Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/1 kr. 5-7
  • Asomfo No Anoboaboa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomfo No Anoboaboa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • “Asase Nyinaa So”
  • ‘Wɔn Nne Fi Kɔe’
  • ‘Kɔpem Asase Ano Nohɔ’
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/1 kr. 5-7

Asomfo No Anoboaboa

ƆSOMAFO Yohane nyaa nsɛm a ɛbɛwosow wiase a ebesisi “Awurade da no” mu ho anisoadehu. Ohuu ɔsoro Awurade Yesu Kristo sɛ ɔrekodi trenee ako a wɔde ɔpɔnkɔnini fitaa ayɛ ho mfonini​—‘okodi nkonim na wawie ne nkonimdi no.’ Ade a edi kan a ɔyɛ ne sɛ oyi Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan, fi soro na ɔtow no kyene asase so. Satan nso de okunkɛse a ebi mmae da, ɔkɔm, ne ɔyaredɔm a sɛnkyerɛnne kwan so apɔnkɔsotefo ne wɔn apɔnkɔ​—kɔkɔɔ, tuntum, ne nsõnso​—yɛ wɔn ho mfonini no, haw adesamma. (Adiyisɛm 1:10; 6:1-8; 12:9-12) Ɔhaw ahorow yi bae nea edi kan wɔ afe 1914 mu, na emu akɔ so ayɛ den fi saa bere no. Ɛrenkyɛ ɛbɛkɔ akowie nea Yesu frɛɛ no “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” no mu.​—Mateo 24:3-8, 21.

Dɛn na ɛbɛba Yehowa asomfo so saa bere no? Adiyisɛm ti 7, nkyekyem 1 kosi 10, ka abɔfo dɔm a ‘wokura ɔsɛe mframa mu denneennen’ kosi sɛ wɔbɛboaboa asomfo yi ano ho asɛm. Efi 1914 mfe no so reba no, wɔaboaboa honhom fam Israelfo 144,000 a wɔwɔ asase so no mu wɔn a wotwa to ano. Afei “hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” Nnipakuw kɛse yi dodow adu ɔpepem pii dedaw. Wogyina Onyankopɔn ahengua anim a wapene wɔn so esiane sɛ wɔkyerɛ Yesu a wokum no sɛ oguammaa a asɛm nni ne ho no mogya a ɛwɔ agyede tumi no mu gyidi nti. “Na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” Saa asomfo a wɔyɛ nnam yi kɔ so ka kyerɛ afoforo sɛ “Bra!” na wɔboaboa wɔn nso ano ma nkwagye wɔ “ahohiahia kɛse no mu.”​—Adiyisɛm 7:14-17; 22:17.

“Asase Nyinaa So”

Wobetumi aka asomfo a wɔwɔ ahofama yi ho asɛm sɛ: “Wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.” (Romafo 10:18) Wɔama wɔn adwumaden no asow aba a ɛyɛ anigye. Nhwɛso ni:

Mprempren Mexico bu Yehowa asomfo a wɔyɛ nnam 335,965 ho akontaa, na ɛkyerɛ sɛ wɔanya nnipa a wɔreyɛ adu ɔpeha aka wɔn ho wɔ mfe abiɛsa pɛ mu! Dɛn nti na wonyaa nkɔanim kɛse saa! Ebia amannɛebɔ a edi hɔ yi bɛboa ma yɛakyerɛkyerɛ mu. Na aberante bi a wɔfrɛ no Aurelio yɛ asɔre nneɛma korabea sohwɛfo wɔ Katolek asɔre bi mu. Bere biara a Yehowa Adansefo bɛba saa akuraa no ase no, ɔbɔ asɔre dɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rentie wɔn. Akyiri yi no, ɔtɔɔ Katolekfo Jerusalem Bible bi na ofii ase kenkanee, nanso wante ase. Afei da koro ohuu n’adamfo bi sɛ okura New World Translation no bi. Aurelio kaa n’adamfo no anim, ka kyerɛɛ no sɛ ne Bible no nyɛ nokware, na ɔde no kɔɔ ne fie sɛ ɔde Bible “papa” no rekɔkyerɛ no. N’adamfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kenkan Exodus 20,” na ofii hɔ kɔe.

Asɔre nneɛma korabea sohwɛfo yi kenkan Exodus fii ti 1 kosii sɛ okoduu ti 20, nkyekyem 4 ne 5. Nea ne Katolek Bible no ka faa ahoni ho no maa ne ho dwiriw no. Wɔbɔɔ Mass wiei Kwasida a edi hɔ no, ɔde ahoni ho kyerɛw nsɛm no kɔkyerɛɛ ɔsɔfo no. Mfiase no ɔsɔfo no kae sɛ ɔno ankasa de obu ma ahoni no ara kwa; ɔnsom wɔn. Bere a ɔsɔfo no hui sɛ ɛno anyɛ Aurelio dɛ no, ɔbɔɔ no sobo sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua ade. Aurelio kae sɛ ɛnte saa nanso ɔde kaa ho sɛ, “Afei mmom na mɛyɛ saa!”

Bere a Yehowa Adansefo san baa akuraase hɔ bio no, Aurelio kohuu wɔn na ofii ase ne wɔn suaa Bible no. Ogyaee adwuma a ɔyɛ wɔ asɔre no mu no, na asram abiɛsa mu no, ɔfatae sɛ ɔne Yehowa Adansefo bɛyɛ baguam asɛnka adwuma no. Ofie a odii kan kɔɔ mu no yɛ ɔsɔfo no fie, na bere a ohuu nea anka ɔyɛ asɔre nneɛma korabea sohwɛfo no sɛ ɔreyɛ adwuma sɛ Ahenni ɔsɛnkafo no, ɛyɛɛ no nwonwa. Ɔsɔfo no hunahunaa no sɛ obetu no afi asɔre no mu, nanso Aurelio ka kyerɛɛ no sɛ eyi ho renhia efisɛ wafi asɔre no mu dedaw. N’akokoduru no hyɛɛ akuraase hɔfo a wɔne Yehowa Adansefo resua ade dedaw no pii nkuran. Wɔbɔɔ Aurelio ne saa akuraase hɔfo afoforo 21 asu wɔ ɔmantam nhyiam a edi hɔ a wɔyɛe no ase. Nkɔso a ɛbae mpɔtam hɔ no yɛɛ ntɛmntɛm araa ma na ɔpanyin biako pɛ na ɔwɔ hɔ a ɔne kuw yi mufo besusuw nsemmisa ma asubɔhwehwɛfo no ho.

‘Wɔn Nne Fi Kɔe’

Obiara rentumi nguan Ahenni asɛmpaka no. Na Italiani Katolekni bi bo taa fuw bere biara a Yehowa Adansefo bɛkɔ ne nkyɛn no. Enti bere a n’adwumakuw yii no kɔɔ Singapore no, ɔtee nka sɛ afei de wɔrenhaw no bio. Nanso nea ɛyɛɛ no nwonwa ne sɛ na Adansefo no wɔ hɔnom nso. Enti ɔkɔtɔɔ nkraman a wɔn ho yɛ hu abien na wɔatow ahyɛ Adansefo a wobedi hɔ aba hɔ no so. Bere a Adansefo baanu kɔɔ ne fie hɔ no, nkraman no taa wɔn. Mmea a ehu aka wɔn no guanee na wokoduu nkwanta bi so no, wɔn mu biara faa ɔkwan foforo so. Bere a ɔkraman biako kɔtoo Adansefo no mu biako no, ɔde ahopere yii brochure abien fii ne bag mu hyɛɛ ɔkraman no anom a wabae no. Ɔyɛɛ saa no, ɔkraman no antaa no bio, na ɔsan n’akyi kɔɔ fie.

Dapɛn a edi hɔ no, Adansefo baanu no ara kɔyɛɛ sankɔhwɛ wɔ fie bi a ɛbɛn hɔ mu. Na akraman no wura gyina ne turom, na anwonwasɛm ne sɛ okyiaa mmea no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ ne fie. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne Yehowa Adansefo nkasae pɛn na ɔnkenkan wɔn nhoma no mu biara da. Nanso ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu brochure no wɔ akraman no biako anom. Ɔkenkan brochure ahorow no anwummere no ara na n’ani gyee ho yiye. Ɛwom sɛ na wayɛ Katolekni ne nkwa nna nyinaa de, nanso ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no.

Esiane sɛ na wɔresan ayi ɔbarima no akɔ Italy nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe na Yehowa Adansefo ne no asua ade wɔ hɔ. Bere a ɔne ne yere fii ase kɔɔ nhyiam horow no, ɛhɔnom asɔre no sɔfo de abufuw hunahunaa wɔn. Bere a obi de ogya too wɔn turo mu no, awarefo no twee wɔn ho fii asɔre no ho koraa. Afei abarima yi se: “M’afi ase adi m’abusuafo pii adanse dedaw efisɛ mepɛ sɛ wohu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ.”

‘Kɔpem Asase Ano Nohɔ’

Osuahu foforo a efi asase ano akyirikyiri bi no kyerɛ sɛnea ani sɔ Ahenni nkrasɛm no na ɛboa ma wɔyɛ nsakrae wɔ asetram. Bere a Ɔdansefo bi a ɔwɔ Australia rekotie nkyerɛkyerɛ a wɔde ma apemfo no, ohyiaa ɔbea bi a na ɔwɔ subammɔne pii, na ɔpowee mpo sɛ obegyae sigaretnom wɔ ne nyinsɛn bere mu. Ne suban no haw Ɔdansefo no yiye. Ɛbae sɛ wɔwoo bere koro mu wɔ ayaresabea dan biako mu, enti wonyaa hokwan bɔɔ nkɔmmɔ. Ɛdaa adi sɛ na ɔbea no ahyia nsɛnnennen pii wɔ ne mmofraase, na afei n’aware reyɛ agu. Enti, bere a Ɔdansefo no fii ayaresabea hɔ ne, ɔkɔɔ ɔbea no nkyɛn ne no kofii Bible adesua ase, na wosuaa nhoma Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.

Na obea no kunu bɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma onhu nokware som no, na ɔde ahwehwɛde yi kaa ho sɛ: “Mpɛn dodow a ɛnyɛ Yehowa Adansefo”! Nanso, bere a ohui sɛ ne yere ne Adansefo ne resua ade no, ofii ase bisaa nsɛm na wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka adesua no ho. Ɔyɛɛ saa, na ankyɛ na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam horow. Mprempren wɔabɔ okunu ne ɔyere no nyinaa asu, na ɛda adi sɛ wɔn aware no ayɛ yiye.

Ofie Bible adesua ahorow a wɔde nhoma a ɛtete sɛɛ yɛ no ama wɔatumi aboaboa asomfo afoforofo pii ano. Wɔ nsase a Yehowa Adansefo ahyia ɔman anidan ahorow, ɔmanko, anaa aban anohyeto ahorow so no, ofie Bible adesua ahorow akɔ soro. Ɔmanko kɔɔ so wɔ Angola mfe pii, na Adansefo no hyiaa ɔtaa ne ahokyere pii. Afe a etwaam no mfiase no, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyekyem a, na ɔdawurubɔfo biara yɛ ofie Bible adesua bɛyɛ abiɛsa, nanso na adawurubɔfo no nni Bible ho nhoma ahe biara. Na ahwɛfo akwantufo som akuw nketewaa da biara, yɛ asɛnka adwuma ho nhyehyɛe awia na wɔyɛ nhyiam anwummere biara. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei bere a akodi no baa awiei na wɔde Bible ho nhoma a ɛho ahia yiye tɔn 42 fi South Africa bae no! Nokwarem no, saa anuanom no dɔ ‘bɛkɔ so aboro so ara nokware nimdeɛ ne ntease nyinaa mu,’ bere a afei de wotumi ‘sɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ’ no. (Filipifo 1:9, 10) Hwɛ nkuranhyɛ ara a eyi yɛ ma wɔn a wɔwɔ nhoma a wɔde sua Bible pii no sɛ wɔde nsiesiei a Yehowa de dom yɛn no bedi dwuma akosi ase!​—1 Timoteo 4:15, 16.

Asomfo anokwafo yi anigye no ma yɛkae Yesu nsɛm a ɔkae wo Bepɔw so Asɛnka no mu no: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. . . . Anigye ne wɔn a trenee nti wɔataa wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. . . . Mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua yɛ kɛse ɔsoro.” (Mateo 5:3-12, New World Translation) Anoboaboa bɛn ara na ɛrekɔ so dedaw wɔ Angola sɛɛ yi!

Wɔreyi anohyeto ahorow a wɔde ato Yehowa Adansefo dwumadi so no anaasɛ wɔregow mu wɔ wiase no mu mmeae afoforo. Yesu kae wɔ ne bere sɛ sɛ: “Yiw, otwa adwuma no sõ, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mateo 9:37, NW) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware nnɛ! Wohia adwumayɛfo bebree bere nyinaa. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nnɔbae anoboaboa ka yɛn som no ho. Anigye biara nni asase so nnɛ te sɛ yɛn ho so a yɛahyira de som Yehowa Nyankopɔn ma yɛsow mu aba no.

Nanso, dɛn na ɛkanyan Yehowa asomfo ma wɔda anigye ne nnamyɛ a ɛte sɛɛ adi? Yebehu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena