Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Sɛ Kristofo abusua bi ba kɔ sukuu bi a ɔsom nkyerɛkyerɛ yɛ ɔhyɛ wɔ hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
Kristofo awofo mpɛ sɛ wɔde atoro som gyidi bɛhyɛ wɔn mma adwene mu. Nanso, ebia na tebea horow bi wɔ hɔ a mmofra rentumi nka sɛ wɔrentra sukuu dan a wɔrekyerɛkyerɛ ɔsom wom no mu. Ɛwom sɛ wɔremfa wɔn ho nhyɛ atoro som nneyɛe ne guasodeyɛ mu de.
Onyankopɔn adamfo Abraham yɛɛ nhwɛso pa wɔ ɔsom a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra ho. Ɔtetee ne mma wɔ Kanaan, faako a na atoro som ne akyide nneyɛe ‘kronkron’ atwa wɔn ho ahyia. (Fa toto Exodus 34:11-15; Leviticus 18:21-30; Deuteronomium 7:1-5, 25, 26; 18:9-14 ho.) Nanso, na ɔno na ɔde ɔsom ho nkyerɛkyerɛ ma n’abusua. Na Onyankopɔn wɔ ahotoso sɛ Abraham ‘bɛhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n’akyi sɛ wonni Yehowa kwan so nyɛ ade trenee.’—Genesis 18:19.
Sɛ abofra no, Yesu nso nyaa abusua ne asafo mu nkyerɛkyerɛ wɔ nokware som mu so mfaso. Enti, ‘onyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.’—Luka 2:52.
Wɔ wiase afa horow pii no, Kristofo mmofra nya wiase nhomasua wɔ ɔmanfo sukuu mu. Ɛnyɛ nneɛma a wɔkyerɛkyerɛ no nyinaa na ɛne Bible mu nokware ne nokware a wogye tom hyia. Sɛ nhwɛso no, Kristofo mmofra pii akotie nyansahu anaa abɔde a nkwa wom ho adesua sɛ wɔn adesua no fa. Enti wɔde adannandi ne ho adwenkyerɛ a ɛfa asase so nkwa fibea “ankasa” ho nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ hɔ ho akyerɛkyerɛ wɔn mu pii.
Nanso, eyi amma Kristofo mmofra yi anyɛ adannandi a ennim Nyankopɔn akyidifo. Dɛn ntia? Efisɛ wɔanya nsɛm a edi mu a egyina Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so wɔ fie ne Kristofo nhyiam horow ase, na aboa atetew wɔn ‘nkatede ma woyiyi papa ne bɔne mu.’ (Hebrifo 5:14) Awofo pii ne wɔn mma asua adannandi ho nsɛm a ɛkari pɛ wɔ Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma a ɛhyɛ gyidi den no mu.a Esiane sɛ wɔasiesie saa sukuufo mmofra yi nti, wonnye sukuu mu adannandi nkyerɛkyerɛ no nni. Nanso wotumi daa no adi wɔ mmuae a wɔma wɔ sukuu ne sɔhwɛ mu no sɛ wotiee adekyerɛ no, na wotumi suaa nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae no. Ebinom mpo nyaa hokwan de nkyerɛkyerɛmu foforo a ɛne nokwasɛm a onipa Bɔfo de ama wɔ Bible no mu hyia mae.—1 Petro 3:15.
Nanso bere a wɔde kyerɛkyerɛ mpɔtam hɔ ɔsom a nkurɔfo kɔ titiriw anaasɛ ɔsom ankasa nso ɛ?
Ɛda adi sɛ wɔmfa saa ɔkyerɛkyerɛ no mma sɛ adekyerɛ anaasɛ amanneɛbɔ bi kɛkɛ. Ebia ɔkyerɛkyerɛfo no mpo yɛ saa ɔsom no muni, ma enti ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan sukuufo no adwene ne wɔn koma. Enti nea Yehowa Adansefo pɛ ne sɛ wobeyi wɔn mma afi ɔsom nkyerɛkyerɛ mu. Ebia eyi bɛma wɔn mma de wɔn sukuu bere adi dwuma pa de awie adesua dwumadi afoforo a wɔde ama wɔn anaasɛ wɔasua ade wɔ sukuu no nhomakorabea.
Nanso, wɔmpene adesrɛ yi so wɔ mmeae bi; ebia sukuu no anaasɛ aban mpanyimfo bɛka sɛ ɛsɛ sɛ mmofra nyinaa sua ɔsom bi ho ade wie ansa na wɔawie sukuu. Ɛsɛ sɛ abusua biara si nea wɔn ankasa bɛyɛ wɔ saa asɛm no mu ho gyinae.
Wɔnam ɔhyɛ so maa Onyankopɔn tete nkoa bi traa tebea horow a na ɛsɛ sɛ wogyina ɔsom nkyerɛkyerɛ anaa nneyɛe a wohui wɔn ho wom no ano, na wodii nokware maa nokware Nyankopɔn no. Ebia ɛbaa saa wɔ Mose fam. Wɔtetee no sɛ Misraim Farao nanabarima, na “wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 7:20-22) Ebia na gyidi horow ne nyamesom nneyɛe a abu so wɔ Misraim ka ho kosi baabi. Nanso nkyerɛkyerɛ a ɛkorɔn a ɛda adi sɛ Mose nya fii n’abusua ne ebia Hebrifo afoforo nkyɛn no bɔɔ ne ho ban.—Exodus 2:6-15; Hebrifo 11:23-26.
Susuw Hebrifo mmerantewa baasa, Daniel ayɔnkofo a wɔde nkyerɛkyerɛ titiriw maa wɔn wɔ Babilon na wɔyɛɛ wɔn aban adwumayɛfo no ho. (Daniel 1:6, 7) Na wonni hokwan sɛ wɔbɛyɛ anaasɛ wɔbɛpow biribiara a wɔpɛ. Da koro Ɔhene Nebukadnesar hyɛɛ mmara sɛ wɔne ɔman no mpanyimfo afoforo nhyia wɔ sika honi bi a ɔde asi Dura tataw so, faako a wɔbɛyɛ ɔmampɛ nneyɛe no ho. Hebrifo baasa no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho? Yegye di sɛ wɔbɛpɛ sɛ anka wɔrenkɔ, nanso na wɔrentumi nyɛ saa.b Nanso wɔampow wɔn gyidi horow ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Wɔn ahonim pa no ma wɔkɔe, nanso wɔpow pefee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ atoro som mu adeyɛ biara mu.—Daniel 3:1-18.
Sɛ ɛyɛ ɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ sukuufo nyinaa kotie ɔsom ho adesua bi na ebia wɔasua ade no akodu baabi a ebetumi ama wɔadi nkonim wɔ sɔhwɛ mu a, nokware Kristofo mmusua mu mmofra betumi akɔ, te sɛ nea Nebukadnesar ahyɛde nti saa nnipa baasa no kɔe no. Nanso Kristoni abofra no de Onyankopɔn bedi kan. Ɛho renhia sɛ wobegye atosɛm biara a wɔbɛka anaasɛ ade biara a afoforo no bɛyɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ho kyim, te sɛ nea Hebrifo baasa no ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ, bere a afoforo kotow sika honi no. Nanso, Kristofo mmofra remfa wɔn ho nhyɛ ɔsom nneyɛe, mpae a wɔbom bɔ, ne nyamesom nnwonto ne nneɛma a ɛtete saa mu.
Ɛsɛ sɛ mmofra yi yere wɔn ho sɛ mmere afoforo mu no, wobenya nimdeɛ afi ‘nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama wɔahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu no’ mu. (2 Timoteo 3:15) Ɛsɛ sɛ awofo fa nkitaho a wɔne wɔn mma di no so hu nea wɔde kyerɛkyerɛ wɔn wɔ sukuu mu no mu nneɛma. Eyi bɛboa Kristofo a wɔanyin ma wɔahu nea ehia sɛ wosiesie anaasɛ wɔde Bible no kyerɛkyerɛ mu na amma wɔn mma adwene antu amfra anaasɛ wɔannaadaa wɔn.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York. Inc. na etintimii.
b Bible no nka sɛ na Daniel wɔ Dura tataw no so bi. Ebia ne dibea a ɛkorɔn a na okura wɔ ahenni no mu nti, wɔamma wankɔ bi.