Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 4/1 kr. 15
  • Asasesin A Atew Ne Ho Mu Adwumayɛ Sow Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asasesin A Atew Ne Ho Mu Adwumayɛ Sow Aba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsasesin A Wɔntaa Nyɛ Mu Adwuma Ne Nea Wɔmfa Nhyɛɛ Obiara Nsa Mu Dwumadi
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Hena Ne Ɔkwampaefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • “Nyi Wo Nsa Mfi Ho”
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 4/1 kr. 15

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Asasesin A Atew Ne Ho Mu Adwumayɛ Sow Aba

ƆWƐN-ABAN ASAFO no baa dwumadibea a ɛwɔ Paraguay no nim hia a ehia sɛ wɔka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wɔn asasesin no mu nyinaa no yiye. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ obiara sua Ahenni no ho ade na ɔsom Yehowa ansa na ɔde nhyehyɛe yi aba awiei wɔ “ahohiahia kɛse’ a ɛreba no mu. (Mateo 24:21, 22) Osuahu ahorow a edidi so yi ma yehu nea wɔreyɛ na wɔde aboa nnipa a wɔwɔ nsasesin a ɛnhyɛ asafo biara nsa mu no. Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ:

Wɔyɛɛ nhyehyɛe na wɔnam bere tiaa akwampaefo atitiriw dwumadi so ayɛ nsasesin a ɛnhyɛ asafo biara nsa nyinaa mu adwuma. Wɔ 1990 ɔsom afe no mu fi November kosi January no, anuanom mmarima ne mmea 39 yɛɛ adwuma wɔ nkurow akɛse ne nketewaa a Ahenni adawurubɔfo nni hɔ ɔha mu. Wotumi maa nhoma 6,119, nhomawa 4,262, ne nsɛmma nhoma 5,144. Dwumadi yi ama wɔrehyehyɛ adawurubɔfo akuw afoforo.

◻ Onuawa ɔkwampaefo bi a ɔreyɛ adwuma wɔ asasesin a ɛnhyɛ asafo biara nsa mu no maa ɔbea bi Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no. Ɔkwampaefo no kae sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua, na ɔde anigye penee so. Bere a ɔkwampaefo no san kɔɔ hɔ no, na ɛnyɛ awuraa no nkutoo na ɔretwɛn no, na mmom ne kunu ne wɔn mma du no nso. Wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu no, na abusua no ne wɔn nnamfo ne wɔn afipamfo asiesie wɔn ho ama Bible adesua no! Na ɔbea no na ato nsa afrɛ wɔn, na waka akyerɛ wɔn sɛ adesua no ye paa ne sɛ anidaso ne nhyira horow a Yehowa de ma no yɛ nwonwa. Na eyi yɛ biribi a obiara nkaa ho asɛm nkyerɛɛ no pɛn, enti ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ n’afipamfo ne ne nnamfo nso te asɛmpa yi.

Bere biara a ɔkwampaefo no kɔyɛ adesua no, nnipa pii ba ma ɛyɛ sɛ asafo ketewaa bi. Saa anigyefo yi bisaa nsɛm pii na wɔde wɔn ho hyɛɛ adesua no mu. Bere a ɔkwampaefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ wɔyɛ asasesin no mu adwuma si a, ɔne n’ahokafo no bɛkɔ asasesin foforo bi mu no, awuraa a wahaw no bisae sɛ dɛn na wɔbɛyɛ ama wɔn a wɔyɛ anigyefo no. Wɔne anuanom a wofi asafo a ɛbɛn hɔ sen biara no mu yɛɛ nhyehyɛe na wɔakɔtoa adesua no so. Mprempren wɔde akwampaefo atitiriw akɔ hɔ ma wɔreboa saa anigyefo a wɔte sɛ nguan yi.

◻ Bere a onuawa ɔkwampaefo bi rekɔ afie afie wɔ asasesin foforo bi a ɛnhyɛ asafo biara nsa mu no, okohuu ɔbarima bi a mfe du a atwam no, ɔtɔɔ nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no. Efi saa bere no, wɔanhyia Yehowa Adansefo bio. Nanso, na onim sɛ Yehowa, a na ɔfrɛ no Asafo Yehowa no, nkutoo ne nokware Nyankopɔn no na Ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Na ɔno ankasa fi ne pɛ mu ka Yehowa ho asɛm kyerɛ obiara a onim no. Nokwarem no, na dapɛn biara ɔnantew kilomita 3 kɔsra awarefo bi a wɔwɔ asɛm no ho anigye ne wɔn kɔka Onyankopɔn ho asɛm efisɛ, sɛnea ɔkae no, ‘Sɛ migyae wɔn nsrahwɛ a, wɔn werɛ befi Yehowa.’ Awarefo yi akyi no, na nnipa afoforo bɛyɛ du wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wosua Bible no​—esiane sɛ na onigyeni yi aka asɛm no akyerɛ wɔn nti.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, nna kakraa bi ansa na ɔkwampaefo no rekɔ ɔbarima koro yi ara nkyɛn no, wampene sɛ ɛhɔnom sɔfo bi ne wɔn a wɔato santen ka ne ho de ɔbaabun no honi bɛhyɛn ne fie hɔ, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ onnye ahoni nni. Ɔsɔfo no bo fuwii. Saa anadwo no, ɔbarima no bɔɔ Yehowa mpae srɛɛ mmoa. Enti hwɛ anigye kɛse ara a onyae bere a ɔkwampaefo no kɔɔ ne nkyɛn no! Wɔyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara na wɔne no asua Bible no atoatoa so, na ɔbarima no akɔ so anya nkɔanim wɔ ɔne teokrase ahyehyɛde no fekubɔ mu.

Nokwarem no, Yehowa rehyira anoboaboa adwuma no so wɔ Paraguay bere a anuanom no bɔ mmɔden sɛ wobedi adanse fefeefe wɔ nsasesin a ɛnhyɛ asafo biara nsa yi mu no.​—Mateo 24:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena