Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/1 kr. 28-31
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Yehowa Ananmu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Yehowa Ananmu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Yebetumi Ahyɛ No Ananmu?
  • So Ɛsɛ sɛ Wuyi Ntotoso Du Du?
  • Ntotoso Du Du a Wɔde Mae wɔ Mmara no Ase
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yi Ntotoso Du Du?
  • Fa W’ahonyade Hyɛ Yehowa Anuonyam
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ntotoso Du Du Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ntotoso Du Du—So Ɛho Hia?
    Nyan!—1986
  • Muyi Ntotoso Du Du Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Ntoboayi a Ɛde Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/1 kr. 28-31

Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Ahyɛ Yehowa Ananmu?

YEHOWA NYANKOPƆN yɛ ɔma ho nhwɛso a ɔsen biara. Ɔmaa adesamma “nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa.” (Asomafo no nnwuma 17:25) Onyankopɔn ma ne wia pue ma abɔnefo ne atreneefo nyinaa. (Mateo 5:45) Ampa, ‘Yehowa ma yɛn osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma yɛn abotɔyam.’ (Asomafo no Nnwuma 14:15-17) Nokwarem no, “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann Agya no nkyɛn na ɛba.”!​—Yakobo 1:17.

Onyankopɔn honam fam akyɛde ahorow nyinaa akyi no, ɔma honhom fam hann ne nokware nso. (Dwom 43:3) Yehowa nkoa anokwafo nya nhyira pii fi honhom fam aduan a ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma wɔn ne bere mu no mu. (Mateo 24:45-47) Yebetumi anya Onyankopɔn honhom fam nsiesiei ahorow mu mfaso efisɛ wama atumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛka adesamma abɔnefo a wowuwu no abɔ ne ho. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ne Ba, Yesu Kristo, a ɔde ne nkwa mae sɛ agyede ma nnipa pii wu no so. (Mateo 20:28; Romafo 5:8-12) Akyɛde a efi ɔdɔ Nyankopɔn, Yehowa nkyɛn bɛn ara ni!​—Yohane 3:16.

So Yebetumi Ahyɛ No Ananmu?

Mfehaha pii ansa na wɔde agyede no mae no, odwontofo bi a honhom kaa no ani sɔɔ Onyankopɔn mmɔborɔhunu, ogye, ne mmoa araa ma ɔkae sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ [Yehowa] din. Mede m’aboade mɛma [Yehowa], ne man nyinaa anim.”​—Dwom 116:12-14.

Sɛ yefi koma nyinaa mu ahyira yɛn ho so ama Yehowa a, yɛde gyidi bɔ ne din na yetua nneɛma a yɛde ahyɛ no bɔ no. Sɛ Yehowa Adansefo no, yebetumi ahyira Onyankopɔn denam ne ho asɛm pa a yɛbɛka bere nyinaa ne n’Ahenni nkrasɛm a yɛbɛka no so. (Dwom 145:1, 2, 10-13; Mateo 24:14) Nanso yentumi mma Yehowa a biribiara wɔ no no nyɛ ɔdefo, anaasɛ yɛbɛhyɛ no ananmu wɔ mfaso horow a ɔma yenya no nyinaa ho.​—1 Beresosɛm 29:14-17.

Ntoboa ahorow a yɛde bɛma ma Ahenni nneɛma anya nkɔso no nyɛ ɔkwan a yɛnam so hyɛ Yehowa ananmu anaa yɛma onya ne ho. Nanso nneɛma a yɛde ma sɛɛ no ma yenya hokwan ahorow da ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi. Ntoboa a wɔde ma, a ɛnyɛ pɛsɛmenkominya adwene bi anaa afoforo a wobehu ne nkamfo a wobenya nti na wɔyɛ saa, na mmom efi ayamye honhom mu na ama nokware som akɔ so no de anigye ne Yehowa nhyira brɛ ɔmafo no. (Mateo 6:1-4; Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ obi yi ne honam fam nneɛma bi si nkyɛn daa de boa nokware som ne wɔn a wɔfata a, obetumi anya awerɛhyem sɛ obenya adema a ɛte sɛɛ ne anigye a efi mu ba no mu kyɛfa. (1 Korintofo 16:1, 2) So ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi denam ntotoso du du a woyi so?

So Ɛsɛ sɛ Wuyi Ntotoso Du Du?

Yehowa nam ne diyifo Malaki so kae sɛ: “Momfa nneɛma mu nkyem du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntra me fi; na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, . . . sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so kosi sɛ morenhia hwee anaa?” (Malaki 3:10, New World Translation) Nkyerɛase foforo bi se: “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu.”​—An American Translation.

Ntotoso du du yɛ biribi mu abupɛn du. Ɛyɛ ɔha mu nkyem du a wɔde ma anaa wotua sɛ ayɛyɛde. Woyi ntotoso du du wɔ atirimpɔw a ɛfa ɔsom ho titiriw. Ɛkyerɛ obi akatua mu nkyem du mu biako a ɔde ma na ama ɔsom akɔ so.

Agya panyin Abraham (Abram) de asade a onya fii Kedorlaomer ne n’ahokafo so nkonim a odii mu no mu nkyem du mu biako maa Salem hene ne sɔfo Melkisedek. (Genesis 14:18-20; Hebrifo 7:4-10) Akyiri yi, Yakob hyɛɛ bɔ sɛ ɔde ne honam fam nneɛma mu nkyem du mu biako bɛma Onyankopɔn. (Genesis 28:20-22) Wɔ nsɛm no biara mu no, abupɛn du no yɛ nea wofi wɔn pɛ mu de mae, efisɛ na mmara biara nhyɛ saa tete Hebrifo no sɛ wɔmma ntotoso du du.

Ntotoso Du Du a Wɔde Mae wɔ Mmara no Ase

Sɛ Yehowa nkurɔfo no, wɔmaa Israelfo no ntotoso du du yi ho mmara ahorow. Ɛda adi sɛ na eyi fa afe nyinaa akatua mu abupɛn du abien a wɔde di dwuma no ho, ɛwom sɛ adenimfo bi susuw sɛ na ntotoso du du biako pɛ na wɔde ma afe biara de. Na wontua ntotoso du du biara wɔ Homeda afe mu, esiane sɛ na wɔnhwɛ kwan sɛ wobenya akatua bi nti. (Leviticus 25:1-12) Wɔde ntotoso du du kaa aba a edi kan a wɔde ma Onyankopɔn no ho.​—Exodus 23:19.

Na wɔde asase no so aba ne nnua aba ne sɛnea ɛda adi no, anantwi ne nguan mu abupɛn du kɔ asɔrefi hɔ kɔma Lewifo no a wɔannya agyapade biara wɔ asase no so no. Wɔn nso de nea wɔn nsa ka no mu abupɛn du ma de boa Aaron asɔfodi no. Ɛda adi sɛ na wɔporow awi no na wɔde bobe ne ngodua aba yɛ nsa ne ngo ansa na wɔayi ne ntotoso du du no. Sɛ Israelni bi pɛ sɛ ɔde sika ma sen sɛ ɔde aba bɛma a, na obetumi ayɛ saa, mpɛn dodow a ɔde ne bo a ɛsom no abupɛn anum bɛto so no.​—Leviticus 27:30-33; Numeri 18:21-30.

Ɛte sɛ nea woyii ntotoso du du foforo bi sii nkyɛn. Na mmusua bi na wɔtaa de di dwuma bere a nkurɔfo no ahyiam wɔ afahyɛ ahorow ase no. Nanso sɛ kwan a ɛkɔ Yerusalem no ware sen nea wobetumi de ntotoso du du yi akɔ hɔ a, dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Ɛnde wɔdan awi, nsa foforo, ngo, ne mmoa no yɛ no sika a ne soa yɛ mmerɛw. (Deuteronomium 12:4-18; 14:22-27) Wɔ mfe ason biara homeda mfe no mu nea ɛto so abiɛsa ne asia biara awiei no, woyi ntotoso du du no si nkyɛn ma Lewifo, ahɔho, akunafo, ne nyisaa.​—Deuteronomium 14:28, 29; 26:12.

Na ntotoso du du a obi renyi ho asotwe biara nni hɔ wɔ Mmara no ase. Mmom no, Yehowa maa ntotoso du du yi yɛɛ abrabɔ pa mu asɛyɛde a emu yɛ den wɔ nnipa no so. Na ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ wɔbɛpaem ka wɔ n’anim sɛ wɔatua ntotoso du du no nyinaa. (Deuteronomium 26:13-15) Na wobu biribiara a wɔde bɛkame ɔkwan a ɛmfata so no sɛ ade a wɔawia afi Onyankopɔn nkyɛn.​—Malaki 3:7-9.

Na ntotoso du du yi nyɛ adesoa. Nokwarem no, bere a Israelfo no dii mmara ahorow yi so no, wodii yiye pii. Na ntotoso du du yi ma nokware som kɔ so nanso ansi sɛnea obi bɛhwehwɛ honam fam nneɛma na ama watumi ayi bi no so dua sɛnea ɛmfata. Enti, ntotoso du du nhyehyɛe no ho baa obiara mfaso wɔ Israel. Nanso so ɛsɛ sɛ Kristofo yi ntotoso du du?

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yi Ntotoso Du Du?

Mmere bi mu no, na ntotoso du du yi nyɛ na wɔ Kristoman mu. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Ɛbɛyɛɛ . . . adeyɛ a abu so wɔ afeha a ɛto so 6 no mu nkakrankakra. Tours Bagua a wohyiaam wɔ 567 mu ne Macon Bagua a wohyiaam wɔ 585 mu no hyɛe sɛ wonyi ntotoso du du . . . Ɛho dwuma a wodii no ɔkwammɔne so no buu so, titiriw bere a na wɔtaa de ntotoso du du gyigye hokwan no maa wɔn a wɔnyɛ asɔfo anaa wɔtɔn maa wɔn no. Efi Paapa Gregory VII so no, wɔkyerɛe sɛ adeyɛ yi tia mmara. Wɔn a wɔnyɛ asɔfo pii de wɔn ntotoso du du gyigye hokwan no maa nkokorafo afie ne asɔredan akɛse mufo. Ɔsesɛw no anyi ntotoso du du yi amfi hɔ, na wɔkɔɔ so yii wɔ Roman Katolek Asɔre no ne Protestant aman ahorow mu.” Woyii ntotoso du du fii hɔ koraa anaa wɔde nneɛma afoforo sii ananmu nkakrankakra wɔ nsase ahorow bi so, na ɔsom ahorow kakraa bi pɛ na woyi nnɛ.

Ɛnde, so wɔhwehwɛ sɛ Kristofo yi ntotoso du du? Alexander Cruden kae wɔ ne nhoma a wɔahyehyɛ Bible mu nsɛm nnidiso nnidiso wom no mu sɛ: “Yɛn Agyenkwa no anaa n’asomafo no anhyɛ ntotoso du du ho mmara biara.” Nokwarem no, wɔnhyɛɛ Kristofo sɛ wonyi ntotoso du du. Onyankopɔn ankasa de Mose Mmara no baa awiei, a ntotoso du du ho nhyehyɛe ahorow no ka ho, na ɔde bɔɔ Yesu asɛndua no so. (Romafo 6:14; Kolosefo 2:13, 14) Enti, Kristofo fi wɔn pɛ mu yi ntoboa, na mmom wɔnhwehwɛ sɛ wontua bo pɔtee bi a wɔatwa ama wɔn na wɔde atua asafo no mu ka ahorow.

Fa W’ahonyade Hyɛ Yehowa Anuonyam

Nokwarem no, sɛ Kristoni bi Fi ne pɛ mu paw sɛ ɔde n’akatua mu abupɛn du bɛma ma nokware som anya nkɔso a, Kyerɛwsɛm biara nsiw no kwan wɔ ntoboa a ɛte sɛɛ a ɔde bɛma ho. Abarimaa bi a ofi Papua New Guinea a wadi mfe 15 kyerɛw wɔ krataa bi a ɔde kaa ne ntoboa ho bae mu sɛ: “Bere a misua no, na me papa taa ka kyerɛ me sɛ, ‘Sɛ wufi ase yɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ wode aba a edi kan no ma Yehowa.’ Mekae nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 3:1, 9 a ese ɛsɛ sɛ yɛde aba a edi kan no ma Yehowa de hyɛ no anuonyam no. Enti mehyɛɛ bɔ sɛ mɛyɛ saa, na afei ɛsɛ sɛ midi me bɔhyɛ no so. Ɛyɛ me anigye yiye sɛ mede sika yi bɛmana na mede aboa Ahenni adwuma no.” Bible no nka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ bɔ a ɛte sɛɛ. Nanso, ayamye mu a wofi ma ade no yɛ ɔkwan pa a wɔfa so da nokware som nkɔso ho anigye kɛse adi.

Ebia Kristoni bi bɛpaw sɛ ɔremfa anohyeto pɔtee bi nto ntoboa a ɔde ma de boa Yehowa Nyankopɔn som nkɔso no mu. Sɛ nhwɛso no: Bere a wɔwɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase no, na anuanom mmea mpanyimfo baanu bi rebɔ ntoboa a wobetumi de ama ama Ahenni adwuma no ho nkɔmmɔ. Ɛdefa aduan a wɔbɛtɔ wɔ nhyiam no ase ho no, anuanom mmea no biako a wadi mfe 87 bisae sɛ ɛbɛyɛ ahe, sɛnea ɛbɛyɛ na watumi de saa sika no ayɛ ntoboa. Onuawa ɔfoforo no a wadi mfe 90 no kae sɛ: ‘Fa nea wususuw sɛ ɛbɛyɛ ne bo no ara ma​—na fa kakraa bi ka ho.’ Su a ɛfata bɛn ara na onuawa panyin yi daa no adi sɛɛ yi!

Esiane sɛ Yehowa nkurɔfo ahyira wɔn biribiara so ama no nti, wofi anigye mu de sika ntoboa ne ntoboa afoforo ma de boa nokware som nkɔso. (Fa toto 2 Korintofo 8:12 ho.) Nokwarem no, ɔkwan a Kristofo fa so ma ade no ma wonya hokwan ahorow da anisɔ a emu dɔ a wɔwɔ ma Yehowa som no adi. Adema a ɛte saa no nyɛ ntotoso du du anaa abupɛn du a woyi nkutoo, na tebea horow bi betumi akanyan obi ma ɔde nea ɛsen saa ama de aboa Ahenni nneɛma nkɔso.​—Mateo 6:33.

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7 ) Sɛ wode animtew ne ayamye ma ade de boa nokware som nkɔso a, ebesi wo yiye, efisɛ nyansa bɛ bi se: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa. Ɛna ade dodow bɛyɛ w’asan amaama, na wo nsa-kyĩamoa mu nsã foforo bebu so.”​—Mmebusɛm 3:9, 10.

Yentumi mma Ɔsorosoroni no nyɛ ɔdefo. Ɔno na sika pa ne dwetɛ nyinaa, mmepɔw apem so mmoa, ne nneɛma a ɛsom bo a enni ano nyinaa wɔ no. (Dwom 50:10-12) Yɛrentumi nhyɛ Onyankopɔn ananmu wɔ nneɛma a ɔma yenya mu mfaso no nyinaa ho da. Nanso yebetumi akyerɛ anisɔ a emu dɔ ama no ne hokwan a yɛwɔ sɛ yɛde ɔsom kronn beyi no ayɛ no. Na yebetumi anya awerɛhyem sɛ nhyira akɛse ba ma wɔn a wobue wɔn nsam ma ade de boa ɔsom kronn nkɔso na wɔde hyɛ ɔdɔ ne ayamye Nyankopɔn, Yehowa anuonyam no.​—2 Korintofo 9:11.

[Adaka wɔ kratafa 29]

SƐNEA EBINOM BOA MA WƆYƐ AHENNI ADWUMA NO

◻ NTOBOA MA ADWUMA NO YƐ WIASE NYINAA: Pii yi sika bi to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho sɛ: “Ntoboa ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No​—Mateo 24:14,” no mu. Ɔsram biara no, asafo ahorow de sika yi mana wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa baa dwumadibea a ɛbɛn wɔn sen biara no.

◻ AKYƐDE: Wobetumi de sika ntoboa a wofi ɔpɛ mu de ma no amana Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Colombia Heights, Brooklyn, New York 11201 tee anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ obi aman mu. Wobetumi de agude anaa nneɛma afoforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wɔde krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde koraa ka ntoboa yi ho.

◻ NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE: Wobetumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ma wɔahwɛ so akosi sɛ nea ɔde mae no bewu, a wɔyɛ nhyehyɛe wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no.

◻ INSURANCE: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no amanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.

◻ SIKA A WƆASIE WƆ SIKAKORABEA: Obi betumi de sika a wɔasie wɔ sikakorabea, sika a ɛda sikakorabea ho adansedi krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ma wɔahwɛ so anaa sɛ owu a, wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ɛhɔnom sikakorabea ahwehwɛde ahorow hyia. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Asafo ti no ammanneɛ wɔ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ biara ho.

◻ ADWUMA MU KYƐFA NE SIKA A WƆDE BƆ BOSEA: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaa wɔayɛ ho nhyehyɛe bi a ɛbɛma wɔakɔ so atua mfaso a efi mu ba no nkutoo ama nea ɔde mae no.

◻ ADAN ANAA NSASE: Obi betumi de adan anaa nsase ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra ne nkwa nna nyinaa so. Ɛsɛ sɛ obi bisa Asafo ti no ansa na ɔde adan ne nsase ama Asafo ti no.

◻ NSAMANSEW NE SIKA A WƆDE SIE MA WƆHWƐ SO: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so samansew so, anaa ɔbɛyɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Towtua mu mfaso horow bi wɔ sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde samansew no anaa sika a wɔde sie sɛ wɔnhwɛ so no ho krataa no biako mana Asafo ti no.

Sɛ wopɛ nsɛm a ɛtete sɛɛ ho nsɛm pii a, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛbɛn wo sen biara no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena