Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔfã 1​—So Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Ɛsɛ Sɛ Wugye Baasakoro No Di? Brochure Mu Adesua Mu Nsemmisa
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 12/15 kr. 30

So Wokae?

So woadwen Ɔwɛn-Aban a aba foforo no mu nsɛm ho yiye? Sɛ saa a, ebia wubehu sɛ ɛyɛ anigye sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa akodi ho Bible mu kyerɛwtohɔ ma yenya ahotoso a yɛde begyina “ahohiahia kɛse” no ano? (Mateo 24:21)

Esiane sɛ Yehowa wɔ nneɛma so tumi bere nyinaa nti, obetumi adwen asen n’atamfo na wadannan tebea horow de agye ne nkurɔfo.​—No. 16. kratafa 27.

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ na ama nkitahodi atra wɔn ankasa ne wɔn mma ntam?

Ɛsɛ sɛ awofo nya bere ma wɔn mma. Afei nso, ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre ama wɔn mma na ama wɔanyin wɔ adwene, honam ne honhom mu.​—No. 17, kratafa 22.

◻ Dɛn na Yesu ahosakra no kyerɛ ma yɛn nnɛ? (Marko 9:2-4)

Ahosakra no betumi ama yɛanya Yehowa nkɔmhyɛsɛm no mu gyidi, na ahyɛ yɛn gyidi den wɔ Yesu Kristo mu sɛ Onyankopɔn Ba ne Mesia a wɔahyɛ ne no bɔ no. Ebetumi ahyɛ yɛn gyidi den nso wɔ nyan a wonyan Yesu kɔɔ honhom mu asetra mu no mu, na ama Onyankopɔn nniso no mu gyidi a yɛwɔ no ayɛ kɛse.​—No. 18. kratafa 23.

◻ “Kakra” a ɛwɔ Yesaia 11:6. (New World Translation) no ase kyerɛ dɛn?

Ahwɛyiye a wɔde kyerɛ nkyekyem yi ase da no adi sɛ pataku ne oguammaa rentra faako daa wɔ wiase foforo no mu. Ebia mmoa a wɔte sɛɛ no trabea bɛyɛ soronko ma enti wɔabɛyɛ ‘afie mmoa ne wuram mmoa’ sɛnea na ɛte wɔ kan Paradise no mu no. (Genesis 1:24) Nanso, asomdwoe bɛtra mmoa ntam na wobetumi ne wɔn ho wɔn ho atra a asiane biara remma.​—No. 18, kratafa 31.

◻ Dɛn ne nokware Kristosom safe?

Ɔdɔ ne nokware Kristosom safe. Gyidi, nnwuma ne fekubɔ pa ho hia, nanso sɛ ɔdɔ nka ho a, wɔrennya mu mfaso. Eyi te saa efisɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn titiriw.(1 Korintofo 13:1-3; 1 Yohane 4:8)​—No. 19, kratafa 20.

◻ So asɛm a ɛne sɛ “awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere” a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:2 no foa adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn adi kan ahyɛ bere a yebewu ato hɔ no nsɛmmoa?

Dabi. Na Salomo reka nkwa ne owu a ɛkɔ so, a ɛba adesamma a wɔnyɛ pɛ so ho asɛm kɛkɛ. Ɔsɛnkafo 7:17 se: “Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea: ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu?” Nyansa bɛn na ɛwɔ afotu yi mu, sɛ wɔadi kan akyerɛ da a obi bewu a?​—No. 20. nkratafa 5-6.

◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛ a ɔsomafo Petro yɛ Roma sɔfo panyin a odi kan no nyɛ nokware?

Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Petro kɔɔ Roma kurow no mu da; saa ara nso na Petro kaa n’ankasa ho asɛm nkutoo sɛ Kristo asomafo no mu biako. (2 Petro 1:1)​—No. 20, kratafa 8.

◻ So ɛteɛ sɛ Kristofo de nhwiren kɔ ayi bi ase?

Sɛ wonim yiye sɛ amanne (anaasɛ adwini bi te sɛ mmeamudua kyerɛ biribi wɔ atoro som mu mprempren wɔ baabi a obi te a, ɛsɛ sɛ ɔkwati. Enti Kristofo remfa nhwiren a wɔayɛ no te sɛ mmeamudua nkɔ, anaasɛ wɔmfa nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛda no adi sɛ ɛkyerɛ biribi wɔ atoro som mu so. Nanso, mprempren wɔ ɔman pii mu no, amanne a ɛne nhwiren a wɔde ma a ɛnkyerɛ hwee wɔ nyamesom mu no abu so. Kristofo binom de nhwiren ama na ama bere a ɛyɛ awerɛhow ayɛ anigye na wɔde akyerɛ ayamhyehye ne afoforo ho a wodwen.​—No. 20, kratafa 31.

◻ Dɛn na nkyerɛkyerɛmu a wogye tom ma ɛda adi pefee wɔ Basaakoro no ho?

Ɛda no adi pefee sɛ Basaakoro nkyerɛkyerɛ no nyɛ nsusuwii bi kɛkɛ. Mmom no, ɛyɛ nsusuwii hwanyan pii a wɔakeka abom wɔ mfehaha pii a atwam no mu na wɔaka ne nyinaa abom biako. Nhomanimfo pii a Baasakorofo ka ho gye tom sɛ Baasakoro kyerɛkyerɛ no nni Bible no mu. No. 21, nkratafa 21-2.

◻ Dɛn nti na 29 Y.B. yɛ bere titiriw wɔ Bible abakɔsɛm mu?

Efisɛ sɛ wɔka Bible mu amanneɛbɔ a edi mu ne wiasefo mmerebu a ɛfa Tiberio nniso ho bom a, Bible asuafo betumi ahu sɛ Yohane som adwuma no fii ase wɔ 29 Y.B twabere mu.​—No. 22, kratafa 31.

◻ Na dɛn na “ɔsom” kyerɛɛ ma nnipa a wɔka Hebri kasa no, na ɔkwan bɛn so na eyi fa Yehowa Adansefo ho nnɛ?

Wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔsom” no ase sɛ “adwuma”. Enti, wɔ Hebrini adwene mu no, ɔsom kyerɛ adwuma. Saa na ɛkyerɛ ma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, enti nokware som agyiraehyɛde a ɛho hia yiye ne onyamesom pa adwuma a ɛne asɛnka no.​—No. 23, kratafa 19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena