Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 3/1 kr. 10-15
  • Dapɛn A Ɛsakraa Wiase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dapɛn A Ɛsakraa Wiase No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nisan 8
  • Nisan 9
  • Nisan 10
  • Nisan 11​—Da a Dwumadi Wom
  • Bere a Nisan 11 Rebɛn Awiei
  • Nisan 12
  • Nisan 13
  • “Dɔn No Adu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • A7-G Nneɛma Atitiriw a Esisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So—Ɔsom Adwuma a Etwa To a Yesu Yɛe Wɔ Yerusalem (Ɔfã 1)
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Nkaedi Bible Akenkan
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 3/1 kr. 10-15

Dapɛn A Ɛsakraa Wiase No

“Nhyira ne nea ɔnam [Yehowa] din so reba!”​—MATEO 21:9.

1. Akuw abien a ɛsono emu biara bɛn na nsɛm a esisii August a etwaam no mu no kaa wɔn?

“NNANSA A ƐYƐ AHOYERAW A ƐWOSOW WIASE NO.” Wɔ August 1991 mu no, atesɛm mu nsɛmti te sɛ eyi sii nokwasɛm a ɛne sɛ wobetumi de nnafua kakraa bi adan wiase no abutuw no so dua. Nokwarem no, August mu nna a etwa to no mu nsɛm a esisii no nyɛ nea na ehia wiase no nkutoo sen biara na mmom kuw bi a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Womfi wiase,” no nso. Wonim saa kuw yi nnɛ sɛ Yehowa Adansefo.​—Yohane 17:14.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na wosii ahofadi so dua wɔ Zagreb wɔ ɔko ho ahunahuna no nyinaa akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na wonyaa gyidi a emu yɛ den so akatua wɔ Odessa?

2 Na wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ Yugoslavia fi August 16 kosi 18. Sɛnea ɛdaa adi no, na ɛno na ɛbɛyɛ Yehowa nkoa nhyiam kɛse a edi kan a wɔbɛyɛ wɔ ɔman bi a ɔmanko rebesi wɔ hɔ mu nso. Na ɛhɔnom Adansefo ne aman a ɛbemmɛn mufo a wɔatu wɔn ho ama de asram abien ayɛ adwumaden de asiesie HAŠK Gradanski bɔɔlɔ agumadibea a ɛwɔ Zagreb no mu fɛfɛɛfɛ. Na emu atew yiye na ayɛ beae a ɛfata ma “Wɔn a Wɔpɛ Onyankopɔn Ahofadi” Nhyiam no. Na nhyiamfo mpempem pii a wofi aman ahorow so ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba nhyiam no, a 600 a wofi United States ka ho. Bere a ɔmanko ho asiane kɔɔ so daa adi no, wofii ase kekae sɛ: “Amerikafo no remma da.” Nanso wɔbae, na nhyiamfo a wofi nsase afoforo pii so nso bae. Na wɔhwɛ kwan sɛ nnipa 10,000 na ɛbɛba, nanso nnipa 14,684 na ɛbaa agumadibea hɔ da a etwa to no! Wɔn nyinaa nyaa nhyira pii efisɛ ‘wɔannyae wɔn ho wɔn ho nhyiam.’​—Hebrifo 10:25.

3 Nnansa a edii Zagreb nhyiam no akyi no mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobetu Soviet Union aban no agu nanso anyɛ yiye. Saa bere no, na wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn ahofadi reyɛ ahosiesie a etwa to ama wɔn nhyiam a wɔbɛyɛ no Odessa wɔ Ukraine no. So nhyiam no bɛba so? Anuanom no de gyidi a emu yɛ den yɛɛ adwuma de wiee agumadibea hɔ asiesie koraa, na nhyiamfo no kɔɔ so bae. Te sɛ nea ɛnam anwonwade bi so no, mmɔden a wɔbɔe sɛ wobetu aban no agu no baa awiei. Wɔyɛɛ nhyiam a ɛyɛ anigye wɔ August 24, 25 mu, nnipa 12,115 na ɛbae, na wɔbɔɔ nnipa 1,943​—dodow a ɛsen biara a wɔbae no mu ɔha mu nkyem 16​—asu! Adansefo afoforofo yi, ne wɔn a wɔde bere tenten akura wɔn mũdi mu nyinaa ani gyei sɛ wɔde Yehowa mu ahotoso koraa baa nhyiam no.​—Mmebusɛm 3:5, 6.

4. Europa Apuei Fam Adansefo no adi Yesu nhwɛso bɛn akyi?

4 Na Adansefo anokwafo yi redi nhwɛso a yɛn Nhwɛsofo, Yesu Kristo yɛe no akyi. Wammu n’ani angu so da sɛ ɔbɛkɔ afahyɛ ahorow a Yehowa hyɛe sɛ wɔnkɔ no, wɔ bere a​—na Yudafo no pɛ no akum no mpo mu. Bere a ɔbaa Yerusalem sɛ ɔrebedi ne Twam a etwa to no, na eyinom gyinagyina asɔrefi hɔ rebisa wɔn ho wɔn ho sɛ: “Dɛn na mususuw? Sesɛɛ ɔremma afahyɛ yi ase anaa?” (Yohane 11:56) Nanso ɔbae! Eyi siesiee kwan maa dapɛn bi a ekowiee sakra a wɔsakraa faako a adesamma abakɔsɛm ani kyerɛ no mu. Afei so yɛnka saa dapɛn no​—Nisan 8 kosi 14 wɔ Yudafo kalenda so no mu nsɛntitiriw bi ho asɛm anaa?

Nisan 8

5. Dɛn na na Yesu nim bere a na ɔnam kwan so rekɔ Betania wɔ Nisan 8, 33 Y.B. mu no?

5 Saa da yi so no, Yesu ne n’asuafo no kodu Betania. Na Yesu bedi nnansia wɔ ne yɔnko Lasaro a ɔdɔ no yiye, a onyan no fii awufo mu nkyɛe no fie wɔ ha. Betania bɛn Yerusalem. Na Yesu aka akyerɛ n’asuafo no wɔ kokoam dedaw sɛ: “Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa Ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa na wɔabu no kumfɔ, na wɔde no ahyɛ amanaman mufo nsa sɛ wongoru ne ho, na wɔnka no mpire, na wɔmmɔ no asɛndua mu, na da a ɛto so nnansa no, wɔanyan no bio.” (Mateo 20:18, 19) Yesu nim yiye sɛ ɛsɛ sɛ ohyia sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ yaw afei. Nanso, bere a saa sɔhwɛ bere kɛse no rebɛn no, ɔbɔ mmɔden biara a obetumi fi ɔdɔ mu som ne nuanom. Ɛmmra sɛ yebenya “adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara” bi bere nyinaa.​—Filipifo 2:1-5; 1 Yohane 3:16.

Nisan 9

6. Nisan 9 anwummere no, dɛn na Maria yɛe, na asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ Yuda?

6 Owia kɔtɔe akyi, bere a Nisan 9 fi ase no, Yesu kodidi wɔ Simon a anka ɔyɛ ɔkwatani no fie. Ɛha na Lasaro nuabea Maria de ngo huamhuam a ne bo yɛ den sra Yesu ti mu ne ne nan ho na ofi ahobrɛase mu de ne ti nhwi popa ne nan ho. Bere a Yuda kasa tia adeyɛ no, Yesu ka sɛ: “Munnyaa no, na ɔde eyi asie ama me sie da.” Bere a asɔfo mpanyin no te sɛ nnipa pii rekɔ Betania na wɔregye Yesu adi no, wɔpam ne ti so sɛ wobekum ɔne Lasaro.​—Yohane 12:1-7

7. Nisan 9 anɔpa no, ɔkwan bɛn so na wɔhyɛɛ Yehowa din anuonyam, na dɛn na Yesu kaa ho asɛm siei?

7 Adekyee anɔpatutu no, Yesu sim kɔ Yerusalem. Nkurɔfokuw pue kohyia no, wohinhim berɛw na wɔteɛteɛm sɛ: “Hosiana! Nhyira ne nea ɔreba [Yehowa] din mu no, Israel hene no!” Afei Yesu ma Sakaria 9:9 nkɔmhyɛ no bam denam afurum so a ɔtra kɔ Yerusalem no so. Bere a ɔbɛn Yerusalem no, otwa ho adwo, na ɔhyɛ nkɔm sɛ Romafo no de nnua bɛba abetwa ho ahyia asɛe no pasaa​—nkɔmhyɛ a na ɛbɛbam ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so mfe 37 akyi. (Eyi nso kyerɛ ɔhaw a ɛreba Kristoman a awae te sɛ tete Yerusalem ara pɛ no so.) Yudafo sodifo no mpɛ Yesu sɛ wɔn hene. Wɔde abufuw teɛm sɛ: “Hwɛ, wiase atu adi n’akyi.”​—Yohane 12:13, 19.

Nisan 10

8. Wɔ Nisan 10 no, ɔkwan bɛn so na Yesu daa obu kɛse adi maa Yehowa mpaebɔ fie, na dɛn na edii ɛno akyi?

8 Yesu kɔ asɔrefi hɔ bio. Ɔpam aguadifo adifudepɛfo ne sika sesafo no fi hɔ ne mprenu so. Ɛnsɛ sɛ aguadi​—‘sika ho dɔ’​—di akoten wɔ Yehowa mpaebɔ fie! (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛrenkyɛ na Yesu awu. Ɔka aba bi a wodua ho asɛm de yɛ eyi ho mfatoho. Aba no ankasa wu, nanso efifi yɛ bɛtem a aba wɔ ho pii. Saara na Yesu wu no bɛma nnipa pii a wɔbɛkyerɛ ne mu gyidi no anya daa nkwa. Esiane sɛ na ne wu a abɛn no ho nsusuwii haw no nti, Yesu bɔ mpae sɛ wɔmfa saa kwan no so nhyɛ n’Agya din anuonyam. Onyankopɔn nne fi soro gye so sɛ ɔprannaa ma wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa te sɛ: “Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio.”​—Yohane 12:27, 28.

Nisan 11​—Da a Dwumadi Wom

9. (a) Nisan 11 anɔpatutu no, ɔkwan bɛn so na Yesu de mfatoho ahorow dii dwuma de kasa tiaa Yudafo awaefo no? (b) Nea ɛne Yesu bɛ no hyia no, henanom na hokwan kɛse bi abɔ wɔn?

9 Yesu ne n’asuafo no fi Betania bio kɔyɛ adwuma da mũ nyinaa. Yesu de mfatoho abiɛsa di dwuma de kyerɛ nea enti a wobebu Yudafo a wɔawae no atɛn. Na wadome borɔdɔma dua bi a ɛnsow aba ma sɛnea na afei apo ayɛ no yɛ Yudafo man a wonni gyidi na wɔnsow aba no ho mfonini. Bere a ɔhyɛn asɔrefi hɔ no, ɔkyerɛkyerɛ sɛnea awiei koraa no, owura bi bobe turo mu adwumayɛfo a wɔmfra kum wɔn wura no babarima ne ɔdedifo no mu “na ɛno yɛ sɛnea Yudafo no anhwɛ ade a Yehowa de maa wɔn no so yiye, a ɛbɛkɔ akowie kum a wobekum Yesu mu no ho mfonini. Ɔka ayeforohyia apontow bi a ɔhene bi​—Yehowa​—yɛɛ ho nhyehyɛe a wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn (Yudafo no) de pɛsɛmenkominya pɛ kɔ a wɔrenkɔ no ho anoyi ho asɛm. Enti, wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ abɔnten so​—Amanaman mufo no​—na ebinom gye tom kɔ. Nanso wɔpam ɔbarima bi a wohui sɛ ɔnhyɛ ayeforohyia atade no. Ogyina hɔ ma Kristoman atoro Kristofo no. Wɔfrɛɛ Yesu bere so Yudafo pii nanso ‘kakraa bi na wɔpaw wɔn’ sɛ wɔmmɛyɛ 144,000 a wɔasɔ wɔn ano a wonya ɔsoro Ahenni no di no mufo.​—Mateo 22:14; Adiyisɛm 7:4.

10-12. (a) Dɛn nti na Yesu kaa Yudafo asɔfo no anim, na ɔkasatia a anibere wom bɛn na ɔde baa saa nyaatwomfo no so? (b) Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no, wobuu Yudafo awaefo no atɛn?

10 Yudafo asɔfo nyaatwomfo no pɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so akyere Yesu, nanso ɔma wɔn nsemmisa a wɔde sɔ no hwɛ no pii ho mmuae na wɔn ani wu wɔ nnipa no anim. Oo, saa Yudafo nyamesomfo atuatewfo no! Hwɛ sɛnea Yesu ka wɔn anim denneennen! Wɔpɛ dibea akɛse, ntade a ɛma wɔda nsow, ne abodin akɛse te sɛ “Rabi” ne “Agya,” te sɛ yɛn bere yi so asɔfo pii ara pɛ. Yesu ka gyinapɛn yi ho asɛm sɛ: “Na obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”​—Mateo 23:12.

11 Yesu kasa tia saa nyamesom akannifo no anibere so. Ɔka mpɛn ason sɛ: “Munnue!” na ɔfrɛ wɔn akwankyerɛfo anifuraefo ne nyaatwomfo. Na ebiara mu no, ɔkyerɛ nea enti a ɔkasa tia wɔn no mu pefee. Wosiw ɔsoro Ahenni no mu kɔ kwan. Sɛ wosum obi a wabɛyɛ Yudasom muni afiri a, wɔma ɔfata Gehena mmɔho abien, efisɛ ebia esiane bɔne a anibere wom a wayɛ atwam anaa ɔsom ho kateeyɛ nti, na ɔfata ɔsɛe dedaw. Yesu ka sɛ, “Nkwasea ne anifuraefo!” efisɛ Farisifo no ani gye asɔrefi no mu sika ho mmom, na ɛnyɛ ɔsom kronn a wɔbɛma akɔ so wɔ hɔ no ho. Wobu wɔn ani gu atɛntrenee, mmɔborɔhunu, ne nokwaredi so bere a woyi ɛme ne onunnum ne tetɛ so ntotoso du du ma, nanso wobu wɔn ani gu Mmara no mu nneɛma a ɛho hia so no. Amanne kwan so aguare renyi wɔn mu fi no​—koma a wɔnam afɔre a Yesu rebɛbɔ no mu gyidi so atew mu nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Nyaatwomyɛ ne bɔne a ɛwɔ wɔn mu no ma wɔn ho a “wɔasra” biara no yɛ atoro.​—Mateo 23:13-29.

12 Yiw, Farisifo no nnue ampa, nokwarem no, wɔyɛ “wɔn a wokum [tete] adiyifo no mma”! Wɔyɛ awɔ, nhurutoa mma, a wɔbɛkɔ Gehena, efisɛ na ɛnyɛ Yesu nkutoo na wobekum no, na mmom wɔn a ɔbɛsoma wɔn no nso. Eyi yɛ atemmu a ɛbɛba “nnɛ mma yi so.” Ɛno baa mu, ma wɔsɛe Yerusalem pasaa mfe 37 akyi.​—Mateo 23:30-36.

13. Yesu nsɛm a ɔka faa asɔrefi hɔ ntoboayi ho no da adi wɔ nsɛm tebea bɛn mu nnɛ?

13 Ansa na ɔrefi asɔrefi hɔ no, Yesu kamfo ɔbea kunafo hiani bi a ɔde mman abien​—“n’asetrade a ɔwɔ nyinaa”​—gu tow adaka no mu no. Eyi ne adefo adifudepɛfo a wɔde biribi kɛkɛ bɛtoo mu no bɔ abira ampa! Te sɛ saa okunafo hiani no, Yehowa Adansefo fi wɔn pɛ mu de wɔn bere, ahoɔden, ne sika bɔ afɔre na ama wɔatrɛw wiase nyinaa Ahenni adwuma no mu. Hwɛ sɛnea wɔne saa TV so asɛnkafo a wɔn bra asɛe a wodidi wɔn nguankuw ho de nya wɔn ho tam no bɔ abira!​—Luka 20:45-21:4.

Bere a Nisan 11 Rebɛn Awiei

14. Awerɛhodi bɛn na Yesu daa no adi, na ɔkwan bɛn so na obuaa n’asuafo no asemmisa foforo bi nso?

14 Yesu twa Yerusalem ne ne nkurɔfo ho adwo na ɔka sɛ: “Efi sesɛɛ morenhu me de bɛkɔ akosi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne nea ɔnam [Yehowa] din mu reba no.” (Mateo 23:37-39) Akyiri yi, bere a wɔte Ngo Bepɔw no so no, Yesu asuafo a wɔbɛn no yiye no bisa eyi ho asɛm, na wɔ ne mmuaema mu no, Yesu kyerɛkyerɛ nea ɛbɛyɛ ne ba a waba wɔ Ahenni tumi mu ne Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei ho sɛnkyerɛnne no mu.​—Mateo 24:1-25:46; Marko 13:1-37; Luka 21:5-36.

15. Sɛnkyerɛnne bɛn na Yesu de mae wɔ ba a ɔbɛba abebu atɛn no ho, na afi ase renya mmamu fi bere bɛn?

15 Bere a Yesu reka Yehowa atemmu a ɛrenkyɛ ɛbɛba asɔrefi no so ho asɛm no, ɔkyerɛ sɛ eyi yɛ nsɛm akɛse a ebesisi daakye wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa awiei bere mu no ho mfonini. Nea ɛbɛhyɛ ba a waba saa bere no nsow ne akodi a ɛso bi mmae da, ne aduankɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm, ne ɔdɔ a enni hɔ ne basabasayɛ. Hwɛ sɛnea eyi abam fi 1914 wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 wiase yi mu!

16, 17. Nsɛm a ebesisi wɔ wiase bɛn na Yesu kaa ho asɛm, na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔn ade dɛn wɔ nkɔmhyɛ no ho?

16 Ɛbɛkɔ akowie “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” mu. Esiane sɛ eyi bɛsɛe ade te sɛ Noa nna no mu Nsuyiri no nti, Yesu de wiase nneɛma akyidi a wɔde ho hyem fee ho kɔkɔbɔ ma. “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.” Anigye bɛn ara na yebetumi anya sɛɛ yi, sɛ Owura no apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a wɔasra no sɛ ɔmmɔ kɔkɔ na ɔmfa honhom fam aduan pii mma wɔ da a waba yi mu no!​—Mateo 24:21, 42, 45-47.

17 Yɛahu sɛ ‘amanaman ho yeraw wɔn asase so, na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no ama nnipa atotɔ beraw,’ wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu. Nanso Yesu ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” Na ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” Ɛnam wɛn ‘a yɛbɛwɛn nkutoo so na yebetumi asɔ Yesu, “onipa Ba no,” ani wɔ bere a waba no mu.​—Luka 21:25-28, 34-36.

18. Nkuranhyɛ bɛn na yebetumi anya afi Yesu bɛ a ɛfa mmaabun du ne talente ho no mu?

18 Yesu de mfatoho abiɛsa ma de wie nsɛm a ebesisi nnɛ da yi mu ho nkɔmhyɛ a ɔde mae ahokokwaw so no. Nea edi kan no, osi sɛnea ɛho hia sɛ ‘yɛkɔ so wɛn’ no so dua bio wɔ mmaabun du ho bɛ no mu. Afei, wɔ nkoa ne talente ho bɛ no mu no, ɔkyerɛ sɛnea wɔde ɔfrɛ a wɔde ma sɛ ‘kɔ Owura no anigye mu’ no tua nsiyɛ so ka. Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔn ho asɛm na wɔaka asie wɔ ɛbɛ ahorow yi mu, ne nguan foforo no nyinaa betumi anya nkuranhyɛ pii afi nsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu pefee yi mu.​—Mateo 25:1-30.

19, 20. Nnɛyi abusuabɔ a ɛyɛ anigye bɛn na ɛho asɛm wɔ Yesu bɛ a ɛfa nguan ne mpapo ho no mu?

19 Mfatoho a ɛto so abiɛsa no fa Yesu ba a waba wɔ Ahenni tumidi mu wɔ bere a ɔba bɛtra ne soro anuonyam ahengua so akyi no ho. Ɛne bere a wobebu amanaman no atɛn na wɔapaapae asase sofo mu akuw abien, biako mufo yɛ ahobrɛasefo a wɔte sɛ nguan, na foforo no mufo yɛ asoɔdenfo a wɔte sɛ mpapo. Nguan no bɔ mmɔden a wobetumi nyinaa de da wɔn ho adi sɛ wɔde mmoa ma Ɔhene no nuanom​—wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so wɔ wiase yi awiei bere yi mu no. Wɔde nkwa ma nguan yi sɛ akatua, na mpapo a wɔnkyerɛ anisɔ no fi hɔ kɔ daa ɔsɛe mu.​—Mateo 25:31-46.

20 Abusuabɔ a ɛyɛ anigye bɛn ara na yehu wɔ nguan foforo no ne Ɔhene no nuanom no ntam wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere yi mu sɛɛ yi! Ɛwom sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no na wɔyɛɛ adwuma no fã kɛse wɔ bere a Ɔhene no bae mfiase de, nanso mprempren nguan foforo a wɔyɛ nnam ɔpepem pii no yɛ Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so no ɔha biara mu nkyem 99.8. (Yohane 10:16) Na wɔn nso akyerɛ sɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegyina ‘ɔkɔm, osukɔm, adagyaw, ɔyare, ne afiasenna’ ano sɛ mũdi mu kurafo a wɔasra wɔn no ayɔnkofo.a

Nisan 12

21. Dɛn na enyaa nkɔso yiye wɔ Nisan 12, na wɔ ɔkwan bɛn so?

21 Yesu kum ho atirisopam no nya nkɔso. Yuda kohu asɔfo mpanyin no wɔ asɔrefi hɔ, na ɔpene so sɛ obeyi Yesu ama agye nnwetɛbona 30. Eyi mpo yɛ nea wɔahyɛ ho nkɔm.​—Sakaria 11:12.

Nisan 13

22. Ahosiesie bɛn na wɔyɛɛ no Nisan 13?

22 Yesu a ɔtra Betania, na ebia watumi abɔ mpae asusuw nsɛm ho no, soma n’asuafo no kɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔhwehwɛ “Asiamasi” bi. Wosiesie Twam no wɔ ɔbarima yi fie, wɔ abansoro dan kɛse bi mu. (Mateo 26:17-19) Bere a owia kɔtɔ wɔ Nisan 13 mu no, Yesu kɔka wɔn ho wɔ hɔ ma abakɔsɛm nyinaa mu afahyɛ a ɛho hia sen biara no di. Dɛn na afei ebesi wɔ Nisan 14? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ yɛn.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛsɛ sɛ asɛm a edi eyi so no boa yɛn ma yenya abusuabɔ a emu yɛ den a ɛda kuw ketewaa a wɔasra wɔn ne nguan foforo no ntam no ho anisɔ kɛse.

Wobɛbɔ Asɛm no Mua Dɛn?

◻ Ahɔhoyɛ bɛn no ebinom daa no adi kyerɛɛ Yesu na wogyee no dɛn wɔ Nisan 8 kosi 10 mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu paa asɔfo nyaatwomfo no ho ntama wɔ Nisan 11 mu?

◻ Nkɔmhyɛ kɛse bɛn na Yesu de mae, na ɔkwan bɛn so no ɛrenya mmamu nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so no nsɛm a esisii no keka kɔɔ awiei wɔ Nisan 12 ne 13 mu?

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yesu kamfo okunafo hiani a ɔde mman abien​—nea ɔwɔ nyinaa​—yii ntoboa no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena