Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma
ASƐM “Yesu Wie Nea Onyankopɔn Hwehwɛ Nyinaa,” a ɛwɔ nkratafa a edi hɔ no ne yɛn nsɛm a ɛtoatoa so “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma” a akɔ so aba bere tenten no fã a etwa to. Ɔfã yi apue wɔ Ɔwɛn-Aban no mu bɛboro mfe asia, wɔ 149 a ɛtoatoaa so bae no mu, a nea edii kan puee wom ne April 1, 1985, Engiresi de no.
Yɛn anidaso ne sɛ Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm yi aboa wo ma woadi ɔsomafo Paulo afotu sɛ ‘yɛnhwɛ Yesu’ no akyi, na woayɛ aso ama Onyankopɔn ahyɛde sɛ “muntie no” no. (Hebrifo 12:2, 3; Mateo 17:5) Mfe a atwam no mu no, nnipa pii akyerɛw abɛka sɛ aboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa. Ɔkenkanfo bi kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea mewɔ hɔ na meretie no na mehwɛ nea ɔyɛ. Nsɛm yi ama ɔdɔ a mewɔ ma no no mu ayɛ den kɛse.”
Ɔkenkanfo foforo bi kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea ebiara a ɛba no wɔ asuade bi a manhu bere a merekenkan Bible kyerɛwtohɔ no. M’ani agye ho sɛ matumi ahu sɛnea nsɛm ahorow sisii wɔ Yesu asetra mu nnidiso nnidiso no yiye denam asɛm no biara a makenkan no so.” Nnipa pii ada anisɔ koro yi ara adi wɔ sua a wɔasua bere ne beae a Yesu kyerɛkyerɛe na ɔyɛɛ nneɛma wɔ ne som mu no.
Ɔbea bi a ofi Spain kae sɛ: “Makora nsɛm no nyinaa so fi mfiase pɛɛ. Ɛkyerɛkyerɛ mpanyimfo ne mmofra nyinaa yiye. Madi mfe 44, na sɛ mekenkan kyerɛwtohɔ no a, m’ani gye pii. Ɛte sɛ nea mewɔ hɔ na abakɔsɛm mu nsɛm no mu biara sisii.”
Ɛna bi a ofi United States kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ nsɛm no yɛ tiawa, na nsɛm a ɛka no asete nyɛ den nti, me kunu abɛka yɛn ho wɔ yɛn abusua adesua mu. Me babarima a wadi mfe awotwe no srɛɛ me sɛ menkyerɛw mo mmɛda mo ase sɛ afei ne papa sua Bible no. Ɔsrɛ sɛ sɛ nsɛm yi ba awiei a, muntintim wɔ nhoma mu na watumi aka ho asɛm akyerɛ ne mfɛfo sukuufo.”
Ebia wo nso wote nka te sɛ ɔkenkanfo a ɔbɔɔ abubuw nnansa yi ara sɛ: “Sɛ medwen ho sɛ ɛnkyɛ na nsɛm no aba awiei esiane sɛ wɔreka Kristo nna a etwa to ho asɛm nti no a, mete awerɛhow nka kakraa. Nokwarem no, m’ani begyina nsɛm yi wɔ Ɔwɛn-Aban no mu.” Yɛn anidaso ne sɛ w’ani begye yɛn nsɛm a ɛtoatoa so “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma” yi mu nea etwa to yi ho.