‘Yehowa Da A Atra M’adwenem Yiye Wɔ M’asetra Mu’
SƐNEA LYLE REUSCH KA KYERƐE
MEKAE sɛ efi me mmofrase no, trenee wiase foforo a ɛbɛba mu gyidi a emu yɛ den nyaa yɛn abusua asetra so nkɛntɛnso. Na me maame ne me papa kenkan ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ ne ‘nantwibere ne osisi a wɔbɛbom adidi, na gyata awe wura sɛ nantwi, na abofra ketewaa aka wɔn,’ no ho asɛm fi Bible no mu kyerɛ yɛn mmofra no. Wɔma ɛyɛɛ paara, ma ɛyɛɛ me sɛ me ne saa abofra ketewaa no.—2 Petro 3:11-13; Yesaia 11:6-9.
Wɔ 1890 mfe no mu no, me nenabarima, August Reusch, nam ɔne Charles T. Russell ntam krataakyerɛw so suaa Bible mu nokware atitiriw bi. Ɔyɛɛ asɛnka adwuma fefeefe wɔ ne fie a ɛwɔ Canada Kusuu fam atɔe Asasesin, a mprempren wɔfrɛ hɔ Yorkton, Saskatchewan no mu ne mmeae a ɛbemmɛn. Na ɔtaa tu ne mma mmarima fo sɛ: “Mmarimaa, monhwɛ 1914 yiye.” Gyidi a ɛne sɛ Yehowa da no abɛn no maa me papa nyaa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ ho adwene ne nkwa nna nyinaa, na ɛno ayɛ m’asetra kwan.
Na me maame ne me papa yɛ ahɔhoyɛ ho nhwɛso ankasa. Na Saskatoon, Saskatchewan, asafo no Bible Asuafo kuw bi hyiam daa wɔ yɛn fie. Na asomfo akwantufo (a wɔfrɛ wɔn kyinkyin asomfo) taa bɛtra yɛn fie. Me, ne me nuabarima Verne, ne me nuabea Vera nyaa ho mfaso wɔ honhom fam. Na sɛnea Ahenni nkrasɛm no yɛ paara, ne sɛnea ehia sɛ yɛde ntɛmpɛ ka ho asɛm kyerɛ afoforo no wɔ yɛn adwenem bere nyinaa. (Mateo 24:14) Manhu no yiye saa bere no sɛ wɔ daakye mfe mu no, mede me nkwa nna mu fã titiriw no ara bɛsom sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo ɔkwantufo de atoa saa kyinkyin asomfo yi adwuma no so.
Wɔ 1927 mu no, me papa maa yɛn abusua no tu kɔtraa Berkeley, California. Afei, miwiee ntoaso sukuu bere a 1933 sikasɛm mu ahokyere no mu yɛɛ den no. Me ne me nuabarima, Verne, tee nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yetumi nyaa adwuma wɔ Ford Motor Company no adwumayɛbea a ɛwɔ Richmond, California no. Nanso, da koro wɔ 1935 fɛfɛw bere mu no, misusuwii asɛm yi ho: ‘Sɛ ɛho hia sɛ meyɛ adwumaden a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ mɛyɛ adwumaden ama biribi a ɛho wɔ mfaso.’ Saa da no, migyaee adwuma no, na da a edi hɔ no, mekyerɛw akwammisa krataa sɛ mepɛ sɛ mesom wɔ Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Yɛkɔɔ nhyiam a ɛyɛ anigye a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., wɔ June 1985 mu bae no, wogyee me sɛ memmɛsom wɔ Betel.
Betel Som
Nathan Knorr, a na ɔyɛ factory no panyin no maa mekɔyɛɛ ɔdan asiesie adwuma. Na me nkutoo na meyɛ adwuma no. Sɛ aberantewa a wadi mfe 20 no, metee nka sɛ meyɛ otitiriw. Na mitumi kɔ baabiara a mepɛ wɔ adwumayɛbea hɔ, a obiara mmisa nea mereyɛ. Onua Knorr ani gyee m’adwumayɛ ho, nanso ohuu sɛ mewɔ suban bi a ennye. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa me ma manya ahobrɛase.
Nanso, bere bi akyi ansa na mihui sɛ na Onua Knorr rebɔ mmɔden ampa sɛ ɔbɛboa me. Enti, mepaa no kyɛw wɔ me suban no ho na mema ohui sɛ masi me bo sɛ mɛbɔ mmɔden ayɛ ho biribi. Ɛno na efii me ne Onua Knorr, a January 1942 mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abiɛsa no, ntam abusuabɔ bi a ɛkyɛe na emu yɛ hyew ase.
Nneɛma asiesie adwuma no akyi no, misuaa mfiri a wɔde yɛ nhoma no ho dwumadi anaa sɛnea mɛboa ma wɔde ayɛ adwuma. Bere bi akyi no, meyɛɛ office adwuma, kyerɛw nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho adwuma wɔ factory hɔ. Na 1943 fɛfɛw ne ahohuru bere mu yɛ bere a adagyew nnim na ɛyɛ anigye. Na Wiase Nyinaa Ko II rekɔ so, na Yehowa Adansefo gyinaa ɔhaw, kyere a wɔkyeree wɔn, ne atɛnkyea a wobuu wɔn de wɔn too afiase ahorow nyinaa ano. Wɔ 1940 mu no, Amerika Asennibea Kunini kae sɛ sukuu ahorow no betumi ama sukuufo akyia frankaa. Eyi de basabasayɛ baa amantam 48 a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu 44 mu. Wɔpam Adansefo mmofra fii sukuu mu, wɔkyekyeree awofo, na nnipadɔm a wɔyɛ basabasa taa Adansefo pam wɔn fii nkurow mu. Wɔbɔɔ ebinom tuo, na wɔde ama sraa afoforo ho de ntakra tetaree wɔn ho.
Bere a Yehowa Adansefo ko tiaa eyi wɔ asennibea ahorow mu no, wɔde asenni ho nkrataa, ne nkrataa a efi Asafo mmara nsɛm ho adwumayɛfo nkyɛn a ɛsɛ sɛ wotintim pii brɛɛ me. Yɛn nyinaa yɛɛ adwuma nnɔnhwerew pii na ama yɛatumi awie nneɛma bi yɛ wɔ bere ano. Nea efii mu bae a ɛne Asennibea Kunini no atemmu wɔ May ne June 1943 mu—bere a wobuu Yehowa Adansefo bem wɔ nsɛm 13 no mu 12 mu no—abɛyɛ mmara ho abakɔsɛm atitiriw a asisi no bi. Mede aseda ma sɛ mitumi huu sɛnea Yehowa buee kwan ma yetumi yii asɛmpa no ano, de sii hɔ mmara kwan so.—Filipifo 1:7.
Teokrase Ɔsom Sukuu No
Akwan bi so no, na yenni nea ɛbɛma yɛatumi ayɛ adwuma kɛse a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Mateo 24:14, sɛ, ‘yɛnka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba’ no yiye. Sɛ Asafo ti no titrani no, Onua Knorr hui sɛ ɔkyerɛkyerɛ dwumadi bi ho hia. Wɔtoo nsa frɛɛ me ne Betel abusua no mu mmarima binom sɛ yɛnkyerɛw yɛn din wɔ “Teokrase Ɔsom Adesua a Ɛkorɔn” no mu. Eyi na akyiri yi, ɛbɛdan Teokrase ɔsom Sukuu no, a wɔakɔ so ayɛ wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu fi 1943 mu no.
Yehyiaam wɔ Betel abusua no nhyiam dan mu Dwoda anadwofa, February 16, 1942, na Onua Knorr maa ɔkyerɛkyerɛ kasa a edi kan. Nea ɔkaa ho asɛm ne “Bible Nsaano Nkyerɛwee Ahorow.” Na Onua T. J. Sullivan ne sukuu no sohwɛfo, na ɔde afotu a ɛbɛboa yɛn ma yɛanya nkɔanim maa yɛn. Akyiri no, wɔde dwumadi yi maa me sɛ Betel Sukuu sohwɛfo, na mibuu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse. Nanso na mihia nteɛso bio.
Bere bi a meretu onua bi a ne mfe akɔ anim fo no, mede animtiaabu kaa n’anim mmoroso, enti Onua Knorr ka kyerɛɛ me pefee sɛ: “Obiara ani nnye sɛnea wode wo tumi hyɛ afoforo so no ho.” Ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɔkae no mu pefee, ma m’ani wui sɛnea ɛfata akyi no, Onua Knorr brɛɛ n’ani akɛse fɛfɛɛfɛ no ase. Ofi ayamye mu kenkan Dwom 141:5: “Ma ɔtreneeni mmɔ me; ɛbɛyɛ ayamye: na ma ɔnka m’anim; ɛbɛyɛ ngo pa a ɛmpae me ti.” (King James Version) Mede saa kyerɛwsɛm no adi dwuma mpɛn pii wɔ bere biara a ɛyɛ m’asɛyɛde sɛ mede nteɛso afotu ma afoforo no.
Ansa na wɔrefi Teokrase ɔsom Sukuu no ase no, na yɛn mu kakraa bi pɛ na yenya hokwan ma baguam ɔkasa pii. Onua Rutherford wui no, Onua Knorr yeree ne ho sɛ obesua sɛnea wɔma ɔkasa yiye. Na ɔdan a meda mu wɔ Betel no wɔ ne de ase pɛɛ, na na mete sɛ ɔresua sɛnea wɔma ɔkasa. Yɛtee sɛ ɔkenkan baguam ɔkasa “Asomdwoe—So Ebetumi Atra Hɔ Bere Tenten?” no dennen mpɛn pii, ansa na ɔmae wɔ Cleveland nhyiam no ase wɔ 1942 mu.
Mitutu Akwan
Bere a mede mfe 13 asom wɔ Betel akyi no, Onua Knorr maa me dwumadi sɛ menkɔsom sɛ ɔmantam sohwɛfo. Ɔreka me dwumadi foforo no ho asɛm akyerɛ me no, ɔkae sɛ: “Lyle, afei wanya hokwan sɛ wo ankasa wubehu sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo di fa.” Bere a eyi wɔ m’adwenem na mikura bag abien no, mifii m’adwuma sɛ ɔhwɛfo ɔkwantufo no ase wɔ May 15, 1948 mu. Ansa na merefi ɔmantam dwumadi no ase no, mede asram kakraa somee sɛ ɔmansin sohwɛfo.
Asafo a edi kan a mesomee no wɔ akuraa ketewaa bi ase wɔ Waseca, Minnesota. Na madi kan akyerɛw Dick Cain, a ɔne asafo no somfo (sɛnea na wɔfrɛ ɔhwɛfo oguamtrani saa bere no) sɛ ommehyia me wɔ keteke gyinabea hɔ. Na ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw, na sɛnea ɛbɛyɛ na ɔrensɛe sika pii no, na watu afi ɔdan a ɔdaa mu awɔw bere mu no mu akɔ n’ahohuru bere mu dan, a ɛyɛ ntamadan no mu. Nanso, na May nyɛ ahohuru bere ankasa wɔ Minnesota! Saa anadwo no, bere a awɔw ama mepopo wɔ ntamadan no mu no, mibisaa me ho sɛ so metumi atra ase wɔ saa tebea no mu anaa. Ɔpakum bi a emu yɛ den bɔɔ me, na edii nnawɔtwe pii, nanso manwu.
Wɔ saa mfe no mu no, sɛ mekɔsra asafo ne amansin ahorow a, na metra anuanom afie mu, a me nneɛma wɔ bag mu. Wɔmaa me dabere ahorow ahorow, a mukaase, asa so nkongua, ne ɔdan atifi dan a emu yɛ hyew na mframa mma mu papa ka ho. Na ɛtɔ mmere bi a, metra afie a emu abusua no muni bi sɔre tia yɛn gyidi ahorow. Wɔ Wisconsin no, okunu bi a onnye nni de abufuw hwɛɛ me haa wɔ me kɔree ne bae mu nnawɔtwe mũ no nyinaa. Da koro bi a ɔbaa fie a na wabow no, metee sɛ ɔreka sɛ “ɔbɛbɔ saa asiamasi no tuo,” na mihui sɛ ɛsɛ sɛ mifi hɔ. Nanso na osuahu a ɛhaw adwene ntaa nsi, na ɛmaa me dwumadi no yɛɛ anigye. Na ɛyɛ nea wususuw ho akyiri yi a, ɛyɛ serew.
Minya Ɔhokafo
Mekae yiye. Mihyiaa awuraa bi a ne ho yɛ fɛ a wɔfrɛ no Leona Ehrman, a ofi Fort Wayne, Indiana, wɔ ɔmansin nhyiam bi ase wɔ Tiffin, Ohio. Wɔtetee ɔno nso wɔ Kristofo gyidi no mu, na na ɔde mfe pii ayɛ ɔkwampaefo ɔnokwafo. Esiane sɛ na mitu kwan bere nyinaa nti, yɛantumi amfa yɛn ho anhyɛ nantew a edi aware anim mu, nanso yɛnam krataakyerɛw so dii nkitaho. Afei, wɔ 1952 mu no, mibisaa no sɛ, “Wobɛware me anaa?” na ɔkae sɛ, “Yiw, mɛware wo!” Enti yɛwaree. Nkurɔfo taa bisa yɛn nea nti a yɛantra fie ankyekye abusua, nanso yɛka sɛ yɛwɔ abusua—anuanom mmarima ne mmea, agyanom, ne ɛnanom a wɔwɔ amantam 44 a yɛasom wɔ hɔ nyinaa mu.—Marko 10:29, 30.
Ebinom abisa pɛn sɛ, ‘So wommrɛɛ pɛn ma wontee nka sɛ wubegyae adwuma no?’ Yiw, ɛnyɛ pɛnkoro. Nanso sɛ yɛn baanu no mu biako aba mu bu a, na ɔfoforo no ahyɛ no nkuran. Bere bi mpo de mekyerɛw me nuabarima Verne bisaa no sɛ ebia metumi ne no ayɛ ɔdan a wɔka ho aduru ho adwuma a ɔyɛ no anaa? Obuae sɛ wahwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ saa mpɛn pii esiane sɛ na yɛbɛn so yiye bere a na yɛrenyin no nti. Nanso, otuu me fo sɛ minsusuw me gyinaesi no ho yiye. Afei mekaee Onua Knorr nsɛm a na ɔtaa ka kyerɛ Betel abusua no mufo no: “Ɛnyɛ den sɛ obi begyae adwuma a ɔreyɛ; egye akokoduru ne mudi mu kura na woatumi ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ wo nsa no.” Na ɛno da so ara yɛ afotu pa.
Ɔhwɛfo ɔkwantufo ɔwarefo biara rentumi ntra ne dwumadi no mu nkyɛ, gye sɛ ɔwɔ ɔyere ɔnokwafo ne ɔboafo, te sɛnea Leona ayɛ ama me no. Ne ɔdɔ su ne anigye a ɔda no adi bere nyinaa wɔ asafo ahorow no mu no ama mpempem pii ani agye ne ho. Memmrɛ wɔ ka a mɛka akyerɛ no sɛ medɔ no no mu. Migye midi sɛ ɛno boa no ma ɔno nso kɔ so yɛ adwuma no.
Mahu Yehowa Nhyira
Ɔmantam sohwɛfo dwumadi no fa ɔmansin nhyiam ho titiriw, faako a ɔsom dapɛn biara sɛ oguamtrani, baguam ɔkasafo, ne sukuu sohwɛfo. Yehowa nhyira wɔ nhyehyɛe yi so no da adi wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ ɔmansin nhyiam ɔhaha pii a mahwɛ so no nyinaa mu no, biako pɛ mpo nni hɔ a yɛantumi anyɛ. Ɛyɛ nokware sɛ nnipa bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe bi de, nanso yɛantwa biako mpo mu.
Wɔ Wooster, Ohio, 1950 fɛfɛw bere mu no, bere a mefrɛɛ dwom a yɛde bewie Memeneda anadwofa dwumadi no, asɔretiafo dɔm bɛboro apem boaboaa wɔn ho ano wɔ agodidan a na yɛreyɛ nhyiam no wom no akyi. Na nnipadɔm no de nkesua a aporɔw nnaka pii aba a sɛ yɛrefi hɔ a, wɔbɛtotow abɔ yɛn. Enti yesusuw tebea no ho na yɛde nnwonto, osuahu ahorow ka, ne Bible mu ɔkasa horow a wɔde bere tiaa siesiei a wɔmae toaa dwumadi no so. Adansefo 800 no yɛɛ dinn twɛnee.
Eduu ɔdasum 2:00 no, na wim ayɛ nwini yiye. Wɔn a wogye ahɔho no de nsu a ɛnam ɔdorobɛn mu fii ase hohoroo nkesua a wɔtotow guu ɔdan no anim no, ma ɛyɛɛ sɛ yɛrebefi adi. Nnipadɔm no fii bɔs gyinabea a ɔhyew wɔ hɔ no bɛboaboaa wɔn ho ano bio. Nanso wɔn a wogye ahɔho no yɛɛ eyi de dan nnipadɔm no adwene fii nea yɛreyɛ so, na yɛmaa nhyiamfo no faa mfikyiri pon no mu kɔe dinn. Obiara kɔtraa ne kar mu a hwee anyɛ no. Nnipadɔm basabasayɛ sisii wɔ Ohio nhyiam afoforo ase, wɔ Canton, Defiance, ne Chillicothe. Nanso na nnipadɔm basabasayɛ ano rebrɛ ase, efisɛ Amerika Asennibea Kunini no gyinaesi ahorow a wobuu yɛn bem wom no fii ase kaa mmaratofo.
Bere kɔɔ so no, ɔyare maa ɛho behiaa sɛ meyɛ nsakrae. Enti wɔ 1970 mfe no mfinimfini no, Asafo ti no fi ayamye mu maa mesom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ California kesee fam asasesin bi a asafo ahorow no bemmɛn ho na ayaresabea nyɛ na wɔ hɔ mu. Bere a na ɔmantam sohwɛfo no asɛyɛde ahorow gye akwantu pii ne amansin pii so hwɛ no, ɔmansin sohwɛfo adwuma ne sɛ ɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam horow ho nhyehyɛe na wapaw wɔn a wobenya dwumadi no mu kyɛfã, na ɔne wɔn asua. Bio nso, ehia sɛ ɔyɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu ahorow ho nhyehyɛe na ɔkyerɛkyerɛ wɔ hɔ. Enti ahwɛfo akwantufo nyinaa dwumadi, sɛ ɛyɛ ɔmantam anaa ɔmansin de no, yɛ bere nyinaa asetra kwan a akomatɔyam wɔm.
Meda so Ara Rehwɛ Yehowa Da no Kwan
Efi me mmofrase, bɛboro mfirihyia 70 a atwam ni no, mate nka bere nyinaa sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ. Harmagedon ayɛ sɛ biribi a ɛreba ɔkyena akyi ara wɔ m’adwenem bere nyinaa. (Adiyisɛm 16:14, 16) Te sɛ me papa, ne ɔno nso papa no, mabu me bra sɛnea ɔsomafo no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ, ‘yɛmma Yehowa da no ba no ntra yɛn adwene mu yiye.’ Masusuw saa wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no ho bere nyinaa sɛ ‘nneɛma a yenhui, nanso ɛbɛba ampa.’—2 Petro 3:11, 12; Hebrifo 11:1.
Ɛrenkyɛ na akwanhwɛ yi a wɔde hyɛɛ me mu fi me mmofraase yi aba mu. “Nantwibere ne osisi bɛbom adidi,” “na gyata awe wura sɛ nantwi,” na “abofra ketewaa aka wɔn.” (Yesaia 11:6-9) Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yohane wɔ Adiyisɛm 21:5 no ma yɛn awerɛhyem sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye yi bɛbam ampa: “Na nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”