Yehowa Papayɛ A Ɛdɔɔso Noh
“Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara!”—DWOM 31:19.
1, 2. (a) Adwuma kɛse bɛn na Yehowa yɛɛ bere bi wɔ bere a atwam tɔnn no mu? (b) Yehowa kaa nea efi n’adebɔ nnwuma mu bae no ho asɛm dɛn?
BERE bi na Onyankopɔn fii ase bɔɔ ‘ɔsoro sɛ n’agua, ne asase sɛ ne nan ntiaso.’ (Yesaia 66:1) Ɔsoro kyerɛwtohɔ no nkyerɛ bere a eyi sii. Ɛka tiawa sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Wɔ adebɔ bere no mu no, ɔyɛɛ nsoromma akuwakuw ɔpepem pii, na na nsoromma ɔpepem pii wɔ emu pii mu. Na nsoromma bi a ɛhyerɛn a nketewa dodow bi a sum wɔ so twa ho hyia wɔ ɛrekɔ nsoromma kuw biako a ɛte sɛɛ no ano. Wɔbɛfrɛɛ emu biako sɛ asase. Sɛ wɔde asase no toto nsoromma akɛse a ɛhyerɛn no ho a, esua. Nanso, eyi na Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ ne nan ntiaso.
2 Enti Yehowa dan n’adebɔ tumi horow no baa okyinsoroma a ɛne Asase no so. Ná “abɔde nyinaa abakan” no wɔ ne nkyɛn sɛ Odwumfo a Waben, bere a ɔsakraa okyinsoroma a sum kabii wɔ so yi wɔ adebɔ “nna” tenten asia no mu no. Ɛbɛyɛɛ Onyankopɔn nan ntiaso a ɛfata wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. (Kolosefo 1:15; Exodus 20:11; Mmebusɛm 8:30) Ɛha na Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde abɔde foforo bi a wɔwɔ nyansa bɛtra: adesamma. Ɔde adesamma baanu a wodi kan, a ɔde asase no mu nneɛma bɔɔ wɔn no too paradise a ɛyɛ fɛ mu. (Genesis 1:26, 27; 2:7, 8) Na adebɔ nnwuma yi mu ade a etwa to no di mũ yiye, na ɛyɛ fɛ yiye, ma enti Bible no da sɛnea Onyankopɔn tee nka—adebɔ da a ɛto so asia no—da a etwa to anɔpa no adi. “Onyankopɔn huu nea ɔyɛe nyinaa, na hwɛ, eye papa.”—Genesis 1:31.
Onyankopɔn Papayɛ
3. Onyankopɔn su titiriw bɛn na ada adi wɔ adebɔ mu?
3 Mfe mpempem pii akyi no, saa nnipa baanu a wodi kan no aseni bi buu kɔmpɔ hwɛɛ adebɔ bere no na ɔkyerɛwee sɛ: “Na efi wiasebɔ so beeme na [Onyankopɔn su horow] a wohu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe ho.” (Romafo 1:20) Yiw, sɛnea na asase no ne ɛso abɔde no yɛ papa no da Onyankopɔn su horow a wonhu no adi ma ɛyɛ nwonwa ampa—a Onyankopɔn papayɛ bebree no nyɛ nea esua wom. Enti, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Onyankopɔn kae sɛ biribiara a na wabɔ no yɛ papa!—Dwom 31:19.
4, 5. Dɛn ne papayɛ?
4 Papayɛ yɛ Onyankopɔn honhom aba a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm wɔ Galatifo 5:22 no fã a ɛto so asia. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no aka honhom aba anum a edi kan no ho asɛm, na akyerɛ sɛnea ɛho hia wɔ Kristofo nipasu a edi mũ a wobenya no mu.a Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi papayɛ! Afei yɛde yɛn adwene besi saa su yi so ma afata.
5 Dɛn ne papayɛ? Ɛyɛ su anaa tebea a ɛyɛ papa kyɛn so. Ɛyɛ abrabɔ pa. Enti, ɛyɛ su pa a ɛda ne ho adi wɔ nneɛma pa a mfaso wɔ so a wɔyɛ ma afoforo no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada su a ɛma wɔpɛ obi asɛm yi adi? Yɛnam Yehowa a yebesuasua no so titiriw na yɛbɛda no adi. Enti, ansa na yɛbɛkɔ so asusuw sɛnea yebetumi ada papayɛ adi sɛ Kristofo ankorankoro no, momma yɛnhwehwɛ papayɛ a yɛn Nyankopɔn Yehowa, a ɔwɔ ɔdɔ no ada no adi wɔ nneɛma a ɔde ma adesamma abusua no ne sɛnea ɔne wɔn di mu no mu.
Papayɛ Da Adi wɔ Adebɔ Mu
6. Dɛn na ɛkanyan Yehowa ma ɔbɔɔ abɔde afoforo a wɔwɔ nyansa?
6 Dɛn na mfiase no ɛkaa yɛn soro Agya no sɛ ɔne abɔde a wɔwɔ nyansa a wɔte nkwa mu no nkyɛ asetra mu anigye a onya no? Ɔsomafo Yohane bua saa asemmisa no bere a ɔka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ” no. (1 Yohane 4:8) Yiw, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim na ɛkanyan Nkwamafo kɛse no ma ɔbɔɔ nneɛma afoforo a ɛwɔ nkwa mu, na ɔmaa ebinom ofi wɔ ɔsoro ne afoforo nso ofi wɔ asase so. Nokwarem no, sɛnea ɔsoro ne ɔsoro abɔde te no ho ade kakraa bi na yenim. Wɔyɛ ahonhom—nnipa aniwa ntumi nhu wɔn—na wɔn fie wɔ ahonhom atrae. Nanso hwɛ asase a ɛyɛ ofi a atwa wo ho ahyia a Yehowa de ama ne mma a wɔyɛ nnipa no. Na susuw adesamma ankasa ho. Afei wubefi ase de w’ankasa w’ani ahu Onyankopɔn papayɛ ho adanse a tumi wom no.
7-9. Ɔkwan bɛn so na yehu Onyankopɔn papayɛ wɔ ɔkwan a ɔfaa so bɔɔ asase no ne onipa a ɔte so no mu?
7 Yehowa maa yɛn awofo a wodi kan no nkwa. Nea ɛsen saa no, ɔmaa asetra tumi yɛɛ anigye yiye. Mfiase no, ɔbɔɔ wɔn fie a ɛne asase a etwa ne ho a ɛso hyew ne mframa a atwa ho ahyia no yɛ nea ɛfata. Ɔmaa nsu, mframa a wɔfrɛ no nitrogen ne oxygen a edi kyinhyia a ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ a adesamma benya mu mfaso na wɔn ho atɔ wɔn no fii ase yɛɛ dwuma. Ɔde afifide ahorow mpempem pii a ebi yɛ aduan ma onipa, na ebi nso yɛ aniwa fɛ titiriw kataa asase ani. Ɔde nnomaa a wɔde wɔn ahosu ne wɔn su ma yenya anigye pii hyɛɛ wim ma. Ɔde mpataa pii hyɛɛ po mu ma, na ɔde mmoa ahorow pii a ebi yɛ keka na ebi nso yɛ nea wobetumi adwudwo wɔn hyɛɛ asase so ma. Ayamye kɛse bɛn ara ni! Na Onyankopɔn papayɛ ho adanse bɛn ara ni!—Dwom 104:24.
8 Afei, hwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛɛ onipa. Abasa, anan, ne nsa yɛ nea ohia na ayɛ mmerɛw ma watumi anantew a ɔnhwe ase. Enti, obetumi anya aduan ne nneɛma afoforo a ohia no afi asase no so nneɛma bebree a atwa ne ho ahyia no mu. Yehowa maa no nkate a ɛma ɔte nneɛma dɛ na amma adidi ne ɔnom anyɛ ade a ɔyɛ daa de nya ahoɔden nkutoo—te sɛ nea wɔde afiri bi hama hyɛ anyinam ahoɔden kanea tokuru mu nnɛ. Dabi, ɔyɛɛ adidi ne ɔnom sɛ ɛmma anigye, efisɛ ɛmma yafunu nyɛ ma nko, na mmom ɛkanyan nkate a ɛma ɔte biribi dɛ nso. Yehowa maa onipa aso nso, na ɔde nnyigyei pii a ebegyigye dɛdɛɛdɛ wɔ saa aso no mu twaa ne ho hyiae. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ wubetie nsu a ɛsen brɛoo nnyigyei, aturukuku su, anaa abofra ketewaa serew! Yiw, Onyankopɔn papayɛ nti, ɛyɛ anigye ara sɛ yɛte nkwa mu wɔ nneɛma bɔne a aba fi adebɔ bere no mu nyinaa akyi.
9 Hwɛ wo nkatede afoforo no nso. Hwɛ ahosu ahorow pii a ɛwɔ hɔ a ɛyɛ yɛn aniwa fɛ! Na hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛte nhwiren hua a ɛyɛ huam! Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no teɛɛm kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa.”—Dwom 139:14.
Adesamma Asehwe ne Wɔn Gye
10. Nnipa mu fã kɛse no ara ayɛ wɔn ade dɛn wɔ Onyankopɔn papayɛ ho, nanso ɔkwan bɛn so na wɔkɔ so nya mu mfaso?
10 Awerɛhosɛm ne sɛ bere twaam no, yɛn awofo a wodi kan no ankyerɛ papayɛ a Onyankopɔn yii adi kyerɛɛ wɔn no nyinaa ho anisɔ. Wɔdaa eyi adi bere a wɔanni Yehowa mmara ahorow so na wobuu anohyeto biako pɛ a ɔde too wɔn so no so no. Enti, wɔne wɔn asefo behuu awerɛhow, amanehunu ne owu. (Genesis 2:16, 17; 3:16-19; Romafo 5:12) Wɔ mfe mpempem pii a atwam, fi bere a wɔyɛɛ asoɔden no akyi no, adesamma mu fã kɛse no ara ayɛ Onyankopɔn papayɛ ho anibiannaso anaasɛ wɔnkyerɛ ho anisɔ. Nanso, eyi nyinaa akyi no, nnipa bonniayɛfo a wonni anisɔ no da so ara nya Onyankopɔn papayɛ mu mfaso. Ɔkwan bɛn so? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Listrafo a na wɔwɔ Mfinimfini Apuei Fam no sɛ: “[Onyankopɔn] annyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.”—Asomafo no Nnwuma 14:17.
11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn papayɛ kɔ akyiri sen ofie a emu yɛ anigye a ɔde maa adesamma?
11 Nanso, Onyankopɔn papayɛ nyɛ ade a ɛma ɔkɔ so de nneɛma dɛdɛ a ɛwowaw nkwa a abu so wɔ asase so no nkutoo ma. Dabi, ɔyɛɛ nea ɛboro saa. Yehowa daa ne ho adi sɛ wasiesie ne ho sɛ ɔde Adam asefo bɔne befiri wɔn, na wakɔ so ne adesamma mu anokwafo anya abusuabɔ. Wɔmaa Mose huu Onyankopɔn papayɛ yi bere a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma ‘ne papa nyinaa asen [Mose] anim no.’ Afei Mose tee mpaemuka yi, sɛ: “[Yehowa], [Yehowa], Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi.”—Exodus 33:19; 34:6, 7.
12. Mose Mmara no mu nsiesiei bɛn na ɛdaa Yehowa papayɛ adi?
12 Mose nna no mu no, Yehowa de mmara kwan so nhyehyɛe bi sii hɔ maa Israel man foforo no, a na abɔnefo a wɔmmoapa yɛ bɔne no betumi anya bere tiaa mu anaa sɛnkyerɛnne kwan so bɔne fafiri. Ɛdenam Mmara apam a na Mose yɛ ne ntamgyinafo no so no, Israelfo no bɛyɛɛ Onyankopɔn ɔman titiriw, na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔbɔ mmoa afɔre ahorow ma Yehowa de pata wɔn bɔne ahorow ne nneyɛe a ɛho ntew. Enti, wɔn su horow a ɛnyɛ pɛ no nyinaa akyi no, na Israelfo a wɔanu wɔn ho no betumi akɔ so abɛn Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so, na wɔahu sɛ wɔn som sɔ n’ani. Ɔhene Dawid a na ɔyɛ saa ɔman a ɛwɔ Mmara no ase no muni no kaa Onyankopɔn papayɛ a na onim no ho asɛm sɛɛ se: “Nkae me mmofraase bɔne ne me mfomso, kae me sɛ w’adɔe te, [Yehowa], wo papa nti.”—Dwom 25:7.
13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de ɔkwan a etu mpɔn kɛse sen mmoa a wɔde bɔ afɔre nya bɔne fafiri ama?
13 Ankyɛ Yehowa papayɛ kanyan no ma ɔde ɔkwan a etu mpɔn kɛse na ɛtra hɔ daa a wɔbɛfa so anya bɔne fafiri mae. Na eyi nam Yesu a ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni no afɔrebɔ so. (Mateo 1:6-16; Luka 3:23-31) Yesu anyɛ bɔne. Enti, bere a owui no na ne nkwa a ɔde mae wɔ afɔrebɔ mu no wɔ bo kɛse, na Onyankopɔn gye toom sɛ agyede a ebetumi adi Adam asefo abɔnefo nyinaa ho dwuma. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, na wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa. Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, ne mogya mu.”—Romafo 3:23-26.
14. Anidaso ahorow a ɛyɛ nwonwa bɛn na adesamma anya denam agyede afɔrebɔ no so?
14 Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi yɛ pii ma Kristofo, ɛyɛ pii sen nea saa Mmara apam no ase mmoa afɔrebɔ ahorow no yɛ maa Israelfo no. Ɛmaa wobuu Kristofo bi a wɔato wɔn dodow ano hye trenee, na Onyankopɔn honhom gyee wɔn toom sɛ wɔmmɛyɛ ne mma. Enti wɔbɛyɛɛ Yesu nuanom, na wonyaa anidaso a ɛne sɛ wobenyan wɔn sɛ honhom abɔde ma wɔne no akodi hene wɔ ne soro Ahenni mu. (Luka 22:29, 30; Romafo 8:14-17) Susuw sɛnea Onyankopɔn bebue ɔsoro anidaso ahorow a ɛte sɛɛ ho kwan ama abɔde a wɔte okyinsoroma ketewaa yi a ɛne asase so no ho! Kuw ketewa bi a wɔwɔ saa anidaso yi da so ara te ase. Nanso wɔ Kristofo afoforo ɔpepem pii fam no, agyede no mu gyidi bue kwan ma wonya nea Adam ne Hawa hweree no—daa nkwa wɔ paradise asase a ɛte sɛ turo no mu. Mmara apam no nkutoo antumi amfa ɔsoro ne asase so daakye anidaso amma n’akyidifo.
15. Dɛn na ɛka asɛmpa no ho?
15 Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔfrɛ nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn nam Yesu Kristo so de sii hɔ no ho nkrasɛm sɛ “asɛmpa,” efisɛ ɛda Onyankopɔn papayɛ adi. (2 Timoteo 1:9, 10) Ɛtɔ da bi a, wɔfrɛ asɛmpa no sɛ “ahenni no ho asɛmpa” wɔ Bible no mu. Ɛnnɛ, ɛfa nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde Ahenni no asi hɔ wɔ Yesu a wɔanyan no nniso ase no ho. (Mateo 24:14; Adiyisɛm 11:15; 14:6, 7) Nanso, pii wɔ asɛmpa no mu sen saa. Sɛnea Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Timoteo a yɛafa aka asɛm mprempren no kyerɛ no, nimdeɛ a ɛne sɛ Yesu de agyede afɔre ma maa yɛn no ka ho. Sɛ ɛnyɛ saa afɔrebɔ no a, anka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ, yɛn nkwagye ankasa—sɛ yɛrenka Yesu ne asɔfo ne ahene 144,000 a wɔafa wɔn afi asase so Ahenni no ho asɛm mpo a—rentumi nyɛ yiye. Onyankopɔn papayɛ a wada no adi ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so bɛn ara na agyede no yɛ sɛɛ yi!
Onyankopɔn Papayɛ Nnɛ
16, 17. Hosea 3:5 nyaa mmamu dɛn (a) wɔ 537 A. Y B. mu? (b) wɔ 1919 Y. B. mu?
16 Paulo rehwɛ “nna a edi akyiri” no kwan no, ɔde kɔkɔbɔ mae sɛ: “Nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:1-3) Wɔn ani rensɔ papayɛ a wɔda no adi daa, te sɛ ayamye ne yɔnko dɔ no mpo. Enti, hwɛ sɛnea nkɔmhyɛ a ɛka koma a ɛwɔ Hosea 3:5 no de nkuranhyɛ ma: “Israel mma bɛsan abɛhwehwɛ [Yehowa] wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba [Yehowa] ne ne papa ho, nna a edi akyiri no mu.”
17 Nkɔmhyɛ yi dii kan nyaa mmamu wɔ 537 A.Y.B. mu, bere a Yudafo no san fii nnommumfa mu wɔ Babilon baa Bɔhyɛ Asase no so no. Nnɛ bere yi mu no, ne mmamu fii ase wɔ afe 1919 mu, bere a honhom mu Israel nkaefo fii Satan ahyehyɛde no mu puei, na wɔde mmɔdenbɔ hwehwɛɛ Yehowa ne ne papayɛ no. Wohui sɛ “wɔn hene Dawid,” a ɔne Yesu Kristo redi tumi wɔ soro fi 1914. Wɔ ne soro akwankyerɛ ase no, wɔde anigye gyee asɛmpa a wɔbɛbɔ no dawuru akyerɛ amanaman yi toom. Enti, wofii ase maa ahyɛde a ɛwɔ Mateo 24:14 yi nyaa mmamu: “Na wɔbɛka ahenni [a wɔde asi hɔ] no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
18. Henanom na wɔabɛka honhom mu Israel nkaefo no ho wɔ asɛmpa no ka mu?
18 Ɛnnɛ, “nnipakuw kɛse” a wɔn nso wɔkamfo Yehowa papayɛ saa ara no abɛka wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no ho. (Adiyisɛm 7:9) Mprempren, nnipa bɛboro ɔpepem anan tĩ asɛm a ɔbɔfo a ɔsomafo Yohane huu no wɔ anisoadehu mu kae no mu ka, bere a wɔka kyerɛ amanaman nyinaa sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asuti no.”—Adiyisɛm 14:7.
19. Bɔ Onyankopɔn papayɛ ho adanse a ɛsen biara no mu biako din.
19 Onyankopɔn papayɛ ho adanse a ɛsen biara no mu biako ne sɛ ɔma kwan ma yɛyɛ ne mfɛfo adwumayɛfo wɔ adwuma a etwa to yi mu. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ wɔde “[anigye] Nyankopɔn anuonyam asɛmpa” no ahyɛ yɛn nsa! (1 Timoteo 1:11) Yɛnam eyi a yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo, na yɛkyerɛkyerɛ wɔn no so reda saa Onyankopɔn honhom aba a ɛho hia a ɛne papayɛ no adi yiye. Enti, yɛanya Onyankopɔn tete akoa Dawid su no bi, nea ose: “Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae, na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom.”—Dwom 145:7.
20. Papayɛ ho asɛm foforo bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
20 Nanso, so asɛmpa no ka ne ɔkwan biako pɛ a yɛbɛfa so ada papayɛ adi wɔ yɛn asetra mu? Dabida! Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.’ (Efesofo 5:1) Onyankopɔn papayɛ da adi wɔ akwan horow so. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn papayɛ nso nya yɛn asetra afã horow pii so nkɛntɛnso. Yebesusuw eyinom bi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Honhom aba no ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ.
Wubetumi Abua?
◻ Ɔkwan bɛn so na adebɔ da Onyakopɔn papayɛ adi?
◻ Nhyehyɛe ahorow bɛn na Yehowa yɛe na ɔnam so de adesamma a wɔkyerɛ ahonu no bɔne afiri wɔn?
◻ Sɛ Hosea 3:5 mmamu no, bere bɛn na nkaefo a wɔasra wɔn no behuu Yehowa ne ne papayɛ, na eyi ma wɔyɛɛ dɛn?
◻ Onyankopɔn papayɛ ho adanse a ɛsen biara no mu biako ne dɛn nnɛ?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Adebɔ di Onyankopɔn papayɛ bebree no ho adanse
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Ma a wɔama yɛn kwan sɛ yɛnyɛ asɛnka adwuma no bi no yɛ Onyankopɔn papayɛ ho adanse a ɛda nsow