Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 25-29
  • Hwɛ Sɛnea Yehowa Pon Ho Tra Yɛ Anigye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Sɛnea Yehowa Pon Ho Tra Yɛ Anigye!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehyia Sɔhwɛ Ahorow
  • Honhom Fam Aduan wɔ Nnadeban no Mu
  • Wodi Nokware Kosi Owu Mu
  • Honhom Fam Nsiesiei wɔ Neuengamme
  • Honhom Fam Nhyira Abu So
  • Mudi Mu Kura Wɔ Nasi Nniso Ase Wɔ Germany
    Nyan!—1993
  • Yehowa Boaa Yɛn Ma Yegyinaa Kankabi Nniso Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Me Mudi Mu A Mikurae Wɔ Nazi Germany
    Nyan!—1985
  • Biribiara Nsen Nokware no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 25-29

Hwɛ Sɛnea Yehowa Pon Ho Tra Yɛ Anigye!

Sɛnea Ernst Wauer ka kyerɛe

Sɛ mede toto kan no ho a, ɛyɛ mmerɛw ma me nnɛ sɛ mɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow, mesua Bible no, na maka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ. Nanso na ɛnte saa bere nyinaa wɔ Germany. Bere a na Adolf Hitler yɛ sodifo otirimɔdenfo fi 1933 kosi 1945 no, na Kristofo dwumadi ahorow a ɛte sɛɛ mu kyɛfã a obi nya no de ne nkwa to asiane mu.

AFE ansa na Hitler rebedi tumi, bere a na madi mfe 30 no, mihyiaa Yehowa Adansefo nea edi kan wɔ Dresden. Wɔ January 1935 mu no, mihyiraa me ho so maa Yehowa na mekae sɛ mepɛ sɛ wɔbɔ me asu. Na wɔabara yɛn adwuma no dedaw wɔ 1933 mu, enti wobisaa me se: “So wunim nea wo gyinaesi no kyerɛ? Wode w’abusua, akwahosan, adwuma, ahofadi, ne wo nkwa mpo reto asiane mu!”

Mibuae sɛ: “Masusuw ho yiye, na mewɔ ɔpɛ sɛ meyɛ Onyankopɔn apɛde akosi owu mu.”

Mifii ase kaa asɛm wɔ afie afie mpo ansa na wɔrebɔ me asu. Wɔ ɔpon biako ano no, mihyiaa SS (Hitler polisifo a wɔhyɛ atade tuntum) mmofra kuw panyin bi, na ɔteɛɛm sɛ: “Wunnim sɛ wɔabara adeyɛ yi anaa? Mekɔfrɛ polisifo!”

Mibuaa no bɔkɔɔ sɛ: “Kɔfrɛ wɔn. Bible no ho asɛm ara kɛkɛ na mereka, na mmara biara ntia ɛno.” Afei mekɔɔ ɔpon a edi hɔ no ano, na owura bi a ɔwɔ adamfofa su bebuee pon no na ogyee me kɔɔ ne dan mu. Hwee anyɛ me.

Ankyɛ na wɔka kyerɛɛ me sɛ menhwɛ adesua kuw a Adansefo bɛyɛ baanum kosi baason a wohyiam dapɛn biara wom so. Yesuaa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a wɔde fi aman a ɛbemmɛn mu faa sum ase baa Germany no. Enti, ɛmfa ho sɛ na wɔabara yɛn dwumadi no, yetumi traa ‘Yehowa pon’ ho daa ma yenyaa honhom fam denhyɛ.​—1 Korintofo 10:21.

Yehyia Sɔhwɛ Ahorow

Wɔ 1936 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani J. F. Rutherford, baa nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Lucerne, Switzerland, ase, na ɔtoo nsa frɛɛ anuanom a wɔwɔ teokrase ahwɛfo dwumadi wɔ Germany no sɛ wɔmmra. Esiane sɛ na wɔagye anuanom pii passport afi wɔn nsam na polisifo retetɛw anuanom binom kɛse nti, yɛn mu kakraa bi pɛ na wotumi kɔe. Onua a na ɔhwɛ adwuma no so wɔ Dresden no ka kyerɛɛ me sɛ menkosi n’anan mu wɔ Lucerne.

Mibisae sɛ: “Na sɛ́ misua dodo na minni osuahu pii?”

Ɔmaa me awerɛhyem sɛ: “Nea ehia mprempren ne nokwaredi. Ɛno ne ade titiriw.”

Mifii Lucerne bae bere tiaa bi akyi no, wɔkyeree me na mpofirim ara wɔtetew me ne me yere Eva, ne yɛn mma nketewaa baanu no ntam. Bere a wɔde me rekɔ polisifo adwumayɛbea ti a ɛwɔ Dresden no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkae kyerɛwsɛm bi a ɛbɛma me akwankyerɛ. Mekaee Mmebusɛm 3:5, 6 a ese: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Kyerɛwsɛm yi a mekaee no hyɛɛ me den maa bere a edi kan a wobisabisaa me nsɛm no. Ɛno akyi no, wɔde me kɔɔ afiase ketewaa bi mu, na bere tiaa bi no, metee nka sɛ obiara nka me ho. Nanso Yehowa mpae denneennen a mebɔe no ma minyaa asomdwoe.

Asennibea no buu atɛn sɛ wɔmfa me nkɔto afiase asram 27. Wɔde me nkutoo too afiase dan biako mu afe biako wɔ Bautzen afiase. Da koro obi a anka ɔyɛ adwuma wɔ asennibea​—na ɔresi obi ananmu​—bebuee m’afiase pon no de ayamhyehye kae sɛ: “Minim sɛ wɔmma kwan sɛ wobɛkenkan biribi de, nanso ebia wuhia biribi na ayi w’adwene afi tebea a wowom no so.” Ɔkaa saa no, ɔyɛɛ nwaa de abusua ho nsɛmma nhoma kakraa bi a ayɛ dedaw maa me, na ɔkae sɛ: “Mɛba abegye anadwo.” Nokwarem no, na minhia biribiara a ‘ebeyi m’adwene afi me tebea no so.’ Bere a me nkutoo hyɛ afiase dan biako mu no, mekaakae Bible kyerɛw nsɛm na mede siesiee nsɛmti ahorow de maa ɔkasa. Nanso mehwehwɛɛ nsɛmma nhoma no mu sɛ Kyerɛwnsɛm bi wom anaa​—na mihuu pii! Na biako yɛ Filipifo 1:6, a ne fã bi kenkan sɛ: “Mewɔ eyi ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie.” Medaa Yehowa ase wɔ nkuranhyɛ yi ho.

Akyiri no, woyii me kɔɔ adwumayɛ ban bi mu. Afei wɔ 1939 asusow bere mu, bere a na ɛsɛ sɛ m’afiasenna no ba awiei no, adwumayɛ ban sohwɛfo no bisaa me sɛ so me nsusuwii ahorow asakra anaa. Mibuae sɛ: “Masi gyinae sɛ mɛkɔ so akura me gyidi mu.” Afei ɔbɔɔ me amanneɛ sɛ wobeyi me akɔ Sachsenhausen nnadeban no mu.

Wogyee m’ankasa ntade wɔ hɔ, miguaree, woyii me ho nhwi nyinaa, na wɔmaa me afiase atade. Afei wɔde nsu guu me ho bio, a mprempren de mehyɛ atade​—adeyɛ a SS awɛmfo no frɛ no “asubɔ.” Ɛno akyi no, wɔhyɛɛ me ma mede me ho a afɔw no gyinaa adiwo kosii anwummere.

SS awɛmfo no yɛɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ nnadeban no mu no ayayade titiriw. Mpɛn pii no, na wɔma yegyina baabi a wɔto santen no nnɔnhwerew bebree. Na ɛtɔ mmere bi a, yɛn mu biako gu ahome ka sɛ: “Sɛ yenya aduan pa bi a, anka eye o!” Ɔfoforo bua sɛ: “Nsusuw nneɛma a ɛtete saa ho. Wode susuw nidi a ɛyɛ sɛ wubegyina Yehowa din ne n’Ahenni no afã no ho ara kɛkɛ.” Na ɔfoforo nso de ka ho sɛ: “Yehowa bɛhyɛ yɛn den!” Yɛnam saa kwan yi so hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho den. Na ɛtɔ mmere bi a, obi ti nko a ɔbɛbɔ no adamfofa kwan so kɛkɛ no kyerɛ sɛ: “Mepɛ sɛ midi nokware; wo nso yɛ saara!”

Honhom Fam Aduan wɔ Nnadeban no Mu

Ebinom dii anim wɔ honhom fam aduan a wɔmaa anuanom no mu, na wɔpaw me sɛ memmoa wɔn. Na nea yɛwɔ ara ne Luther Bible kɛse bi. Na ɛnsɛ sɛ wohu bi wɔ obi ho. Enti yɛde ademude yi siei, na wɔ afiasedan akuw no biako biara mu no, na onua biako a wɔapaw no nkutoo na ɛtra ne kyɛn bere tiaa bi. Sɛ edu me so sɛ mɛkenkan a, mekɔhyɛ me mpa ase na mesɔ torchlight de kenkan bɛyɛ simma 15. Mede kyerɛw nsɛm a akyiri yi metumi ne anuanom no abɔ ho nkɔmmɔ wɔ yɛn afiasedan no mu no sie m’adwenem. Saa kwan yi so no, yetumi de honhom fam aduan kakraa bi mae.

Wɔhyɛɛ anuanom no nyinaa nkuran sɛ wɔnsrɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu na ɔmma yɛn honhom fam aduan pii, na otiee yɛn adesrɛde no. Wɔ 1939/40 awɔw bere mu no, onua bi a wɔde no aba afiase hɔ foforo tumi de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma kakraa bi hyehyɛɛ ne nan a wɔde dua ayɛ no mu baa nnadeban mu hɔ. Esiane sɛ na wɔde ahwɛyiye hwehwɛ obiara ho nti, na ɛte sɛ nea eyi yɛ anwonwade ankasa.

Ahwɛyiye nti, wɔde nsɛmma nhoma yi maa anuanom a wɔapaw wɔn no mu biara da koro. Bere bi a na yɛresi ɔdan a wɔbɛyɛ mfiri ho adwuma wom no, mede ahopopo kenkan nsɛmma nhoma no wɔ amoa bi mu bere a onua biako gyina adiwo rewɛn. Bere foforo bi nso, mede Ɔwɛn-Aban no too me srɛ so wɔ “adepam bere” mu (edu anwummere a, yɛtra yɛn afiase dan kɛse bi mu pempam yɛn nsa bɔha ne nneɛma afoforo), bere a anuanom tete me nkyɛnmu rewɛn ama me. Bere a SS ɔwɛmfo bi baa hɔ no, mede Ɔwɛn-Aban no siei ntɛm ara. Wɔkyeree me a, anka wobekum me!

Yehowa boaa yɛn anwonwa kwan so ma yɛde nsɛm a ɛma denhyɛ no siee yɛn adwenem. Mpɛn pii no, na ɔbrɛ nkutoo ma meda hatee anadwo. Nanso anadwo a makenkan Ɔwɛn-Aban no akyi no, m’ani tew mpɛn pii na mekaakae nsɛm no yiye. Anuanom afoforo a wɔapaw wɔn a na wɔwɔ afiasedan afoforo mu no nyaa osuahu ahorow a ɛtete saara. Saa kwan yi so na Yehowa maa yetumi kaakae nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi de honhom fam aduan ama. Yɛyɛɛ eyi denam onua biara ankasa nkyɛn a yɛkɔ kɔhyɛ no den no so.

Wodi Nokware Kosi Owu Mu

September 15, 1939 mu no, wɔmaa yɛn adwumayɛ kuw no san baa nnadeban no mu ntɛm sen daa. Na asɛm bɛn na asi? Na wɔrebekum August Dickmann, a ɔyɛ yɛn nuanom mmarima nkumaa no mu biako no wɔ baguam. Na Nasifo no wɔ ahotoso sɛ eyi bɛma Adansefo no bebree apa wɔn gyidi. Wokum no wiei no, wɔmaa nneduafo a aka no nyinaa fii hɔ. Nanso wosunsum yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no wɔ beae a wɔto santen no, na wɔde wɔn nan wowɔɔ yɛn, de nnua hwee yɛn kosii sɛ yɛantumi ankeka yɛn ho. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn nsa nhyɛ krataa bi ase mfa mpa yɛn gyidi; anyɛ saa a yɛn nso wɔbɛbɔ yɛn tuo akum yɛn.

Adekyee no, na obiara mfaa ne nsa nhyɛɛ krataa no ase ɛ. Nokwarem no, ɔdeduani foforo a ɔde ne nsa hyɛɛ ase bere a ɔbaa hɔ no kotwaa mu. Na ɔpɛ sɛ ɔne ne nuanom bewu mmom sen sɛ obefi nnadeban no mu hɔ sɛ ɔfatwafo. Asram a edi hɔ no mu no, wɔmaa yɛyɛɛ adwumaden, wɔyɛɛ yɛn ayayade bere nyinaa, na wɔde aduan kamee yɛn de twee yɛn aso. Yɛn nuanom bɛboro ɔha wuwui wɔ 1939/40 awɔw bere a ano yɛ den no mu. Wokuraa wɔn mudi mu maa Yehowa ne n’Ahenni no kosii awiei pɛɛ.

Afei Yehowa ma yenyaa ahotɔ kakra. Woyii anuanom pii kɔɔ nnadeban a wɔasisi no foforo mu sɛ wɔnkɔyɛ adwuma, na wonyaa aduan a ɛdɔɔso wɔ hɔ. Bio nso, sɛnea na wɔhaw yɛn no ano brɛɛ ase kakra. Wɔ 1940 asusow bere mu no, woyii me kɔɔ Neuengamme nnadeban no mu.

Honhom Fam Nsiesiei wɔ Neuengamme

Mikoduu hɔ no, na Adansefo bɛyɛ 20 wɔ hɔ, a wonni Bible anaa nhoma foforo biara. Mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me na memfa nea misuae wɔ Sachsenhausen no nni dwuma mfa nhyɛ anuanom a wɔwɔ Neuengamme no den. Nea edi kan no, mekaee kyerɛw nsɛm na mepaw de yɛɛ daa asɛm. Afei wɔyɛɛ nhyiam ahorow ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na matumi de Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a mekenkan wɔ Sachsenhausen no ho nkyerɛkyerɛmu ama. Sɛ wɔde anuanom ba hɔ foforo a, na wɔde nsɛm a wɔasua afi Ɔwɛn-Aban a ɛbae nkyɛe no mu ho amanneɛbɔ ma.

Ebeduu 1943 no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Neuengamme no dodow adu 70. Na afei wɔpɛ sɛ Yehowa Adansefo na wɔyɛ adwuma wɔ nnadeban no akyi, te sɛ ɛhɔ a wobesiesie bere a wim ahyɛn abɛtotow atopae agu hɔ kɔ akyi. Enti, yetumi de Bible, Ɔwɛn-Aban, ne Asafo ti no nhoma ne nhomawa ahorow faa sum ase baa nnadeban no mu. Wɔkyekyeree nhoma afoforo pii ne bobesa kɔkɔɔ ne abodoo a ɛnkaw a yɛde bɛyɛ afe afe Nkaedi no nso yɛɛ no boaa de manaa yɛn. Ɛda adi sɛ Yehowa furaa wɔn a wɔhwehwɛɛ boaa ahorow yi mu no ani.

Esiane sɛnea na wɔakyekyɛ yɛn mu agu afiase adan ahorow pii mu no nti, yɛhyehyɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua akuw ason, a emu biara wɔ nea ɔhwɛ so ne ne nsiananmu. Yɛyɛɛ Ɔwɛn-Aban no bebree kaa ho wɔ nnadeban panyin no office, faako a meyɛɛ adwuma bere tiaa bi no. Enti, anyɛ yiye koraa no, adesua kuw biako biara nyaa nsɛmma nhoma biako a nsɛm no nyinaa wom de yɛɛ wɔn dapɛn biara adesua no. Yɛantwa nhyiam biako mpo mu. Bio nso, anɔpa biara no, akuw no nsa kaa daa asɛm a ɛho nkyerɛkyerɛmu a wɔayi afi Ɔwɛn-Aban no mu ka ho no bi wɔ faako a wɔto santen no.

Bere bi SS awɛmfo no amma adwuma, enti yetumi de ɛda no fã yɛɛ nhyiam na yesusuw sɛnea yɛbɛka asɛm wɔ nnadeban no mu ho. Yɛkyekyɛɛ nnadeban no mu yɛɛ no asasesin ahorow na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nneduafo no mu biara ate “ahenni ho asɛmpa” no. (Mateo 24:14) Esiane sɛ nneduafo no fi aman ahorow so nti, yɛyɛɛ kasa horow mu adansedi nkratasin a ɛkyerɛkyerɛ yɛn adwuma ne Ahenni no mu. Yɛde nnamyɛ kaa asɛm no araa ma wɔn a amammuisɛm nti na wɔayɛ nneduafo no kae sɛ: “Baabiara a wobɛkɔ no, nea wote ara ne Yehowa ho asɛm!” Yetumi de yɛn asɛnka adwuma no ho akontaabu mpo manaa baa dwumadibea a ɛwɔ Bern, Switzerland no.

Biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ kosii sɛ Gestapofo no yɛɛ nnadeban ahorow nyinaa mu nhwehwɛmu bi wɔ 1944 mu. Wɔanhu faako a yɛde yɛn nhoma sie wɔ Neuengamme no, nanso wohuu nneɛma kakraa bi wɔ me ne Karl Schwarzer nkyɛn. Wɔde nnansa bisabisaa yɛn nsɛm na wɔhwee yɛn. Bere a wogyaee yɛn hwe no, na yɛn ho nyinaa ayeyɛ akuru. Nanso, Yehowa mmoa nti, yɛanwu.

Honhom Fam Nhyira Abu So

Aman a wɔko tiaa Germanfo no asraafo gyaa me wɔ May 1945 mu. Ɛda a wogyaa yɛn no adekyee no, me ne anuanom ne anigyefo kuw ketewaa bi fii ase nantew sɛ yɛrekɔ fie. Bere a yɛbrɛe no, yɛtraa asubura bi ho wɔ akuraa a edi kan a yeduu hɔ no ase nom nsu. Bere a mesan nyaa ahoɔden no, mekɔɔ afie afie mu a mikura Bible wɔ me nsam. Ababaa bi tee sɛ yɛn Yehowa Adansefo no gyidi nti na wɔde yɛn kɔɔ nnadeban no mu no, ɛkaa ne koma. Ɔkɔɔ ne mukaase kɔfaa nufusu ne bodobodo brɛɛ yɛn kuw no mufo.

Ɛno akyi no, yɛkaa Ahenni ho asɛmpa no wɔ saa akuraa no ase nyinaa, a yɛda so ara hyehyɛ yɛn afiase ntade. Akuraase hɔ ni foforo bi gyee yɛn kɔɔ ne fie kɔmaa yɛn nnuan pii. Ɔmaa yɛn nnuan a na yennii bi mfe pii. Hwɛ sɛnea nnuan no hwɛ nkutoo kanyan akɔnnɔ! Nanso, yɛamfom aduan no. Yɛbɔɔ mpae na yɛde ɔpɔw didii bɔkɔɔ. Eyi yɛɛ wɔn a wɔrehwɛ yɛn no fɛ araa ma akyiri a yefii nhyiam bi ase no, wotiee Bible mu ɔkasa no. Ɔbea bi gyee nkrasɛm no toom, na nnɛ ɔyɛ yɛn honhom fam nuabea.

Yɛtoaa yɛn akwantu no so na yenyaa Yehowa ɔhwɛ mu osuahu wɔ akwan horow a ɛyɛ nwonwa so. Anigye bɛn ara na yɛanya sɛɛ yi, sɛ yɛakɔ so anya honhom fam aduan a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no nyinaa wɔ ahofadi mu, na yɛne afoforo kyɛ! Mfe a atwam no mu no, yɛanya yɛn ho a yɛde too Yehowa so korakora no mu akatua mpɛn pii.

Efi 1945 kosi 1950 no, minyaa hokwan som wɔ Magdeburg Betel ne afei, wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ Berlin no besii 1955. Ɛno akyi no, mesomee sɛ ɔhwɛfo ɔkwantufo besii 1963, bere a me yere, Hilde, nyinsɛnee no. (Me yere a odi kan Eva, wui bere a mewɔ afiase no, na mesan waree wɔ 1958 mu.) Yɛn babea no bɛyɛɛ ɔdansefo a ɔyɛ nnam akyiri yi.

Na me mma a mewoo wɔn wɔ m’aware a edi kan no mu nso ɛ? Awerɛhosɛm ne sɛ me babarima no ankyerɛ nokware no ho anigye biara. Nanso me babea Gisela kyerɛɛ ho anigye, na ɔkɔɔ Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu no wɔ 1953 mu. Mprempren ɔne ne kunu som wɔ Germany Nhyiam Asa no biako so. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, matumi akɔ so ayɛ daa akwampaefo adwuma no fi 1963, na masom wɔ faako a mmoa ho hia, edi kan no wɔ Frankfurt ne afei wɔ Tübingen.

Ɛde besi nnɛ no, mekɔ so nya nsiesiei a Yehowa ahyehyɛde no yɛ ma ne gyidi fifo no nyinaa bi. (1 Timoteo 3:15) Nnansa yi de, honhom fam aduan nya nyɛ den koraa, nanso so yɛkyerɛ ho anisɔ bere nyinaa? Mewɔ ahotoso sɛ Yehowa wɔ nhyira pii ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so, wodi nokware, na wodidi wɔ ne pon so no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 26, 27]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

SACHSENHAUSEN NNADEBAN

A. SS atrae

B. Adiwo a wɔbobɔ din wɔ hɔ

C. Afiase dan

D. Afiase a wɔde obi nkutoo kɔhyɛ hɔ

E. Faako a woyi nkurɔfo ho dwiw

F. Faako a wokunkum nnipa

G. Ɔdan a mframa bɔne wom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena