Dɛn Na Kyerɛwnsɛm No Ka Wɔ “Onyankopɔn A Kristo Yɛ No” Ho?
YESU KRISTO anya adesamma so nkɛntɛnso kɛse wɔ ɔsom mu. Eyi te saa efisɛ nnipa ɔpepem pii kyerɛ sɛ wɔyɛ n’akyidifo. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn adwene hyia wɔ onii ko a ɔyɛ no ho.
Ebinom a wɔka sɛ wogye Yesu nkyerɛkyerɛ tom no bu no sɛ Onyankopɔn Ba, na ɛnyɛ ɔbɔadeɛ no ankasa. Afoforo gye “Onyankopɔn a Kristo yɛ no” di, na wosusuw sɛ ɔne Onyankopɔn ankasa. Wogye di sɛ na Yesu wɔ hɔ bere nyinaa, na na ɔnyɛ onipa kɛkɛ bere a na ɔwɔ asase so ha no. So nea wɔka yi teɛ? Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka?
Yesu Asetra Ansa na Ɔrebɛyɛ Onipa
Yesu dii ho adanse sɛ ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ onipa. Ose: “Obi mforoo soro, gye nea ofi soro sianee no, onipa Ba a ɔwɔ ɔsoro no.” (Yohane 3:13) Yesu kae nso sɛ: “Mene abodoo a nkwa wɔ mu a misian mifii soro mebae no; sɛ obi di abodo yi bi a, ɔbɛtra ase daa. Na abodoo a mede mɛma no, ɛyɛ me honam a wiase nkwa nti mede mema.”—Yohane 6:51.
Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ onipa no da adi pefee wɔ ne nsɛm yi mu: “Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.” (Yohane 8:58) Abraham traa ase fi 2018 besii 1843 A.Y.B., na Yesu asetra sɛ onipa no fi 2 A.Y.B. kosi 33 Y.B. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, fa anuonyam a mewɔ wo nkyɛn ansa na wɔbɔɔ wiase no hyɛ me wo ankasa nkyɛn!”—Yohane 17:5.
Yesu akyidifo de adanse a ɛte saa ara mae. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn. Ɛnam no so na wɔyɛɛ ade nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛe. . . Na Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam, na ɔbɛtraa yɛn mu, na yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.” (Yohane 1:1, 3, 14) Yiw, “Asɛm no bɛyɛɛ ɔhonam” sɛ onipa Yesu Kristo.
Ɔsomafo Paulo reka Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ onipa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi. Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebeam de, nanso wammu no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ, na mmom oyii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso.” (Filipifo 2:5-7) Paulo frɛɛ Yesu sɛ “abɔde nyinaa abakan, efisɛ ɔno mu na wɔbɔɔ nneɛma [afoforo] nyinaa.”—Kolosefo 1:13-16.
Na Ɔnyɛ Onyankopɔn wɔ Asase So
Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ na Yesu yɛ onipa koraa fi n’awo mu kosi ne wu mu. Yohane anka sɛ na wɔde honam afura Asɛm no kɛkɛ. “Ɔbɛyɛɛ honam,” na na ɔnyɛ ɔhonam fã ne Onyankopɔn fã. Sɛ na Yesu yɛ onipa ne onyame bere koro no ara mu a, anka wɔrentumi nka sɛ “ɛkaa kakra na ɔtoo abɔfo.”—Hebrifo 2:9; Dwom 8:4, 5.
Sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn ne onipa bere a na ɔwɔ asase so no a, dɛn nti na ɔbɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii? Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.”—Hebrifo 5:7.
Petro asɛm a ese “wokum no ɔhonam mu, na wɔmaa ɔtraa ase honhom mu” no di adanse sɛ na Yesu fã bi nyɛ honhom bere a na ɔwɔ asase so no. (1 Petro 3:18) Esiane sɛ na Yesu yɛ ɔdesani koraa nti otumi huu nea nnipa a wɔnyɛ pɛ hu, ma enti ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ ayamhyehye. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso onni bɔne.”—Hebrifo 4:15.
Yesu ‘de ne ho mae sɛ nnwensa a ɛsɛ maa nnipa nyinaa’ sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ.” (Yohane 1:29; 1 Timoteo 2:6) Saa kwan no so no, Yesu san tɔɔ nea Adam yeraa no no—adesamma nkwa a ɛyɛ pɛ a enni awiei. Esiane sɛ na Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ ‘ɔkra si ɔkra ananmu’ nti, na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ te sɛ nea na Adam te mfiase no—onipa a ɔyɛ pɛ, na ɛnyɛ Onyankopɔn ne onipa.—Deuteronomium 19:21; 1 Korintofo 15:22.
Nkyinkyim Bible Kyerɛw Nsɛm
Wɔn a wɔka sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn ne onipa no de kyerɛw nsɛm ahorow di dwuma de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoman Baasakoro no muni, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ wɔ tebea, tumi, anuonyam ne bere a wɔde atra ase no mu. Nanso sɛ yɛde boasetɔ hwehwɛ kyerɛw nsɛm yi mu a, yehu sɛ wɔn a wɔka sɛ ‘Kristo yɛ Onyankopɔn’ no bu saa nkyekyem yi sɛ ɛkyerɛ pii sen nea ɛka no ankasa.
Ebinom ka sɛ Bible kyerɛw nsɛm a Onyankopɔn de edinnsiananmu “yɛn” di dwuma wom no ma Yesu (Asɛm no) a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ne Yehowa yɛ pɛ. Nanso edinnsiananmu yi nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn ne obi a ɔne no yɛ pɛ na ɛkasa. Aboro so koraa no, ɛkyerɛ sɛ ɔsoro abɔde no biako kura dibea a ɛkorɔn wɔ Onyankopɔn akyi. Nokwarem no, Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no yɛ Onyankopɔn yɔnko a ɔbɛn no yiye, Odwumayeni a Waben, ne ne Kasamafo.—Genesis 1:26; 11:7; Mmebusɛm 8:30, 31; Yohane 1:3.
Nsɛm a esisii wɔ Yesu asubɔ mu no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn, Kristo ne honhom kronkron no yɛ pɛ. Sɛ onipa no, Yesu bɔɔ asu de yɛɛ ne ho a ɔde ma ne soro Agya no ho sɛnkyerɛnne. Saa bere no, ‘ɔsoro buei’ na Onyankopɔn honhom sian baa Yesu so sɛ aborɔnoma. Afei nso, wɔtee Yehowa nne “fi soro” sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mateo 3:13-17.
Ɛnde, dɛn na Yesu kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ asuafo asu “nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu” no? (Mateo 28:19, 20) Yesu ankyerɛ anaa wanka sɛ ɔno, n’Agya, ne honhom kronkron no yɛ pɛ. Mmom no, wɔn a wɔabɔ wɔn asu no gye Yehowa tom sɛ Nkwamafo ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, a wohyira wɔn nkwa so ma no. Wogye Yesu tom sɛ Mesia ne nea Onyankopɔn nam no so de agyede maa adesamma a wogye di no. Na wonim sɛ honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi, a ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma. Nanso, ɛnsɛ sɛ asubɔhwehwɛfo a wɔte sɛɛ no bu Yehowa, Yesu, ne honhom kronkron no sɛ Baasakoro nyame biako.
Na so anwonwade ahorow a Yesu yɛe no kyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ne onipa? Dabi, efisɛ Mose, Elia, Elisa, ne asomafo Petro ne Paulo, ne afoforo yɛɛ anwonwade ahorow a na wɔnyɛ Onyankopɔn ne nnipa. (Exodus 14:15-31; 1 Ahene 18:18-40; 2 Ahene 4:17-37; Asomafo no Nnwuma 9:36-42; 19:11,12) Te sɛ wɔn no, na Yesu yɛ onipa a ɔde tumi a Onyankopɔn de maa no no yɛ anwonwade ahorow.—Luka 11:14-19.
Yesaia kaa Yesu a ɔne Mesia no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ “Onyankopɔn-Tumfoɔ.” (Isaiah 9:6) Wɔ Yesaia 10:21 no, odiyifo koro no ara kaa Yehowa ho asɛm sɛ “Onyankopɔn Tumfoɔ no.” Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankyinkyim kyerɛw nsɛm yi. Wɔmfa Hebri asɛm a wɔakyerɛ ase sɛ “Onyankopɔn-Tumfoɔ” no nka Yehowa nkutoo ho asɛm te sɛ asɛm “Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn” no. (Genesis 17:1, New World Translation.) Nokwarem no, nsonsonoe wɔ otumfo a obi yɛ no ne ade nyinaa so tumfo a ɔyɛ a ɔkorɔn sen obiara no mu.
Sɛnea Yesaia 43:10 kyerɛ no, Yehowa se: “Wɔnnwenee onyame bi m’anim ɛ, na m’akyi nso obiara remma.” Nanso, saa nsɛm no nkyerɛ sɛ Yesu ne Onyankopɔn. Aba a ɛwom ne sɛ obiara nni hɔ a odi Yehowa anim, kyerɛ sɛ onyame bi anni n’anim, efisɛ ɔwɔ hɔ daa. Onyame biara remma wɔ Yehowa akyi, efisɛ ɔbɛkɔ so atra ase daa, sɛ Ɔhene Pumpuni a ɔrennya adedifo. Nanso, Yehowa yɛɛ afoforo a n’ankasa frɛ wɔn anyame, sɛnea Kyerɛwnsɛm no nam nea ɛka fa nnipa bi ho no so da no adi yi: “Me de, maka sɛ: Moyɛ anyame, na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma, nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ, na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara.” (Dwom 82:6, 7) Saa ara nso na Onyankopɔn na ɔbɔɔ Asɛm no, nanso ɛno amma Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfo no anyɛ pɛ wɔ bere bi mu.
Yesu Dibea Ankasa
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛyɛɛ onipa sɛ Onyankopɔn ne onipa no hyɛ no nsow sɛ Bible no nka mpo sɛ Yesu buu n’ankasa ho wɔ saa kwan no so. Mmom no, ɛka bere nyinaa sɛ Yesu Agya korɔn sen no bere nyinaa. Bere a Yesu wɔ asase so no, nea ɔkae ara ne sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Afei nso, Kristo kae sɛ: “M’Agya no yɛ kɛse sen me.”—Yohane 14:28.
Paulo kyerɛe sɛ ɛsono Yehowa na ɛsono Yesu bere a ɔkaa eyi no: “Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade biako, Yesu Kristo a wɔnam no so yɛ nneɛma nyinaa, na yɛn nso yɛnam no so wɔ hɔ no.” (1 Korintofo 8:6) Paulo kae nso: “Moyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.” (1 Korintofo 3:23) Ampa, sɛnea Kristofo yɛ wɔn Wura no dea no, saa ara na Yesu Kristo nso yɛ ne Ti a ɔne Yehowa Nyankopɔn dea.
Paulo reka asɛnkoro no ara no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo; na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Onyankopɔn ne Kristo ntam abusuabɔ yi bɛkɔ so atra hɔ, efisɛ wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no akyi no, “ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Onyankopɔn nsa,” na “ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”—1 Korintofo 15:24, 28; Adiyisɛm 20:6.
Kyerɛw Nsɛm Afoforo a Yɛbɛhwɛ
Mateo kyerɛw Yesu awo ho asɛm sɛ: “Na eyi nyinaa yɛe, na nea [Yehowa] nam odiyifo no so kae [wɔ Yesaia 7:14] no aba mu sɛ: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn, na wawo babanin, na wɔato ne din Imanuel a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn Ne Yɛn Wɔ Hɔ.” (Mateo 1:22, 23) Wɔamfa edin Imanuel no amma Yesu, nanso ne fam de a ɔyɛe sɛ onipa no maa nea ɛkyerɛ no nyaa mmamu. Asase so a Yesu bae sɛ Aseni a ɔne Mesia ne Dawid ahengua Ɔdedifo no kyerɛɛ Yehowa asomfo sɛ Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, ɔwɔ wɔn afã, na ogyina wɔn akyi wɔ wɔn nnwuma mu.—Genesis 28:15; Exodus 3:11, 12; Yosua 1:5, 9; Dwom 46:5-7; Yeremia 1:19.
Ɔsomafo Toma reka asɛm akyerɛ Yesu no, ɔteɛɛm sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” (Yohane 20:28) “Wɔakyerɛw” eyi ne kyerɛwtohɔ afoforo “sɛ [yennye] nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba.” Na enye nea Toma reka biribi de abɔ Yesu a na ɔde nkrasɛm yi asoma N’asuafo no abira: “Merebɛkɔ . . . m’Agya ne mo Agya . . . nkyɛn.” (Yohane 20:17, 30, 31) Enti Toma annya adwene sɛ na Yesu ne Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn no. Ebia Toma kaa Yesu ho asɛm sɛ “me Nyankopɔn,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛwom sɛ Kristo nyɛ “nokware Nyankopɔn koro no” de, nanso ɔyɛ “onyame bi.” (Yohane 1:1, NW; 17:1-3) Anaasɛ bere a Toma kae sɛ “me Nyankopɔn” no, ebia na ɔregye Yesu atom sɛ Onyankopɔn Kasamafo ne Nanmusini, te sɛ nea afoforo mpo kasa kyerɛɛ ɔsoro abɔfo te sɛ nea ɔno ne Yehowa ankasa no.—Fa toto Genesis 18:1-5, 22-33; 31:11-13; 32:24-30; Atemmufo 2:1-5; 6:11-15; 13:20-22 ho.
Ɛnde, sɛnea Bible no kyerɛ no, Yesu traa ase sɛ Asɛm no ansa na ɔrebɛyɛ onipa. Bere a na ɔwɔ asase so no, na ɔnyɛ ɔsoro Onyankopɔn ne onipa, ɛwom sɛ na ɔyɛ pɛ te sɛ nea na Adam te mfiase no de. Efi bere a Yesu nyan fii owu mu no, wayɛ honhom a onwu da a wɔapagyaw no a ɔhyɛ Onyankopɔn ase bere nyinaa. Enti ɛda adi pefee sɛ Kyerɛwnsɛm no nnye adwene a ɛne sɛ ‘Yesu yɛ Onyankopɔn’ no ntom.
[Adaka wɔ kratafa 23]
So Abɔfo Som Yesu?
NKYERƐASE ahorow bi ka wɔ Hebrifo 1:6 se: “Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsom [Yesu].” King James Version; The Jerusalem Bible) Ɛte sɛ nea Paulo faa asɛm no fii Septuagint a ɛka wɔ Dwom 97:7 sɛ: “Monsom [Onyankopɔn] mo a moyɛ N’abɔfo nyinaa” no mu.—C. Thomson.
Wɔde Hela asɛmfua pro·sky·neʹo a wɔakyerɛ ase sɛ ‘som’ wɔ Hebrifo 1:6 no dii dwuma wɔ Dwom 97:7 wɔ Septuagint no mu de gyinaa hɔ maa Hebri asɛmfua sha·chahʹ a ɛkyerɛ sɛ “kotow.” Eyi betumi ayɛ ade a wɔde kyerɛ obu ma nnipa a wogye tom. (Genesis 23:7; 1 Samuel 24:8; 2 Ahene 2:15) Anaasɛ wobetumi de aka ɔsom a wɔde ma nokware Nyankopɔn no, anaa wɔde ma atoro anyame a ɛnteɛ no ho asɛm.—Exodus 23:24; 24:1; 34:14; Deuteronomium 8:19.
Mpɛn pii no, pro·sky·neʹo a wɔde ma Yesu no ne kotow a wɔkotow ahene ne afoforo no hyia. (Fa Mateo 2:2, 8; 8:2; 9:18; 15:25; 20:20 toto 1 Samuel 25:23, 24; 2 Samuel 14:4-7; 1 Ahene 1:16; 2 Ahene 4:36, 37 ho.) Mpɛn pii no ɛda adi pefee sɛ wɔnkotow Yesu sɛ Onyankopɔn, na mmom sɛ “Onyankopɔn Ba” anaasɛ “onipa Ba” a ɔne Mesia no.—Mateo 14:32, 33; Luka 24:50-52; Yohane 9:35, 38.
Hebrifo 1:6 ka Yesu dibea wɔ Onyankopɔn ase no ho asɛm. (Filipifo 2:9-11) Ɛha no, nkyerɛase ahorow bi kyerɛ pro·sky·neʹo ase sɛ “nidi. . . ma” (The New English Bible), “kotow no” (New World Translation), anaasɛ “bɔ wo mu ase wɔ n’anim” (An American Translation). Sɛ obi pɛ asekyerɛ a ɛne “ɔsom,” no a, saa ɔsom no wɔ anohyeto, efisɛ Yesu ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wosom no [pro·sky·neʹo bi], na ɛsɛ sɛ wode ɔsom kronn ma ne nkutoo.”—Mateo 4:8-10, NW.
Ɛwom sɛ wɔde Dwom 97:7 a ɛka ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn ho asɛm kaa Kristo ho asɛm wɔ Hebrifo 1:6 de, nanso na Paul akyerɛ sɛ Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no yɛ “[Onyankopɔn] anuonyam no haran ne ne su sɛso [pɛpɛɛpɛ].” (Hebrifo 1:1-3) Enti, “ɔsom” biara a abɔfo no de ma Onyankopɔn Ba no wɔ anohyeto, na wɔde fa no so de ma Yehowa.