So Nyamesom Ho Hia Ankasa?
SO NYAMESOM ho hia wo? So ebia woyɛ nyamesom kuw bi anaa asɔre bi muni? Sɛ ɛte saa a, wo tebea te sɛ nnipa a wɔtraa ase wɔ 1844 mu de ara pɛ, afe a Germanni nyansapɛfo Karl Marx kyerɛwee sɛ: “Nyamesom . . . yɛ aduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene” no. Saa bere no mu no, na ɛkame ayɛ sɛ obiara kɔ asɔre, na nyamesom nyaa nnipa horow nyinaa asetra so nkɛntɛnso. Nsakrae kɛse aba ɛno mu nnɛ, na nyamesom nni afã ahe biara anaa enni bi korakora wɔ nnipa ɔpepehaha pii asetra mu. Sɛ wokɔ asɔre a, ebetumi aba sɛ woka mo mpɔtam hɔfo a wɔkɔ bi a wɔnnɔɔso no ho.
Dɛn na ɛde nsakrae yi bae? Ade biako ne sɛ Karl Marx kyerɛɛ nyansapɛ bi a ɛsɔre tia nyamesom a enyaa nkɛntɛnso yiye. Ɛda adi sɛ Marx buu nyamesom sɛ akwanside ma nnipa nkɔso. Ɔkae sɛ nea ebetumi adi adesamma ahiade ahorow ho dwuma yiye sen biara ne honam fam ade dodowpɛ, a ɛyɛ nyansapɛ bi a Onyankopɔn anaa nyamesom a pii nim no ho asɛm biara nnim. Eyi ma ɔkae sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ na ama nnipa anya anigye ne nyamesom a wobegu no.
German sohyialistni Friedrich Engels ne Rusia komunistfo panyin Vladimir Lenin kyerɛkyerɛɛ Marx honam fam ade dodowpɛ ho nyansapɛ no mu kɔɔ akyiri. Wɔbɛfrɛɛ no sɛ Marxism-Leninism. Ɛde besi nnansa yi ara no, na bɛboro adesamma mu nkyem abiɛsa mu biako wɔ nniso ahorow a wodi saa nyansapɛ a ennye Onyankopɔn nni yi akyi pii anaa kakraa bi no ase. Mmarima ne mmea pii da so ara di akyi.
Secularism Nkɔso
Nanso ɛnyɛ komunist nyansapɛ a ɛtrɛwee no nkutoo ne ade a ɛmaa nyamesom nkɛntɛnso wɔ adesamma so no mu gowee. Nea ɛbae wɔ abɔde ho nyansahu mu no nso yɛɛ bi. Sɛ nhwɛso no, adannandi nkyerɛkyerɛ a ebegyee din no maa nnipa pii gyee ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ hɔ ho akyinnye. Na nneɛma afoforo a ɛde eyi bae nso wɔ hɔ.
Encyclopœdia Britannica ka “sɛnea wotumi nyaa abɔde ho nyansahu nkyerɛkyerɛmu ahorow maa nneɛma a anka wɔka sɛ tumi a ɛkorɔn sen onipa de na ɛde ba” ne “nyamesom nkɛntɛnso a efii dwumadi ahorow te sɛ aduruyɛ, nhomasua ne nyansa adwini ahorow mu” ho asɛm. Nsɛm te sɛ eyinom a esisii no ama “secularism” (sekularism) anya nkɔso. Dɛn ne secularism? Wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ “asetra ho adwene bi . . . a egyina nsusuwii a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wobu ani gu nyamesom ne nyamesom ho nsusuwii so anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ da yi fi hɔ so.” Secularism wɔ nkɛntɛnso wɔ Komunistfo aman ne nea Komunistfo nni hɔ nyinaa mu.
Nanso ɛnyɛ secularism ne Maxism-Leninism nkutoo na ɛmaa nyamesom nkɛntɛnso mu gowee. Asodi no bi da Kristoman asɔre ahorow no so. Dɛn ntia? Efisɛ wɔde wɔn tumi dii dwuma ɔkwammɔne so mfehaha pii. Na wɔakyerɛ nkyerɛkyerɛ a egyina atetesɛm a ɛne kyerɛwsɛm nhyia ne nnipa nyansapɛ ahorow so na ɛnyɛ Bible no. Enti, na wɔn nguan no pii ayɛ mmerɛw wɔ honhom fam dodo sɛ wobetumi agyina secularism ntua ano.
Bio nso, awiei koraa no, asɔre ahorow no penee secularism so akwan pii so. Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, nyamesom mu adenimfo a wɔwɔ Kristoman mu de Bible ho adesua bi bae ma ɛbɛsɛee gyidi a nnipa pii wɔ wɔ Bible no mu sɛ Asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn no. Asɔre ahorow, a Roman Katolek Asɔre no ka ho, gyee adannandi nkyerɛkyerɛ no toom. Yiw, na wɔda so ara ka sɛ wogye adebɔ di. Nanso wogye toom sɛ ebetumi aba sɛ onipa nipadua nam adannandi so na ɛbae, na ɔkra no nkutoo ne nea Onyankopɔn bɔe. Wɔ 1960 mfe no mu no, Protestantfo de nyamekyerɛ bi a ɛkyerɛe sɛ “Onyankopɔn awu” no bae. Protestant asɔfo pii penee honam fam ade dodowpɛ asetra kwan bi so. Wobuu wɔn ani guu ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ne mmarima a wɔne wɔn ho wɔn ho da mpo so. Katolekfo nyamekyerɛfo binom de ahofadi nyamekyerɛ (liberation theology), a wɔde Katoleksom ne Marx nyansapɛ a ɛdan ɔman ani afrafra bae.
Secularism San Kɔ Fam
Enti, secularism benyaa nkɛntɛnso kɛse, titiriw wɔ 1960 mfe no mu de besi bɛyɛ 1970 mfe no mfinimfini. Afei nneɛma sakrae bio. Ɛte sɛ nea na wɔresan anya nyamesom ho anigye, nanso, na ɛnyɛ asɔre akɛse no ho anigye. Nyamesom akuw afoforo pii baa wiase nyinaa wɔ 1970 mfe no awiei ne 1980 mfe no mu.
Dɛn nti na wɔresan anya nyamesom ho anigye yi? Franseni asetra mu nsɛm ho ɔdenimfo Gilles Kepel kae sɛ “nnipa a wɔnyɛ asɔfo a wonim nhoma . . . ka sɛ asetra a nyamesom nnim ama wɔn nsa asi fam na ɛdenam wɔn ho a wɔtwe fii Onyankopɔn ho so no, nnipa retwa nea wɔde ahantan ne ahuhusɛm gui no so aba, a ɛne mmarato, awaregu, AIDS, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, [ne] ahodɔm di.”
Sɛnea secularism rekɔ fam no ayɛ kɛse fi bere a ɛdaa adi nnansa yi ara sɛ Maxism-Leninism agu no. Na saa nyansapɛ a ennye Onyankopɔn nni no abɛyɛ nyamesom ankasa ama nnipa pii. Ɛnde, susuw sɛnea wɔn a wɔde wɔn werɛ hyeem no ho dwiriw wɔn no ho hwɛ! Washington Post mu asɛm bi a efi Moscow se obi a anka ɔyɛ Communist Party Higher School kyerɛkyerɛfo panyin no kae sɛ: “Ɛnyɛ ɔman bi sikasɛm ne emu ahyehyɛde ahorow nkutoo na ɛma ɛkɔ so gyina, na mmom emu atetesɛm ne mpanyimfo a wɔkyekyee ɔman no nso. Ɛyɛ awerɛhosɛm ma ɔman biara mufo sɛ wobehu sɛ wɔn atetesɛm atitiriw a ɛsen biara no gyina nnaadaasɛm ne atosɛm so na ɛnyɛ nokware so. Nanso ɛno ne nea yɛrehu mprempren wɔ Lenin ne ɔman anidan no ho.”
Bere a Franseni asetra ho nsɛm ɔdenimfo ne nyansapɛfo Edgar Morin reka komunistfo ne kapitalistfo ahyehyɛde no nyinaa ho asɛm no, ogye toom sɛ: “Ɛnyɛ daakye a ɛyɛ anigye a wɔde hyɛɛ nnipa mpapahwekwa bɔ no asehwe nkutoo na yɛahu, na mmom yɛahu sɛnea nkɔso a anka ɛsɛ sɛ nnipa a wɔmpɛ nyamesom nya, ma abɔde ho nyansahu, ntease, ne demokrase anya nkɔso bere koro no ara mu no, asehwe no nso. . . . Nkɔso ho awerɛhyem biara nni hɔ bio. Daakye a na anka yɛn ani da so no amma.” Saa na nnipa pii a wonyaa mmɔden a onipa bɛbɔ sɛ ɔbɛkwati Onyankopɔn ama wiase papa bi aba mu gyidi no te huammɔdi nka nen.
Nyamesom ho Anigye a Wɔasan Anya
Saa abasamtu nka a wɔte wɔ wiase nyinaa no ama nnipa komapafo pii rehu sɛnea wohia honhom fam nneɛma wɔ wɔn asetra mu no. Wohu hia a nyamesom ho hia no. Nanso wɔn ani nnye asɔre akɛse no ho, na ebinom nso adwenem yɛ wɔn naa wɔ ɔsom a aba foforo no ho—a ayaresa akuw, honhom sɔre ahorow, kuw ahorow a wɔyɛ nneɛma wɔ kokoam, ne Satan asomfo akuw mpo ka ho. Nyamesom ho kateeyɛ bɔne nso resan aba. Yiw, wɔresan anya nyamesom ho anigye wɔ ɔkwan bi so. Nanso so nyamesom so a wɔsan dan kɔ yi yɛ adepa ma adesamma? Nokwarem no, so ɔsom biara di adesamma honhom fam ahiade ho dwuma ankasa?
[Mfonini wɔ kratafa 3]
“Nyamesom yɛ ɔkwan a obi a wɔhyɛ no so fa so di awerɛhow, atenka a wanya wɔ atirimɔden wiase bi mu; ne nea ema wonya atenka wɔ tebea a atenka a emu ye den nnim mu. Ɛyɛ aduru a ɛsɛe nkurɔfo adwene”
[Mfonini Fibea]
Photo: New York Times, Berlin—33225115
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Vladmir lenin (atifi) ne Karl Marx buu nyamesom sɛ akwanside ma adesamma nkɔso
[Mfonini Fibea]
Musée d’Histoire Contemporaine—BDIC (Universitiés de Paris)
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Marx ne Lenin amammui adwene no kanyan anidaso kɛse wɔ nnipa ɔpepem pii komam
[Mfonini Fibea]
Musée d’Histoire Contemporaine—BDIC (Universitiés de Paris)
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover photo: Garo Nalbandian