: “Fi adi, fi adi, mogyapɛfo, onipa huhuni!” Na Abisai pɛ sɛ wokum Simei, nanso Dawid ampene sɛ ɔbɛyɛ no biribi de atua no so ka. Sɛ anka ɔbɛyɛ saa no, ɔdaa su a ɛne abodwokyɛre adi bio mmom.—2 Samuel 16:5-13.
Susuw Paul Nhwɛso No Ho
19, 20. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo daa ne ho adi sɛ ɔwɔ abodwokyɛre?
19 Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, yɛwɔ abodwokyɛre ho nhwɛso pa foforo a onipa bi a ɔnyɛ pɛ—ɔsomafo Paulo—daa no adi. Onyaa boasetɔ ne abodwokyɛre maa ne ɔsom mu atamfo ne nnipa a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa. Yiw, Paulo daa abodwokyɛre adi, ɛwom sɛ Korinto asafo no mufo binom kae sɛ: “[Ne] nhoma no de, wɔka sɛ: ɛyɛ duru, na emu yɛ den, nanso ne nipadua wɔ hɔ a, ɛyɛ mmerɛw, na ɔkasa a, wɔmfa nyɛ hwee” de.—2 Korintofo 10:10; 11:5, 6, 22-33.
20 Enti, ntease pa nti na Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Na mmom ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu; ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, ɔbrɛ nnwuma mu, pɛsi mu, mmuada mu; ahotew mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamye mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu.”(2 Korintofo 6:4-6) Saa ara na ɔsomafo no tumi kyerɛw kɔmaa ne yɔnko dwumayɛni Timoteo sɛ: ‘Woadi me kyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ, me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu no akyi, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.’ (2 Timoteo 3:10, 11) Nhwɛso pa a ɔsomafo Paulo yɛ maa yɛn wɔ abodwokyɛre a ɛsɛ sɛ yenya mu bɛn ara ni!
21. Ɔkwan bɛn so na asɛm a edi so no betumi aboa yɛn?
21 Ɛda adi pefee sɛ abodwokyɛre ho nhwɛso pa ayɛ Kyerɛwnsɛm no mu ma. Yehowa ne ne Dɔba no ne nhwɛso atitiriw. Nanso hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ te sɛ Yosef, Dawid, ne ɔsomafo Paulo daa su yi adi! Wɔakyerɛw asɛm a edi hɔ no sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛasuasua saa nhwɛso pa no.
[Ase hɔ asɛm]
a Abodwokyɛre a obi benya no nkyerɛ sɛ obehu amane akyɛ kɛkɛ. Sɛ obi a wahu amane akyɛ aba mu bu anaasɛ odi yaw, esiane sɛ ontumi nyɛ hwee mfa ntua nea wɔyɛ no no so ka nti a, na onni abodwokyɛre.
Wubebua Dɛn?
◻ Abodwokyɛre a obi wɔ no kyerɛ dɛn?
◻ Nneɛma atitiriw bɛn nti na Yehowa anya abodwokyɛre?
◻ Akwan bɛn so na Yesu daa ne ho adi sɛ ɔwɔ abodwokyɛre?
◻ Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ada abodwokyɛre adi?
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Na Yosef, Yesu, Dawid, Paulo, ne Hiob yɛ abodwokyɛre ho nhwɛso
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Yesu nyaa n’asuafo ho abodwokyɛre maa