Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/1 kr. 31
  • Wɔde Wɔn Ho Too Yehowa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Wɔn Ho Too Yehowa So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubetumi Asom Yehowa sɛ Ɔkwampaefo?
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Wo Som Mu A Wobɛtrɛw Sɛ Daa Ɔkwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1984
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/1 kr. 31

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔde Wɔn Ho Too Yehowa So

YEHOWA de ahyɛde ama Yehowa Adansefo sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ na nnipa a wofi amanaman nyinaa mu anya hokwan ate Onyankopɔn wiase foforo no ho asɛm. Mpɛn pii no, Kristoman asɔfo no yɛ ma wɔto yɛn dwumadi ano hye wɔ aman bi mu. Eyi te saa wɔ Afrika man bi mu. Nanso ɛhɔnom Yehowa Adansefo suasua Ɔhene Dawid. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro.” (Dwom 56:11) Osuahu ahorow a yɛn nuanom a wɔwɔ saa asase no so anya no kyerɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so, na wɔkɔ so yɛ n’adwuma a ɛho hia no.

Ɔdansefo bi a ɔyɛ sukuu bi mu ɔkyerɛkyerɛfo panyin no pɛe sɛ obetie ‘Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa,’ na ɔdaa afã biara a onni wɔ amansɛm mu no adi. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Wɔboroo no pasaa, na wɔhwɛɛ kwan sɛ wobebu no atɛn sɛ ɔfatwafo. Obiara susuwii sɛ wobekum no. Nanso Ɔdansefo no de ne ho too Yehowa so. Ɔkɔɔ so dii nokware na ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ofi ahonim mu apaw saa gyinabea no mu. Dɛn na efii mu bae? Wogyaa no de no san kɔɔ ne kurom, na Aban ananmusifo a wɔhwee no no paa no kyɛw. Wɔsan gyee Ɔdansefo ɔnokwafo yi wɔ ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na wɔbɔɔ n’aba so sɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sukuu ahorow so!

Sukuu bi panyin ma wɔpam Ɔdansefo ɔkyerɛkyerɛfo bi. Ɔsram biako akyi no, ɔpanyin yi gyee nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So fii ɔkwampaefo titiriw bi hɔ na ɔpenee so sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua. Ɔkenkan ti 6 wiei no, ogyaee adwuma sɛ sukuu no panyin, na ɔne ne yere fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no nyinaa. Da koro Kwasida anɔpa bi ɔkyerɛkyerɛfo a ɔpam no no ho dwiriw no yiye bere a ohyiaa ɔbarima a ɔpam no no na ohui sɛ ɔno nso asi kwan so rebɛyɛ ne honhom fam nua no.

Osuahu foforo bi a efi ɔman yi ara mu ma wohu sɛnea Yehowa Adansefo de obu ma Yehowa nhyehyɛe ahorow hyɛ nnipa mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ahyehyɛde no ho atew no. Ɔkwampaefo titiriw bi a na ɔreyɛ adwuma wɔ asasesin bi a asafo nni hɔ mu hyiaa ɔsɔretia pii. Esiane sɛ ɛsono abusua ne ɔmansin a ofi mu nti, na nokware no atamfo pɛ sɛ wɔpam no fi akuraa no ase. Nanso akuraa ase hɔ hene no kaa n’abrabɔ pa ne nneɛma pa a afi ne som dwumadi mu aba no ho asɛm na wamma kwan sɛ wɔbɛpam no. Na ɔhene no ahyɛ no nsow sɛ efi bere a ɔkwampaefo titiriw no baa hɔ no, nkurɔfo de nidi ma atumfo no denam tow a wotua ne wɔn ho a wɔde hyɛ ɔman akwan ho adwuma a wɔyɛ mu pɛnkoro dapɛn biara no so.​—Romafo 13:1, 7.

Afei, wɔkyeree Ɔdansefo foforo bi sɛ ɔne ɔbea bi a ɔnyɛ Ɔdansefo resɛe aware. Ɛyɛɛ animguasesɛm, ma ɔhene no frɛɛ ɔkwampaefo titiriw no baa n’anim de abufuw ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nua na wɔakyere no sɛ ɔresɛe aware yi. Nsonsonoe biara nni mo Yehowa Adansefo ne ɔsom afoforo ntam.” Nanso ɔkwampaefo titiriw no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso yɛyɛ soronko, efisɛ yɛmpene wɔn a wɔyɛ bɔne a anibere wom no nneyɛe so.”

Wɔde Ɔdansefo ɔwaresɛefo no kɔtoo afiase, na wɔma otuaa sika bi. Bio nso, wotuu no fii asafo no mu sɛ ɔbɔnefo a ɔnkyerɛ ahonu. Ɔhene no ani gyee eyi ho na ɛmaa wɔn a wodii Yehowa Adansefo ho fɛw no gyaee. Ɔhene no kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ moka Yehowa Adansefo ho nsɛmmɔne. Wɔn na wɔwɔ nokware no. Ɔsom afoforo nyɛ nea wɔyɛe yi.”

Adansefo anokwafo a wɔwɔ saa ɔman no mu no di afotu a ɛwɔ Dwom 37:3 no so: “Bata [Yehowa] ho, na yɛ papa, tra asase so, na di nokware.” So yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so sɛnea Kristofo yi yɛ no anaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena