Di Adɔe Akyi Bere Nyinaa
“Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam.”—MMEBUSƐM 21:21.
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no beyi ayamye adi akyerɛ?
YEHOWA yɛ ɔyamyefo na ɔwɔ ayamhyehye. Ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6, 7) Ɛnde ntease wom sɛ ɔdɔ ne ayamye ka ne honhom kronkron aba no ho.—Galatifo 5:22, 23.
2. Nhwɛso ahorow bɛn na afei yebesusuw ho?
2 Wɔn a Yehowa honhom kronkron anaasɛ adeyɛ tumi kyerɛ wɔn kwan no da n’aba a ɛne ayamye adi. Woyi adɔe adi kyerɛ wɔ wɔne afoforo ntam abusuabɔ mu. Nokwarem no, wodi ɔsomafo Paulo nhwɛso akyi, na wɔkamfo wɔn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ “ayamye mu” ne akwan afoforo so. (2 Korintofo 6:3-10) Wɔn ayamye, ayamhyehye, ne fafiri honhom ne Yehowa a ‘n’adɔe dɔɔso’ na n’Asɛm kura ayamye ho nhwɛso pii no nipasu hyia. (Dwom 86:15; Efesofo 4:32) Dɛn na yebetumi asua afi eyinom bi mu?
Ayamye Mma Yɛnyɛ Pɛsɛmenkominya na Ɛma Yenya Ahɔhoyɛ Su
3. Ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ ayamye a woyi adi kyerɛ mu, na nkuranhyɛ bɛn na Paulo de ma wɔ eyi ho?
3 Agya panyin Abraham (Abram)—“[Yehowa] adamfo” ne “gyidifo nyinaa agya”—yɛɛ ayamye a woyi adi kyerɛ ho nhwɛso fɛfɛ. (Yakobo 2:23; Romafo 4:11) Ɔne n’abusua, a ne wɔfase Lot ka ho fii Kaldeafo kurow Ur mu na wɔkɔɔ Kanaan sɛnea Onyankopɔn hyɛe no. Ɛwom sɛ na Abraham ne panyin ne abusua no ti de, nanso ɔdaa ayamye adi na wanyɛ pɛsɛmenkominya denam sɛnea ɔmaa Lot paw asase pa no na n’ankasa faa nea ɛkae no so. (Genesis 13:5-18) Ayamye a ɛte saa ara bɛka yɛn ma yɛama afoforo anya yɛn ho mfaso horow. Ayamye a ɛte sɛɛ a pɛsɛmenkominya nnim no ne ɔsomafo Paulo afotu hyia sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” Paulo ankasa ‘sɔɔ nnipa nyinaa ani ade nyinaa mu, na wanhwehwɛ nea eye ma no nkutoo, na mmom nea eye ma pii no, na wɔagye wɔn nkwa.’—1 Korintofo 10:24, 33.
4. Ɔkwan bɛn so na Abraham ne Sara nyaa ayamye a wɔnam ahɔhoyɛ so yii no adi kyerɛe no so akatua?
4 Ɛtɔ mmere bi a, wɔnam ahɔhoyɛ a efi komam so na eyi ayamye adi kyerɛ. Abraham ne ne yere Sara yii ayamye ne ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ ahɔho baasa a na wɔretwam da koro bi. Abraham hyɛɛ wɔn ma wɔtraa wɔn nkyɛn kakra, bere a ɔne Sara de ahoɔhare siesiee aduan pa bi maa ahɔho no. Ɛdaa adi sɛ saa ahɔho no yɛ Yehowa abɔfo, na wɔn mu biako hyɛɛ aberewa Sara a onni ba no bɔ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima. (Genesis 18:1-15) Ayamye a wɔde yi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ ho akatua bɛn ara ni!
5. Ɔkwan bɛn so na Gaio yii ayamye adi kyerɛe, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ biribi a ɛte saa ara?
5 Ɔkwan biako a Kristofo nyinaa betumi afa so ayi ayamye adi akyerɛ ne sɛ wobenya ahɔhoyɛ su. (Romafo 12:13; 1 Timoteo 3:1, 2) Enti, Yehowa nkoa fi ayamye mu yi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ ahwɛfo akwantufo. Eyi ma yɛkae ayamye a afeha a edi kan no mu Kristoni Gaio yii adi kyerɛe no. Ɔyɛɛ “adwuma pa” wɔ sɛnea ɔde ahɔhoyɛ su gyee anuanom a wɔbɛsraa no no mu—na wɔyɛ “ahɔho” a anka onnim wɔn. (3 Yohane 5-8, New World Translation) Mpɛn pii no yenim wɔn a yebetumi afi ayamye mu ayi ahɔhoyɛ su adi akyerɛ wɔn no. Ebia yehu sɛ honhom mu onuawa bi ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ebia n’aware mu hokafo yɛ obi a onnye nni anaasɛ obi a wɔatu no mpo. Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ yebeyi ayamye adi akyerɛ no denam nsa a yɛbɛto afrɛ no ma ɔne yɛn abɛbɔ wɔ honhom fam, na ɔne yɛn abusua abedidi wɔ bere ne bere mu! Ɛwom sɛ ebia yɛrenyɛ no apontow de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ yɛn abusua no ani begye ho sɛ wobeyi ayamye adi akyerɛ onuawa a ɔte saa. (Fa toto Mmebusɛm 15:17 ho.) Na akyinnye biara nni ho sɛ ɔde n’ano anaasɛ aseda krataa a ɛda ayamye adi bɛda eyi ho ase.
6. Ɔkwan bɛn so na Lidia yii ayamye adi kyerɛe, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛ ayamye nneyɛe ho anisɔ?
6 Bere a wɔbɔɔ ɔbea Lidia a ɔpɛ Nyankopɔn som yiye no asu akyi no: “Ɔsrɛe sɛ: Sɛ moabu [Paulo ne n’ayɔnkofo] me sɛ migye [Yehowa] di nokwarem a, mommra mmɛtra me fi.” Luka de kaa ho sɛ: “Na ɔhyɛɛ yɛn.” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani sɔɔ Lidia ayamye no. (Asomafo no Nnwuma 16:14, 15, 40) Nanso sɛ yɛantumi ankyerɛ anisɔ a, ebetumi ahaw afoforo. Bere bi onuawa bi a wadi mfe 80 a onni ahoɔden ne sika pii fi ayamye mu yeree ne ho noaa aduan maa ahɔho kakraa bi. N’aba mu buu titiriw bere a aberante biako anni kan ammɔ no amanneɛ mpo sɛ ontumi mma. Bere foforo nso, anuawanom baanu bi ankodi aduan a ababaa bi noa maa wɔn titiriw no. Ose: “Ɛyɛɛ me yaw kɛse, efisɛ na wɔn mu biara werɛ mfii ɛ. . . . Na anka mepɛ sɛ mɛte mpo sɛ wɔn werɛ fii anwummeduan no, nanso anuawanom baanu yi mu biara annya ayamye anaa ɔdɔ na wɔafrɛ me aka akyerɛ me sɛ wɔremma.” So honhom kronkron no aba a ɛyɛ ayamye bɛka wo ma wɔakyerɛ anisɔ na woadwen afoforo ho wɔ tebea a ɛte saa ara mu?
Ayamye ma Yesusuw Afoforo Ho
7. Ayamye ho asɛm bɛn na wɔde mmɔden a wɔbɔe sɛ wobedi Yakob apɛde wɔ afunsie ho so no yɛ ho mfatoho?
7 Ɛsɛ sɛ ayamye ma yesusuw afoforo ne nneɛma pa a wɔpɛ no ho. Mfatoho bi ni: Yakob (Israel) ka kyerɛɛ ne babarima Yosef sɛ ɔnyɛ no adɔe na onnsie no wɔ Misraim. Ɛwom sɛ na eyi hwehwɛ sɛ wɔsoa Yakob amu twa kwan tenten de, nanso Yosef ne Yakob mmabarima afoforo no “soaa no kɔɔ Kanaan asase so kosiee no wɔ Makpela afuw so ɔbodan a ɛwɔ Mamre ntentenso a Abraham tɔɔ ɛne afuw no wɔ Hetini Efron nkyɛn de yɛɛ asiei no mu.” (Genesis 47:29; 49:29-31; 50:12, 13) Nea ɛne saa nhwɛso yi hyia no, so ɛnsɛ sɛ adɔe ka yɛn ma yedi afunsie ho nhyehyɛe a Kyerɛwnsɛm no pene so a Kristoni abusua muni bi hwehwɛ no so?
8. Dɛn na Rahab ho asɛm no kyerɛ yɛn wɔ ayamye a yebetua so ka no ho?
8 Sɛ afoforo yɛ yɛn adɔe a, so ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ anaasɛ yɛyɛ biribi hyɛ ananmu wɔ ɔkwan bi so anaa? Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Aguaman Rahab yii ayamye adi denam Israelfo akwansrafo no a ɔde wɔn siei no so. Enti, Israelfo no yɛɛ no adɔe denam ɔne ne fifo a wɔkoraa wɔn so bere a wɔsɛee Yeriko no so. (Josua 2:1-21; 6:20-23) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi tua ayamye ho ka denam afoforo ho a yebesusuw na yɛn ankasa yɛayɛ ayamyefo so!
9. Dɛn nti na wobɛka sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛsrɛ obi sɛ ɔnyɛ yɛn adɔe?
9 Esiane eyi nti, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛsrɛ obi sɛ ɔnyɛ yɛn adɔe. Israel hene a odi kan, Saul, babarima Yonatan yɛɛ saa. Yonatan ka kyerɛɛ n’adamfo kumaa Dawid a ɔdɔ no no sɛ ɔnyɛ ɔne ne fifo adɔe. (1 Samuel 20:14, 15; 2 Samuel 9:3-7) Dawid kaee eyi bere a odii were maa Gibeonfo a Saul yɛɛ wɔn bɔne no. Esiane sɛ Dawid kaee “[Yehowa] ntam” a na ɛda ɔne Yonatan ntam no nti, ɔdaa adɔe adi denam Yonatan ba Mefiboset nkwa so a ɔkorae no so. (2 Samuel 21:7, 8) So yɛn nso ‘yɛma yɛn Yiw yɛ Yiw’? (Yakobo 5:12) Na sɛ yɛyɛ asafo mu mpanyimfo a, so yenya ayamhyehye saa ara bere a ehia sɛ yɛyɛ yɛn mfɛfo gyidifo adɔe no?
Ayamye Hyɛ Abusuabɔ Mu Den
10. Ɔkwan bɛn so na wohyiraa Rut adɔeyɛ no so?
10 Adɔe hyɛ abusua mu abusuabɔ mu den na ɛde anigye ba. Eyi daa adi wɔ Moabni Rut ho asɛm no mu. Ɔyɛɛ adwumaden sɛ mpɛpɛwadifo wɔ Boas a na ne mfe akɔ anim no afuw a ɛbɛn Betlehem mu, nyaa aduan maa ɔne n’asebea okunafo Naomi a na ahia no no. (Rut 2:14-18) Akyiri yi Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: “Woama w’akyiri yi adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi.” (Rut 3:10) Nea edi kan no, Rut yɛɛ Naomi adɔe. ‘Akyiri yi’ Moabni no daa adɔe adi denam pene a ɔpenee sɛ ɔbɛware Boas a na ne mfe akɔ anim sɛnea ɛbɛyɛ na wanya din ama ne kunu a wawu no ne aberewa Naomi. Ɛdenam Boas so no, Rut bɛyɛɛ Dawid nenabarima Obed maame. Na Onyankopɔn maa no “akatua mũ” a ɛne sɛ ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo nenabea. (Rut 2:12; 4:13-17; Mateo 1:3-6, 16; Luka 3:23, 31-33) Hwɛ nhyira horow ara a Rut adɔe no maa ɔne n’abusua no nyae! Ɛnnɛ, sɛ wɔda adɔe adi wɔ afie a Onyankopɔn suro wom mu a, nhyira horow, anigye ne abusua mufo ntam abusuabɔ mu denhyɛ nso fi mu ba.
11. Filemon ayamye no nyaa nkɛntɛnso bɛn?
11 Ayamye hyɛ Yehowa nkurɔfo asafo ahorow mu abusuabɔ mu den. Na wonim Kristoni Filemon sɛ ɔyɛ ne mfɛfo gyidifo adɔe. Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: “Meda me Nyankopɔn ase daa mekae wo me mpaebɔ mu, sɛ mete wo dɔ ne wo gyidi a wowɔ no Awurade Yesu ne ahotefo nyinaa ho no nka . . . Na mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo yam adwudwo wɔn, onua.” (Filemon 4-7) Kyerɛwnsɛm no nka sɛnea ɛyɛe a ahotefo yam dwudwoo wɔn denam Filemon so no. Nanso, ebia ɔyɛɛ ne mfɛfo a wɔasra wɔn no adɔe wɔ akwan horow a edwudwoo wɔn so, na akyinnye biara nni ho sɛ eyi hyɛɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den. Nneɛma a ɛte saa ara ba bere a Kristofo yɛ adɔe nnɛ no.
12. Dɛn na efii ayamye a Onesiforo yii adi kyerɛe no mu bae?
12 Onesiforo ayamye nso nyaa nkɛntɛnso pa. Paulo kae sɛ: “Awurade nhu Onesiforo fi mmɔbɔ, efisɛ ɔtaa huhuw me maa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho. Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ohuu me. Awurade mma onnya [Yehowa] hɔ mmɔborohunu ɛda no! Na dodow a ɔsomee Efeso no, wo ara wunim yiye.” (2 Timoteo 1:16-18) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ mfɛfo asomfo adɔe a, yɛn ani begye na yɛbɛhyɛ onuadɔ a ɛwɔ Kristofo asafo no mu no den.
13, 14. Ɔkwan bɛn so na asafo a ɛwɔ Filipi no yɛɛ nhwɛso pa, na Paulo yɛɛ wɔn ayamye no ho ade dɛn?
13 Sɛ asafo bi mufo nyinaa yɛ mfɛfo asomfo adɔe a, eyi hyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den. Na abusuabɔ a emu yɛ den saa wɔ Paulo ne asafo a ɛwɔ Filipi kurow no mu ntam. Nokwarem no, ade biako nti a ɔkyerɛwee ne nhoma no kɔmaa Filipifo no ne sɛ ɔde bɛda wɔn ase wɔ wɔn ayamye ne wɔn honam fam mmoa no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Asɛmpa no mfiase mu a mifii Makedonia mekɔe no, asafo biara ammoa me, ɔma ne ogye akontaa ho, sɛ mo nko. Na Tesalonika nso mosomae prɛko ne ne mprenu brɛɛ me nea ehia me. . . . Na manya ade nyinaa ma aboro so. Na efi sɛ me nsa kaa nea mode menaa Epafrodito no, mamee, ohua a ɛyɛ dɛ, afɔrebɔ a wogye a ɛsɔ Onyankopɔn ani.”—Filipifo 4:15-18.
14 Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Filipifo ayamyefo no ho asɛm wɔ Paulo mpaebɔ mu! Ɔkae sɛ: “Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu. Nso daa, m’adesrɛ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa, mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti.” (Filipifo 1:3-5) Ayamye mu a wofi boa Ahenni asɛnka adwuma no sɛɛ yi mma asafo bi nni hia da. Bere a Filipifo no de ayamye yɛe nea wobetumi wɔ eyi mu no, Paulo maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Na me Nyankopɔn bɛma mo nea ehia mo nyinaa, sɛnea n’ahonya no te, anuonyam mu, Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:19) Yiw, Onyankopɔn tua ayamye so ka. N’Asɛm ka sɛ: “Na munim sɛ papa a obiara bɛyɛ no . . . ɛno ara ho akatua na obenya [Yehowa] nsam.”—Efeso 6:8.
Bere a Mmea Yi Ayamye Adi Kyerɛ
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔkaee Dorka ayamye no, na dɛn na esii bere a owui no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnwuma pa ahyɛ Kristofo mmea ayamyefo ma nnɛ?
15 Osuani Dorka (Tabita) a ofi Yopa no nyaa n’adɔeyɛ so akatua. “Na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma,” na bere a ‘ɔyaree, na owui no,’ asuafo no soma kɔfrɛɛ Petro wɔ Lida. Obedui no, “wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu, na akunafo no nyinaa begyinaa ne ho a wɔresu, na wɔde ntade ne ntama a Dorka ne wɔn wɔ hɔ no ɔyɛe no kyerɛe.” Yɛ tebea no ho mfonini: Akunafo a wɔn werɛ ahow na wɔresu ka sɛnea na Dorka yɛ ɔyamyefo no kyerɛɛ ɔsomafo no, na wɔde saa ntade no kyerɛɛ no sɛ ne dɔ ne n’ayamye ho adanse. Bere a Petro maa obiara puei akyi no, ɔkotow ne nan anim bɔɔ mpae na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no. Tie! Ose: “Tabita, sɔre!” Na hwɛ! “Ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre traa ase. Na ɔteɛɛ ne nsa de maa no so; na ɔfrɛɛ ahotefo ne akunafo no de no anikan kyerɛɛ wɔn.” (Asomafo no Nnwuma 9:36-41) Nhyira a efi Onyankopɔn hɔ bɛn ara ni!
16 Na eyi ne owusɔre a Yesu Kristo somafo bi maa obi nyae ho kyerɛwtohɔ a edi kan. Na nsɛm tebea a ɛma wɔyɛɛ anwonwade yi fi ayamye. Hena na obetumi aka sɛ sɛ na ɛnyɛ sɛ nnwuma pa ne mmɔborohunu adekyɛ ayɛ Dorka ma—sɛ ɛnyɛ sɛ adɔeyɛ ayɛ no ma a, anka wobenyan no aba nkwa mu? Ɛnyɛ sɛ wohyiraa Dorka ne saa akunafo no nko, na mmom anwonwade a ne wusɔre no yɛ no dii Onyankopɔn anuonyam ho adanse. Yiw, “wɔtee no Yopa nyinaa, na nnipa bebree gyee Awurade dii.” (Asomafo no Nnwuma 9:42) Ɛnnɛ, nnwuma pa ayɛ Kristofo mmea ayamyefo nso ma—ebia wɔpam ntade ma mfɛfo gyidifo, wɔnoa aduan ma wɔn a wɔanyinyin a wɔwɔ yɛn mu no, na woyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ afoforo. (1 Timoteo 5:9, 10) Hwɛ adansedi ara a eyi yɛ ma wɔn a wohu no! Nea ɛsen biara no, hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ onyamesom pa ahofama ne adɔe ka saa ‘mmea dɔm kɛse yi ma wɔka asɛmpa’ no de hyɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa, anuonyam!—Dwom 68:11.
Kɔ So Di Adɔe Akyi
17. Dɛn na wɔaka wɔ Mmebusɛm 21:21, na ɔkwan bɛn so na saa nsɛm no fa ankorankoro a wosuro Onyankopɔn ho?
17 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ Onyankopɔn anim dom nyinaa kɔ so di adɔe akyi. Abebusɛm bi a nyansa wom se: “Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam.” (Mmebusɛm 21:21) Obi a osuro Onyankopɔn de nsiyɛ di Onyankopɔn trenee akyi, na ɔsoro gyinapɛn ahorow kyerɛ no kwan bere nyinaa. (Mateo 6:33) Ɔkɔ so yi nokware dɔ, anaa adɔe adi kyerɛ afoforo wɔ honam fam, ne titiriw no honhom fam bere nyinaa. Enti, ohu trenee, efisɛ Yehowa honhom boa no ma ɔtra ase wɔ trenee kwan so. Nokwarem no, ‘ofura trenee’ te sɛ ɔbarima Hiob a na osuro Onyankopɔn no. (Hiob 29:14) Onipa a ɔte sɛɛ no nhwehwɛ n’ankasa anuonyam (Mmebusɛm 25:27) Mmom no, onya anuonyam biara a Yehowa ma no kwan sɛ ne nsa nka no, ebia te sɛ obu a mfɛfo nnipa a Onyankopɔn ka wɔn ma wɔne no di ayamye so esiane adɔe a n’ankasa yɛ wɔn nti no wɔ ma no. Bio nso, wɔn a wɔde nokwaredi reyɛ Onyankopɔn apɛde no benya nkwa—ɛnyɛ mfe kakraa bi a etwam kɔ ara kwa, na mmom daa.
18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi adɔe akyi?
18 Enti, ɛmmra sɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn nyinaa bɛkɔ so adi adɔe akyi. Saa su yi ma Onyankopɔn ne afoforo ani gye yɛn ho. Ɛma ahɔhoyɛ nya nkɔso, na ɛma yedwen afoforo ho. Ayamye hyɛ abusua no ne Kristofo asafo no mu abusuabɔ mu den. Ani sɔ mmea a wɔyɛ adɔe no na wobu wɔn kɛse. Na wɔn a wodi su pa yi akyi no nyinaa hyɛ adɔe Nyankopɔn Yehowa, anuonyam.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ ayamye a woyi adi kyerɛ mu?
◻ Dɛn na Rahab ho asɛm no kyerɛ yɛn wɔ ayamye a ɛsɛ sɛ yetua so ka ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na Filipi asafo no yii ayamye adi kyerɛe?
◻ Ɔkwan bɛn so na nnwuma pa ahyɛ Kristofo mmea ayamyefo ma nnɛ?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi adɔe akyi?