Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/1 kr. 29-31
  • “Munnyi Mo Mma Abufuw”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munnyi Mo Mma Abufuw”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ‘Abufuw a Woyi Wɔn’ Kyerɛ
  • Mmofra a Wɔtete Wɔn wɔ Onyankopɔn Kasakyerɛ Mu
  • Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • So Bible Betumi Aboa Wo Ma Woatete Wo Mma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/1 kr. 29-31

“Munnyi Mo Mma Abufuw”

“AGYANOM, munnyi mo mma abufuw.” Saa na ɔsomafo Paulo kae.(Efesofo 6:4) Wɔ Atɔe Fam nsase ahorow so, faako a asetra a mfiridwuma anya so nkɛntɛnso mu nhyɛso ne ɔhaw ahorow hyɛ awofo so no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wɔne wɔn mma bedi no bɔkɔɔ. Na abayɛn nyɛ adewa wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso nso so. Ɛyɛ ampa sɛ ebia wonya bere wɔ asetram sen sɛnea ɛte wɔ Atɔe Fam. Nanso tete amammerɛ ne atetesɛm betumi ama awofo ne wɔn mma adi no ɔkwan a ebetumi abu wɔn abam na ahyɛ wɔn abufuw so.

Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu binom mu no, mmofra ne wɔn a wommu wɔn kɛse. Wɔ mmusua bi mu no, wɔde ahunahuna ne nhyɛso na ɛkasa kyerɛ mmofra, na wɔteɛteɛm gu wɔn so yeyaw wɔn. Ɛnyɛ nea wɔtaa te sɛ ɔpanyin bi ne abofra kasa adamfofa kwan so, nkantom sɛ ɔbɛka nsɛm te sɛ “mesrɛ wo” ne “meda wo ase,” akyerɛ no. Agyanom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den di dwuma na ama wɔahu wɔn tumi; wɔde twɛre a ano yɛ den na esi nsɛm a wɔka no anibere so so dua.

Wɔ Afrika mmeae bi no, wobu no sɛ ɛyɛ afɛhyɛ sɛ abofra bi bedi kan akyia ɔpanyin. Wɔtaa hu mmofra a wɔso nnesoa a emu yɛ duru sɛ wɔde boasetɔ retwɛn na wɔama wɔn kwan sɛ wonkyia mpanyimfo kuw bi. Mpanyimfo no bɛkɔ so abɔ wɔn nkɔmmɔ, abu wɔn ani agu mmofra a wɔretwɛn no so akosi sɛ wɔn ankasa bɛpaw sɛ wɔbɛma wɔn kwan ma wɔakyia wɔn. Bere a wɔakyia wɔn saa awiei akyi nkutoo ansa na wɔbɛma mmofra no kwan ma wɔatwam.

Ohia nso yɛ ade foforo a ebetumi apira mmofra. Wɔma mmofra yɛ adwuma sɛ mmofra apaafo ma akwahosan pa ne sukuukɔ bɔ wɔn. Wobetumi ama mmofra ayɛ nnwuma mmoroso ɔkwan a ntease nnim so wɔ fie mpo. Na sɛ mmusua a wɔwɔ nkuraase de wɔn mmofra kɔ nkurow akɛse mu sɛ wɔn mmusuafo nhwɛ wɔn ma wɔnkɔ sukuu a, wɔtaa yɛ wɔn sɛ nkoa ankasa. Nokwarem no, mmofra a wɔne wɔn di no ɔkwan a ɛnteɛ sɛɛ so no hyɛ wɔn abufuw!

Nea ‘Abufuw a Woyi Wɔn’ Kyerɛ

Awofo binom ma kwan ma abayɛn ho amammerɛ ahorow a ɛwɔ hɔ bere bi mu no nya wɔn so nkɛntɛnso a wonsusuw nea ebefi mu aba no ho biara. Nanso Onyankopɔn Asɛm no fi ntease pa mu hyɛ awofo sɛ ɛnsɛ sɛ woyi wɔn mma abufuw. Nea Hela kasa a wodii kan de dii dwuma a wɔkyerɛ ase sɛ ‘munnyi abufuw’ no kyerɛ ankasa ne “monnhyɛ abufuw.” (Kingdom Interlinear) Wɔ Romafo 10:19 no, wɔkyerɛ adeyɛsɛm koro no ara ase sɛ ‘yi abufuw denneennen.’

Enti Today’s English Version no ka sɛ: “Mo ne mo mma nnni wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔn bo afuw so.” The Jerusalem Bible ka saara sɛ: “Nyɛ ma wo mma bo mfuw da.” Enti ɛnyɛ nneɛma nketenkete a ɔwofo bi de bɛhyɛ ne ba abufuw a wanhyɛ da esiane sintɔ nti no ho asɛm na Bible no ka, na saara na ɛnkasa ntia nteɛso a wɔde ma ɔkwan a ɛteɛ so no. Sɛnea Lange’s Commentary on the Holy Scriptures kyerɛ no, saa Bible nkyekyem yi reka “mmofra a wɔne wɔn di wɔ ntɛmpɛ, atirimɔden, abufuw so, ma enti . . . wɔtwe wɔn ho na ɛma wonya ɔsɔretia, animtiaabu ne ɔtan adwene.”

Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo J. S. Farrant kae no: “Nokwasɛm no ne sɛ mmofra yɛ nnipa. Wɔnte sɛ afifide ahorow a wɔnyɛ sɛnea nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ka wɔn no ho hwee no. Wɔyɛ ho biribi.” Na mpɛn pii no, nea wɔyɛ wɔ atɛnkyea ho no de honhom fam ne nkate mu ɔsɛe na ɛba. Ɔsɛnkafo 7:7 se: “Na amimyɛ bɔ onyansafo dam.”

Mmofra a Wɔtete Wɔn wɔ Onyankopɔn Kasakyerɛ Mu

Ɛnsɛ sɛ awofo a wɔpɛ sɛ wɔn mma kɔ so nantew nokware no mu no ma kwan ma amanne ne atetesɛm ahorow a ɛwɔ faako a wɔwɔ no nkutoo kyerɛ wɔn ɔkwan a wɔmfa so ntete wɔn mma. (Fa toto 3 Yohane 4 ho.) Bere a Paulo bɔɔ awofo kɔkɔ wɔ wɔn mma a wɔbɛhyɛ wɔn abufuw ho akyi no, ɔde kaa ho sɛ: “Monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Enti Yehowa gyinapɛn ahorow korɔn kyɛn baabi amanne ne nsusuwii ahorow.

Ɛwom sɛ wɔ nsase bi so no, wɔtaa bu mmofra sɛ wɔn a wɔba fam na wɔyɛ wɔn apaafo de, nanso Bible no ka wɔ Dwom 127:3 sɛ: “Hwɛ! [Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.” Sɛ ɔwofo bi kura Onyankopɔn agyapade bi ɔkwammɔne so a, so obetumi ne no anya abusuabɔ pa anaa? Dabida. Saara na adwene a ɛne sɛ mmofra wɔ hɔ ma wɔn awofo ahiade ahorow ho dwumadi nkutoo no nteɛ. Bible no kae yɛn wɔ 2 Korintofo 12:14 sɛ: “Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.”

Ɛno nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra yɛ wɔn fam de wɔ ofie nnwuma horow mu. Nanso so ɛnsɛ sɛ wosusuw abofra no ankasa yiyedi a ɛsen biara no ho? Sɛ nhwɛso no, bere a wobisaa Yaa a ɔyɛ Kristoni abeawa bi a ɔwɔ Afrika sɛ dɛn titiriw na ɔpɛ sɛ n’awofo yɛ ma no no, obuae sɛ: “Nea mehwehwɛ ne sɛ anka wɔbɛtew ofie nnwuma a meyɛ no so wɔ nna a mede kɔ asɛnka no mu.” Enti sɛ ɛyɛ den ma abofra sɛ obedu sukuu bere ano anaasɛ ɔbɛkɔ nhyiam horow esiane ofie nnwuma pii a ɔyɛ nti a, so ɛrenyɛ papa sɛ wɔbɛyɛ nsakrae ahorow bi anaa?

Ɛyɛ ampa sɛ ɛtɔ mmere bi a mmofra ho dwumadi yɛ di na. Awofo bɛyɛ dɛn adi wɔn ho dwuma ɔkwan a ɛnyɛ ayayade anaa ɛrenhyɛ wɔn abufuw so? Mmebusɛm 19:11 se: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase.” Yiw, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛte wo ba no ase sɛ ankorankoro bi. Ɛsono abofra biara, na n’ankasa wɔ nneɛma a n’ani gye ho, nea otumi yɛ, ne n’ahiade ahorow. Eyinom ne dɛn? So wagye bere de asua wo ba no ahu no na ama wanya asemmisa yi ho mmuae? Adwuma a wɔbom yɛ ne ɔsom a wɔbom som, abusua agorudi a wɔde wɔn ho hyem​—nneɛma yi ma awofo nya hokwan a ɛbɛma wɔabɛn wɔn mma.

Wɔ 2 Timoteo 2:22 no, Paulo kaa asɛm foforo bi a ɛyɛ anigye bere a ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Guan mmerante bere mu akɔnnɔ” no. Yiw, Paulo tee ase sɛ mmeranteberem betumi ayɛ bere a emu yɛ den. Honam ne nkate mu nsakrae akɛse ba. Anigye a wonya ma obi a wɔne ne bɔbeasu nhyia no yɛ kɛse. Saa bere yi mu no, mmofra hia akwankyerɛ a wofi ahokokwaw ne ɔdɔ mu de ma na ama wɔakwati asiane ahorow. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn te sɛ nea wɔn bra asɛe. Kristoni ɔbarima bi babea de abufuw kae sɛ: “Sɛ memmɔɔ aguaman, nanso me papa se mayɛ saa de a, ɛnde mɛbɔ aguaman prɛko.” Sɛ anka wubenya wo ba ho adwemmɔne no, kyerɛ no sɛ wowɔ ne mu ahotoso. (Fa toto 2 Tesalonikafo 3:4 ho.) Sɛ anka wobɛyɛ obi a ɔkasa tia ne mma no, kyerɛ ayamhyehye ne nhumu wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ ɔdɔ so bere nyinaa.

Nanso sɛ awofo di kan ne abofra bi susuw abrabɔ mu asiane ahorow a ohyia no ho a, wobetumi akwati ɔhaw pii. Kae sɛ Onyankopɔn hyɛ awofo sɛ wɔmfa Onyankopɔn Asɛm no ntete wɔn mma. (Deuteronomium 6:6, 7) Ɛno begye bere ne mmɔdenbɔ pii. Awerɛhosɛm ne sɛ esiane boasetɔ a awofo binom nni nti, wontumi nyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ adwuma no. Nhoma a wonnim, a ɛyɛ ɔhaw kɛse wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso so no nso yɛ akwanside ma awofo afoforo.

Wɔ tebea horow bi mu no, wobetumi asrɛ Kristoni bi a ne ho akokwaw hɔ mmoa. Ebetumi ayɛ nyansahyɛ ahorow a ɔde bɛma ɔwofo a onni osuahu pii no ara kɛkɛ. (Mmebusɛm 27:17) Anaasɛ ɛbɛyɛ mmoa a ɔde bɛma wɔ abusua no adesua no ankasa yɛ mu. Nanso eyi mma ɔwofo no nne ne ho wɔ asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma Onyankopɔn Asɛm no ho. (1 Timoteo 5:8) Obetumi abɔ mmɔden sɛ ɔne ne mma bɛkɔ asɛnka na ɔne wɔn asusuw honhom fam nneɛma ho bere a wɔredidi anaa wɔ mmere afoforo a ɛfata mu.

Ɛyɛ ne kwan so sɛ abofra a ɔrebɛn mpanyin afe so no bɛhwehwɛ sɛ onya ahofadi pii. Mpɛn pii no, wobu eyi ɔkwan a ɛmfata so sɛ atuatew anaa ahantan yɛ. Hwɛ sɛnea ɛbɛhyɛ no abufuw sɛ n’awofo ne no bedi te sɛ nea ɔyɛ abofra ketewaa na wɔremma no ahofadi a ɛdɔɔso a ɔde bɛyɛ n’ade! Saara na ɛbɛyɛ no abufuw sɛ wobesi n’asetra mu biribiara​—nhomasua, adwumayɛ, aware​—ho gyinae ama no a wonni kan mfa obu ne no nsusuw nsɛm ho bɔkɔɔ. (Mmebusɛm 15:22) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnna onyin adi wɔ nsɛm ho ntease mu.’ (1 Korintofo 14:20) So ɛnsɛ sɛ awofo nya ɔpɛ sɛ wɔn ankasa mma nso benyin​—wɔ nkate mu ne honhom fam anaa? Nanso, wobetumi atete abofra bi ‘adwene tumi denam dwuma a ɔde bedi’ nkutoo so. (Hebrifo 5:14) Sɛ obetumi de adi dwuma a, ɛsɛ sɛ wɔma onya ahofadi kakraa.

Mmofra ntetee wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no nna fam. Nanso awofo a wodi Onyankopɔn Asɛm so no nhyɛ wɔn mma abufuw ‘na ama wɔn koma atu.’ (Kolosefo 3:21) Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bedi no ɔdɔ, ntease, ne obu kwan so. Wɔkyerɛ wɔn mma kwan, ɛnyɛ sɛ wɔhyɛ wɔn; wɔtete wɔn, ɛnyɛ sɛ wobu ani gu wɔn so; wɔkanyan wɔn ma wonya ɔdɔ, ɛnyɛ sɛ wɔhyɛ wɔn abufuw anaasɛ wobu wɔn abam.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

“Ɔware,” Ghanafo agoru bi a wodi no fie, a awofo yi ne wɔn mma to no ma wonya hokwan ne wɔn bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena