Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 5/1 kr. 24-25
  • Ɔmaa Israel Wɔn Ahiade Wɔ Sinai

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmaa Israel Wɔn Ahiade Wɔ Sinai
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Sinai—Mose ne Mmɔborohunu Bepɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mma Wo Werɛ Mfi Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Beer-seba—Baabi a na Asubura Kyerɛ Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 5/1 kr. 24-25

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Ɔmaa Israel Wɔn Ahiade Wɔ Sinai

SUSUW ho sɛ nnipa ɔpepem pii​—mmarima, mmea, ne mmofra​—de wɔn ani akyerɛ “sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ” so!

Onyankopɔn nsɛm yi a ɛwɔ Deuteronomium 8:15 no ma yehu nea na ebetumi ayɛ sɛ akwantu bi a ɛyɛ hu a ɛda lsraelfo no anim bere a wofii Misraim na wɔnantew kɔfaa Sinai sare so no. Asɛnnennen biako ni: Hena na ɔbɛma wɔn aduan ne nsu a ɛdɔɔso?

Na Israelfo no wɔ nkoasom mu wɔ Nil nsu ano hɔ, nanso na hwee nhia wɔn. Wohu bobe, anowatere, ne afumduan afoforo, ne apataa ne ntakraboa a na ebetumi ama wɔanya nnuan a egu ahorow adi, wɔ tete aboda mu ɔfasu ho mfonini ahorow mu. Ɛnde, hwɛ sɛnea akɔnnɔ mu a wofi nwiinwii wɔ sare so no yɛ nokware: “Hena na ɔbɛma yɛn nam adi? Yɛakae nsunam a yedii wɔ Misraim kwa ne ɛfere ne anowatere ne fan ne gyeene ne aanwo no!”​—Numeri 11:4, 5; 20:5.

Bere a lsraelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no akyi no, ankyɛ na wohuu sɛnea Sinai te ankasa. Wɔamfa ɔkwan a aguadifo taa fa so kɔ kusuu fam no so na mmom wɔman de wɔn ani kyerɛɛ supɔw ahinasa no ano. Bere a wotwaa bɛyɛ kilomita 80 kwan wɔ sare no so no, na ɛte sɛ nea sɛnea wohia nsu no mu ayɛ den. Wɔantumi annom nea wonyae no, efisɛ na ɛyɛ nwene na ebia na nyarewa wom. Wɔkae sɛ: “Dɛn na yɛnnom?” Onyankopɔn de ne ho gyee mu, na ɔmaa nsu no yɛɛ dɛ.​—Exodus 15:22-25.

Hyɛ sɛnea wuhu yoma a wɔtoatoa so wɔ atifi hɔ no nsow. Wubetumi ate asemmisa a ɛfa sɛnea lsraelfo no betumi atoa so afa sare no so akɔ Bepɔw Sinai ho no ase. Wɔbɛyɛ dɛn akɔ so anya nsu​—ne aduan​—a ɛdɔɔso ama wɔn ho ne wɔn nguan ne anantwi a ehia sɛ wɔma wɔkɔ so tra nkwa mu no?​—Exodus 12:38.

Wɔkɔɔ wɔn anim wɔ kesee fam na ankyɛ na wonyaa nsu ne aduan a ɛyɛ dɛ wɔ Elim. (Exodus 15:27) Nanso, na ɛnyɛ hɔ na wɔrekɔ. Na wɔrekɔ ‘nokware Nyankopɔn bepɔw no,’ Bepɔw Sinai ho. (Exodus 3:1; 18:5; 19:2; 24:12-18) Na ɛno yɛ kilomita 120 kwan​—asase kesee abonkyiabonkyi kilomita pii.

Bere a kuw kɛse no bɛn Bepɔw Sinai ho no, wɔbɛnee​—na ɛbɛyɛ sɛ wogyinaa​—beae titiriw a nsu wɔ a wɔfrɛ hɔ Feiran no. Wohu ne fã ketewaa bi wɔ kratafa a ɛne eyi di nhwɛanim no so mfonini no mu.a Ɛnam sare no so ɔkwan bi mu, wɔ ɛde rekɔ Po Kɔkɔɔ (Gulf of Suez) no ho. Hwɛ sɛnea na wobetumi anya ahomegye wɔ hɔ!

Ɛwom sɛ na wobetumi aka Sinai sare no nyinaa ho asɛm sɛ “sare kɛse a ɛso yɛ hu” de, nanso na lsraelfo no betumi anya onwini wɔ nkeresia nnua akɛse ne nnua afoforo no ase wɔ Feiran a nsu wɔ hɔ no. Na wobetumi anya nkeresia dɛdɛɛdɛ a ɛdɔɔso adi wɔ hɔnom ara na wobenya bi ahyɛ wɔn ho de atu wɔn kwan no.

Na eyi nyinaa betumi ayɛ yiye esiane sɛ asase mu nsu tue ba asase no ani wɔ Feiran nti. Yɛ sɛnea wobɛte nka bere a wonam sare so anhwea pradada so na mpofirim ara wunya nsu pa a wobɛnom no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Eyi kyerɛ sɛ wɔ Sinai mpo no, mmeae bi wɔ hɔ a wotumi nya nsu. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛsɛ sɛ wotu abura ma ɛkɔ fam yiye. Afei na bokiti anaa nhina a wɔde bɛsaw nsu a ɛho hia yi bi, titiriw bere a ɛsɛ sɛ wɔma nguan ne anantwi nsu no, yɛ adwuma ankasa. Ɛde besi nnɛ no, Sinai Bedouinfo no kɔ mmura ho, faako a wobetumi asaw nsu ama wɔn ho ne wɔn yoma no.​—Fa toto Genesis 24: 11-20; 26:18-22 ho.

Yiw, ɛmfa ho sɛ na ɛtɔ mmere bi a lsraelfo no nwiinwii bere a ɛte sɛ nea wɔrentumi nni wɔn ahiade bi ho dwuma no, na wonya nsu ne aduan. Na ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn nam anwonwa kwan so ma wonya bi. (Exodus 16:11-18, 31; 17:2-6) Wɔ mmere afoforo mu no, ɛda adi sɛ na ɔkyerɛ wɔn kwan kɔ “asoɛe” bi, faako a wonya nneɛma a wɔde di wɔn ahiade ahorow ankasa ho dwuma no. (Numeri 10:33-36) Saa bere no mu nyinaa no, ɔde nneɛma pii a abu so wɔ Bɔhyɛ Asase no so a ɛretwɛn wɔn a wobedi nokware no sii wɔn ani so.​—Deuteronomium 11:10-15.

[Ase hɔ asɛm]

a Wubetumi ahu mfonini yi mu kɛse wɔ 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24, 25]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena