Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 20-22
  • Dɛn Ne Nokware Kristosom Safe?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Nokware Kristosom Safe?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Botae a Ɛfata
  • Ɔdɔ wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu
  • Ɔdɔ wɔ Asafo no Mu
  • Ɔdɔ Ma Yɛn ho Yɛn ho a Yɛbɛma mu Ayɛ Den
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • So Woahu Safe No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 20-22

Dɛn Ne Nokware Kristosom Safe?

ƐNNƐ, nnipa a wɔka sɛ wɔyɛ Kristosom mufo no dɔɔso sen wiase no mu ɔsom foforo biara mufo. Nanso abirabɔ wɔ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo yi gyidi horow no mu, biakoyɛ nni wɔn ntam, na ɛtɔ mmere bi a, wokunkum wɔn ho wɔn ho mpo. Ɛda adi pefee sɛ pii nyɛ nokware Kristofo. Yesu kae sɛ yɛn da yi mu no, pii bɛka akyerɛ no sɛ, “Awurade, Awurade,” ɔkwan foforo so no, wɔbɛka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.” (Mateo 7:21, 23) Nokwarem no, yɛn mu biara rempɛ sɛ ɔbɛka eyinom ho! Enti yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛyɛ nokware Kristofo?

Nokwasɛm no ne sɛ ehia nneɛma pii na obi atumi ayɛ nokware Kristoni. Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni nya gyidi a emu yɛ den efisɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Hebrifo 11:6) Ɛsɛ sɛ ɔde nneyɛe a ɛteɛ ka saa gyidi a emu yɛ den no ho. Osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Bio nso, ɛsɛ sɛ Kristoni gye “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tumi tom. (Mateo 24:45-47) Nanso nokware Kristosom safe no nyɛ eyinom mu biara.

Dɛn ne safe no? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu wɔ krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Korintofo no mu sɛ: “Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, mete sɛ ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow. Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra. Na sɛ meporow m’ade nyinaa mema ahiafo na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso.”​—Korintofo 13:1-3.

Enti ɔdɔ ne nokware Kristosom safe. Gyidi, nnwuma, ne fekubɔ pa ho hia, wontumi mmu ani ngu so. Nanso sɛ ɔdɔ nka ho a, wonhu ho mfaso. Dɛn nti na ɛte saa?

Esiane Onyankopɔn ko a yɛsom no no titiriw nti na ɛma ɛte saa. Ɔsomafo Yohane de nsɛm a edi so yi kaa Yehowa, nokware Kristosom Nyankopɔn no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa Nyankopɔn wɔ su afoforo pii, te sɛ tumi, atɛntrenee, ne nyansa, nanso esiane sɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn titiriw nti, ɔbɛpɛ sɛ n’asomfo yɛ nnipa bɛn? Nokwarem no, ɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wosuasua no na wɔwɔ ɔdɔ.​—Mateo 5:44, 45; 22:37-39.

Botae a Ɛfata

Yiw, ɔdɔ ma Kristofo yɛ sɛ Onyankopɔn a wɔsom no no. Ɛkyerɛ sɛ wɔn botae ahorow ne Onyankopɔn de sɛ. Botae titiriw bɛn na ɛmaa Yehowa Nyankopɔn somaa Yesu baa asase so sɛ ɔmmrɛ yɛn hokwan a ɛbɛma yɛanya daa nkwa? Ɔdɔ. “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ botae nti a yɛyɛ Onyankopɔn apɛde? Ɛyɛ ɔdɔ ara. “Eyi ne Onyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”​—1 Yohane 5:3.

So obi betumi de botae a ɛmfata asom Onyankopɔn? Yiw. Paulo kaa ne bere sofo bi a na wofi nitan ne ahoɔyaw mu som ho asɛm. (Filipifo 1:15-17) Ɛno betumi aba yɛn so. Wiase yi pɛ akansi yiye, na saa su no betumi aka yɛn. Ebia susuw a yesusuw sɛ yɛyɛ akasafo pa anaa yetumi ma nhoma pii sen afoforo no bɛma yɛahoahoa yɛn ho. Yebetumi de ɔsom hokwan ahorow a yɛwɔ no atoto nea obi foforo wɔ ho na ama yɛahoman-anaa yɛn ani abere no. Ebia ɔpanyin bi bɛyɛ ahoɔyaw wɔ ne dibea a tumi wom no ho araa ma obesiw aberante bi a ɔbɔ mmɔden kwan na wannya nkɔso. Ebia yɛn ankasa mfaso a yebenya ho akɔnnɔ bɛma yɛafa Kristofo adefo nnamfo na yɛabu yɛn ani gu wɔn a wɔyɛ ahiafo so.

Eyinom betumi aba esiane sɛ yɛtɔ sin nti. Nanso, sɛ​—te sɛ Yehowa no​—ɔdɔ ne botae titiriw a yekura a, yɛbɛko atia su horow a ɛte saa. Pɛsɛmenkominya, pɛ a yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho anuonyam, anaa ahantan betumi ayi ɔdɔ afi yɛn mu, na ɛno bɛma ‘yɛrennya mfaso biara.’​—Mmebusɛm 11:2; 1 Korintofo 13.

Ɔdɔ wɔ Pɛsɛmenkominya Wiase Mu

Yesu kae sɛ n’akyidifo no ‘renyɛ wiase no fã.’ (Yohane 17:14) Yɛbɛyɛ dɛn na yɛakwati nkɛntɛnso a wiase a atwa yɛn ho ahyia no benya wɔ yɛn so no? Ɔdɔ bɛboa yɛn. Sɛ nhwɛso no, nnɛ nnipa yɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” (2 Timoteo 3:4) Yohane bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɔkae sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.”​—1 Yohane 2:15, 16.

Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛpow “honam akɔnnɔ” ne “aniwa akɔnnɔ” no korakora. Sɛnea nneɛma yi yɛ honam no akɔnnɔ nti na nnipa pɛ no. Bio nso, anigyede a egu ahorow pii wɔ hɔ koraa nnɛ sen nea na ɛwɔ hɔ wɔ Yohane bere so, enti sɛ na aniwa akɔnnɔ yɛ asɛnnennen saa bere no a, ɛnde ɛyɛ asɛnnennen kɛse nnɛ.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, nnɛyi anigyede ahorow a ɛwɔ wiase no mu no pii nyɛ bɔne ankasa. Bɔne biara nni ho sɛ obi benya ofi kɛse, kar a ɛyɛ fɛ, TV, anaa afiri a ɛbɔ nnwom. Saara na entia Bible mmara biara sɛ obi betu kwan tenten a ɛyɛ anigye na wakodi akwamma a ɛyɛ anigye. Ɛnde na dɛn na Yohane kɔkɔbɔ no kyerɛ? Ade biako ne sɛ, sɛ nneɛma a ɛte sɛɛ no bɛyɛ nea ɛho hia yɛn mmoroso a, ɛma yenya pɛsɛmenkominya, honam fam ade dodowpɛ, ne ahomaso honhom wɔ yɛn mu. Na mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebenya sika de ayɛ nneɛma yi betumi ayɛ akwanside ama yɛn wɔ Yehowa som mu. Yɛn ho a yɛde bɛhyɛ nneɛma yi mu no mpo gye bere, na ɛwom sɛ ahomegye a ɛfata ma ahotɔ de, nanso yɛn bere sua, esiane asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebesua Bible no, ne yɛn mfɛfo Kristofo ahyiam asom, na yɛaka Ahenni ho asɛmpa akyerɛ no nti.​—Dwom 1:1-3; Mateo 24:14; 28:19, 20; Hebrifo 10:24, 25.

Wɔ honam fam ade dodowpɛ mmere yi mu no, egye mmɔdenbɔ na obi atumi ‘de Ahenni no adi kan’ na wakwati sɛ ‘obedi wiase no akosi ase.’ (Mateo 6:33; 1 Korintofo 7:31) Gyidi a emu yɛ den bɛboa. Nanso ne titiriw no, nokware dɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnkonom bɛhyɛ yɛn den ma yɛako atia akɔnnɔ ahorow a, ɛwom sɛ ɛnyɛ bɔne ankasa de, nanso ɛmma yentumi ‘nwie yɛn som adwuma no koraa’ no. (2 Timoteo 4:5) Sɛ yenni ɔdɔ a ɛte sɛɛ a, yɛn som adwuma no betumi asɛe na ayɛ sɛ yɛreyɛ bi ara kwa.

Ɔdɔ wɔ Asafo no Mu

Yesu sii sɛnea ɔdɔ ho hia no so dua bere a ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Sɛ mpanyimfo nnɔ wɔn mfɛfo Kristofo a, dɛn nti na wɔde bere pii bɛhwɛ wɔn na wɔaboa wɔn saa? Sɛ ɛnyɛ ɔdɔ nti a, dɛn nti na asafo no mufo benya wɔn mfɛfo​—a mpanyimfo ka ho​—mmerɛwyɛ ahorow ho koma? Sɛ Kristofo te sɛ ahia afoforo a, ɔdɔ ka wɔn ma wɔde honam fam mmoa ma wɔn. (Asomafo no Nnwuma 2:44, 45) Sɛ wɔretaa Kristofo a, wɔbɔ wɔn ho wɔn ho ban na wowu ma wɔn ho wɔn ho mpo. Dɛn ntia? Ɔdɔ nti.​—Yohane 15:13.

Ɛtɔ mmere bi a, nneɛma nketenkete na ɛyɛ ɔdɔ ho adanse a ɛsen biara. Ebia ɔpanyin bi a nnwuma pii a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ama ne ho akyere no dedaw no yɔnko Kristoni bɛba ne nkyɛn asan abɛka ɔhaw bi a ɛte sɛ nea ɛho nhia pii ma ɔpanyin no ho asɛm akyerɛ no. So ɛsɛ sɛ ɔpanyin no bo fuw? Sɛ anka ɔbɛma eyi de mpaapaemu aba no, ɔde boasetɔ ne ayamye tie ne nua no mmom. Wɔbɔ asɛm no ho nkɔmmɔ, na ɛhyɛ wɔn adamfofa no nso mu den. (Mateo 5:23, 24; 18:15-17) Sɛ anka wɔn mu biara bɛpɛ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no, wɔn nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobenya ayamye a Yesu kamfo kyerɛe no, na wonya ɔpɛ sɛ wɔde befiri wɔn nuanom “mpɛn aduɔson ason.” (Mateo 18:21, 22, New World Translation) Enti, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ɔdɔ, “a ɛne pɛyɛ hama no.”​—Kolosefo 3:14.

Ɔdɔ Ma Yɛn ho Yɛn ho a Yɛbɛma mu Ayɛ Den

Yiw, ɔdɔ ne botae pa a ɛsɛ sɛ yɛde som Yehowa. Ɔdɔ bɛhyɛ yɛn den ma yɛatwe yɛn ho afi wiase no ho, na ɔdɔ bɛma asafo no akɔ so akura Kristosom mu. Bere a ɛrensɛe nneɛma a wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ no, ɛbɛboa wɔn a wɔde tumi ama wɔn no na wɔanyɛ nnipa a wɔpɛ biribiara ferenkyemm, ma enti wɔn werɛ fi sɛ wɔbɛda ayamye ne odwo adi akyerɛ afoforo. Ɔdɔ boa yɛn nyinaa ma ‘yɛyɛ osetie ma yɛn mpanyimfo na yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn.’​—Hebrifo 13:17.

Ɔsomafo Petro hyɛɛ yɛn sɛ yɛmfa “ɔdɔ a emu yɛ den” nnodɔ yɛn ho efisɛ “ɔdɔ kata bɔne pii so.” (1 Petro 4:8) Ɔkwan bɛn so na yɛbɛyɛ eyi? Wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so ma enti ɔwɔ awosu a ɛbɛma watumi ada ɔdɔ adi. Nanso ɔdɔ a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi hwehwɛ biribi foforo. Nokwarem no, ɛne Onyankopɔn honhom aba titiriw. (Galatifo 5:22) Enti, sɛ yebenya ɔdɔ a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho ma Onyankopɔn honhom no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Bible no a wɔnam Yehowa honhom so kyerɛwee a yebesua no so. (2 Timoteo 3:16) Ɛdenam mpae a yɛbɛbɔ asrɛ Yehowa honhom na ama yɛn dɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom ayɛ kɛse no so. Afei nso denam yɛn ho a yɛde bɛbɔ Kristofo asafo no ho, faako a wonya honhom kronkron no kwa no.

Ehia nso sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu sɛ ebia yebehu nneyɛe anaa nsusuwii a ɔdɔ nnim anaa. Kae sɛ ɔdɔ yɛ su a efi komam, na “koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa, na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Mmoa a Yehowa de ma yɛn nyinaa akyi no, ɛtɔ mmere bi a yɛbɛyɛ ade ɔkwan a ɔdɔ nnim so. Ebia yɛbɛteɛteɛ yɛn yɔnko Kristoni ɔkwan a ɛho nhia so, anaasɛ yɛbɛfa nea obi ka ho abufuw. Enti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ Dawid mpae no bi sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me koma mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so.”​—Dwom 139:23, 24.

Sɛnea Bible no ka no, “ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:8) Sɛ yesua sɛnea yɛbɛdodɔ yɛn ho a, yɛrentɔ sin wɔ ɔdɔ mu wɔ sɔhwɛ bere mu. Ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no boa kɛse ma yenya honhom fam paradise a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Wɔn a wofi komam dodɔ wɔn ho yiye paa no nkutoo na wobenya wiase foforo no mu tra mu anigye. Enti, suasua Yehowa wɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ a woyi adi kyerɛ no mu na wonam saa kwan no so ahyɛ biakoyɛ mu den. Nya ɔdɔ, na woanya nokware Kristosom safe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena