Nea Ɛsen “Asomdwoe Ne Ahotɔ” A Nnipa De Bɛba
Nokwasɛm no ne sɛ, nnipa rentumi mfa asomdwoe ankasa a ɛtra hɔ daa mma da. Dɛn nti na wɔrentumi nyɛ saa? Efisɛ ɛnyɛ nnipa ankasa na wɔsɛe asomdwoe, ɛwom sɛ wɔn abakɔsɛm a mogyahwiegu ayɛ mu ma na ho afobu da wɔn so de. Nea ɔsɛe asomdwoe no ankasa wɔ ahoɔden koraa sen nnipa. Ɛnyɛ obiara sɛ Satan ɔbonsam a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “ɔdaadaa amanaman nyinaa” no.—Adiyisɛm 12:9.
BIBLE no se: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no [Satan] mu.” (1 Yohane 5:19) Enti, sɛ wobenya asomdwoe ankasa ne ahotɔ a ɛtra hɔ daa a, ɛsɛ sɛ woyi Satan ne wiase nhyehyɛe a ɔde asi hɔ a ɛda adi pefee sɛ odi so no fi hɔ ansa. (Fa toto Yesaia 48:22; Romafo 16:20 ho.) Nnipa rentumi nyɛ eyi.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na asomdwoe ne ahotɔ ankasa bɛba? Ɛnam Nea ɔwɔ ahoɔden a enni ano sen Satan no tumi so na ɛbɛba. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ato Satan bere a ɔde bedi dwuma wɔ adesamma mu no ano hye. Sɛ bere a wahyɛ no so a, ‘mpofirim ɔsɛe’ bɛba wiase a ɛhyɛ Satan tumi ase no so. (1 Tesalonikafo 5:3-7) Adanse ahorow nyinaa kyerɛ sɛ eyi bɛba nnansa yi ara.
Asomdwoe ne Ahotɔ Nnɛ!
Na mprempren nso ɛ? Yebetumi anya nokware asomdwoe ne ahotɔ kakra nnɛ mpo. Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ ɔkwan a nyamesom akannifo pii asɔ ahwɛ denam wɔn ho a wɔde ahyɛ wiase amammuisɛm mu no so, na mmom, denam Onyankopɔn ahyɛde ne afotu ahorow a yebedi so no so.
So ɔkwan a ɛte sɛɛ a yɛbɛfa so no de asomdwoe ba ampa? Yiw. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo asɔ ahwɛ na wɔahu sɛ ɛyɛ ampa sɛ wobetumi anya nokware asomdwoe ne ahotɔ bi. Onyankopɔn ahyɛde ahorow a wɔada no adi wɔ Bible mu no sodi ama wɔatumi aka abom sɛ amanaman ntam ahyehyɛde wɔ nokware asomdwoe mu, a wɔn mmusua, aman, anaa kasa mfa ho.—Dwom 133:1.
Wɔayɛ osetie ama ɔsoro mmara denam sɛnea ‘wɔde nkrante abobɔ nsɔw na wonsua akodi bio’ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no so. (Yesaia 2:2-4) Wɔte nka sɛ wɔwɔ ahotɔ wɔ Onyankopɔn dɔ mu na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn honhom fam nuanom dwen wɔn ho. (Romafo 8:28, 35-39; Filipifo 4:7) Sɛ wugye nokware a eyi yɛ no ho kyim a, yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ wɔn nkyɛn wɔ wɔn Ahenni Asa no biako so na w’ankasa kɔhwɛ.
Wiase Nyinaa Asomdwoe ne Ahotɔ
Nanso, ɛnyɛ eyi ne nokware asomdwoe ne ahotɔ ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no mmamu a etwa to. Dabida! Ɛyɛ sɛnea sɛ obiara di Onyankopɔn mmara ahorow so a, anka wiase bɛyɛ no ho mfonini ara kwa. Ɛrenkyɛ na saa mfonini no ayɛ paara.
Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere a [wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no] bɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, [a wosusuw sɛ afei de wɔn ankasa atumi de asomdwoe ne ahotɔ aba] no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” (1 Tesalonikafo 5:3) Onyankopɔn na ɔbɛkyerɛ sɛ bere tenten a Satan de adaadaa amanaman no adɔɔso. Na bere adu afei sɛ oyi ɔne wiase nhyehyɛe a aporɔw a ɛhyɛ ne tumi ase no fi hɔ. Na afei bere aso sɛ Daniel nkɔmhyɛ a edi so yi bɛbam: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
So ade a Onyankopɔn bɛyɛ yi yɛ nea ɛnteɛ? Dabida. Mpofirim ɔsɛe bɛba wɔn a sɛnea Onyankopɔn atemmu, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow kyerɛ no, ɛfata wɔn no nkutoo so. So wowɔ Ɔbɔadeɛ no mu ahotoso sɛ obesi gyinae a ɛteɛ wɔ asɛm yi mu anaa? Nokwarem no, yebetumi agyaw asɛm no ama no a yensuro! Dɛn na ebefi n’atemmu dwumadi no mu aba? Abebusɛm no se: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase no so, na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:21, 22) So obi bedi abɔnefo no wu ho yaw anaa?
Bere a wɔn a wɔsɛe asomdwoe no afi hɔ no, adesamma a wɔwɔ asase so nyinaa no benya nokware asomdwoe ne ahotɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ nnipa yiye no ase. “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) So wugye Bible bɔhyɛ yi di anaa? So wowɔ awerɛhyem sɛ nsɛm yi besisi nnansa yi ara anaa? Sɛ w’adwenem yɛ wo naa a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ asɛm no mu kɔ akyiri. Nokwarem no, Onyankopɔn kwan so nkutoo na onipa nam bedu botae a ɔhwehwɛ a ɛne nokware asomdwoe ne ahotɔ no ho.
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Yehowa nkurɔfo wɔ nokware asomdwoe ne ahotɔ a ɛfata nnɛ