Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/1 kr. 8-17
  • Ɔdɔ Ma Yehowa Kanyan Nokware Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdɔ Ma Yehowa Kanyan Nokware Som
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akontaabu a Ɛda Nsow
  • Ɔdɔ a Wɔde Som Adesamma
  • Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi
  • Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Ma Yehowa
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Akyi A Wogyina Wɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/1 kr. 8-17

Ɔdɔ Ma Yehowa Kanyan Nokware Som

“Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”​—1 YOHANE 5:3.

1, 2. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde som Yehowa?

NA AHƆHO 80 a wofi Japan rekyinkyin Yehowa Adansefo Nhyiam Asa bi so wɔ California, U.S.A. Sɛnea ɛhɔnom yɛ anigye fa, a turo a mmorɔnoma ne nnomaa afoforo a wɔn ho yɛ fɛ wom ka ho no, ma wɔtee nka sɛ wɔabɛn wɔn Bɔfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn yiye mpo. Ankyɛ na nea ɔde wɔn rekyinkyin no hui sɛ ɛkame ayɛ sɛ kuw no mufo nyinaa de wɔn bere nyinaa resom sɛ akwampaefo. Enti akyiri yi wobisaa kuw no asɛm bi a nkurɔfo taa bisa sɛ: “Dɛn nti na akwampaefo pii wɔ Japan saa?” Ɛhɔ yɛɛ dinn kakra. Afei ababaa biako buae sɛ: “Efisɛ yɛdɔ Yehowa.”

2 Ɔdɔ ma Yehowa​—hwɛ sɛnea eyi ma yɛyɛ nnam wɔ ne som mu! Ɛyɛ ampa sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ ɔkwampaefo. Nokwarem no, yɛn Ahenni adawurubɔfo bɛboro ɔpepem anan no mu dodow no ara ntumi nyɛɛ nhyehyɛe na ama wɔatumi anya hokwan yi bi. Nanso pii a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan no de wɔn ho hyem. Yɛn a yɛaka no betumi “anya Yehowa mu ahotoso na yɛayɛ papa,” na yɛnam asuafoyɛ adwuma no bi a yɛbɛyɛ so ada yɛn dɔ adi. (Dwom 37:3, 4, New World Translation) Na Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa betumi aboa ma akwampae honhom no akɔ so, na wɔafi ɔdɔ mu de mmoa ama wɔn a wɔreyɛ akwampae adwuma no.​—Mateo 24:14; 28:19.

3. Nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu pii ne Yehowa Adansefo ntam bɛn na wotumi hu?

3 Nea ɛne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo dodow no ara a wobu nyamesom sɛ biribi a ɛka wɔn asetra ho ara kwa no bɔ abira no, Yehowa Adansefo da ɔdɔ a emu yɛ den ma Nyankopɔn adi, na ɛkanyan wɔn ma wɔkɔ so “hwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan.” Eyi ahwehwɛ sɛ wɔde nneɛma bɔ afɔre, nanso hwɛ sɛnea saa afɔrebɔ no ho aba mfaso! (Mateo 6:33; 16:24) Ɛne ahyɛde kɛse a Mose na odii kan kaa ho asɛm na Yesu Kristo tĩĩ mu no ahyia sɛ: “[Yehowa] yɛn Nyankopɔn yɛ [Yehowa] koro, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn no fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.”​—Marko 12:29, 30; Deuteronomium 6:4, 5.

4, 5. Hefo na ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ anokwafo, na ɔkwan bɛn na wobetumi afa so ada nokwaredi adi?

4 Nnansa yi ara Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti adwumayɛfo no mu biako ka kyerɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani F. W. Franz a wadi mfe 98 na ɔde bɛboro mfe 70 ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no sɛ: “Woayɛ nokwaredi ho nhwɛso pa, Onua Franz.” Na Onua Franz buae sɛ: “Yiw! Ɛsɛ sɛ wudi nokware.” Asɛm no ara nen. Yebetumi adi nokware wɔ Ahenni dwumadi afã biara a yɛsom no mu.​—1 Korintofo 4:2; Galatifo 3:9.

5 Ampa, pii bɛpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu, nanso Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow anaa ɔyare remma wontumi nyɛ pii. Nanso, ɛnsɛ sɛ wobu wɔn a wontumi nyɛ akwampae adwuma no sɛ wɔn nokwaredi sua. Ebinom akɔ so adi nokware wɔ tebea horow a emu yɛ den yiye mu na mpɛn pii no, wɔde mfe pii na ayɛ saa. Yiw, wɔadi nokware! Wɔada Yehowa ho dɔ adi na wɔde nsiyɛ afi wɔn koma nyinaa mu asom de aboa ne teokrase nhyehyɛe ahorow. Wɔakyerɛ akwampaefo dwumadi ho anigye kɛse, na wɔahyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo nkuran, a mpɛn pii no saafo no yɛ wɔn ankasa mma, sɛ wɔmmɔ mmɔden mfa akwampae adwuma no nyɛ wɔn asetra mu adwuma a ɛsen nnwuma nyinaa.​—Fa toto Deuteronomium 30:19, 20 ho.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nhwɛso a ɛwɔ 1 Samuel 30:16-25 no ayɛ adwuma nnɛ?

6 Wobetumi de asɛm a ɛwɔ 1 Samuel 30:16-25 no ayɛ sɛnea Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa fi ɔdɔ mu de biakoyɛ yɛ ade nnɛ no ho mfatoho. Bere a ɔne Amalekfo redi ako no, “Dawid kunkum wɔn fi ahemadakye kosii . . . anwummere” na ɔfaa asade pii. Bere a wɔsan baa wɔn nsra no mu no, Dawid mmarima akofo no binom kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde asade no bi ma wɔn a wɔne wɔn ankɔ akono bi no. Nanso Dawid buae sɛ: “Hena na obetie mo, asɛm yi mu? Na sɛ nea ɔkɔ akono kyɛfa te no, saa ara na nea ɔtraa nneɛma ho no nso kyɛfa te: wɔnkyɛ mu pɛ.”

7 Nnyinasosɛm koro no ara di dwuma nnɛ. Akwampaefo na wodi anim wɔ yɛn honhom fam ɔko no mu. Nanso asafo no mufo afoforo nyinaa fi wɔn komam, ne nokwaredi mu nyinaa boa. Na nneɛma akɛse a efi adwuma a wɔboom yɛe wɔ 1991 mu aba no da adi wɔ akontaabu pon a edi hɔ no mu.

Akontaabu a Ɛda Nsow

8. (a) Dɛn na wiase nyinaa akontaabu no da no adi wɔ adawurubɔfo dodow nkabom ne nnɔnhwerew a wɔde yɛɛ Yehowa som adwuma no ho? (b) Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na wohyɛ no nsow wɔ aman a afei na wɔn ho nsɛm apue wɔ akontaabu no mu no ho?

8 Yiw, nsɛmma nhoma yi mu nkratafa anan a edi eyi anim no da sɛnea Yehowa asomfo a wɔyɛ nnam nyinaa mmɔdenbɔ wɔ biakoyɛ mu no aboa ma yɛanya nkɔanim a ɛyɛ anigye wɔ wiase nyinaa wɔ 1991 mu no adi. Wobu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a ɛsɔ ani yiye 4,278,820 ho akontaa​—a ɛyɛ nkɔanim ɔha biara mu nkyem asia ne fã. Eyinom de nnɔnhwerew 951,870,021 (ɛkaa kakraa bi na adu ɔpepepem biako!) na ɛyɛɛ ɔsom adwuma no. Na hwɛ mmɔden kɛse a yɛn nuanom a wɔwɔ aman a afei na wɔde wɔn aba wiase nyinaa akontaabu mu no bɔe​—Bulgaria, Cameroon, Czechoslovakia, Ethiopia, Mozambique, Nicaragua, Rwanda ne U.S.S.R (Rusia).

9, 10. (a) Akwampaefo no ayɛ wɔn ade dɛn wɔ nsɛnnennen a ahokyere bere de aba no ho? (b) Nkuranhyɛ bɛn na wɔde ma wɔ akwampae adwuma a obi de ne ho behyem no ho?

9 Wɔ nnansa yi mfe mu no, akwampae honhom no atrɛw wɔ wiase nyinaa. Akwampaefo redɔɔso wɔ nsase a nnansa yi ara na wɔanya ɔsom mu ahofadi mpo mu. Sikasɛm tebea a emu yɛ den nsiw Adansefo a wɔyɛ den yi kwan sɛ wɔde nea wɔwɔ nyinaa bɛsom Yehowa. (Fa toto 2 Korintofo 11:23, 27 ho.) Sɛ wɔkyekyem a, Ahenni adawurubɔfo nyinaa mu ɔha mu nkyem 14 yɛ akwampae adwuma no ɔsram biara. Akwampaefo dodow a ɛsen biara yɛ 780,202, na ɛyɛ adawurubɔfo ɔha mu nkyem 18 a ɛsɔ ani yiye.

10 Bere a wohu anigye a akwampaefo no nya no, ɛhyɛ afoforo nso nkuran ma wɔyɛ adwuma yi bi. Sɛ wonyɛ ɔkwampaefo mprempren a, so ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛkanyan wo ma woaka, sɛnea yɛkenkan wɔ Yesaia 6:8 sɛ, “Mini! Soma me” no? Anaa ɛnam Bible adesua a wode nsi yɛ so no, so ebia Onyankopɔn Asɛm no bɛma woanya ɔpɛ a emu yɛ den wɔ wo komam, ma enti nea edi hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wode wo ho bɛhyɛ akwampae adwuma no mu? Wɔ sɔhwɛ bere mpo mu no, Yehowa asɛm kanyan Yeremia, ma enti na ontumi mmua n’ano.​—Yeremia 20:9.

Ɔdɔ a Wɔde Som Adesamma

11. Ɔkwan bɛn so na ofie Bible adesua dwumadi no anya nkɔso?

11 Afe akontaabu no mu nneɛma a ɛda nsow no biako ne nkɔanim a ɛbaa ofie Bible adesua a wontua ho ka dodow mu no, na wɔyɛɛ 3,947,261 daa ɔsram biara wɔ wiase nyinaa. Eyi yɛ ɔdɔ nhyehyɛe a Yehowa Adansefo nam so san kɔsra anigyefo a wohyiaa wɔn wɔ wɔn afie afie adwuma no mu no. Yɛn ani gye ho sɛ yɛne nnipa a wofi aman ne mmusua ahorow mu bɛyɛ Bible adesua, na yɛde mmɔdenbɔ koro no ara a ɔsomafo Paulo daa no adi no ayɛ adwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ ‘Yudafo ne Helafo nyinaa a odii wɔn adanse fefeefe’ no ma ɔde nnɔnhwerew pii kyerɛkyerɛɛ nokware no. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Ɛte saa ara nnɛ. Yehowa Adansefo reboa ‘ma wɔagye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔanya nokware no ho nokware nimdeɛ.’​—1 Timoteo 2:4.

12-14. Amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na yɛte fi Europa?

12 Hwɛ sɛnea Bible adesua dwumadi a anya nkɔanim wɔ Europa Apuei Fam ho amanneɛbɔ no yɛ anigye! Mfe du du pii mu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no hyiam wɔ akuw nketenkete mu, a ebia Ɔwɛn-Aban bi a ayɛ dedaw, a wɔhwɛɛ nea akyɛ bi so yɛe, na kuw no mufo nyinaa sua. Nanso afei wɔde Bible ne Bible nhoma ahorow bebree rekɔ saa aman no mu. Ɛma obi kae Salomo Nnwom mu Dwom 2:4, King James Version, a ese: “[Kristo Yesu de] me baa [honhom fam] apontow dan mu, na ne frankaa a ɛwɔ me so ne ɔdɔ.” Esiane sɛ pii renya wɔn ankasa nsɛmma nhoma nti, wɔreyɛ wɔn a wobetumi akura “nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”​—2 Timoteo 2:15.

13 St. Petersburg, Rusia, asafo bi a emu adawurubɔfo yɛ 103 buu Bible adesua bɛboro 300 ho akontaa. Aba a Bible adesua mu mmɔdenbɔ yi sow ne sɛ wɔbɔɔ Adansefo afoforofo 53 asu wɔ asram awotwe pɛ mu. Asafo no mufo bɛboro fã de asram awotwe pɛ anaa nea ennu saa na atra nokware no mu! Na wonni mpanyimfo biara​—asafo mu ɔsomfo biako pɛ a ɔhwɛ wɔn honhom fam nkɔso so na ɔwɔ hɔ.

14 Ahenni ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Estonia Bible suani bi bisaa no sɛ so obetumi ato nsa afrɛ ne nnamfo bi aba adesua no ase anaa. Bere a Ɔdansefo no kɔɔ fie hɔ dapɛn a edi hɔ no, ɔkɔtoo sɛ nnipa bɛboro 50 ahyiam! Nokwarem no, na ehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe atitiriw bi de di anigyefo pii saa ho dwuma.

15. Dɛn na yebetumi aka wɔ wɔn a wɔbaa Nkaedi no ne asubɔ ho?

15 Pii a wɔresua ade no nya Kristofo fekubɔ mu osuahu a edi kan wɔ Yesu wu Nkaedi ase a wɔkɔ no mu. Afe a ɛtwaam yi mu no, wɔn a wɔkɔe no dodow boroo 10,000,000 nea edi kan, na 10,650,158 hyiae wɔ asafo ahorow 66,207 mu wɔ dwumadi a ɛyɛ anigye yi ase wɔ wiase nyinaa. Wɔ Latin-Amerika, Afrika, ne Europa Apuei Fam aman pii mu no, wɔn a wɔbae no dodow boro Ahenni adawurubɔfo dodow so bɛyɛ mpɛn abiɛsa anaa anan. Mprempren ɛsɛ sɛ yefi ase siesie yɛn ho ma afe yi Nkaedi a wɔbɛyɛ no Fida, April 17 no. Yɛn anidaso ne sɛ Bible adesuafo afoforofo pii a wɔba Nkaedi no bɛkɔ so anya nkɔanim ma wɔabɔ wɔn asu. Ɛdefa asubɔ ho no, yehuu bio sɛ nnipa bɛboro 300,000 nam nsu mu asubɔ so yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ 1991 mu.

Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi

16. Amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn na yenya fi “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow no ase?

16 1991 ɔsom afe no mu ade titiriw bi ne “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam horow, a wɔayɛ awie wɔ Asase no Atifi Fam nanso wɔbɛkɔ so ayɛ wɔ 1992 mu wɔ Asase no Anafo Fam no. Bere a edi kan mu no, wɔyɛɛ nhyiam dwumadi no nyinaa wɔ Europa Apuei Fam aman bi mu, faako a yɛn nuanom no ani agye sɛ wɔde ahofadi ahorow a wɔanya no foforo no bɛkamfo Yehowa no. Wɔ October 1991 mu no, wɔn a wɔkɔe dodow ho akontaa a wobui wɔ nhyiam ahorow 705 a wodii kan yɛe wɔ ɔman 54 mu no yɛ 4,774,937.

17, 18. (a) Ahofadi ahorow bɛn na Yehowa asomfo anya na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahofadi yɛ soronko wɔ wiase ahofadi ahorow ho?

17 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32, NW) Ɛnnɛ, Bible mu nokware ama nnipa ɔpepem pii ade wɔn ho afi Kristoman nkyerɛkyerɛ ahorow ho. Nnipa ɔpepem pii yi abehu sɛ Yehowa nsiesiei a ɛne Yesu agyede afɔrebɔ no bɛma atumi ayɛ yiye sɛ adesamma “bɛfa [wɔn] ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi] mu.” (Romafo 8:19-22) Hwɛ ahofadi kɛse ara a ɛno bɛyɛ​—sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so wɔ anohyeto ahorow a ɛfata a Yehowa de ɔdɔ bɛkyerɛ no mu!​—Yesaia 25:6-8; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:24-26 ho.

18 Ahofadi ahorow a Yehowa Adansefo wɔ mprempren, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya no pii wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu no fi yɛn Nyankopɔn, Yehowa nkyɛn. (2 Korintofo 3:17) Ennyina amammui anaa ɔman anidan ahyehyɛde bi so. (Yakobo 1:17) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati eyi ho ntease a ɛnteɛ a wobenya nti, wɔakyerɛw 1991 badge a Yehowa Adansefo bobɔe wɔ Apuei Fam Europa nsase bi so no so sɛ: “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” na ɛnyɛ “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” kɛkɛ.

Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Ma Yehowa

19. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a yɛnam so bɛn Yehowa no betumi awowaw yɛn?

19 Ɔdɔ ma Yehowa ne ne mu ahotoso bɛma yɛabɛn no wɔ mpaebɔ mu. Ɛyɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den yi na aboa yɛn nuanom ma wɔagyina amanehunu ne ɔtae pii ano. (Dwom 25:14, 15) Bere a Yesu rehyia ne sɔhwɛ a ɛsen biara no, ɔnam mpaebɔ so bɛnee n’Agya. (Luka 22:39-46) Mpaebɔ so a wɔnam bɛn Yehowa yi wowaw Stefano wɔ ɛyaw a ohui wɔ ne mogya dansefo wu no mu. Bere a wɔrebesiw no abo akum no no, ɔhwɛɛ soro kae sɛ: “Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na onipa ba [Yesu Kristo] gyina Onyankopɔn nifa.”​—Asomafo no Nnwuma 7:56.

20-22. Ɔkwan bɛn so na osuahu bi ma yehu sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ?

20 Sɛnea Yehowa asomfo ahu mpɛn pii no, Yehowa bua mpaebɔ ahorow a ɛne ne pɛ hyia no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika man bi a wɔabara Adansefo no adwuma wɔ hɔ mu no, na ɔkwampaefo titiriw bi a ɔde bɔs retu kwan akɔ ɔman no atifi fam kura kotoku kɛse bi a Bible nhoma ne nkrataa ahorow wom a ɔde rekɔma anuanom. Odwumayeni a ɔhyehyɛ nnesoa no gu bɔs no mu no bisaa onua no sɛ: “Dɛn na ɛwɔ kotoku no mu?” Onua no kaa ade a edii kan baa n’adwenem sɛ: “Ɛyɛ post office nneɛma.”

21 Wɔnam kwan so rekɔ no, bɔs no de mmirika twaam wɔ baabi a wogyina hwehwɛ nneɛma mu a annyina, na polisifo no tiw wɔn kogyinaa wɔn, a na wosusuw sɛ ebia wɔso sum ase aguade. Wɔhyɛe sɛ akwantufo no nyinaa mfi bɔs no mu nsi na wɔnhwehwɛ nnesoa nyinaa mu. Asɛm aba! Onua no twee ne ho kakra fii nnipakuw a wɔrenwiinwii no ho na obuu nkotodwe bɔɔ Yehowa mpae. Bere a ɔsan baa nnipakuw no mu no, na wɔrebuebue ɔkwantufo biara nnesoa ano hwehwɛ mu fefeefe. Bere a wɔrebuebue onua no kotoku no ano no, ɔsrɛɛ Yehowa hɔ mmoa dinn.

22 Polisini no teɛɛm sɛ: “Hena kotoku ni, na dɛn na ɛwom?” Ansa na onua no bebue n’ano akasa no, bɔs no mu odwumayeni no buae sɛ: “Ɛyɛ nkrataa a wɔde fi ​——​——​ post office de rekɔ ​——​——​ post office.” Polisini no kae sɛ: “Eye.” Ɔfaa kotoku no de maa bɔs mu odwumayeni no. Ɔhyɛɛ no sɛ: “Hwɛ hu sɛ wode bɛhyɛ baabi pa wɔ akwantu no mu.” Ɔkwampaefo titiriw no san buu nkotodwe daa mpaebɔ Tiefo no ase.​—Dwom 65:2; Mmebusɛm 15:29.

23. Dɛn na Yehowa ada no adi, nanso dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a ɔma ɔtaa kɔ so kosi ase?

23 Nanso, eyi nkyerɛ sɛ Yehowa asomfo de wɔn koraa fi nneɛma bɔne a esisi ho. Tebea horow bi mu wɔ Bible mmere ne nnɛ mmere yi nyinaa mu no, Yehowa ama wɔahu sɛ obetumi agye ne nkurɔfo. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabua mudi mu kura ɔsɛmpɔw no nti, ɛtɔ mmere bi a ɛte sɛ nea ɔma ɔtaa kɔ so kosi ase. (Fa toto Mateo 26:39 ho.) Bio nso, ɛnyɛ sɛ ɔkwan biara so no, Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ akwanhyia ahorow, ɔman mu akodi, anaa nsɛmmɔnedi mu, ɛwom sɛ Bible mu nyansa a wɔde di dwuma ho betumi aba mfaso de. (Mmebusɛm 22:3; Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso, yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ ebia wogye yɛn fi sɔhwɛ tebea horow mu anaase wɔannye yɛn a, yebenya yɛn nokwaredi so akatua, wɔ owusɔre mpo mu, sɛ ɛho hia saa a.​—Mateo 10:21, 22; 24:13.

24. Akyɛde ahorow a ɛkyerɛ ɔdɔ bɛn na Yehowa de ama yɛn, na dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ne dɔ no ho?

24 Yehowa ɔdɔ akyɛde ahorow no yɛ anigye dɛn ara! Asase yi ne nea ɛwɔ so nyinaa a ɔde akyɛ adesamma no yɛ ne dɔ a wada no adi ɔkwan a ɛda nsow so. (Dwom 104:1, 13-16; 115:16) Na Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo a ofi ayamhyehye mu de no kyɛe sɛ ommegye adesamma mfi bɔne ne owu mu no yɛ akyɛde a efi ɔdɔ mu a ɛsen biara. “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Yohane 4:9, 10) Sɛ́ ɔkwan a yɛnam so kyerɛ saa ɔdɔ no ho anisɔ no, ɛmmra sɛ yebegye adi “sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”​—Romafo 8:38, 39.

Asɛm Yi Ntĩmu

◻ Dɛn na nokware a obi bedi no kyerɛ?

◻ Dwumadi ahorow bɛn mu no yebetumi ada ɔdɔ ma Yehowa adi?

◻ Ɔsom afe akontaabu no mu nneɛma bɛn na w’ani gyee ho sen biara?

◻ Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so akyerɛ Yehowa akyɛde a ɛkyerɛ ɔdɔ no ho anisɔ?

[Adaka wɔ kratafa 15]

DƐN NTI NA AKWAMPAEFO DƆƆSO SAA?

Wɔbɔ amanneɛ sɛ bɛyɛ mfe 2,600 no, na Japanfo de nsiyɛ som wɔn ahempɔn. Wɔ afeha a ɛto so 20 yi akodi mu nkutoo no, Japanfo mmarima akofo bɛboro ɔpepem abiɛsa de wɔn nkwa bɔɔ afɔre, efisɛ na wosusuw sɛ nidi biara nsen wu a wobɛwu ama wɔn ɔhempɔn-nyame no. Nanso Budhafo ne Shintofo sraadisɛm ankosi baabiara wɔ Wiase Ko II mu, na efi ɛno akyi no, ɔhempɔn no kae sɛ ɔnyɛ onyame bio. Dɛn na wɔde bɛhyɛ nyamesom a enni hɔ bio no ananmu? Nea ɛyɛ anigye ne sɛ ofie Bible adesua a Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo ne akyiri yi ɛhɔnom Adansefo ne afoforo yɛe no boaa pii ma wohuu nokware Nyankopɔn, Yehowa, na wohyiraa wɔn nkwa so maa no. Ahosohyira yi ho hia saa Japanfo Adansefo no yiye. Sɛ kan no, na wɔde wɔn nkwa bɛbɔ afɔre ama ɔhempɔn-onyame bi a, hwɛ mmɔden kɛse a mprempren wɔde wɔn ahoɔden bɔ sɛ akwampaefo de som Onyankopɔn teasefo ne amansan no Bɔfo​—Amansan Hene Yehowa no!

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 10-13]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 1991 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn ahofadi​—Yehowa asomfo nhyiam wɔ Prague, August 9-11, 1991

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena