Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/15 kr. 25-28
  • So Ɛyɛ Ɔsom Adwuma Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛyɛ Ɔsom Adwuma Ma Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wohia Asomfo
  • Kristofo Som Adwuma
  • So Ɛsɛ sɛ Wode Yɛ W’asetra Mu Adwuma?
  • Yere Wo Ho sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Adwuma no Bi Akosi Ase
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Ɛsɛ Sɛ Nokware Kristofo Nyinaa Yɛ Asomfo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/15 kr. 25-28

So Ɛyɛ Ɔsom Adwuma Ma Wo?

YEHOWA nam nsiesiei a wayɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ asase so na ama yɛanya anigye no so ada ayamye a ɔwɔ no adi. Ofi ayamye mu maa nsiesiei yi kɔɔ so traa hɔ wɔ Adam ne Hawa atuatew no akyi. Nea ɛkyɛn saa no, wada ne dɔ a ɛso nni no adi denam ne Dɔba a ɔsomaa no sɛ ommegye adesamma a wogye di nkwa mfi bɔne amanehunu mu no so.​—Mateo 5:45; Yohane 3:16.

Yebetumi adi ɔdɔ a ɛte sɛɛ ho dwuma dɛn? Yesu kae sɛ ɛse sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. Eyi kyerɛ sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ yɛsom no na yedi no nokware, ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛne n’apɛde hyia.​—Marko 12:30; 1 Petro 4:2.

Nanso dɛn na Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ no kyerɛ? So adwuma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ama no​—ɔsom adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bi?

Wohia Asomfo

Asɔreasɔre no ama nkurɔfo adwene atu afra wɔ sɛnea wɔsom Onyankopɔn no ho. Nanso, Bible no kyerɛ sɛ nokware som biako pɛ na ɛwɔ hɔ, “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako, yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya biako.” Yesu se: “Nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu.” Enti wotu wɔn fo se: “Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu.”​—Efesofo 4:3-6; Yohane 4:23; 1 Korintofo 1:10.

Adwene a atu afra wɔ nea ɛyɛ nokware som ho no fii ase wɔ Eden, bere a Satan gyee teɛ a Yehowa tumidi teɛ ho kyim denam ɔkwan a Onyankopɔn fa so di tumi ho akyinngye a ogyei no so. (Genesis 3:1-6, 13) Mprempren Satan nam atoro nkyerɛkyerɛ a nyamesom asomfo nnaadaafo a ‘wɔdan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo’ ma ɛtrɛw no so ma ɔsɔretia yi nya nkɔso. Enti Bible no se: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni . . . Efisɛ atoro adiyifo bebree aba wiase.”​—2 Korintofo 11:14, 15; 1 Yohane 4:1.

Anigyesɛm ne sɛ Onyankopɔn ayɛ nea ɛbɛma wabua saa tumidi ho ɔsɛmpɔw yi. Esiane sɛ ɔsomaa ne Ba sɛ ommegye adesamma nti, mprempren wayɛ Yesu Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene, a ɔwɔ tumi a ɔde bɛsɛe Satan ne n’adiyifo anaasɛ n’asomfo. Eyi bɛma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so, ma nnipa asoɔmmerɛfo anya nhyira a ɛtra hɔ daa.​—Daniel 7:13, 14; Hebrifo 2:9.

Satan akata nokware ahorow yi so. (2 Korintofo 4:4) Enti, ehia sɛ yɛsom sɛ Onyankopɔn asomfo, na yɛpa Satan atosɛm no ho ntama, na yedi nokware no ho adanse. Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa adwuma yi. Ɔpɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma ɔno ne nea wayɛ ama yɛn no ma yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho ma no te sɛ Yesu.​—Dwom 110:3; Hebrifo 12:1-3.

Kristofo Som Adwuma

Yesu ‘kɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe.’ (Luka 8:1) Ɔtetee n’asuafo no ma wɔbɛyɛɛ asomfo te sɛ ɔno, na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm. (Mateo 10:1-14, 27) Akyiri yi, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ so nyɛ ɔsom adwuma no nkosi asase ano nohɔ.​—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

Ahyɛde yi da nokware Kristofo so, na Onyankopɔn honhom kanyan wɔn ma wɔka asɛm. Te sɛ nea esii wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, wɔn a wogye asɛmpa no tom nyinaa gye asɛyɛde a ese wɔnka wɔn gyidi ho asɛm baguam no to wɔn ho so.​—Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 16-21; Romafo 10:9, 13-15.

Nanso, nnipa pii mpɛ sɛ wɔyɛ asomfo. Peter, Yehowa Ɔdansefo bi se: “Germanfo mmarima taa bu ɔsom ho asɛm a wɔbɛka no sɛ ɛbɛbrɛ wɔn ase. Wose: ‘Asɔfo na ɛsɛ sɛ wɔka.’” Sɛnea Tony a ɔde mfe du du pii ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo kyerɛ no, Engiresifo aka sɛ: “Nea moka no ye, na misusuw sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa pa. Nanso sɛ mɛkɔ afie afie asɛnka​—ɛyɛ ade a merentumi nyɛ.” Ben ne Nigeriani bi a ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Merentumi nkɔka asɛm baguam wɔ afie afie; nanso metumi ama mo asafo no sika na mode aboa nnipa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no” suaa Bible no kakra. Yiw, nnipa pii nni gyidi a wohia na wɔde ayɛ Kristofo som adwuma no.

Nanso, baguam asɛnka adwuma no yɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa asɛyɛde, a mfe a wɔadi ne wɔn bɔbeasu mfa ho. Ɛnyɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo a ‘wodi anim’ no nko de, na mmom Kristofo nyinaa nso. Wotu wɔn nyinaa fo sɛ: ‘Mommɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba. Muntie mo mpanyimfo a wodi anim wɔ mo mu no.’​—Hebrifo 13:15, 17.

Bere a Yesu rekasa akyerɛ afrafrafo nnipadɔm bi wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no.” Bere foforo nso, ɔkyerɛe sɛ asɛm a wɔka kyerɛ wɔn a wonnye nni no ka Onyankopɔn apɛdeyɛ ho. Na n’asuafo no rehyɛ no sɛ onnyae asɛm a ɔreka akyerɛ Samariafo bi no na ommedidi, nanso ɔkae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.”​—Mateo 7:21; Yohane 4:27-38.

So Ɛsɛ sɛ Wode Yɛ W’asetra Mu Adwuma?

Mpɛn pii no, nkurɔfo pɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ honam fam aduan ne nneɛma. Nanso na Yesu adi kan atu n’atiefo fo wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu wɔ adwennwenne a wɔde bedi nneɛma a ɛte sɛɛ akyi no ho. Ose: “Na monhyehyɛ ademude ɔsoro . . . Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.”​—Mateo 6:20, 33.

Ahenni no a yɛbɛhwehwɛ no kan no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma anigyede afoforo ma yebu yɛn ani gu yɛn som adwuma no so. Nanso, saa a yɛbɛyɛ no nkyerɛ sɛ yɛbɛpow biribi foforo biara. Sɛ nhwɛso no, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yemmmu yɛn ani nngu abusua mu asɛyɛde pa so. Ɛyɛ nnipa nyinaa asɛyɛde. Sɛ yebu yɛn ani gu so a, na yɛreyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛne Kristofo gyidi bɔ abira so. (1 Timoteo 5:8) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ɔsom adwuma no mu, bere a yedi asɛyɛde afoforo ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so no.

Yesu sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi . . . de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Nkɔmhyɛ no mu nsɛm afoforo a ɛka ho no kyerɛ sɛ ebenya mmamu wɔ yɛn nna yi mu. Efi 1914 reba no, asɛmpa no ne sɛ wɔama Ahenni no tumi sɛ ennyina Yehowa tumidi afã nsɔre ntia Satan ne ne wiase no. (Adiyisɛm 11:15-18) Ɛsɛ sɛ yedwen nea eyi kyerɛ no ho anibere so. Awiei no bɛba, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no wie ansa na aba. Nkwa ho aba asɛm; yebetumi aboa ma wɔagye pii.

Yere Wo Ho sɛ Wobɛyɛ Ɔsom Adwuma no Bi Akosi Ase

Yehowa Adansefo pii de nnɔnhwerew du anaa nea ɛboro saa ka asɛmpa no kyerɛ afoforo ɔsram biara. Mpempem pii de nnɔnhwerew abien anaa nea ɛboro saa ka asɛm da biara sɛ akwampaefo aboafo, na afoforo kɔ so som sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw. Wohu ntɛmpɛ a adwuma yi gye no, na wɔpɛ sɛ wonya mu kyɛfa sɛnea wobetumi na ama wɔawie ansa na wiase yi a anigye nnim yi awiei aba.

So woyɛ Yehowa Ɔdansefo a ɔyɛ hyew dedaw? Ɛnde hwehwɛ sɛ wobɛyɛ ɔsom adwuma no bi akosi ase. Ma ahokokwaw a woanya wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ mu no nkɔ anim, na bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Sɛ wubetumi ayɛ ɔkwampaefo a, yɛ saa. Sɛ wo nsɛm tebea mma wo kwan sɛ wobɛyɛ saa ankasa a, ɛnde, hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ no nkuran ma wɔnyɛ adwuma yi.

Sɛ wonyɛ Yehowa Ɔdansefo a woahyira wo ho so a, nka sɛ ɛnyɛ ɔsom adwuma mma wo. Na ɔbarima foforo bi a wɔfrɛ no Peter, a ɔyɛ mfidwumayeni mpene so koraa sɛ ne yere bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Na obisa sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ me yere ka asɛm wɔ afie afie?” Bere a ɔde mfe pii huu ne yere gyidi a enhinhim wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho no, osii gyinae sɛ ɔno so besua Bible no. Mprempren ɔyɛ asɛmpa no somfo a wahyira ne ho so a wɔabɔ no asu te sɛ ne yere ara pɛ.

Enti mfa hokwan a ɛne sɛ wobɛsom Yehowa no nkame wo ho. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua Bible no na wo ne nokware Kristofo nkɔ wɔn nhyiam horow. Eyi bɛboa wo ma woasiesie w’asetra ma ɛne Onyankopɔn trenee ahyia, na wanya n’atirimpɔw ahorow mu gyidi a enhinhim. Sɛ wunya nkɔso wɔ eyi mu a, wo nso wobɛfata sɛ Onyankopɔn somfo. Afei wubenya hokwan adi Yesu ahyɛde yi so bi: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo. Monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.’​—Mateo 28:19, 20.

Yiw, ɔsom adwuma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ bi, na egye ntɛmpɛ sen bere biara a atwam sɛ wobɛyɛ bi mprempren.

[Adaka wɔ kratafa 25]

Ɔyarehwɛfo bi a ɔwɔ abusua a ɔhwɛ wɔn se: “Mede dɔnhwerew biako twa kwan da biara kɔ ayaresabea a meyɛ adwuma wɔ hɔ no. Enti misusuwii sɛ merentumi nyɛ akwampaefo boafo. Nanso mede boasetɔ hyehyɛɛ me dwumadi na makɔ asɛnka ntɛm anɔpa ansa na makɔ adwuma, wɔ ahomegye mmere ne nna a menkɔ adwuma no mu. Wubetumi ahu m’anigye bere a ɔsram biako awiei no, mede nnɔnhwerew 117 kaa asɛm no! Memaa nsɛmma nhoma 263, wɔkraa nsɛmma nhoma 22, na mitumi fii Bible adesua 3 ase.”

[Adaka wɔ kratafa 27]

Michael wɔ mma nkumaa baason, na okura adwuma bi a ɛho hia wɔ Nigeria kɔlege bi mu. Ɔyɛ ɔpanyin nso wɔ n’asafo mu. Okura adwene a Adansefo mpempem pii kura no bi:

“Mibu ɔsom adwuma no sɛ m’asetra mu adwuma, na mekae bere nyinaa sɛ Paulo kae sɛ.‘Me de, miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. ‘Me ne me yere ‘dua’ wɔ asɛmpa no ho nkɔmmɔbɔ ntiantiaa mu wɔ afie afie. ‘Yegugu so nsu’ denam wɔn a wɔwɔ anigye a yɛsan kɔsra wɔn na yɛde Bible no kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea Yesu kae sɛ yɛnyɛ no so. Dapɛn dapɛn Bible adesua aboa pii​—nsɛm bi mu mpo no, mmusua mufo nyinaa​—ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena