Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Dɛn nti na wobu 29 Y.B. sɛ afe titiriw wɔ Bible abakɔsɛm mu sen 14 Y.B. a ɛyɛ Kaesare Tiberio a wɔbɔ ne din wɔ Luka 3:1 no ahenni mfiase no?
Wɔnka Tiberio ahenni mfiase ho asɛm wɔ Bible no mu, na mmom asɛm bi a esii wɔ n’ahenni afe a ɛto so 15 awiei mu hɔ. Eyi ma Bible asuafo hu sɛ asɛm no sii 29 Y.B. mu, a wobetumi abu no sɛ bere titiriw wɔ Bible no mu.
Wogye Roma ɔhempɔn a ɔto so abien, Kaesare Tiberio ahenni tom yiye wɔ abakɔsɛm mu. The New Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Augusto [ɔhempɔn a odi kan no] wui August 19, wɔ AD 14 mu. Tiberio, a afei na wanya tumi no, dɛfɛdɛfɛɛ Mmarahyɛ Bagua no, na wamma wɔampaw no sɛ ɔhempɔn bɛyɛ ɔsram biako, nanso September 17 no, odii ɔhempɔn no ade.”a
Saa bere a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Tiberio ahenni mfiase no ho hia wɔ Bible no mu, efisɛ Luka 3:1-3 ka Osuboni Yohane ɔsom adwuma no ho asɛm sɛ: “Na Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so a Pontio Pilato di Yudea amrado, . . . Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn sare so. Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛka adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔne fafiri mu.”
Yohane amfi asɛnka ne asubɔ ase bere a Tiberio bɛyɛɛ ɔhempɔn no, na mmom ɔyɛɛ saa “[wɔ] Tiberio ahenni afe a ɛto so dunnum so.” Saa afe a ɛto so 15 no fi 28 Y.B. ofupɛ bere mu kosi sɛ 29 Y.B. ofupɛ bere mu. Nanso, nim a obi nim eyi no mma ontumi nhu bere pɔtee a Yohane fii ne som adwuma no ase wɔ saa afe no mu, anaasɛ obebu nsɛm a esisii kaa ho no ho akontaa.
Nanso Bible no de amanneɛbɔ a ehia na ɛboa ma yɛn. Sɛ nhwɛso no, Daniel “adapɛn aduosɔn” nkɔmhyɛ no twe adwene asi 29 Y.B. so sɛ bere a Mesia no puei. Ɛkyerɛe nso sɛ Yesu ɔsom adwuma no bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã. (Daniel 9:24-27) Fa eyinom ka Bible nkyerɛkyerɛmu yi ho: Yohane awo akyi asram asia na wɔwoo Yesu; bere a wɔbɔɔ Yesu asu no na “wadi mfirihyia aduasa”; na Yesu wui wɔ fefɛw bere mu wɔ 33 Y.B. (Twam bere) mu, bere a na wadi mfe 33 1/2 no.—Luka 1:24-38; 3:23; 22:14-16, 54.b
Ɛdenam Bible mu asɛm a edi mu yi ne bere a wiasefo kyerɛ sɛ Tiberio dii hene so no, Bible asuafo betumi abu akontaa sɛ Yohane som adwuma no fii ase wɔ 29 Y.B. fefɛw bere mu, ne sɛ Yohane bɔɔ Yesu asu wɔ asram asia akyi, wɔ 29 Y.B. ofupɛ bere mu. Enti, ɛnyɛ 14 Y.B. na mmom 29 Y.B. na Bible bu no bere titiriw.
[Ase hɔ asɛm]
a Julian kalenda so September 17 yɛ Gregorian kalenda, a wɔde di dwuma kɛse nnɛ no so September 15.
b Fa toto Insight on the Scriptures a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no Po 1, nkratafa 458, 463, 467; Po 2, nkratafa 87, 899-902, 1099, 1100 ho.