Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/15 kr. 3-4
  • Akwahosan Ne Anigye​—So Wubetumi Anya?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwahosan Ne Anigye​—So Wubetumi Anya?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Anigye a Wɔrehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
    Nyan!—2018
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/15 kr. 3-4

Akwahosan Ne Anigye​—So Wubetumi Anya?

MPƐN DODOW a mmarima ne mmea a wɔnyɛ pɛ akɔ so atra ase no, wɔakɔ so ahwehwɛ akwahosan ne anigye. Ɛwom sɛ ɛyɛ ampa sɛ eyinom yɛ nneɛma atitiriw a onipa hwehwɛ no mu abien de, nanso ne nsa nka.

Nnipa adwen ho kɛse, na wɔde ho afotu pii ama. Oduruyɛfo Dennis Jaffe se: “Ɛnnɛ, nea ɛbɛma woanya daa akwahosan ne ayaresa no taa gyina w’ankasa wo nneyɛe so.” Abraham Lincoln kaa bere bi sɛ: “Nnipa nya anigye te sɛ nea wosi gyinae sɛ wobenya no.” So wugye tom? W’ani abere dɛn wɔ anigye a wopɛ sɛ wunya no mu? Anigye a wubenya no gyina akwahosan pa a wowɔ no so kodu he?

Nnipa ahwehwɛ anigye afi baabiara, na wɔadi nneɛma a ɛte sɛ nea enni awiei a ɛbɛma wɔatumi anya anigye akyi. Wɔahwehwɛ nyansapɛ, adwene ne nneyɛe ne sɛnea asetra te ho nimdeɛ mu. Ebinom ahwehwɛ nyansahu, nyansa adwinni, ne nnwom mu wɔ anigye a wɔhwehwɛ no mu. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ nokware anigye mu fã kɛse gyina akwahosan pa a wowɔ so. Television so aguade ho dawurubɔ a agye din bi se: “Sɛ wowɔ akwahosan a, na ɛkame ayɛ sɛ wowɔ biribiara.”

Esiane sɛ nnipa pii hwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya anigye nti, wɔahwehwɛ tete ne nnɛyi akwahosan ho nkyerɛkyerɛ ahorow nyinaa mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɔmanfo nhomakorabea biara kyerɛ nnuan ho ahyɛde horow ne ayaresa ahorow bebree. Koma Oduruyɛfo Paul Dudley White a wagye din no kae sɛ: “Wɔakyerɛw akwahosan ho nhoma pii fi tete mmere no mu. Nea eye sen biara mu biako ne Regiment of Helthe a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe apem a atwam ni no.”

Eyi nyinaa akyi no, nnipa pii nnyaa akwahosan ne anigye a wɔhwehwɛ no ɛ. Sɛ wohwɛ sɛnea wɔkyerɛ sɛ anibuei a yɛwɔ no anya nkɔanim no a, so eyi yɛ wo nwonwa? Ɛda adi pefee sɛ nyansahu nnyii ɔyare, onyin ne owu mfii hɔ ɛ.

Nanso so ɛbɛsan ayɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu sɛnea anigye te, ne dekode a ɛyɛ no kyerɛ papa? Pierre Teilhard de Chardin kae wɔ “Anigye Ho Susuw” ho ɔkasa bi mu sɛ: “Nhoma, nhwehwɛmu, ankorankoro ne nnipakuw nhwehwɛmu pii aka eyi ho asɛm nnidiso nnidiso wɔ mfehaha pii mu, nanso awerɛhosɛm ne sɛ wɔn adwene nyɛɛ biako wɔ eyi mu koraa ɛ. Wɔ yɛn mu pii fam no, gyinae pa biako pɛ a asɛm no ho susuw nyinaa bɛma yɛasi ne sɛ mfaso nni so sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ.”

So saa na wote nka wɔ anigye ho? Bisa w’ankasa wo ho nsɛm a ɛyɛ nokware. So wowɔ anigye ampa nnɛ? Anaasɛ wubetumi anya anigye ankasa wɔ ɔsoro nkutoo? So nokware anidaso bi wɔ hɔ sɛ yebetumi anya akwahosan ne anigye, na yebenya wɔ asase so ha mpo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena